Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monhwehwɛ Asomdwoe Na Munni Akyi’

‘Monhwehwɛ Asomdwoe Na Munni Akyi’

‘Monhwehwɛ Asomdwoe Na Munni Akyi’

“Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—ROMAFO 12:18.

1, 2. Nneɛma a enti asomdwoe a nnipa de ba biara rentra hɔ nkyɛ no bi ne dɛn?

TWA ofie bi a ne fapem nni ahoɔden, ne mpuran aporɔw, na ne nkuruso reyɛ abu agu mu ho mfonini wɔ wo tirim hwɛ. So biribi bɛka wo ma woatu akɔtra mu de hɔ ayɛ wo fie? Ɛda adi sɛ worenyɛ saa. Ka a wɔbɛka ho aduru foforo no mpo ntumi nsakra nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ofie no nni ahoɔden no. Ɛda adi sɛ ɛrenkyɛ na adwiriw agu fam.

2 Asomdwoe biara a efi wiase yi mu no te sɛ saa fie no. Enni fapem papa—ɛyɛ “onipa ba a nkwagye bi nni ne mu” bɔhyɛ ne ne nsusuwii ahorow. (Dwom 146:3) Amanaman, mmusuakuw, ne mmusua ntam ntawntawdi ahyɛ abakɔsɛm mu ma. Ɛwom sɛ wɔanya asomdwoe mmere kakra de, nanso na ɛyɛ asomdwoe bɛn? Sɛ aman abien reko na sɛ wogyae esiane sɛ ɔman biako adi nkogu anaasɛ aman abien no nyinaa nhu mfaso biara a wobenya wɔ akodi no mu nti a, ɛno yɛ asomdwoe bɛn? Nitan, adwemmɔne, ne ninkuntwe a ɛkɔfaa ɔko no bae no da so ara wɔ hɔ. Asomdwoe a ɛyɛ nkataanim kɛkɛ, ɔko a ‘wɔakata so’ no nyɛ asomdwoe a ɛtra hɔ kyɛ.—Hesekiel 13:10.

3. Dɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo asomdwoe yɛ soronko koraa wɔ nea nnipa de ba biara ho?

3 Nanso, asomdwoe ankasa wɔ wiase a akodi ahyɛ mu ma yi mu. Ɛwɔ he? Ɛwɔ wɔn a wodi Yesu Kristo anammɔn akyi, nokware Kristofo a wotie Yesu nsɛm na wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua n’asetra kwan no mu. (1 Korintofo 11:1; 1 Petro 2:21) Asomdwoe a ɛwɔ nokware Kristofo a wofi mmusua horow mu, wɔn a wokura asetram dibea horow, ne wɔn a wofi aman horow so ntam no yɛ papa efisɛ abusuabɔ a asomdwoe wom a wɔne Onyankopɔn wɔ, a egyina Yesu Kristo ogye afɔre no so no na ɛde ba. Wɔn asomdwoe no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn, ɛnyɛ biribi a ɛnam nnipa nnaadaasɛm so. (Romafo 15:33; Efesofo 6:23, 24) Efi wɔn ho ase a wɔbrɛ ma “Asomdwoe-hene,” Yesu Kristo, ne som a wɔsom Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no mu.—Yesaia 9:6; 2 Korintofo 13:11.

4. Ɔkwan bɛn so na Kristoni ‘di’ asomdwoe akyi?

4 Nnipa a wɔnyɛ pɛ nnya asomdwoe ara kɛkɛ. Ne saa nti na Petro kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni biara ‘hwehwɛ asomdwoe na odi akyi.’ (1 Petro 3:11) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Tete nkɔmhyɛ bi twe adwene si mmuae no so. Bere a Yehowa nam Yesaia so rekasa no, ɔkae sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa, NW] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yesaia 54:13; Filipifo 4:9) Yiw, wɔn a wotie Yehowa nkyerɛkyerɛ no na wonya nokware asomdwoe. Bio nso, asomdwoe a “ɔdɔ, anigye, . . . abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ” ka ho no yɛ Onyankopɔn honhom no aba. (Galatifo 5:22, 23) Obi a onni dɔ, anigye, abodwokyɛre, ayamye, na ne tirim yɛ den, anaa onni ahosodi ntumi nnya bi.

“Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntra Asomdwoe Mu”

5, 6. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ odwo ne pɛ a obi pɛ asomdwoe no ntam? (b) Henanom na Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asomdwoe atra wɔne wɔn ntam?

