Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Biribi Betumi Aka Nnipa Abom Ankasa?

So Biribi Betumi Aka Nnipa Abom Ankasa?

So Biribi Betumi Aka Nnipa Abom Ankasa?

ƐMFA ho nea wugye di biara no, wubetumi agye atom sɛ ɛkame ayɛ sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔdɔ nokware wɔ ɔsom biara mu. Yebetumi ahu nkurɔfo a wɔkyerɛ nokware no ho anigye kɛse na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ akyi kwan wɔ Hindufo, Katolekfo, Yudafo, ne ɔsom afoforo mu. Nanso, ɛte sɛ nea nyamesom apaapae adesamma mu. Ebinom nam nyamesom so di nsɛmmɔne mpo. So ebetumi ayɛ yiye sɛ nnipa komapafo a wofi ɔsom ahorow nyinaa mu a wɔdɔ trenee ne nokware bɛyɛ biako da bi? So wobetumi aka abom adi atirimpɔw biako ho dwuma?

Hwɛ abasamtu ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ nyamesom de ntawntawdi kɛse aba! Susuw saa ntawntawdi yi bi ho hwɛ. Hindufo ne Buddhafo di ako wɔ Sri Lanka. Protestantfo, Katolekfo, ne Yudafo ahwie mogya agu wɔ akodi pii mu. “Kristofo” ne Nkramofo di ako wɔ Bosnia, Chechnya, Indonesia, ne Kosovo. Na wɔ March 2000 mu no, nyamesom mu ntɔkwaw a ɛkɔɔ so nnanu no maa Nigeriafo 300 hweree wɔn nkwa. Nokwarem no, nyamesom mu nitan na ɛde ɔko mu aninyanne yi aba.

Amumɔyɛsɛm a ɛkɔ so wɔ nyamesom mu no ma nnipa komapafo ho dwiriw wɔn bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, asɔrekɔfo pii ho dwiriw wɔn sɛ asɔre ahorow bi ama asɔfo a wɔto mmofra mmonnaa kwan ma wɔkɔ so yɛ wɔn asɔfodwuma. Ɛyɛ agyidifo afoforo nso fɛre kɛse sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no adwene nhyia wɔ nsɛm te sɛ bɔbeasu koro ntam nna ne nyinsɛn a wotu gu ho. Ɛda adi pefee sɛ, nyamesom mmaa nnipa nyɛɛ biako. Nanso, nnipa pii na wɔwɔ ɔsom ahorow mu a wɔdɔ nokware ankasa sɛnea osuahu a edidi so yi da no adi no.

Wɔhwehwɛɛ Nokware No

Ná Fidelia yɛ Katolek Asɔre a ɛwɔ San Francisco wɔ La Paz, Bolivia, no muni amapa. Ná ɔkotow Maria honi na na ɔde kyɛnere a eye paa a obetumi atɔ no sisi mmeamudua anim. Dapɛn biara, na ɔde nnuan pii kɔma ɔsɔfo no ma ɔkyekyɛ ma ahiafo. Nanso, Fidelia mma baanum wui a na wɔmmɔɔ wɔn asu. Bere a ɔsɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ ne mma no nyinaa rehu amane wɔ sum kabii bi mu wɔ Limbo no, Fidelia bisae sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ a, dɛn nti na atumi aba saa?’

Wɔtetee Tara, a ɔyɛ duruyɛfo no sɛ Hinduni wɔ Kathmandu, Nepal. Bere a na odi ne nananom amammerɛ a akyɛ akyi no, ɔsomee n’anyame wɔ Hindufo asɔredan mu, na na ɔwɔ ahoni si ne fie. Nanso na nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi haw Tara yiye: Dɛn nti na amanehunu pii wɔ hɔ? Dɛn nti na nnipa wuwu? Wannya mmuae pa biara wɔ ne som mu.

Panya nso nyinii sɛ Buddhani wɔ ofie bi a na esi nsuka bi ho wɔ Bangkok, Thailand, mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ no sɛ bɔne a obi yɛe wɔ ne kan asetra mu na ɛma ohu amane, na sɛ onii no benya ahotɔ a, ɛsɛ sɛ okyi n’akɔnnɔde nyinaa. Te sɛ Buddhafo foforo a wɔyɛ nsi no, wɔkyerɛkyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ obu a emu dɔ mma nkokorafo a wɔhyɛ ntade yuu a ani yɛ akokɔsrade a wɔba fie hɔ ahemadakye biara bɛyɛ adɔe no esiane nyansa a wɔwɔ nti. Ná ogye bere tra hɔ yɛ nsusuwho, na na ɔboaboa Buddha ahoni ano, a adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔbɛma wanya ahobammɔ. Bere a onyaa akwanhyia bi a emu yɛ den a ɛma obubui no, Panya kɔsraa Buddhafo nkokorafie ahorow, a na ɔwɔ anidaso sɛ obenya anwonwakwan so ayaresa. Wannya ayaresa na wanhu honhom fam hann biara. Mmom no, wɔkyerɛɛ no ahonhonsɛmdi ma ɔde ne ho hyɛɛ mu.

Wɔwoo Virgil wɔ United States, na ɔde ne ho bɔɔ Abibifo Nkramofo ho bere a na ɔkɔ kɔlege no. Ɔde nsi kyekyɛɛ wɔn nhoma ahorow a na ɛkyerɛ sɛ oburoni biara yɛ Ɔbonsam no. Wosusuwii sɛ ɛno nti na aborɔfo yɛ atirimɔdenne pii tia abibifo no. Ɛwom sɛ na Virgil te nka sɛ nea ogye di no teɛ de, nanso na nsɛmmisa a edidi so yi haw no: Ɛbɛyɛ dɛn na aborɔfo nyinaa atumi ayɛ amumɔyɛfo? Na dɛn nti na wɔn nkyerɛkyerɛ no mu fa kɛse fa sika ho?

Ɛwom sɛ Charo nyinii wɔ Amerika Kesee fam a Katoleksom agye ntini kɛse wɔ hɔ no de, nanso na ɔyɛ Protestantni amapa. Ɛyɛɛ no anigye sɛ na ɔmfa ne ho nhyɛ abosonsom a atwa ne ho ahyia no mu. Ná Charo kɔ asɔre Kwasida biara kɔto nnwom saw teɛteɛm “Haleluia!” Na Charo fi koma nyinaa mu gye di sɛ ɔwɔ nkwagye na wɔawo no foforo. Ná oyi ntotoso dudu ma asɔre no, na bere a TV so ɔsɛmpakafo a n’ani gye ne ho bisaa ntoboa no, ɔmaa no sika sɛ ɔmfa nkɔboa mmofra a wɔwɔ Afrika no. Nanso, bere a obisaa ne sɔfo nea enti a Onyankopɔn yɛ akra ayayade wɔ hell no, ɔsɔfo no annya mmuae pa biara amma no. Akyiri yi, ohui nso sɛ ɔmmfa ne ntoboa a oyi no nkɔboa mmofra a wɔwɔ Afrika no.

Ɛwom sɛ ɛsono nnipa baanum yi mu biara tebea de, nanso na wɔn nyinaa wɔ botae biako. Ná wɔdɔ nokware no na wɔde nsi hwehwɛɛ wɔn nsɛmmisa ho mmuae a edi mu. Nanso so na nokware som betumi ama wɔayɛ biako ankasa? Asɛm a edi hɔ no bebua saa asɛmmisa yi.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

So ebetumi ayɛ yiye sɛ nnipa a wɔn tebea gu ahorow bɛyɛ biako ankasa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

G.P.O., Jerusalem