Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Asisi Gyinae Pa

Sɛnea Wubetumi Asisi Gyinae Pa

Sɛnea Wubetumi Asisi Gyinae Pa

ƆPƐ mu a obi fi paw nea ɔpɛ yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Sɛ enni hɔ a, anka yɛbɛyɛ sɛ robɔt, a yenni nneɛma a yɛyɛ so tumi biara. Nanso, yehyia nsɛnnennen wɔ ho. Bere a yɛwɔ hokwan sɛ yefi yɛn pɛ mu paw nea yɛpɛ no, ɛsɛ sɛ yesisi gyinae bere ne bere mu wɔ asetra mu.

Nokwarem no, gyinae pii wɔ hɔ a, ɛfa nneɛma nketenkete ho. Afoforo te sɛ nea ɛfa adwuma a yɛbɛpaw anaa aware a yɛbɛware ho no betumi aka yɛn daakye asetra daa. Nanso, gyinaesi bi wɔ hɔ a ɛfa nnipa foforo ho. Gyinae ahorow bi a awofo sisi no nya wɔn mma so nkɛntɛnso kɛse. Afei nso, yebebu gyinae ahorow pii a yesisi ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.—Romafo 14:12.

Nea Enti a Mmoa Ho Hia

Nnipa nni kyerɛwtohɔ pa wɔ gyinaesi ho. Gyinae ahorow a edi kan koraa a nnipa sisii no mu biako de amanehunu na ɛbae. Hawa sii gyinae dii aduaba a na Onyankopɔn abara wɔn koraa sɛ wonnni no. Ne gyinaesi a na egyina pɛsɛmenkominya akɔnnɔ so no maa ne kunu kɔkaa ne ho yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na nea efii mu bae no yɛɛ amanehunu kɛse maa adesamma. Nsɛm pii mu no, nnipa da so gyina wɔn pɛsɛmenkominya akɔnnɔ so sisi gyinae sen sɛ wobegyina nnyinasosɛm a ɛteɛ so ayɛ saa. (Genesis 3:6-19; Yeremia 17:9) Na sɛ yehyia gyinaesi ahorow a anibere wom a, yɛtaa kae yɛn sintɔ ahorow.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ nnipa pii resisi gyinae akɛse a, wɔhwehwɛ mmoa fi mmeae a ɛkorɔn sen nnipa hɔ. Kyerɛwtohɔ bi wɔ Bible mu a ɛka bere bi a na ɛsɛ sɛ Nebukadnesar si gyinae wɔ ɔko mu no ho asɛm. Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔhene de, nanso ohui sɛ ɛho hia sɛ ‘wɔhyɛ no nkɔm,’ wobisa ahonhom hɔ ade ma no. Enti, kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.” (Hesekiel 21:21) Saa ara na ɛnnɛ nnipa pii kohu akɔmfo, ne nsoromma mu ahwɛfo, na wɔfa akwan foforo so hwehwɛ ahonhom hɔ mmoa. Nanso eyinom nyinaa yɛ nnaadaa.—Leviticus 19:31.

Obi wɔ hɔ a yebetumi de yɛn ho ato no so koraa, na waboa nnipa ma wɔasisi gyinae a nyansa wom wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Onii no nyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn. Sɛ nhwɛso no, tete mmere mu no, Onyankopɔn maa ne man, Israel, Urim ne Tumim—ɛda adi sɛ na ɛyɛ ntontode a na wɔbɔ bere a ɔman no hyiaa tebea horow a na anibere wom no. Yehowa nam Urim ne Tumim no so maa nsɛmmisa ho mmuae tẽẽ, na ɛboaa Israel mpanyimfo no ma wohui sɛ gyinae ahorow a wosisii ne n’apɛde hyia.—Exodus 28:30; Leviticus 8:8; Numeri 27:21.

