Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bi na Yɛyɛ Mpataku—Afei De Yɛyɛ Nguan!

Bere Bi na Yɛyɛ Mpataku—Afei De Yɛyɛ Nguan!

Bere Bi na Yɛyɛ Mpataku—Afei De Yɛyɛ Nguan!

Bere a na me ne Sakina yɛ mmeawa no, na yɛbɔ afipam. Ná Sakina so ware, nanso na meyɛ ateaa. Na yɛtaa ham, nanso da bi de, yɛkoo ntɔkwaw denneennen. Efi saa da no, yɛn mu biara ankasa ne yɔnko ho ankyia no. Awiei koraa no, yɛn nyinaa tu kɔɔ baabi foforo na obiara anhu ne yɔnko bio.

Wɔ 1994 mu no, mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na mede nkakrankakra sesaa me nipasu. Mfirihyia anan akyi bere a na merekɔ da koro nhyiam titiriw bi wɔ Bujumbura, Burundi no, mihyiaa Sakina ma me ho dwiriw me. M’ani gyei sɛ mihuu no wɔ hɔ, nanso na yɛn nkyia no mu nyɛ hyew. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ akyiri yi mihui sɛ ɔka nnipa a wɔrekɔbɔ asu saa da no ho! Ná ɔno nso asesa koraa. Afei de na ɔnyɛ ntɔkwapɛfo a na me ne no ham mpɛn pii no bio. Hwɛ anigye a minyae sɛ mihui sɛ ɔde n’ahosohyira ma Onyankopɔn ho adanse rema wɔ baguam denam nsu mu asubɔ so!

Bere a ofii nsu no mu bae no, mede mmirika kɔyɛɛ no atuu, na meka guu n’asom sɛ: “So wokae sɛnea na yɛko no?” Obuae sɛ: “Yiw, nanso ɛno atwam. Mprempren meyɛ onipa foforo.”

Yɛn nyinaa ani agye sɛ yɛahu Bible mu nokware a ɛka nnipa bom na ama yɛasakra yɛn suban a na ɛte sɛ mpataku de no ma yɛabɛyɛ Oguanhwɛfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn nguan no. Bible mu nokware sesa nnipa asetra ampa.