Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Honhom Fam Hann Hyerɛn Wɔ Mediterranea Supɔw No So

Honhom Fam Hann Hyerɛn Wɔ Mediterranea Supɔw No So

Asetram Nsɛm

Honhom Fam Hann Hyerɛn Wɔ Mediterranea Supɔw No So

SƐNEA NAJIB SALEM KA KYERƐE

Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, Onyankopɔn Asɛm mu hann no fi Mediterranea Supɔw no so duu wiase afanan nyinaa. Wɔ afeha a ɛto so 20 no mu no, saa hann no san bae bɛhyerɛn wiase no fã yi bio. Ma menka ɔkwan a ɛfaa so baa saa ho asɛm nkyerɛ wo.

WƆWOO me Lebanon atifi fam kurow Amioun mu wɔ afe 1913 mu. Ɛno ne afe a etwa to a wiase no de nyaa ahotɔ ne asomdwoe kakra, efisɛ Wiase Ko I no fii ase wɔ afe a edi hɔ no. Bere a ɔko no baa awiei wɔ afe 1918 mu no, Lebanon, a saa bere no na wɔfrɛ no Mediterranea Supɔw no so ahene pa no ho bɛkyeree no wɔ sikasɛm ne amammuisɛm mu.

Wɔ afe 1920 mu, bere a amenae adwuma fii ase bio wɔ Lebanon no, Lebanonfo a wɔwɔ amannɔne no de nneɛma menaa fie. Ná me wɔfanom, Abdullah ne George Ghantous, ka wɔn a wɔde nneɛma menae no ho. Wɔkyerɛw wɔn papa, Habib Ghantous, a ɔyɛ me nanabarima no krataa kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ no. (Mateo 24:14) Ne mma no krataa no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ ne kuromfo kɛkɛ no ma wodii me nanabarima no ho fɛw. Kurom hɔfo trɛw asɛm no mu sɛ Habib mma no rehyɛ wɔn papa nkuran sɛ ɔntɔn n’asase, ɔntɔ afurum, na ɔnkɔ asɛnka.

Hann no Hyerɛn Mfiase

Afe a edi hɔ, wɔ 1921 no, Michel Aboud a na ɔte Brooklyn, New York, U.S.A. no, san baa Tripoli, Lebanon. Na wabɛyɛ Bible Suani, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Ɛwom sɛ Onua Aboud nnamfo ne n’abusuafo dodow no ara antie Bible mu asɛm no de, nanso nnipa baanu a wɔagye din yiye, ɔbenfo Ibrahim Atiyeh, ne ɛse sesɛwfo, Hanna Shammas, tiei. Nokwarem no, oduruyɛfo Shammas de ne fie a na ɛyɛ ayaresabea no mae ma wɔyɛɛ Kristofo nhyiam ahorow wɔ hɔ.

Na meyɛ abarimaa bere a Onua Aboud ne Onua Shammas bɛsraa Amioun, baabi a na mete no. Wɔn nsrahwɛ no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse, na mifii ase ne Onua Aboud kɔɔ asɛnka. Yɛn baanu kɔɔ asɛnka daa mfirihyia 40 kosii sɛ Onua Aboud wui wɔ afe 1963 mu.

Efi afe 1922 besi 1925 no, Bible mu nokware hann no trɛw kɛse wɔ nkuraa pii ase wɔ Lebanon atifi fam. Ná nnipa bɛyɛ 20 kosi 30 hyiam susuw Bible no ho wɔ ankorankoro afie mu, te sɛ yɛn de a na yɛyɛ wɔ Amioun no. Asɔfo no somaa mmofra ma wɔbɛboroo ntonturawa mu teɛteɛɛm yɛɛ dede sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe yɛn nhyiam ahorow no, enti ɛtɔ mmere bi a na yɛkɔyɛ yɛn nhyiam no wɔ wuram.

Bere a na misua no, nsi a na meyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu—ne Kristofo nhyiam biara a na mekɔ—no ma wɔtoo me din Timoteo. Sukuu panyin no hyɛɛ me sɛ minnyae nea ɔfrɛɛ no “saa nhyiam ahorow” no kɔ. Bere a mannyae no, woyii me adi fii sukuu mu.

