Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn So Na Kristo Asomdwoe Betumi Adi Tumi Wɔ Yɛn Koma Mu?

Ɔkwan Bɛn So Na Kristo Asomdwoe Betumi Adi Tumi Wɔ Yɛn Koma Mu?

Ɔkwan Bɛn So Na Kristo Asomdwoe Betumi Adi Tumi Wɔ Yɛn Koma Mu?

“Kristo asomdwoe nni tumi mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu.”—KOLOSEFO 3:15, NW.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na “Kristo asomdwoe” di tumi wɔ Kristoni koma mu?

TUMIDI yɛ asɛmfua a nnipa pii ani nnye ho, efisɛ ɛma yedwen ahunahuna ne nhyɛso ho. Enti ɛbɛyɛ nnipa pii sɛ ntease nni afotu a Paulo de maa ne mfɛfo Kristofo wɔ Kolose a ese: “Kristo asomdwoe nni tumi mo koma mu” no mu. (Kolosefo 3:15, NW) So yɛnyɛ nnipa a yɛde yɛn ho? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma obi anaa biribi di yɛn koma so tumi?

2 Ná ɛnyɛ sɛ Paulo reka akyerɛ Kolosefo no sɛ wɔntɔn wɔn ahofadi. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘di tumi’ wɔ Kolosefo 3:15 no ne asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma agoru sohwɛfo a na ɔde abasobɔde ma wɔ agumadi akansi ase saa bere no wɔ abusuabɔ. Ná akansifo no wɔ ahofadi kosi baabi wɔ agoru no mmara mu, nanso agoru sohwɛfo no na awiei koraa no, ɔbɛkyerɛ nea odii mmara so ma enti odii nkonim. Saa ara na yɛwɔ ahofadi a yebetumi de asisi gyinae ahorow wɔ asetra mu, nanso bere a yɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ Kristo asomdwoe yɛ yɛn “agoru sohwɛfo”—anaa sɛnea nsɛm asekyerɛfo Edgar J. Goodspeed kyerɛe no, “nnyinasosɛm a edi tumi” wɔ yɛn koma mu.

3. Dɛn ne “Kristo asomdwoe” no?

3 Dɛn ne “Kristo asomdwoe” no? Ɛyɛ ahotɔ ne abotɔyam a yenya bere a yɛbɛyɛ Yesu asuafo na yehu sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no dɔ yɛn, na wɔkyerɛ yɛn ho anigye no. Bere a aka kakra ma Yesu agyaw n’asuafo hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’asomdwoe na mede mema mo. . . . Mommma mo koma nntutu, nanso mommma ɛmmpere mo!” (Yohane 14:27) Bɛyɛ mfirihyia 2,000 no, anokwafo a wɔyɛ Kristo nipadua mufo a wɔasra wɔn no nyaa saa asomdwoe no bi, na ɛnnɛ wɔn ayɔnkofo “nguan foforo” no anya saa asomdwoe no bi. (Yohane 10:16) Ɛsɛ sɛ saa asomdwoe no di tumi wɔ yɛn koma mu. Sɛ yehyia ɔtaa a emu yɛ den a, ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati sɛ yɛbɛma ehu anaa ɔhaw a emu yɛ den no abubu yɛn. Momma yɛnhwɛ sɛnea eyi yɛ nokware bere a wobu yɛn ntɛnkyea, dadwen hyɛ yɛn so, na yɛte nka sɛ yɛmfata no.

Bere a Wobu Yɛn Ntɛnkyea

4. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Yesu huu atɛnkyea? (b) Kristofo ayɛ wɔn ade dɛn wɔ atɛnkyea a wobu wɔn no ho?

