Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nantew ‘Ɔkwan Tẽẽ So’

Nantew ‘Ɔkwan Tẽẽ So’

Nantew ‘Ɔkwan Tẽẽ So’

ODIYIFO Yesaia kae sɛ: ‘Ɔtreneeni bedi yiye, na wobedi wɔn nneyɛe so aba.’ Yesaia kae nso sɛ: “Ɔtreneeni kwan yɛ tee.” (Yesaia 3:10; 26:7) Ɛda adi sɛ, sɛ yɛn nneyɛe bɛsow aba pa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so.

Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi anantew ɔkwan tẽẽ so? Nneɛma pa bɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ebefi saayɛ mu aba? Na ɔkwan bɛn so na ebia afoforo benya Onyankopɔn trenee gyinapɛn a yedi akyi no so mfaso? Wɔ Bible nhoma a ɛne Mmebusɛm ti 10 mu no, tete Israel hene Salomo de nsɛmmisa yi ho mmuae ma bere a ɔka nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam ho asɛm no. Bere a ɔreyɛ saa no, ɔde asɛmfua “ɔtreneeni” dii dwuma mpɛn 13. Eyinom mu akron pue wɔ nkyekyɛm 15 kosi 32. Ɛnde, ɛbɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran sɛ yebesusuw Mmebusɛm 10:15-32 ho. *

Kura Nteɛso Mu

Salomo twe adwene si mfaso a ɛwɔ adetreneeyɛ so. Ɔka sɛ: “Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, abrɛfo abu a ebu wɔn ne wɔn hia. Ɔtreneeni adeyɛ ma nkwa, ɔbɔnefo nnɔbae de, ɔde yɛ bɔne.”Mmebusɛm 10:15, 16.

Ahonyade betumi ayɛ ahobammɔ bere a biribi a wɔnhwɛ kwan asi wɔ asetram, te sɛ nea kurow a ɛyɛ den tumi yɛ ahobammɔ ma wɔn a wɔte mu no. Na ohia betumi ayɛ asiane kɛse bere a biribi a wɔnhwɛ kwan si no. (Ɔsɛnkafo 7:12) Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na ɔhene nyansafo no reka asiane a ɛwɔ hɔ ma ɔdefo ne ohiani nyinaa nso ho asɛm. Ebia ɔdefo de ne ho bɛto ne nneɛma a ɔwɔ so koraa asusuw sɛ n’agyapade ahorow yɛ “ahobammɔ te sɛ ɔfasu a ɛkorɔn.” (Mmebusɛm 18:11) Na ebia ohiani benya adwene a ɛnteɛ asusuw sɛ esiane sɛ ahia no nti, onni daakye ho anidaso biara. Ɛno nti wɔn baanu nyinaa rennya din pa wɔ Onyankopɔn anim.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ́ ɔtreneeni wɔ ahode pii anaa kakraa bi no, n’akwantrenee de no kɔ nkwa mu. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, n’ani sɔ nea ɔwɔ biara. Ɔmma ne sikasɛm tebea nsɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ pa no. Sɛ́ obi yɛ ɔdefo anaa ohiani no, ɔtreneeni asetra kwan ma onya anigye mprempren ne daa nkwa a ɛbɛba daakye ho anidaso. (Hiob 42:10-13) Sɛ ɔbɔnefo nya ahode mpo a, onnya so mfaso biara. Sɛ́ anka n’ani bɛsɔ n’ahode sɛ ɛyɛ ahobammɔ na watra ase ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia no, ɔde n’ahode di dwuma de hyɛ asetra kwan a enye ho nkuran.

Israel hene no kɔ so ka sɛ: “Nea obu nteɛso no fa nkwa kwan so, na nea ɔpo animka no fom kwan.” (Mmebusɛm 10:17) Bible ho ɔbenfo bi susuw sɛ, wobetumi ate saa nkyekyɛm yi ase wɔ akwan abien so. Nea edi kan ne sɛ, obi a ogye nteɛso tom na ɔyɛ adetrenee no nam nkwa kwan so, na nea ɔpo animka no fom nkwa kwan. Nkyekyɛm no nso betumi akyerɛ sɛ, “nea obu nteɛso no fa nkwa kwan so [kyerɛ afoforo kwan esiane sɛ wonya ne nhwɛso pa no so mfaso nti], na nea ɔpo animka no ma afoforo fom kwan.” (Mmebusɛm 10:17) Wɔ asɛm yi mu biara mu no, hwɛ sɛnea ehia sɛ yebekura nteɛso mu na yɛmpo animka!

