Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Ɛsom Bo Ankasa?

Dɛn na Ɛsom Bo Ankasa?

Dɛn na Ɛsom Bo Ankasa?

Biribi a ɛsom bo ankasa a obi wɔ no tumi ma n’ani gye. Nanso ɛno betumi ayɛ dɛn? Sika pii? Agude a ne bo yɛ den anaa ɛyɛ soronko? Edin anaa anuonyam? Nnipa pii bu eyinom sɛ ɛsom bo kɛse. Ebi a obi benya no betumi ama wanya n’asetrade, anaa ebetumi ama wate nka sɛ wogye no tom na watumi ayɛ biribi. So yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya nneɛma a ɛte saa, a yɛhwɛ kwan sɛ ebedi yɛn botae ahorow ho dwuma na ama yɛanya nneɛma a yɛpɛ daakye?

MPƐN pii no, nkurɔfo taa gyina sɛnea biribi tumi di wɔn ahiade ho dwuma anaa ɛma wonya akomatɔyam so na ɛka sɛ ade ko no som bo. Yɛn ani sɔ nneɛma a ɛma yenya ahomeka ne daakye a ahobammɔ wom ho anidaso. Yɛn ani sɔ nneɛma a ɛma yenya ahotɔ, awerɛkyekye anaa obu ntɛm. Nanso, sɛ́ yebegyina yɛn akɔnnɔ anaa yɛn anigye a etumi sakra so akyerɛ sɛ biribi som bo no nyɛ nsusuwii a edi mu na ɛkɔ akyiri. Nokwarem no, nea yebu no sɛ ɛho hia yɛn sen biara no na yebu no sɛ ɛsom bo.

Dɛn ne ade a ehia yɛn sen biara? Biribiara nni hɔ a ɛsom bo bere a ade biako nka ho—nkwa. Sɛ yenni nkwa a yenni hɔ. Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete Israel no kyerɛwee sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara, . . . adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Sɛ yewu a, yegyaw biribiara wɔ akyi. Enti nea ehia yɛn sen biara ne sɛ yebenya biribi a ɛbɛkora yɛn nkwa so. Dɛn ne saa ade no?

Dɛn na Ɛbɛkora Yɛn Nkwa So?

Ɔhene Salomo kae sɛ: ‘Sika bɔ yɛn ho ban.’ (Ɔsɛnkafo 7:12) Sɛ yɛwɔ sika pii a yebetumi anya nnuan ne ofie a emu yɛ anigye. Sika betumi ama yɛatu kwan akɔhwehwɛ mmeae ahorow. Ebetumi ama yɛanya asetram nneɛma a yehia bere a yentumi nyɛ adwuma esiane mpanyinyɛ anaa yare bi a aka yɛn nti no. Sika so wɔ mfaso pii. Nanso, sika ntumi nkora yɛn nkwa so. Ɔsomafo Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.” (1 Timoteo 6:17) Sika a ɛwɔ wiase nyinaa no ntumi ntɔ nkwa mma yɛn.

Susuw ɔbarima bi a ne din de Hitoshi suahu no ho hwɛ. Wɔwoo no too ohia mu, enti na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obenya ne ho. Onyaa tumi a sika wɔ mu gyidi araa ma osusuwii mpo sɛ wobetumi de atɔ nnipa nkwa. Afei ɔbarima bi baa Hitoshi pon ano bebisaa no sɛ onim sɛ Yesu Kristo wu maa no anaa. Esiane sɛ na Hitoshi te nka sɛ obiara renwu mma obi te sɛ ɔno nti, ɛyɛɛ no nwonwa. Okotiee baguam kasa bi a egyina Bible so, na ne ho dwiriw no bere a ɔtee afotu a ɛne ‘ma w’ani nhwɛ tẽẽ’ no. Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ani a ‘ɛhwɛ tẽẽ’ no yɛ nea ɛhwɛ ade kɔ akyiri na ɛkyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye. (Luka 11:34) Sɛ́ anka ɔbɛbrɛ ne ho apɛ sika no, Hitoshi fii ase de honhom fam nneɛma dii kan wɔ n’asetram.