4 Ɔhene Salomo kae sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Ná Yesu nim nokware a saa nsɛm no yɛ no. Bere a na ɔwɔ soro no, ohuu ntɛnkyea a enye koraa a nnipa buu wɔn ho wɔn ho no. Bere a ɔbaa asase so no, wobuu n’ankasa atɛnkyea a ɛsen biara bere a sɛ́ onipa a bɔne biara nni ne ho no, wɔbɔɔ no sobo sɛ waka abususɛm na wokum no sɛ ɔsɛmmɔnedifo no. (Mateo 26:63-66; Marko 15:27) Ɛnnɛ, atɛnkyea abu so ara, na ama nokware Kristofo ahu amane pii efisɛ ‘aman nyinaa tan wɔn.’ (Mateo 24:9) Ɛwom sɛ wɔyɛɛ wɔn aninnyane wɔ Nasi nneduaban ne Sovietfo Nnadeban mu, basabasayɛfo kuw tow hyɛɛ wɔn so, bɔɔ wɔn atoro sobo, na wotwaa atoro too wɔn so de, nanso Kristo asomdwoe ama wɔatumi agyina pintinn. Wɔasuasua Yesu a yɛkenkan ne ho asɛm sɛ: “Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.”—1 Petro 2:23.

5. Sɛ yɛte sɛ ɛte sɛ nea wɔabu obi atɛnkyea wɔ asafo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan susuw ho?

5 Wɔ ɔkwan ketewaa bi so no, ebia na yɛte nka sɛ wɔne obi anni no yiye wɔ Kristofo asafo no mu. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, yebetumi ate nka te sɛ Paulo a ɔkaa eyi no: “Hena na wɔto no hintidua, na me yam nhyehye me?” (2 Korintofo 11:29) Dɛn na yebetumi ayɛ? Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So ɛyɛ atɛnkyea ankasa?’ Mpɛn pii no, yennim nokwasɛm no nyinaa. Yebetumi ayɛ ade ma akɔ akyiri dodo bere a yetie obi a ɔkyerɛ sɛ onim asɛm no mu akyi no. Enti ntease pa bi nti na Bible ka sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di” no. (Mmebusɛm 14:15) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye.

6. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ atɛnkyea a yɛte nka sɛ wɔabu obi wɔ asafo no mu ho?

6 Nanso fa no sɛ ebia yɛn na wɔabu yɛn atɛnkyea. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ obi a ɔwɔ Kristo asomdwoe wɔ ne koma mu no yɛ n’ade? Ebia yebehu sɛ ehia sɛ yɛne onipa a yɛte nka sɛ wayɛ yɛn bɔne no kasa. Ɛno akyi no, sɛ́ anka yɛbɛka asɛm no akyerɛ obiara a obetie no, dɛn nti na yɛnnan asɛm no mma Yehowa wɔ mpaebɔ mu, bere a yɛwɔ no mu ahotoso sɛ obebu atɛntrenee ama yɛn no? (Dwom 9:10; Mmebusɛm 3:5) Ebetumi ayɛ papa sɛ bere a yɛayɛ saa awie no, yɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam na ‘yɛayɛ komm.’ (Dwom 4:4) Wɔ nsɛm pii mu no, yebetumi de Paulo afotu yi adi dwuma: “Sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.”—Kolosefo 3:13.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae bere nyinaa wɔ yɛne yɛn nuanom nsɛnnii mu?

7 Nanso nea yɛbɛyɛ biara no, ehia sɛ yɛkae sɛ bere a yentumi nsiw nea asi no kwan no, yebetumi adi yɛn nneyɛe so. Sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛnkari pɛ so wɔ atɛnkyea bi a yɛte nka sɛ wɔabu yɛn no ho a, ɛno betumi asɛe yɛn asomdwoe koraa asen atɛnkyea no ankasa. (Mmebusɛm 18:14) Ebetumi ato yɛn hintidua mpo na ama yɛne asafo no agyae fekubɔ kosi sɛ yebehu sɛ wɔabu atɛntrenee. Odwontofo no kyerɛwee sɛ “biribi ntõatõa” wɔn a wɔdɔ Yehowa mmara no. (Dwom 119:165) Nokwasɛm no ne sɛ, bere ne bere mu no, wobu obiara atɛnkyea. Mma tebea bɔne a ɛtete saa nsɛe ɔsom a wode ma Yehowa no da. Mmom no, ma Kristo asomdwoe nni tumi wo koma mu.