Fa Ɔdɔ Si Nitan Ananmu

Afei nea edi hɔ no, Salomo da ɛbɛ bi a ɛwɔ afã abien a ekura adwene a ɛte saa adi, nea ɛto so abien no hyɛ ɔfã a edi kan no mu den. Ɔka sɛ: “Nea ɔkata nitan so no wɔ atoro ano.” Sɛ onipa tan obi foforo ne komam na ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm anaa adɛfɛdɛfɛsɛm de kata so a, ɔyɛ ɔdaadaafo—ɔwɔ “atoro ano.” Ɔhene nyansafo no de kaa ho sɛ: “Nea otwiri obi no yɛ ɔkwasea.” (Mmebusɛm 10:18) Sɛ anka wɔbɛkata nitan so no, nnipa binom twa nkontompo anaa wɔtrɛw wɔn a wɔtan wɔn no ho atosɛm mu. Nyansa nni eyi mu efisɛ ntwiri ntumi nsakra sɛnea obi te. Na otiefo a ɔwɔ nhumu no behu adwemmɔne a ɛwɔ asɛm no mu na ɔrennya obu mma otwirifo no. Enti nea ɔka afoforo ho nsɛmmɔne no haw n’ankasa ho.

Nea ɛteɛ ne sɛ yɛremfa nnaadaa anaa ntwiri kwan so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Ntan wo nua wo koma mu.” (Leviticus 19:17) Na Yesu tuu n’atiefo no fo sɛ: “Monnɔ mo atamfo, (munhyira wɔn a wɔdome mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye), na mommɔ mpae mma wɔn a (wɔhaw mo, na) wɔtaa mo; na moayɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma.” (Mateo 5:44, 45) Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so kɛse sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi wɔ yɛn koma mu sen ɔtan!

‘Hwɛ W’ano Yiye’

Bere a ɔhene nyansafo no resi hia a ehia sɛ yɛhwɛ yɛn tɛkrɛma so yiye no, ɔkae sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.”Mmebusɛm 10:19.

“Ɔkwasea ma nsɛm dɔɔso.” (Ɔsɛnkafo 10:14) N’ano “woro agyimisɛm.” (Mmebusɛm 15:2) Eyi nkyerɛ sɛ obi a ɔpɛ kasa biara no yɛ ogyimfo. Nanso hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw ma obi a ɔkasa pii sɛ ɔbɛtrɛw nseku bɔne mu anaasɛ atesɛm betumi afa ne so aba! Mpɛn pii no, nea ebetumi afi nsɛm a nyansa nnim mu bi ne obi din a wɔsɛe no, ɛyawdi, afoforo ntam abusuabɔ a ɛsɛe ne opira mpo. “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu.” (Mmebusɛm 10:19) Afei nso, ɛhyɛ abufuw sɛ wo ne obi a ɔka biribiara ho asɛm bɛbɔ. Mommma yɛnnkasa pii.

Nea ɛsen atosɛm a yɛbɛkwati ara kwa no, nea osianka n’ano yɛ onimdefo. Odwen ansa na wakasa. Esiane ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa akwan ne ɔpɛ pa a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa ne mfɛfo nti, osusuw sɛnea ne nsɛm a ɔka no bɛka afoforo no ho. Ɔka nsɛm a ɔdɔ ne ayamye wom. Osusuw sɛnea ɔbɛma nea ɔka akanyan afoforo na aboa wɔn ho. Ne nsɛm te sɛ “sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu”—nyansa ne nidi wom bere nyinaa.—Mmebusɛm 25:11.

‘Kɔ so Yɛn Nnipa Pii’

Salomo kɔ so ka sɛ: “Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ a wɔayiyi mu, abɔnefo koma de, ɛmfra.” (Mmebusɛm 10:20) Nea ɔtreneeni ka yɛ kronn—te sɛ dwetɛ a wɔayiyi mu a efĩ biara nni mu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ nokware wɔ Yehowa asomfo fam bere a wɔde Onyankopɔn Asɛm a ɛma nkwa ho nimdeɛ ma afoforo no. Wɔn kyerɛkyerɛfo kunini, Yehowa Nyankopɔn, akyerɛkyerɛ wɔn, na ‘wɔama wɔn asuafo tɛkrɛma, sɛ wonhu sɛnea wɔde asɛm bɛwaw nea wabrɛ.’ (Yesaia 30:20; 50:4) Nokwarem no, wɔn tɛkrɛma te sɛ dwetɛ a wɔayiyi mu bere a wɔka Bible mu nokware ho asɛm no. Hwɛ sɛnea nsɛm pii a wɔka no som bo kɛse sen abɔnefo nsusuwii! Momma yɛmfa anigye nka Onyankopɔn Ahenni ne anwonwade a Onyankopɔn ayɛ no ho asɛm.