5 Wɔakyerɛ asomdwoe ase sɛ “kommyɛ tebea a ahotɔ wom.” Nkyerɛase a ɛte saa no betumi ayɛ nea ɛfa tebea horow pii a nitan nnim ho. Hwɛ, wɔka nea wawu mpo ho asɛm sɛ ɔwɔ asomdwoe! Nanso sɛ obi benya nokware asomdwoe a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ onipa a ɔhyɛ asomdwoe ho nkuran kɛkɛ. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkae sɛ: “Nhyira ne apatafo, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.” (Mateo 5:9) Ná Yesu ne nnipa a daakye wobenya hokwan ayɛ Onyankopɔn honhom mu mma na wɔanya asetra a owu nnim wɔ soro na ɛrekasa. (Yohane 1:12; Romafo 8:14-17) Na awiei koraa no, adesamma anokwafo a wonni ɔsoro anidaso no nyinaa nsa bɛka “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi.” (Romafo 8:21) Nnipa a wɔpɛ asomdwoe nkutoo na wobetumi anya anidaso a ɛte saa. Mpɛn pii no, nsonsonoe wɔ odwo—sɛ́ obi wɔ asomdwoe—ne sɛ ɔpɛ asomdwoe no ntam. Obi a ɔpɛ asomdwoe a egyina Kyerɛwsɛm so no kyerɛ sɛ ɔhyɛ asomdwoe ho nkuran, ɔma asomdwoe ba tebea bi a na kan no asomdwoe nnim mu.

6 Bere a eyi wɔ w’adwenem no, susuw ɔsomafo Paulo afotu a ɔde kɔmaa Romafo no ho hwɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Romafo 12:18) Ná ɛnyɛ sɛ Paulo reka akyerɛ Romafo no sɛ wɔnyɛ nnipa a wodwo kɛkɛ, ɛwom sɛ na ɛno betumi aboa wɔn de. Ná ɔrehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma asomdwoe ntra wɔn ntam. Wɔne henanom ntam? “Nnipa nyinaa”—abusuafo, mfɛfo Kristofo, ne mpo wɔn a ɛsono wɔn gyidi. Ɔhyɛɛ Romafo no nkuran sɛ ‘sɛ ebetumi a,’ wɔmma asomdwoe ntra wɔne afoforo ntam. Na ɛnyɛ nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ esiane asomdwoe nti, wobetumi agyae wɔn gyidi mu asiesie. Mmom no sɛ anka wɔbɛkasa atia afoforo no, na ɛsɛ sɛ wɔde asomdwoe kɔ wɔn nkyɛn. Ná ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ saa ɛmfa ho sɛ ebia wɔne wɔn a wɔwɔ asafo no mu anaa wɔn a wonni asafo no mu na ɛredi nsɛm no. (Galatifo 6:10) Nea ɛne eyi hyia no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Munni nea eye akyi daa, mo ne nnipa nyinaa ho.”—1 Tesalonikafo 5:15.

7, 8. Ɔkwan bɛn so ne dɛn nti na Kristofo ne wɔn a ɛsono wɔn gyidi no tra asomdwoe mu?

7 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne wɔn a ɛsono wɔn gyidi na ebia wɔbɛsɔre atia yɛn gyidi mpo no adi nsɛm asomdwoe mu? Ade biako ne sɛ ɛma yɛkwati ahomaso su. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛka nnipa pɔtee bi ho asɛm animtiaabu so a, entumi mfa asomdwoe mma. Yehowa ada n’atemmu ahorow a ɔde bɛba ahyehyɛde ahorow ne nnipakuw bi so no adi, nanso yenni hokwan biara sɛ yɛne obi bɛkasa te sɛ nea wɔabu no fɔ dedaw. Nokwarem no, yemmu afoforo atɛn, yɛn atamfo mpo. Bere a Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ ontu Kristofo a wɔwɔ Kreta fo wɔ sɛnea wɔne nnipa atumfoɔ di nsɛm ho no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkae wɔn sɛ “wonntwiri obi, wɔnnyɛ atutupɛfo, wonnwo bɛtɛɛ, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.”—Tito 3:1, 2.

8 Sɛ yɛne wɔn a ɛsono wɔn gyidi tra asomdwoe mu a ɛbɛboa yiye ma yɛaka nokware no ho asɛm akyerɛ wɔn. Nokwarem no, yɛmfa nnamfo a ‘wɔsɛe ɔbra pa.’ (1 Korintofo 15:33) Nanso, yebetumi ada obu adi, na ɛsɛ sɛ yɛne nnipa nyinaa di nsɛm nidi ne ayamye mu. Petro kyerɛwee sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no.’”—1 Petro 2:12.