Bere a Dadwen Hyɛ Yɛn So

8. Nneɛma bɛn na ɛde dadwen ba, na dɛn na ebetumi afi dadwen mu aba?

8 Dadwen yɛ asetra mu ade ankasa a yentumi nkwati wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Ɛyɛ nokware sɛ Yesu kae sɛ: “Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura.” (Luka 12:22) Nanso ɛnyɛ honam fam nneɛma ho dwen na ɛde dadwen nyinaa ba. Sodomfo ahohwibra no “haw” Lot yiye. (2 Petro 2:7) “Asafo no nyinaa ho dadwen” hyɛɛ Paulo so. (2 Korintofo 11:28) Na Yesu ho yeraw no wɔ anadwofa a na ɔrebewu no ma “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.” (Luka 22:44) Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ dadwen nyinaa na ɛkyerɛ sɛ obi gyidi ayɛ mmerɛw. Nanso ɛmfa ho nea ɛma ɛba biara no, sɛ dadwen mu yɛ den na sɛ egye bere tenten a, ebetumi asɛe yɛn asomdwoe. Dadwen abunkam ebinom so ma wɔte nka sɛ wontumi nni asɛyɛde a wɔwɔ wɔ Yehowa som mu no ho dwuma. Bible ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” (Mmebusɛm 12:25) Ɛnde sɛ dadwen hyɛ yɛn so a, dɛn na yebetumi ayɛ?

9. Akwampa a yebetumi afa so abrɛ dadwen ase no bi ne dɛn, nanso nneɛma a ɛde dadwen ba bɛn na yɛrentumi nyi mfi hɔ?

9 Wɔ tebea horow bi mu no, yebetumi ayɛ ho biribi ma ayɛ yiye. Sɛ ɛyɛ ɔyare bi na agyaw yɛn dadwen a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛma yɛn ani ku ho, ɛwom sɛ yegyaw nsɛm a ɛte saa ma ankorankoro ma wosi ho gyinaesi. * (Mateo 9:12) Sɛ asɛyɛde ahorow pii hyɛ yɛn so a, ebia yebetumi adan bi ama afoforo. (Exodus 18:13-23) Na wɔn—te sɛ awofo—a wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru a wontumi nnan mma afoforo no nso ɛ? Na Kristoni a ɔne ne hokafo a ɔsɔre tia no te nso ɛ? Na abusua a wohyia sikasɛm mu ahokyere a emu yɛ den anaasɛ wɔte beae a ɔko rekɔ so wɔ hɔ nso ɛ? Ɛda adi pefee sɛ yentumi nyi nneɛma a ɛde dadwen ba mfi hɔ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Nanso, ne nyinaa mu no, yebetumi akora Kristo asomdwoe so wɔ yɛn koma mu. Ɔkwan bɛn so?

10. Dɛn ne akwan abien a Kristoni betumi afa so abrɛ dadwen ase?

10 Awerɛkyekye a yɛbɛhwehwɛ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ ɔkwan biako. Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.” (Dwom 94:19) Yebetumi ahu Yehowa awerɛkyekye wɔ Bible no mu. Saa nhoma a efi honhom mu yi a yɛbɛhwehwɛ mu daa no bɛboa yɛn ma yɛakora Kristo asomdwoe so wɔ yɛn koma mu. Bible ka sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Saa ara nso na Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Mpae a emu yɛ den a yɛbɛbɔ no daa no bɛboa yɛn ma yɛakora yɛn asomdwoe so.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na na Yesu yɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ mpaebɔ mu? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu mpaebɔ?