Susuw nhwɛso foforo ho hwɛ. Bere a wɔfrɛɛ Gideon sɛ ommedi Israel asraafo anim na wɔnko ntia Midianfo no, na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ ebia obegye hokwan kɛse a ɛte saa atom anaasɛ onnye ntom. Bere a na Gideon pɛ sɛ onya ahotoso sɛ ebia Yehowa bedi n’akyi no, obisaa sɛnkyerɛnne. Ɔbɔɔ mpae sɛ obosu mfɔw oguan nhwi a wɔahata no abɔnten anadwo no na fam hɔ mmom nwo. Anadwo a edi hɔ no, ɔsrɛe sɛ oguan nhwi no nwo na obosu mfɔw fam hɔ. Yehowa fi ayamye mu yɛɛ sɛnkyerɛnne a Gideon bisae no. Ne saa nti, Gideon sii gyinae pa, na Onyankopɔn boaa no ma odii Israel atamfo so nkonim koraa.—Atemmufo 6:33-40; 7:21, 22.

Ɛnnɛ Nso Ɛ?

Ɛnnɛ, Yehowa da so boa n’asomfo bere a ɛsɛ sɛ wosisi gyinae a ɛho hia no. Ɔkwan bɛn so? Te sɛ Gideon no, so ɛsɛ sɛ yebisa ‘oguan nhwi ho sɔhwɛ ahorow,’ Yehowa hɔ sɛnkyerɛnne na ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Awarefo bi susuw ho sɛ ebia wontu nkɔtra baabi a wohia Ahenni asɛmpakafo kɛse no anaa wɔnnkɔ. Nea ɛbɛboa wɔn ma wɔasi gyinae no, wɔyɛɛ sɔhwɛ bi ho nhyehyɛe. Wɔyɛe sɛ wɔbɛtɔn wɔn fie de agye bo bi. Sɛ na wɔtɔ ofie no da pɔtee bi wɔ bo a wɔakyerɛ no anaa nea ɛboro saa a, na wɔbɛfa no sɛ ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔkɔ. Sɛ wɔantɔ fie no a, na wɔbɛfa no sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ wɔkɔ.

Wɔantɔ fie no. So na ɛkyerɛ sɛ Yehowa mpɛ sɛ awarefo yi kɔtra baabi a na mmoa ho hia no? Nokwarem no, ɛbɛyɛ aniammɔho sɛ yɛbɛkyerɛ nneɛma pɔtee a Yehowa yɛ ma n’asomfo ne nea ɔnyɛ mma wɔn. Yentumi nka sɛ Yehowa mmfa ne ho nnye nsɛm mu nnɛ nna n’apɛde adi nni mma yɛn koraa. (Yesaia 59:1) Nanso, yenni ho kwan sɛ yɛbɛhwɛ sɛ ɔde ne ho begye yɛn gyinaesi akɛse mu saa, a ɛkyerɛ sɛ yɛrehwɛ kwan sɛ Onyankopɔn besisi yɛn gyinae ama yɛn. Ná ɛsɛ sɛ Gideon mpo sisi gyinae ahorow a na ɔnhwɛ nsɛnkyerɛnne biara kwan mfi Yehowa hɔ wɔ n’asetra fã kɛse no ara mu!

Nanso, Bible ka sɛ Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ hɔ. Ɛhyɛ yɛn bere yi ho nkɔm sɛ: “W’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.” (Yesaia 30:21) Sɛ ɛsɛ sɛ yesisi gyinae bi a ɛho hia a, ɛfata yiye sɛ yɛhwɛ hu sɛ gyinae a yesisi no ne Onyankopɔn apɛde ne ne nyansa a ɛkorɔn no hyia. Ɔkwan bɛn so? Denam N’asɛm no a yɛbɛhwehwɛ mu na yɛama ayɛ ‘yɛn nan ase kanea, ne yɛn kwan so hann’ no so. (Dwom 119:105; Mmebusɛm 2:1-6) Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nokware nimdeɛ fi Bible no mu na ama yɛatumi ayɛ eyi. (Kolosefo 1:9, 10) Na sɛ ɛsɛ sɛ yesi gyinae bi a, ehia sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa asɛm no ho nyinaa mu yiye. Nhwehwɛmu a ɛte saa no bɛma ‘yɛasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ.’—Filipifo 1:9, 10.

Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa kasa wɔ mpaebɔ mu nso, a yɛwɔ ahotoso sɛ obetie yɛn. Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ gyinae a ɛsɛ sɛ yesi ne akwan foforo a yɛresusuw ho mu akyerɛ yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no! Afei, yebetumi de ahotoso abisa akwankyerɛ a yɛde besi gyinae pa no. Mpɛn pii no, honhom kronkron no bɛkae yɛn Bible nnyinasosɛm ahorow a yebetumi de adi dwuma, anaasɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛate kyerɛwsɛm bi a ɛfa yɛn tebea no ho ase yiye.—Yakobo 1:5, 6.

