Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyerɛ Anisɔ na W’ani Nnye

Kyerɛ Anisɔ na W’ani Nnye

Kyerɛ Anisɔ na W’ani Nnye

“CANADA atesɛm krataa, Calgary Herald, kae sɛ: “Aseda a wɔde ma yɛ nnipa su titiriw.” Herald no faa mfitiase sukuufo a wɔadi mfirihyia akron a wɔn kyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛw nneɛma a wɔkyerɛ ho anisɔ nyinaa ho asɛm no nsɛm kae. Abofra biako kae sɛ ɔda n’abusua ase ‘efisɛ wɔahwɛ no so.’ Abeawa kumaa bi nso kyerɛɛ n’abusua ho anisɔ kae sɛ: “Wɔbɔ me ho ban, wɔhwɛ ma minya apɔwmuden, wɔhwɛ me, wɔdɔ me, wɔma me aduan, na sɛ ɛnyɛ m’awofo a, anka minni wiase.”

Bonniayɛ ma obi yɛ nea n’ani nsɔ ade. Sɛnea nyansapɛfo nyamekyerɛfo J. I. Packer kyerɛ no, “wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so na yɛnnan yɛn ho yɛn ho.” Eyi kae yɛn Bible mu afotu a nyansa wom a wɔde mae mfehaha pii a atwam ni no, nea ɛka sɛ: “Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ” no. (Kolosefo 3:15) Afoforo a yeyi wɔn ayɛ da wɔn ase no boa ma yenya abusuabɔ a ɛyɛ anigye.

Afei nso, sɛ yɛkyerɛ anisɔ ne obu ma yɛn ho yɛn ho a, yeyi Yehowa ayɛ nso, na ohu eyi. Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔkae ɔdɔ a nnipa da no adi wɔ ne din ho no, na n’ani sɔ. (Hebrifo 6:10) Yiw, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ efisɛ sɛ yɛda saa su pa yi adi da biara a, ɛsɔ Yehowa ani, na ɛma yɛn nso ani gye. Ɛte sɛ nea Mmebusɛm 15:13 ka no: “Anigye koma ma anim tew.”