Asomdwoe Wɔ Asɛnka Mu

9, 10. Nhwɛso bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe wɔ wɔn a wɔnyɛ gyidifo a ɔne wɔn dii nsɛm asomdwoe mu no ho?

9 Wɔka afeha a edi kan Kristofo no ho asɛm sɛ na wɔwɔ akokoduru. Wɔammrɛ tumi a ɛwɔ wɔn asɛm no mu ase, na bere a wohyiaa ɔsɔretia no, wosii wɔn bo sɛ wobetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa. (Asomafo no Nnwuma 4:29; 5:29) Nanso wɔn akokoduru no amma wɔanyɛ aniammɔnho. Susuw sɛnea Paulo yɛɛ n’ade bere a odii ne gyidi ho adanse wɔ Ɔhene Herode Agripa II anim no ho hwɛ. Ná Herode Agripa ne ne nuabea Berenike adi mogyafra. Nanso, ɛnyɛ abrabɔ pa ho asɛm na na Paulo rebɛka akyerɛ Agripa. Mmom no, osii nsɛm a na wɔn nyinaa adwene hyia wɔ ho so dua, na ɔkamfoo Agripa wɔ nim a na onim Yudafo amanne nyinaa ne adiyifo a na ogye wɔn di no ho.—Asomafo no Nnwuma 26:2, 3, 27.

10 So na Paulo nam nnaadaa kwan so redɛfɛdɛfɛ ɔbarima a obetumi ama wɔagyae no no? Dabi. Paulo dii n’ankasa afotu so na ɔkaa nokware no kyerɛɛ no. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ Herode nyinaa no yɛ nokware. (Efesofo 4:15) Nanso na Paulo pɛ asomdwoe na na onim sɛnea ɔbɛyɛ ‘ade nyinaa ama nnipa nyinaa.’ (1 Korintofo 9:22) Ná ne botae ne sɛ ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ ɔka Yesu ho asɛm no bedi dwuma. Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo pa no, ɔde asɛm a ɔne Agripa nyinaa adwene hyia wɔ ho na efii ase. Enti Paulo nam saa kwan no so maa ɔhene a na ne bra asɛe yi nyaa Kristosom ho adwempa.—Asomafo no Nnwuma 26:28-31.

11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe wɔ asɛnka mu?

11 Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe wɔ yɛn som adwuma no mu? Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ yɛkwati akyinnyegye. Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ ‘yɛka Onyankopɔn asɛm no a yensuro,’ na yɛde akokoduru di yɛn gyidi no ho adanse. (Filipifo 1:14) Nanso wɔ nsɛm pii mu no, yɛn botae titiriw ankasa ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ. (Mateo 24:14) Sɛ obi hu Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nokwasɛm a, obetumi afi ase ayi atoro som nsusuwii agu, na wahohoro ne ho afi nneyɛe a ɛho ntew ho. Enti sɛnea yɛn ahoɔden bɛma yɛn kwan no, eye sɛ yesi nneɛma a yɛn atiefo ani begye ho so dua, bere a yɛde nneɛma a yɛne wɔn adwene hyia wɔ ho fi ase no. Ɛbɛyɛ nea mfaso nni so sɛ yɛbɛhyɛ obi a, sɛ yɛde anifere kɔ ne nkyɛn a, ebia obetie yɛn asɛm no, abufuw.—2 Korintofo 6:3.

Nnipa a Wɔpɛ Asomdwoe Wɔ Abusua no Mu

12. Akwan bɛn so na yebetumi ayɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe wɔ abusua no mu?

12 Paulo kae sɛ wɔn a wɔbɛware no “ho behia wɔn ɔhonam mu.” (1 Korintofo 7:28) Wobehyia ɔhaw ahorow pii. Emu bi ne sɛ, ɛtɔ da bi a, awarefo binom adwene renhyia. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi eyinom ho dwuma? Wɔ asomdwoe kwan so. Obi a ɔpɛ asomdwoe bɛbɔ mmɔden sɛ obesiw ntɔkwaw ano. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, denam ne tɛkrɛma a ɔbɛhwɛ no yiye so. Sɛ yɛde nipadua akwaa ketewaa yi ka nsɛm a ɛyɛ yaw na yedidi afoforo atɛm a, ebetumi ayɛ ‘ade bɔne a ɛyɛ keka, na awuduru ayɛ no ma.’ (Yakobo 3:8) Obi a ɔpɛ asomdwoe de ne tɛkrɛma hyɛ den sen sɛ ɔde bɛsɛe ade.—Mmebusɛm 12:18.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama asomdwoe atra yɛn ntam bere a yedi mfomso wɔ kasa mu anaa bere a abufuw asɔre no?

