Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Kolosefo 1:16 ka Onyankopɔn Ba no ho asɛm sɛ “nneɛma no nyinaa, wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no.” Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa “maa” Onyankopɔn Ba, Yesu?

Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro no dii dwuma sɛ odwumayɛni a waben wɔ nneɛma nyinaa bɔ mu, kyerɛ sɛ, nneɛma nyinaa a Yesu ankasa nka ho. (Mmebusɛm 8:27-30; Yohane 1:3) Ɛyɛ nea ɛfata sɛ Ɔba no ani gye saa nnwuma yi ho, na wɔ saa kwan yi so na wɔbɔ “maa” no.

Yenim sɛ honam fam awofo hwɛ kwan, na wɔtaa yɛ saa, sɛ wobenya anigye afi adwuma a wɔayɛ mu—mmabarima ne mmabea a wɔawo wɔn no. Enti, Bible mu bɛ bi ka ‘ɔba a n’agya dɔ no’ ho asɛm. (Mmebusɛm 3:12; 29:17) Saa ara na Yehowa Nyankopɔn ani gyee Israel ho bere a na ne nkurɔfo no di nokware no. (Dwom 44:3; 119:108; 147:11) N’ani gye n’anokwafo nokwaredi ho de besi yɛn bere yi so nso.—Mmebusɛm 12:22; Hebrifo 10:38.

Enti, ɛfata sɛ Onyankopɔn bɛma n’adwumayɛboafo, Yesu, anya ne nnwuma a ɔyɛe no mu anigye. Nokwarem no, Mmebusɛm 8:31 ka sɛ na Ɔba no ‘ani gye ne wi yi ase asase so, na n’ani ka nnipa mma mu.’ Ɛyɛ saa kwan yi so na Kolosefo 1:16 ka sɛ: ‘Nneɛma no nyinaa, wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no no.’