Ɔtreneeni yɛ nhyira ma wɔn a wɔne no bɔ no. Salomo kɔ so ka sɛ: “Ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii, na agyimfo de, ti a wonni nti wowuwu.”Mmebusɛm 10:21.

Ɔkwan bɛn so na ‘ɔtreneeni yɛn nnipa pii’? Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha yi kura adwene a ɛfa ‘nguanhwɛ’ ho. (Mmebusɛm 10:21) Ekura adwene a ɛne sɛ wɔbɛbɔ biribi ho ban, ne afei wɔama obi aduan, te sɛ nea na tete nguanhwɛfo hwɛ wɔn nguan no. (1 Samuel 16:11; Dwom 23:1-3; Nnwom mu Dwom 1:7) Ɔtreneeni bɔ afoforo ho ban anaa ɔde wɔn fa ɔkwan trenee so, na ne kasa wowaw n’atiefo. Ne saa nti, wɔn ani gye, wonya abotɔyam, na wobetumi anya daa nkwa mpo.

Na wɔn a wonnim nyansa no nso ɛ? Esiane sɛ wonni osuahu nti, wɔnna ntease adi anaa wonsusuw nea wɔn kwan de bɛba ho. Onipa a ɔte saa yɛ nea ɔpɛ biara a ɔnnwen nea ebefi mu aba biara ho. Enti ohu ne nneyɛe ho amane. Bere a ɔtreneeni boa ma afoforo nya nkwa no, obi a onni osuahu ntumi mmɔ n’ankasa nkwa mpo ho ban.

Kwati Ahohwibra

Mpɛn pii no, nea obi pɛ ne nea ɔmpɛ na ɛda ne nipasu adi. Bere a Israel hene no rekyerɛkyerɛ eyi mu no, ɔkae sɛ: “Amumɔyɛ yɛ ɔkwasea sɛ agoru, na nyansa yɛ nhumu nipa fɛ.”Mmebusɛm 10:23.

Ebinom bu ahohwibra sɛ agodie, anaa agumadi, na wɔde wɔn ho hyɛ mu de ‘gyigye wɔn ani.’ Wɔn a wɔte saa bu Onyankopɔn animtiaa susuw sɛ onhu wɔn akwammɔne no, na wommu Onyankopɔn sɛ ɔne nea ɛsɛ sɛ obiara bu akontaa kyerɛ no. (Romafo 14:12) Wɔsɛe wɔn nsusuwii araa ma wosusuw sɛ Onyankopɔn nhu wɔn nneyɛe bɔne no. Wɔnam wɔn nneyɛe so ka sɛ: “Onyankopɔn bi nni hɔ” (Dwom 14:1-3; Yesaia 29:15, 16) Hwɛ sɛnea nyansa nnim!

Nea ɛne eyi bɔ abira no, nhumu nipa hu sɛ ahohwibra nyɛ agodie. Onim sɛ ɛnsɔ Onyankopɔn ani na ebetumi asɛe ɔne ne ntam abusuabɔ. Nneyɛe a ɛte saa yɛ nkwaseasɛm, efisɛ ɛsɛe obu a obi wɔ, ɛsɛe aware, ɛsɛe adwene ne nipadua, na ɛma wɔhwere honhom fam yiyedi. Enti nyansa wom sɛ yɛbɛkwati ahohwibra na yɛakom yɛn koma ama nhumu sɛ nea yebenya ama yɛn nuabea a yɛdɔ no yiye.—Mmebusɛm 7:4.