Honam fam nneɛma nso betumi ama yɛanya ahotɔ ne ahobammɔ kakra. Pii a yebenya no betumi ayi daa ahiade ho adwennwen afi yɛn so. Ebia ofie a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ mpɔtam a ɛhɔ yɛ anigye bɛma yɛate nka sɛ yɛatumi ayɛ biribi. Ntama a ɛyɛ fɛ a aba so ne kar fɛfɛ betumi ama afoforo akamfo yɛn.

Ɛyɛ nhyira sɛ ‘yehu adepa wɔ yɛn brɛ nyinaa mu.’ (Ɔsɛnkafo 3:13) Nneɛma a yebenya ama abu so no betumi ama yɛn adɔfo ho ‘adwo wɔn, adidi, anom, na wɔn bo atɔ wɔn yam.’ Nanso honam fam nneɛma ntra hɔ nkyɛ. Wɔ kɔkɔbɔ a Yesu Kristo de mae wɔ anibere ho mu no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.” (Luka 12:15-21) Ahode, ɛmfa ho sɛnea ɛsom bo biara no, entumi mma yɛn nkwa.

Sɛ nhwɛso no, na Liz ware ɔbarima sikani bi. Ɔka sɛ: “Na yɛwɔ fie fɛfɛ ne kar abien, na na yɛn sikasɛm tumi ma yenya biribiara a yɛpɛ wɔ wiase no mu wɔ honam fam . . . Ebia nea ɛbɛyɛ wo nwonwa no, na meda so dwen sika ho.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na yɛhwere sika pii. Ɛte sɛ nea dodow a wowɔ bi no, dodow no ara na wote nka sɛ wunni ahobammɔ.”

Bio nso, nnipa pii bu din ne anuonyam a wobenya kɛse efisɛ wosusuw sɛ ebetumi ama wɔanya ayeyi ne nidi. Wɔ nnɛ wiase yi mu no, yiye a obi bedi wɔ adwumam no yɛ ade a obiara ani bere. Ɔdom akyɛde anaa nyansa soronko a yebenya betumi ama yɛagye din. Ebinom bɛkamfo yɛn, wobenya obu kɛse ama yɛn nsusuwii, na wɔbɛpɛ sɛ wonya yɛn anim dom. Eyinom nyinaa betumi ama yɛanya anigye ne abotɔyam. Nanso awiei koraa no, etwam kɔ. Na Salomo wɔ anuonyam ne tumi a ɔhene betumi anya nyinaa, nanso ɔkae sɛ: “Onyansafo ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn . . . Werɛ afi ne nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 2:16) Edin anaa anuonyam ntumi mma obi nnya nkwa.

Odwumfo bi a ne din de Celo ani begyee biribi a ɛsen din a obenya ho. Esiane ɔdom akyɛde a na ɔwɔ nti, onyaa hokwan toaa ne nhomasua so na ɛmaa onyaa nkɔso. Ankyɛ na adwumfo ne atesɛm nkrataa kamfoo n’adwuma no. Wɔde n’adwinne ahorow no pii kyerɛe wɔ Europa nkurow akɛse mu. Celo ka sɛ: “Migye tom sɛ bere bi no na adwinnidi ne m’asetram ade titiriw. Nanso wɔ me fam no, mibehui sɛ di a medi m’adwuma no akyi no bɛma masom awuranom baanu. (Mateo 6:24) Mibehui sɛ ade a ehia titiriw a metumi ayɛ ne sɛ mɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Enti m’ankasa misii gyinae gyaee odwumfo adwuma no.”

Dɛn na Ɛsom Bo Sen Biara?