13 Esiane sɛ yɛn nyinaa tɔ sin nti, ɛtɔ mmere bi a yɛka nsɛm ma akyiri yi yennu yɛn ho. Sɛ ɛba saa a, bɔ mmɔden sɛ wobɛtoto nneɛma yiye—wobɛhwehwɛ asomdwoe. (Mmebusɛm 19:11; Kolosefo 3:13) Kwati sɛ wobɛma “akyinnyegye” ne “mansotwe” asiw wo kwan. (1 Timoteo 6:4, 5) Mmom no, hwɛ ade kɔ akyiri na bɔ mmɔden sɛ wobɛte wo hokafo no nkate ase. Sɛ obi ka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ wo a, nka bi ntua no so ka. Kae sɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.”—Mmebusɛm 15:1.

14 Ɛtɔ mmere bi a ebehia sɛ wususuw afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 17:14 no ho: “Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.” Twa w’asɛm so, na twe wo ho fi tebea a ebetumi de basabasayɛ aba no ho. Akyiri yi sɛ nneɛma brɛ ase a, ebia wubetumi adi ɔhaw no ho dwuma asomdwoe mu. Wɔ nsɛm bi mu no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ Kristoni panyin bi hɔ mmoa. Mmarima a wɔn ho akokwaw na wɔwɔ tema yi betumi ayɛ mmoa a ɛma akomatɔyam bere a aware mu asomdwoe ho aba asɛm no.—Yesaia 32:1, 2.

Nnipa a Wɔpɛ Asomdwoe Wɔ Asafo no Mu

15. Sɛnea Yakobo kae no, subammɔne bɛn na ɛsɔree wɔ Kristofo binom ntam, na dɛn nti na saa suban no yɛ “fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de”?

15 Awerɛhosɛm ne sɛ, afeha a edi kan Kristofo binom daa nitammɔne ne atutuw adi—su a ɛbɔ asomdwoe abira. Yakobo kae sɛ: “Saa nyansa yi mfi soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de. Na nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛe bɔne nyinaa wɔ.” (Yakobo 3:14-16) Ebinom gye di sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nitan” no ne pere a wɔpere dibea ho wɔ abusuabɔ. Enti ntease pa bi nti na Yakobo frɛɛ no “fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de” no. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, wiase atumfoɔ ada nitan adi te sɛ mmoa a wɔko tia wɔn ho wɔn ho. Enti nitan yɛ “fam” ne “ɔkra” de ampa. Ɛyɛ “ahonhommɔne” nso. Ɔbɔfo bɔne a ɔpɛ tumi a ɔsɔre tiaa Yehowa Nyankopɔn no na ɔbɛyɛɛ Satan, adaemone sodifo a odii kan daa subammɔne yi adi.

16. Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan Kristofo binom daa suban a ɛte sɛ Satan de adi?

16 Yakobo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wonya nitan honhom, efisɛ ɛko tia asomdwoe. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?” (Yakobo 4:1) Ɛha no, “akɔnnɔ” betumi akyerɛ honam fam nneɛma a wɔde anibere hwehwɛ anaa gye a obi begye din anaa obenya afoforo so nkɛntɛnso. Te sɛ Satan no, ɛda adi sɛ na asafo no mufo binom pɛ sɛ wɔma wɔn ho so sen sɛ ‘wɔbɛbrɛ wɔn ho ase’ sɛnea Yesu kae sɛ n’akyidifo anokwafo bɛyɛ no. (Luka 9:48) Suban a ɛte saa betumi asɛe asafo no asomdwoe.

17. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe wɔ asafo no mu?

17 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛko tia suban a ɛbɛma yɛadi honam fam nneɛma akyi, yɛatwe ninkunu, anaa yɛapɛ anuonyamhunu. Sɛ yɛyɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe ampa na sɛ nnipa binom ho akokwaw sen yɛn wɔ dwumadi bi mu a, ɛrenhaw yɛn, na saa ara nso na yɛrenka wɔn ho asɛmmɔne nkyerɛ afoforo denam adwene a wokura a yɛbɛkasa atia no so. Sɛ yɛwɔ suban bi a ɛfata a, yɛremfa nni dwuma mma wonhu yɛn sɛ yɛkorɔn sen afoforo, te sɛ nea yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛn mmɔdenbɔ ne yɛn nimdeɛ so nkutoo na asafo no nam betumi ayɛ yiye. Suban a ɛte saa de mpaapaemu na ɛbɛba; na ɛremfa asomdwoe mma. Nnipa a wɔpɛ asomdwoe mfa wɔn nimdeɛ nhoahoa wɔn ho na mmom wofi ahobrɛase mu de boa wɔn nuanom ma ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Wohu sɛ, awiei koraa no, ɛyɛ ɔdɔ—ɛnyɛ nea obi tumi yɛ—na ɛhyɛ nokware Kristofo agyirae.—Yohane 13:35; 1 Korintofo 13:1-3.