To Nhyɛase Pa

Bere a Salomo rekyerɛ hia a ehia sɛ obi to nhyɛase pa ma n’abrabɔ no, ɔka sɛ: “Ɔbɔnefo ade a osuro ara na ɛbɛba no so, na treneefo ade a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn. Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefo nni hɔ bio, na ɔtreneeni yɛ daa nnyinaso.” (Mmebusɛm 10:24, 25)

Ebia ɔbɔnefo betumi ahunahuna afoforo mpɛn pii. Nanso, awiei koraa no, ade a osuro no ba ne so. Esiane sɛ onni trenee nnyinaso pa nti, ɔte sɛ ɔdan a esi fapem a enni ahoɔden so a ahum a ano yɛ den ma ɛhwe ase. Ɔyɛ mmerɛw wɔ ahokyere bere mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔtreneeni yɛ n’ade ma ɛne Yesu asɛm a ɔkae yi hyia. Ɔyɛ “ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so.” Yesu kae sɛ: “Osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; efisɛ wɔtoo ase ɔbotan so.” (Mateo 7:24, 25) Onipa a ɔte saa nhinhim—ne nsusuwii ne ne nneyɛe gyina Onyankopɔn nnyinasosɛm so pintinn.

Ansa na ɔhene nyansafo no reka nsakrae a ɛda ɔbɔnefo ne ɔtreneeni ntam ho asɛm no, ɔde kɔkɔbɔ tiawa a ehia titiriw mae. Ɔka sɛ: “Sɛ nsã nyinyanyinya yɛ ɛse na owusiw yɛ aniwa no, sɛ onihafo yɛ wɔn a wɔsoma no ne no.” (Mmebusɛm 10:26) Nsa nyinyanyinya ma ɛse fem. Nsu nyinyanyinya a ɛwɔ mu no ma ɛyɛ nwene wɔ anom na etumi ma ɛse fem. Wusiw ma aniwa hyehyew. Saa ara na obi a ɔbɔ ɔkwadwofo paa anaa ɔde no di dwuma sɛ ɔnanmusifo no bo befuw na w’anu ne ho.

‘Yehowa Akwan Yɛ Ahoɔden’

Israel hene no toa so sɛ: [Yehowa, “NW”] suro to nna so, na abɔnefo mfe de, wobetwa so. Treneefo anidaso bɛyɛ anigye, na nea abɔnefo hwɛ no kwan no bɛyera.”Mmebusɛm 10:27, 28.

Onyankopɔn suro bɔ ɔtreneeni ho ban, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani denam ne nsusuwii, ne nsɛm ne ne nneyɛe so. Onyankopɔn hwɛ no so na odi ne trenee anidaso ho dwuma ma no. Nanso, ɔbɔnefo nantew amumɔyɛ mu. Ɛtɔ mmere bi a ne nsa ka nneɛma a ɔhwehwɛ no nanso ɛtra hɔ bere tiaa bi pɛ efisɛ basabasayɛ anaa yare a n’asetra kwan de ba taa twa ne nna so. Sɛ owu a, n’anidaso nyinaa yera.—Mmebusɛm 11:7.

Salomo ka sɛ: [Yehowa, “NW”] akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfo, na ɛyɛ ɔsɛe ma amumɔyɛfo.” (Mmebusɛm 10:29) Yehowa akwan a wɔreka ho asɛm wɔ ha yi no nkyerɛ nkwa kwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so, na mmom Onyankopɔn akwan a ɔfa so ne adesamma di nsɛm no. Mose kae sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee.” (Deuteronomium 32:4) Onyankopɔn trenee akwan kyerɛ ahobammɔ ma ɔtreneeni na ɛkyerɛ ɔsɛe ma ɔbɔnefo.

Hwɛ ahoɔden a Yehowa yɛ ma ne nkurɔfo! “Ɔtreneeni renhim da biara da, na abɔnefo rentra asase so. Ɔtreneeni ano yi nyansa adi, na tɛkrɛma kɔntɔnkye de, wobetwa. Ɔtreneeni ano nim ade a ɛsɔ ani, na abɔnefo ano di akɔntɔnkyesɛm.”Mmebusɛm 10:30-32.

Ɛda adi sɛ, esiane sɛ ɔtreneeni nantew ɔkwampa so nti esi no yiye na wohyira no. Nokwarem no, [Yehowa, “NW”] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.” (Mmebusɛm 10:22) Ɛnde, momma ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade bere nyinaa ma ɛne Onyankopɔn nnyinasosɛm ahyia. Momma yɛnhwɛ yɛn ano nso yiye, na yɛmfa Onyankopɔn Asɛm a egye nkwa nyɛn afoforo, na ɛnkyerɛ wɔn kwan mma wɔnnantew trenee kwan so.

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Tɛkrɛma betumi ayɛ sɛ “dwetɛ a wɔayiyi mu”