Bible Nsase so Adansedi

Bere a mebɔɔ asu wɔ afe 1933 mu ara pɛ na mifii akwampae adwuma, sɛnea Yehowa Adansefo frɛ bere nyinaa som adwuma no, ase. Ɛwom sɛ na yɛnnɔɔso saa bere no de, nanso ɛnyɛ Lebanon atifi fam nkuraa dodow no ara ase nko na yɛkaa asɛm no, na mmom yɛkɔɔ Beirut ne ne mmorɔn so araa koduu Lebanon anafo fam. Wɔ saa bere a na yɛrefi ase no, na yɛtaa nantew anaasɛ yɛtra afurum so, sɛnea Yesu Kristo ne n’afeha a edi kan no mu akyidifo no yɛe no.

Wɔ afe 1936 mu no, Yousef Rahhal, Lebanonni a ɔyɛ Ɔdansefo a na watra United States mfirihyia pii no san baa Lebanon nsrahwɛ. Ɔde akasam ne gramafon abien bae. Yɛhyehyɛ sii afe 1931 mu Ford kar bi so de tutuu akwan kɔɔ Lebanon ne Syria nyinaa, de Ahenni ho asɛm no kɔɔ nkuraa a atew ne ho no ase. Na wotumi te akasam no nka wɔ akyiri bɛboro kilomita du. Nkurɔfo foro kɔɔ wɔn adan atifi kotiee nea wɔfrɛɛ no ɛnne a efi soro no. Wɔn a na wɔwɔ mfuw mu gyaee wɔn adwuma bɛn ho betiei.

Akwan a etwa to a me ne Yousef Rahhal tutui no mu biako ne nea yɛde kɔɔ Aleppo, Syria, wɔ afe 1937 awɔw bere mu no. Ansa na ɔresan akɔ United States no, yɛkɔɔ Palestine nso. Ɛhɔ no, yɛkɔɔ Haifa ne Jerusalem nkurow no ne ɔman no nkuraase nso. Nkurɔfo a yehyiaa wɔn no mu biako ne Ibrahim Shehadi, a na menam nkrataakyerɛw so ahu no dedaw no. Na Ibrahim anya nkɔso wɔ Bible mu nimdeɛ mu akodu baabi ma bere a yɛkɔsraa no no ofii ase ne yɛn yɛɛ afie afie asɛnka adwuma no.—Asomafo no Nnwuma 20:20.

Na me ho pere me nso sɛ mehyia Ɔbenfo Khalil Kobrossi, Katolekni mapa bi a na ɔnam nkrataakyerɛw so ne Yehowa Adansefo resua Bible no. Ɛyɛɛ dɛn na onyaa Adansefo a wɔwɔ Lebanon no address? Wiɛ, sotɔɔwura bi tew Yehowa Adansefo nhoma no bi kyekyeree Khalil nnuan wɔ sotɔɔ bi mu wɔ Haifa. Ná yɛn Address wɔ krataa no so. Nsrahwɛ a ɛyɛɛ anigye bɛn ara ni, na akyiri yi, wɔ afe 1939 mu no ɔbaa Tripoli ma wɔbɔɔ no asu.

Wɔ afe 1937 mu no, Petros Lagakos ne ne yere baa Tripoli. Mfe kakra a edii hɔ no, yɛn baasa yɛɛ adwuma wɔ Lebanon ne Syria fã kɛse no ara, de Ahenni asɛm no kɔɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu. Bere a Onua Lagakos wui wɔ afe 1943 mu no, na Adansefo no de honhom fam hann no adu Lebanon, Syria, ne Palestine nkurow ne nkuraa dodow no ara ase. Ɛtɔ mmere bi a na yɛn mu bɛyɛ 30 de kar anaa bɔs sim ntɛm bɛyɛ anɔpa 3:00 sɛnea ɛbɛyɛ a yebedu mmeae a atew ne ho no.

Wɔ 1940 mfe no mu no, Ibrahim Atiyeh kyerɛɛ Ɔwɛn-Aban no ase kɔɔ Arabic mu. Ɛno akyi no, na mede me nsa kyerɛw nsɛmma nhoma anan de kɔma Adansefo a wɔwɔ Palestine, Syria, ne Egypt no. Saa nna no mu, bere a na Wiase Ko II rekɔ so no, na wɔsɔre tia yɛn asɛnka adwuma no kɛse, nanso yetumi kɔɔ wɔn a na wɔn ani gye Bible mu nokware no nyinaa nkyɛn wɔ Mediterranea Supɔw no so. M’ankasa meyɛɛ nkurow ne nkuraase a atwa ho ahyia nyinaa ho asase mfonini, na yɛde yɛɛ yɛn botae sɛ yɛde asɛmpa no bɛkɔ wɔn nkyɛn.