‘Asomdwoe Bedi Mo So Panyin’

18. Ɔkwan bɛn so na asafo mu mpanyimfo ma asomdwoe tra wɔn ntam?

18 Asafo mu mpanyimfo di anim sɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe. Yehowa kaa ne nkurɔfo ho asɛm siei sɛ: “Mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo.” (Yesaia 60:17) Nea ɛne saa nkɔmhyɛ nsɛm yi hyia no, wɔn a wɔsom sɛ Kristofo ahwɛfo no yɛ adwuma dennen de hyɛ wɔn ntam ne nguankuw no ntam asomdwoe ho nkuran. Mpanyimfo betumi ama asomdwoe atra wɔn ntam denam ntease ne asomdwoe, “nyansa a efi soro” a wɔbɛda no adi so. (Yakobo 3:17) Esiane sɛ ɛsono asafo mu mpanyimfo nsɛm tebea ne wɔn suahu ahorow nti, ɛtɔ mmere bi a wɔn adwene renhyia. So eyi kyerɛ sɛ wonni asomdwoe? Sɛ wodi tebea a ɛte saa ho dwuma yiye a, ɛremma saa. Nnipa a wɔpɛ asomdwoe da wɔn nsusuwii adi na wɔde obu tie afoforo de. Sɛ́ anka obi a ɔpɛ asomdwoe bɛhwɛ kwan sɛ obiara begye ne nsusuwii atom no, ɔde mpaebɔ susuw ne nuanom nsusuwii ho. Obiara wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ n’adwene sɛ ne nsusuwii no mmu Bible nnyinasosɛm biara so a. Sɛ afoforo ne obi a ɔpɛ asomdwoe anyɛ adwene a, obegyae ne de mu na wagye nnipa dodow no gyinaesi atom. Ɔnam saayɛ so bɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ntease. (1 Timoteo 3:2, 3) Ahwɛfo a wɔn ho akokwaw nim sɛ asomdwoe a wɔbɛma atra wɔn ntam no ho hia sen sɛ wɔbɛma wɔagye wɔn asɛm atom.

19. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo yɛ wɔn ade sɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe wɔ asafo no mu?

19 Asafo mu mpanyimfo nam nguankuw no a wɔboa wɔn ne wɔn adwuma a wɔnkasa ntia sɛnea ɛnsɛ so hyɛ asomdwoe ho nkuran. Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a, ebehia sɛ wɔteɛ ebinom so. (Galatifo 6:1) Nanso ɛnyɛ Kristoni hwɛfo adwuma titiriw ara ne sɛ ɔde nteɛso bɛma. Mpɛn pii no, ɔde nkamfo ma. Mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ bɔ mmɔden sɛ wobehu afoforo nneyɛe pa. Ahwɛfo kyerɛ mfɛfo Kristofo adwumaden ho anisɔ, na wɔwɔ ahotoso sɛ wɔn mfɛfo gyidifo reyɛ nea wobetumi nyinaa.—2 Korintofo 2:3, 4.

20. Sɛ asafo no mufo nyinaa pɛ asomdwoe a, ɔkwan bɛn so na asafo no nya so mfaso?

20 Enti wɔ abusua no ne asafo no mu, ne bere a yɛne wɔn a ɛsono wɔn gyidi di nsɛm mu no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda asomdwoe adi, na yɛayɛ ade a ɛde asomdwoe bɛba. Sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ asomdwoe a, yɛbɛboa ma anigye aba asafo no mu. Bere koro no ara mu no, yebenya ahobammɔ ne denhyɛ wɔ akwan pii so sɛnea yebehu wɔ adesua a edi hɔ no mu no.

So Wokae?

•Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi pɛ asomdwoe?

•Sɛ yɛne nnipa a wɔnyɛ adansefo redi nsɛm a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe?

•Akwan a yɛfa so ma asomdwoe ba abusua mu no bi ne nea ɛwɔ he?

•Ɔkwan bɛn so na asafo mu mpanyimfo betumi ahyɛ asomdwoe ho nkuran wɔ asafo no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Nnipa a wɔpɛ asomdwoe kwati ahomaso su

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Kristofo yɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe wɔ asɛnka mu, wɔ fie, ne wɔ asafo no mu