11 Ná Yesu yɛ nhwɛsofo a ɔsen biara wɔ eyi mu. Bere bi, ɔde nnɔnhwerew pii ne ne soro Agya kasae wɔ mpaebɔ mu. (Mateo 14:23; Luka 6:12) Mpaebɔ boaa no ma ogyinaa ɔtaa ahorow a ano yɛ den sen biara ano. Anadwo a ade rebɛkye ma wawu no, n’ahohia no mu yɛɛ den yiye. Dɛn na ɔyɛe? Ɔmaa ne mpaebɔ mu “yɛɛ den.” (Luka 22:44) Yiw, na Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no pɛ mpaebɔ. Ɛnde dɛn nti na ɛnsɛ sɛ n’akyidifo a wɔnyɛ pɛ no nya mpaebɔ ho su pa! Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔmmɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho.’ (Luka 18:1) Mpaebɔ yɛ nkitahodi a ehia a yɛne Onii a onim yɛn yiye sen sɛnea yɛn ankasa yenim yɛn ho no nya. (Dwom 103:14) Sɛ yɛbɛkora Kristo asomdwoe so wɔ yɛn koma mu a, ‘yɛrennyae mpaebɔ da.’—1 Tesalonikafo 5:17.

Yɛn Sintɔ Ahorow a Yebedi So

12. Nneɛma bɛn nti na ebinom betumi ate nka sɛ wɔn som nsɔ ani?

12 Yehowa asomfo nyinaa som bo ma no. (Hagai 2:7) Nanso ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegye eyi atom. Ebia mpanyinyɛ, abusua mu asɛyɛde a ɛyɛ kɛse, anaa akwahosan a ɛresɛe bɛma ebinom abam abu. Afoforo betumi ate nka sɛ wɔn asetra tɔ sin esiane amanehunu a wɔfaa mu wɔ wɔn mmofraase nti. Na ebia afoforo mfomso a wodii bere bi a atwam no mma wonnye nni sɛ Yehowa betumi de afiri wɔn da. (Dwom 51:3) Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ nkate ahorow a ɛte saa ho?

13. Kyerɛwnsɛm mu awerɛkyekye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔte nka sɛ wɔtɔ sin no?

13 Kristo asomdwoe bɛma yɛanya ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no mu awerɛhyem. Yebetumi asan anya saa asomdwoe no wɔ yɛn komam denam nokwasɛm a ɛne sɛ Yesu anka da sɛ wobegyina nea yetumi yɛ a wɔde toto afoforo de ho so na ebebu sɛnea yɛsom bo fa no. (Mateo 25:14, 15; Marko 12:41-44) Ade a osii so dua ankasa ne nokwaredi. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mateo 24:13) Wobuu Yesu ankasa “animtiaa,” nanso na onim yiye sɛ N’agya dɔ no. (Yesaia 53:3; Yohane 10:17) Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔdɔ wɔn nso. (Yohane 14:21) Sɛ yebesi eyi so dua a, Yesu kae sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. Na mo ti nhwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro! Mosen nkasanoma bebree.” (Mateo 10:29-31) Yehowa dɔ ho awerɛhyem bɛn ara ni!

14. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ yɛn nyinaa som bo ma Yehowa?

14 Yesu kae nso sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.” (Yohane 6:44) Esiane sɛ Yehowa atwe yɛn sɛ yenni Yesu akyi nti, akyinnye biara nni ho sɛ Ɔpɛ sɛ ogye yɛn. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nketewa yi mu biako bɛyera.” (Mateo 18:14) Enti sɛ wode koma mũ na ɛresom a, wubetumi adi wo nnwuma pa no mu ahurusi. (Galatifo 6:4) Sɛ mfomso bi a woadi atwam na ɛhaw w’adwene a, nya awerɛhyem sɛ firi a Yehowa de befiri wɔn a wonu wɔn ho no “dɔɔso.” (Yesaia 43:25; 55:7) Sɛ biribi nti w’abam abu a, kae sɛ “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.”—Dwom 34:18.

15. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn asomdwoe? (b) Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Yehowa mu?