Yehowa ama yɛn nkurɔfo a wɔn ho akokwaw wɔ asafo no mu a yebetumi ne wɔn asusuw gyinae a ɛsɛ sɛ yesisi ho. (Efesofo 4:11, 12) Nanso, bere a yɛrehwehwɛ afoforo nyansahyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkwati su a ebinom kura a ɛne sɛ wofi onipa biako hɔ kɔ ɔfoforo hɔ kosi sɛ awiei koraa no wobenya obi a ɔbɛka nea wɔpɛ sɛ wɔte akyerɛ wɔn no. Afei wodi n’afotu no akyi. Ɛsɛ sɛ yɛkae Rehabeam nhwɛso a ɛyɛ kɔkɔbɔ no nso. Bere a na ɛsɛ sɛ osi gyinae bi a anibere wom no, onyaa afotu pa fii mpanyimfo a na wɔasom n’agya no hɔ. Nanso, sɛ anka ɔde wɔn afotu no bedi dwuma no, okohuu mmerante a ɔne wɔn nyinii no. Bere a odii wɔn afotu akyi no, osii gyinae bɔne na nea efii mu bae ne sɛ ɔhweree n’ahenni fã kɛse no ara.—1 Ahene 12:1-17.

Sɛ worehwehwɛ afotu a, kɔ wɔn a wɔwɔ asetram osuahu na wɔwɔ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ pa na wɔwɔ obu ma trenee nnyinasosɛm no nkyɛn. (Mmebusɛm 1:5; 11:14; 13:20) Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, gye bere susuw nnyinasosɛm ahorow a ɛwom, ne nsɛm a ɛfa ho a woaboaboa ano no nyinaa ho. Sɛ wonam Yehowa Asɛm so hu nneɛma ani so a, ɛda adi sɛ wubehu gyinae a ɛfata sɛ wusi no kɛse.—Filipifo 4:6, 7.

Gyinae Ahorow a Yesisi

Gyinae ahorow bi si nyɛ den. Bere a wɔhyɛɛ asomafo no sɛ wonnyae adansedi no, na wonim sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ka Yesu ho asɛm no, na ntɛm ara na wɔkaa wɔn gyinae a wɔasi sɛ wobetie Onyankopɔn mmom asen nnipa no kyerɛɛ Sanhedrin no. (Asomafo no Nnwuma 5:28, 29) Ɛho behia sɛ wosusuw gyinaesi afoforo ho kɔ akyiri esiane sɛ Bible mu asɛm biara nni hɔ a ɛfa asɛm no ho pɔtee nti. Nanso, mpɛn pii no, Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɛfa gyinae pa a ɛsɛ sɛ yesi ho. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ Yesu bere so no na anigyede ahorow pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no nni hɔ de, nanso nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani ne nea ɛnsɔ n’ani ho nsɛm a emu da hɔ pii wɔ Bible no mu. Enti, Kristoni biara a ɔde ne ho hyɛ anigyede a ɛhyɛ basabasayɛ, ɔbrasɛe, anaa atuatew ho nkuran mu no asi gyinae bɔne.—Dwom 97:10; Yohane 3:19-21; Galatifo 5:19-23; Efesofo 5:3-5.

Ɛtɔ mmere bi a, gyinaesi ahorow abien betumi ayɛ nea ɛteɛ. Baabi a mmoa ho hia kɛse a wobɛkɔ akɔsom wɔ hɔ yɛ hokwan a ɛyɛ anigye na ebetumi ama woanya nhyira pii. Nanso sɛ esiane biribi nti obi antumi anyɛ saa a, obetumi akɔ so ayɛ adwuma pa wɔ ne kurom asafo mu. Ɛtɔ bere bi a, ɛho behia sɛ yesi gyinae bi a ɛbɛma yɛanya hokwan de ada ahofama kɛse a yɛwɔ ma Yehowa no adi anaasɛ yɛde bɛkyerɛ dekode a ɛho hia yɛn kɛse wɔ yɛn asetra mu. Enti, Yehowa ma yefi yɛn pɛ mu da nea ɛwɔ yɛn komam ankasa adi.