Esiane sɛ sɛ nkwa nni hɔ a biribiara nsɛ hwee anaa ɛnsom bo nti, dɛn na yebetumi ahwehwɛ na ama yɛakɔ so atra nkwa mu? Yehowa na nkwa nyinaa fi no. (Dwom 36:9) Nokwarem no, “ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.” (Asomafo no Nnwuma 17:28) Ɔde daa kwa ma wɔn a wɔdɔ no. (Romafo 6:23) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi anya saa akyɛde yi?

Daa nkwa akyɛde a yɛn nsa bɛka no gyina yɛne Yehowa ntam abusuabɔ so. N’anim dom a yebenya no ne ade a ɛsom bo sen biribi foforo biara. Sɛ yenya ɛno a, na yɛwɔ anidaso a edi mũ ne anigye a ɛtra hɔ daa. Nanso sɛ yɛannya Onyankopɔn anim dom a, yɛbɛyera daa. Enti ɛda adi pefee sɛ, biribiara a ɛbɛboa yɛn na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom no ne nea ɛsom bo kɛse.

Nea Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ

Yiye a yebedi no gyina nimdeɛ a yebenya so. Yehowa Asɛm Bible mu na nokware nimdeɛ wɔ. Ɛno nkutoo na ɛka nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani ho asɛm kyerɛ yɛn. Enti ehia sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no yiye. Nsi a yɛde besua Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho ade no bɛma yɛanya ‘nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu.’ (Yohane17:3) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nimdeɛ a ɛte saa ho anisɔ na yebu no sɛ ɛsom bo!—Mmebusɛm 2:1-5.

Nimdeɛ a yenya fi Onyankopɔn Asɛm mu no siesie yɛn ma yetu anammɔn a edi hɔ—Yesu Kristo mu gyidi a yebenya. Yehowa ahyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔba ne nkyɛn nyinaa fa Yesu so. (Yohane 14:6) Nokwarem no, “nkwagye nni obiara mu.” (Asomafo no Nnwuma 4:12) Nkwa a yebenya no nnyina ‘dwetɛ anaa sika so . . . , na mmom egyina Kristo mogya a ne bo yɛ den no so.’ (1 Petro 1:18, 19) Ɛsɛ sɛ yɛda yɛn gyidi adi denam Yesu nkyerɛkyerɛ a yebegye adi na yɛadi ne nhwɛso akyi no so. (Hebrifo 12:1-3; 1 Petro 2:21) Na hwɛ sɛnea n’afɔrebɔ no som bo fa! Emu mfaso horow a wɔde bedi dwuma bɛkyerɛ daakye a enni awiei ama adesamma nyinaa. Nokwarem no, sɛ wɔde ne nyinaa di dwuma wɔ yɛn ho a, na wɔama yɛn akyɛde a ɛsom bo a ɛne daa nkwa ampa.—Yohane 3:16.

Yesu kae sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!” (Mateo 22:37) Yehowa a yɛbɛdɔ no no kyerɛ sɛ “yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3) N’ahyɛde hwehwɛ sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wiase no ho, akura abrabɔ pa mu, na yɛafi nokwaredi mu agyina N’ahenni no akyi. Sɛ yɛfa saa kwan no so a, ‘yɛpaw nkwa na ɛnyɛ owu. (Deuteronomium 30:19) Sɛ ‘yɛbɛn Onyankopɔn a, ɔbɛbɛn yɛn.’—Yakobo 4:8.

Onyankopɔn anim dom a yebenya sen wiase agyapade nyinaa. Wɔn a wonya ne adefo a wɔsen biara wɔ asase so! Ɛnde, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yebenya agyapade a ɛsom bo ankasa yi—Yehowa anim dom. Sɛnea ɛte biara no, momma yentie ɔsomafo Paulo afotu yi: “Di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi. Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu.” (1 Timoteo 6:11, 12)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Dɛn na wubu no sɛ ɛsom bo kɛse? Sika, honam fam agyapade, edin, anaa biribi foforo?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye sua Kyerɛwnsɛm no