Wɔ afe 1944 mu, bere a na Wiase Ko II rekɔ so no, mewaree Evelyn, m’akwampae hokafo Michel Aboud babea no. Yɛwoo mma baasa, ɔbabea ne mmabanin baanu.

Adwuma a Yɛne Asɛmpatrɛwfo Yɛe

Bere a ɔko no baa awiei pɛ na wɔde Gilead Sukuu asɛmpatrɛwfo baa Lebanon nea edi kan. Nea efii mu bae ne sɛ, yɛhyehyɛɛ asafo a edi kan wɔ Lebanon, na wɔpaw me sɛ asafo sohwɛfo. Afei, wɔ afe 1947 mu no, Nathan H. Knorr ne ne kyerɛwfo, Milton G. Henschel, baa Lebanon nsrahwɛ, na wɔhyɛɛ anuanom nkuran yiye. Ankyɛ na asɛmpatrɛwfo pii bae, na wɔboaa yɛn kɛse wɔ asɛnka ho nhyehyɛe ne asafo nhyiam ahorow yɛ mu.

Wɔ akwan a na yetu kɔ Syria no biako mu no, yehyiaa ɔsɔretia fii ɛhɔnom ɔsɔfo panyin no hɔ. Ɔbɔɔ yɛn sobo sɛ yɛrekyekyɛ nea ɔfrɛɛ no Yudafo nhoma. Nanso nea ɛyɛ nwonwa no, ansa na afe 1948 reba no, na wɔtaa frɛ yɛn “Komunisfo.” Saa bere yi, wɔkyeree yɛn bisabisaa yɛn nsɛm nnɔnhwerew abien, na yedii adanse kɛse wɔ mu.

Awiei koraa no, ɔtemmufo a otiee asɛm no kae sɛ: “Ɛwom sɛ mekasa tia abogyesɛ [kasakoa a ɛfa ɔsɔfo panyin no ho] a ɔbɔɔ mo sobo no de, nanso meda no ase sɛ wama manya hokwan ahyia mo asua mo nkyerɛkyerɛ no.” Afei ɔpaa yɛn kyɛw wɔ ahokyere biara a wɔama yɛahyia no ho.

Mfirihyia du akyi, bere a na yɛte bɔs mu rekɔ Beirut no, mifii ase kasa kyerɛɛ ɔbarima bi a na ɔte me nkyɛn a na ɔyɛ kuadwuma mfiri ho nimdefo no. Bere a ɔde simma kakra tiee yɛn gyidi ho asɛm no, ɔkae sɛ wate asɛm a ɛte saa afi n’adamfo bi a ɔwɔ Syria hɔ. Ná hena ne n’adamfo no? Ɔtemmufo a otiee yɛn asɛm no wɔ mfe du a na atwam mu no!

Wɔ afe 1950 mu no, mekɔsraa Adansefo a wɔwɔ Iraq no ne wɔn yɛɛ afie afie adansedi. Mitutuu akwan nso kɔɔ Jordan ne West Bank. Wɔ afe 1951 mu no, na meka Adansefo baanan a wɔkɔɔ Bethlehem no ho. Yedii Awurade Anwummeduan no wɔ hɔ. Na wɔn a wɔbaa afahyɛ no ase no nyinaa adi kan de bɔs akɔ Jordan Asubɔnten no ho, baabi a nnipa 22 de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne saa da no. Bere biara a yehyiaa ɔsɔretia wɔ saa beae no, na yɛka sɛ: “Yɛaba rebɛka akyerɛ mo sɛ mo ankasa mo nnipa mu biako rebɛyɛ Ɔhene wɔ asase nyinaa so! Dɛn nti na moahaw? Ɛsɛ sɛ moma mo ani gye!”

Asɛm a Yɛka Wɔ Ahokyere Mu

Nnipa dodow no ara a wɔte Mediterranea Supɔw no so no yɛ komapafo, ahobrɛasefo, na wɔpɛ ahɔhoyɛ. Nnipa pii de anigye tie Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no. Nokwarem no, biribiara ntumi nyɛ anigye kɛse sɛ wubehu sɛ ɛrenkyɛ na Bible bɔhyɛ yi anya ne mmamu: “Onyankopɔn ankasa ne [ne nkurɔfo] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Mahu sɛ nnipa dodow no ara a wɔsɔre tia yɛn dwumadi no nte yɛn adwuma no ne asɛm a yɛka no ase ankasa. Kristoman mu asɔfo no atoto yɛn ano kɛse! Enti, wɔ ɔmanko a efii ase wɔ Lebanon wɔ afe 1975 mu a edii bɛboro mfirihyia 15 no mu no, Adansefo no hyiaa ahokyere pii.