15 Nea Satan pɛ ara ne sɛ ɔbɛsɛe w’asomdwoe. Ɔno na ɔde bɔne a yenya fii awo mu a ɛhaw yɛn nyinaa no bae. (Romafo 7:21-24) Enti akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛpɛ sɛ wote nka sɛ wo sintɔ mma wo som nsɔ Onyankopɔn ani. Mma Ɔbonsam kwan mma ommu w’abam da! Hu n’anifere akwan no, na ma ɛno nhyɛ wo den sɛ wubegyina. (2 Korintofo 2:11; Efesofo 6:11-13) Kae sɛ, “Onyankopɔn sõ kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.” (1 Yohane 3:20) Ɛnyɛ yɛn mfomso ahorow nko na Yehowa hu. Ohu yɛn adwene ne yɛn atirimpɔw ahorow nso. Enti ma odwontofo no nsɛm yi nkyekye wo werɛ: “[Yehowa, NW] rentow ne man nkyene, na ɔrennyaw n’agyapade.”—Dwom 94:14.

Wɔayɛ Biako Wɔ Kristo Asomdwoe Mu

16. Ɔkwan bɛn so na wonnyaw yɛn nko bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebegyina no?

16 Paulo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ yɛma Kristo asomdwoe di tumi wɔ yɛn koma mu efisɛ ‘wɔfrɛɛ yɛn baa mu wɔ nipadua biako mu.’ Wɔfrɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn a Paulo kyerɛw wɔn krataa no sɛ wɔmmɛyɛ Kristo nipadua sɛnea wɔafrɛ nkaefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ara. Wɔn ayɔnkofo “nguan foforo” a wɔhyɛ “ɔhwɛfo biako,” Yesu Kristo ase no ne wɔn aka abom “ayɛ kuw biako.” (Yohane 10:16) Sɛ wɔn nyinaa bom a, wɔyɛ “nguankuw” a wɔma Kristo asomdwoe di tumi wɔ wɔn koma mu wɔ wiase nyinaa. Nim a yenim sɛ wonnyaw yɛn nko no boa yɛn ma yegyina. Petro kyerɛwee sɛ: “Momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw [Satan] kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.”—1 Petro 5:9.

17. Nneɛma bɛn na yɛwɔ a ɛbɛboa ma Kristo asomdwoe adi tumi wɔ yɛn koma mu?

17 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so anya asomdwoe, Onyankopɔn honhom kronkron no aba titiriw no. (Galatifo 5:22, 23) Awiei koraa no, wɔn a Yehowa behu wɔn sɛ wonni nkekae ne dɛm biara no benya nhyira a ɛne daa nkwa wɔ paradise asase so, baabi a trenee bɛtra. (2 Petro 3:13, 14) Yɛwɔ biribiara a yebetumi agyina so ama Kristo asomdwoe adi tumi wɔ yɛn koma mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Wɔ nsɛm bi mu no, ebia ɔyare bi te sɛ adwenemhaw a emu yɛ den betumi de dadwen aba anaa ama emu ayɛ den.

So Wokae?

•Dɛn na Kristo asomdwoe kyerɛ?

•Ɔkwan bɛn so na Kristo asomdwoe betumi adi tumi wɔ yɛn koma mu bere a wobu yɛn ntɛnkyea no?

•Ɔkwan bɛn so na Kristo asomdwoe boa yɛn ma yedi dadwen ho dwuma?

•Ɔkwan bɛn so na Kristo asomdwoe kyekye yɛn werɛ bere a yɛte nka sɛ yɛmfata no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bere a na Yesu gyina n’asɔretiafo anim no, ɔde ne ho hyɛɛ Yehowa nsa

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Te sɛ nea agya a ɔwɔ ɔdɔ yɛ atuu no, Yehowa awerɛkyekye betumi adwudwo yɛn dadwen ano

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Onyankopɔn bu boasetɔ sɛ ade a ɛsom bo paa