Mpɛn pii na gyinae ahorow a yesisi ka nnipa foforo. Sɛ nhwɛso no, afeha a edi kan no mu Kristofo no ani gyei sɛ wonyaa ahofadi fii Mmara no mu anohyeto ahorow no mu pii ho. Sɛ nhwɛso no, na eyi kyerɛ sɛ wobetumi adi nnuan bi a na ɛho ntew wɔ Mmara no ase anaasɛ wɔapo. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ sɛ wɔresi gyinae wɔ ahofadi yi a na wɔde bedi dwuma no ho a, wonsusuw afoforo ahonim ho. Yebetumi de nsɛm a Paulo ka faa asɛm no ho adi dwuma wɔ gyinae ahorow a yesisi mu: “Monnyɛ nea ɛto . . . hintidua.” (1 Korintofo 10:32) Pɛ a yɛmpɛ sɛ yɛbɛto afoforo hintidua no betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pii. Afei nso, yɔnkodɔ ne mmara no mu kɛse a ɛto so abien.—Mateo 22:36, 39.

Nea Efi Yɛn Gyinaesi Ahorow Mu Ba

Awiei koraa no, nneɛma pa befi gyinae ahorow a yɛde ahonim pa sisi na egyina Bible nnyinasosɛm ahorow so no mu aba bere nyinaa. Nokwarem no, mfiase no, ebetumi aba sɛ wode nneɛma bi bɛbɔ afɔre. Bere a asomafo no kaa gyinae a na wɔasi sɛ wɔbɛkɔ so aka Yesu ho asɛm no kyerɛɛ Sanhedrin no, wɔhwee wɔn ansa na wɔregyae wɔn. (Asomafo no Nnwuma 5:40) Bere a Hebrifo baasa—Sadrak, Mesak, Abed-Nego—sii gyinae sɛ wɔrenkotow Nebukadnesar sika honi no, wɔde wɔn nkwa too asiane mu. Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wobegyina nea ebefi wɔn gyinaesi no mu aba a na ebetumi akyerɛ owu a wobewu no ano. Nanso na wonim sɛ Onyankopɔn ani begye wɔn ho na wahyira wɔn.—Daniel 3:16-19.

Sɛ yehyia nsɛnnennen bere a yɛafi ahonim pa mu asi gyinae bi akyi a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene bi sɛ gyinae a yesii no nteɛ. ‘Ɛbere ne asiane’ betumi afi gyinae ahorow a eye sen biara a yesisi no mu aba. (Ɔsɛnkafo 9:11) Afei nso, ɛtɔ mmere bi a Yehowa ma amanehunu ho kwan de sɔ sɛnea yɛn ahofama mu dɔ no hwɛ. Yakob ne ɔbɔfo bi tentamee anadwo mũ nyinaa ansa na ɔrehyira no. (Genesis 32:24-26) Ebia yɛn nso yebehu amane bere mpo a yɛreyɛ ade a ɛteɛ no. Nanso, sɛ gyinae ahorow a yɛasisi ne Onyankopɔn apɛde hyia a, yebetumi anya ahotoso sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina mu, na awiei koraa no, obehyira yɛn.—2 Korintofo 4:7.

Enti, sɛ woresi gyinae bi a ɛho hia a, mfa wo ho nto w’ankasa wo nyansa so. Hwehwɛ Bible mu nnyinasosɛm fa di dwuma. Ka ho asɛm kyerɛ Yehowa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, hu wo mfɛfo Kristofo a wɔn ho akokwaw. Afei nya akokoduru. Fa hokwan a Onyankopɔn de ama wo sɛ wubetumi afi wopɛ mu asisi nneɛma ho gyinae no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so. Si gyinae pa na ma Yehowa nhu sɛ wo koma di mu wɔ n’anim.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Hwɛ Onyankopɔn Asɛm mu ansa na woasisi gyinae a ɛho hia

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28, 29]

Ka gyinae ahorow a ɛsɛ sɛ wusisi ho asɛm kyerɛ Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Wubetumi ne Kristofo a wɔn ho akokwaw asusuw gyinae akɛse a wubesisi ho