Bere bi na me ne abusua bi a na wɔbɔ mmɔden wɔ asɔrekɔ mu reyɛ Bible adesua. Nkɔso pa a wonyae wɔ Bible mu nokware sua mu no hyɛɛ asɔfo no abufuw. Ne saa nti, anadwo bi ɛhɔnom asɔre bi piapiaa emufo maa wɔkɔɔ abusua no sotɔɔ kɔhyew aguade a ano si U.S. $10,000. Saa anadwo no ara, wɔbɛkyeree me. Nanso, mitumi ne wɔn panyin no susuw nsɛm ho, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ankasa a, anka wɔrenyɛ amumɔyɛde saa. Mekaa saa no, ɔmaa kar no gyinae, na ɔkae sɛ minsi.

Bere foforo no, asraafo aboafo baanan bɛkyeree me. Bere a wohunahunaa me pii no, mpofirim ara wɔn panyin no a na waka sɛ ɔbɛtow me tuo no sesaa n’adwene, na wogyaee me. Mprempren saa mmarima no mu baanu gu afiase wɔ awudi ne dwowtwa ho, na wɔakum baanu a aka no.

Hokwan Foforo a Manya Adi Adanse

Manya hokwan de wimhyɛn atutu akwan mpɛn pii. Bere bi a na mede wimhyɛn fi Beirut rekɔ United States no, metraa Charles Malek, a na anka ɔyɛ Lebanon amannɔne soafo no nkyɛn. Otiee me yiye, na ɔkyerɛɛ Bible nkyekyem biara a mekenkanee no ho anisɔ. Awiei koraa no, ɔkae sɛ ɔkɔɔ sukuu wɔ Tripoli a na ne kyerɛkyerɛfo ne Ibrahim Atiyeh, ɔbarima a na m’asew barima akyerɛkyerɛ no Bible mu nokware no! Owura Malek kae sɛ Ibrahim kyerɛɛ no sɛ onnya obu mma Bible no.

Wɔ wimhyɛn akwantu foforo mu no, metraa Palestine nanmusifo a ɔwɔ Amanaman Nkabom mu no nkyɛn. Minyaa hokwan kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛɛ no. Bere kɔɔ so no, ɔkyerɛɛ me ne nuabarima abusua a ɛwɔ New York no, na metaa kɔsra wɔn wɔ hɔ. Me nso mewɔ obusuani bi a ɔyɛ adwuma wɔ Amanaman Nkabom dan mu wɔ New York. N’adwumam nsrahwɛ a mekɔe da koro no dii nnɔnhwerew abiɛsa, na emu na mitumi dii no adanse faa Onyankopɔn Ahenni no ho.

Madi mfirihyia 88 mprempren, na meda so tumi nya asafo no asɛyɛde ahorow ho dwumadi mu kyɛfa. Me yere, Evelyn, da so ne me resom Yehowa. Yɛn babea no waree Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi, a mprempren ɔsom sɛ asafo mu panyin wɔ Beirut. Wɔn babea nso yɛ Ɔdansefo. Yɛn babarima kumaa no ne ne yere yɛ Adansefo, na wɔn babea nso wɔ nokware no mu. Ɛdefa yɛn babarima panyin ho no, yɛde Kristofo gyidi duaa ne komam, na mehwɛ kwan sɛ bere bi akyi no, obegye nokware no.

Wɔ afe 1933 mu no, wɔpaw me sɛ mensom sɛ ɔkwampaefo—ɔkwampaefo a odi kan wɔ Mediterranea Supɔw no so. Minhu biribi foforo a eye a mɛyɛ wɔ asetram a ɛsen sɛ mɛsom Yehowa sɛ ɔkwampaefo wɔ mfirihyia 68 a atwam no nyinaa mu. Masi me bo sɛ mɛkɔ so anantew honhom fam hann a ɔde ma yɛn no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Najib wɔ afe 1935 mu

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Kar a akasam si so wɔ Lebanon Mmepɔw so, 1940

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Efi atifi benkum so kɔ nifa so: Najib, Evelyn, wɔn babea, Onua Aboud ne Najib babarima panyin, 1952

Ase hɔ (anim): Anuanom Shammas, Knorr, Aboud, ne Henschel wɔ Najib fie, Tripoli, 1952

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Najib ne ne yere, Evelyn