Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubenya Yehowa Nhyira?

So Wubenya Yehowa Nhyira?

So Wubenya Yehowa Nhyira?

“Nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, efisɛ [wokɔ so tie Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn nne.”—DEUTERONOMIUM 28:2.

1. Dɛn na na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia Israelfo no benya nhyira anaa nnome?

ƐDE rekɔ Israel mfirihyia 40 sare so akwantu awiei no, wɔbɔɔ nsraban wɔ Moab Asasetaw no so. Ná Bɔhyɛ Asase no da wɔn anim. Ɛyɛ saa bere no na Mose kyerɛw Deuteronomium nhoma a nhyira ne nnome, anaa nnuabɔ pii wom no. Sɛ na Israelfo no ‘bɛkɔ so atie Yehowa nne’ denam aso a wɔbɛyɛ ama no so a, ‘wobenya nhyira.’ Yehowa dɔɔ wɔn sɛ ‘n’ahode,’ na ɔpɛe sɛ ɔde ne tumi di boa wɔn. Nanso, sɛ wɔankɔ so antie no a, na nnome bɛba wɔn so ɔkwan biara so.—Deuteronomium 8:10-14; 26:18; 28:2, 15.

2. Dɛn na Hebrifo adeyɛ nsɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘kɔ so tie’ ne ‘ɛbɛto’ a ɛwɔ Deuteronomium 28:2 no kyerɛ ankasa?

2 Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘kɔ so tie’ wɔ Deuteronomium 28:2 no kyerɛ adeyɛ a ɛmma awiei. Ɛnyɛ bere ne bere mu kɛkɛ na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo tie no; ɛsɛ sɛ wɔkɔ so tie no bere nyinaa. Sɛ wɔyɛ saa nkutoo a na wobenya Onyankopɔn nhyira. Wɔahu sɛ Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘bɛto anaa benya’ no yɛ asɛm a ɛfa ahayɔ ho a mpɛn pii no ɛkyerɛ “nsa bɛka” anaa “bedu ho.”

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ sɛ Yosua, na dɛn nti na eyi ho hia titiriw?

3 Israel kannifo Yosua pawee sɛ obetie Yehowa ma enti onyaa nhyira. Yosua kae sɛ: ‘Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa. Me ne me fi de, yɛbɛsom Yehowa.’ Nkurɔfo no tee saa no, wobuae sɛ: “Eyi mpare yɛn sɛ yebegyaw [Yehowa, NW] akɔsom anyame foforo.” (Yosua 24:15, 16) Esiane Yosua suban pa nti, na ɔka ne bere sofo kakraa bi a wonyaa kwan duu Bɔhyɛ Asase no so no ho. Ɛnnɛ, yegyina Bɔhyɛ Asase a ɛkorɔn kɛse bi—paradise asase a ɛso nhyira sen Yosua bere so de no koraa a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wobenya Onyankopɔn anim dom nyinaa—aboboano. So nhyira a ɛte saa bɛto wo? Sɛ wokɔ so tie Yehowa a, ɛbɛto wo. Nea ɛbɛboa wo ma gyinae a woasi sɛ wobɛyɛ saa no mu ayɛ den no, susuw tete Israel man abakɔsɛm ne ankorankoro bi nhwɛso a asuade wom no ho hwɛ.—Romafo 15:4.

Nhyira Anaa Nnome?

4. Dɛn na Onyankopɔn yɛ maa Salomo de buaa ne mpaebɔ no, na ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ nhyira ahorow a ɛte saa ho?

4 Wɔ Ɔhene Salomo nniso mu no, Israelfo nyaa nhyira soronko fii Yehowa hɔ. Wonyaa asomdwoe ne nneɛma pa pii. (1 Ahene 4:25) Salomo ahonyade no ho asɛm trɛw kɔɔ akyiri, nanso wammisa Onyankopɔn hɔ ahode. Mmom no, bere a na ɔda so yɛ abofra na onni osuahu no, ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ koma a etie—adesrɛ a Yehowa nam nyansa ne ntease a ɔma onyae so yɛ maa no no. Eyi maa Salomo tumi buu ne nkurɔfo atɛn yiye, na ohuu papa ne bɔne mu. Ɛwom sɛ Onyankopɔn maa Salomo nyaa ahode ne anuonyam nso de, nanso sɛ́ aberante no, n’ani kuu sɛnea honhom fam ahode som bo kɛse no ho yiye. (1 Ahene 3:9-13) Sɛ́ ebia yɛanya yɛn ho honam fam anaasɛ yedi hia no, sɛ yenya Yehowa nhyira na yɛyɛ adefo honhom fam a, hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye!

5. Bere a Israelfo ne Yudafo ankɔ so antie Yehowa asɛm no, dɛn na esii?

5 Israelfo no ankyerɛ Yehowa nhyira ho anisɔ. Esiane sɛ wɔankɔ so antie no nti, nnome a wɔkaa ho asɛm siei no baa wɔn so. Eyi maa wɔn atamfo dii wɔn so na wɔde Israelfo ne Yudafo no kɔɔ nnommumfa mu. (Deuteronomium 28:36; 2 Ahene 17:22, 23; 2 Beresosɛm 36:17-20) So Onyankopɔn nkurɔfo suaa biribi fii amanehunu a ɛte saa mu sɛ wɔn a wɔkɔ so tie Yehowa no nkutoo na wonya Onyankopɔn nhyira? Yudafo nkaefo a wɔsan baa wɔn asase so wɔ afe 537 A.Y.B. mu no nyaa hokwan daa no adi sɛ ebia wɔanya “nyansa koma,” na afei de wohuu hia a ehia sɛ wɔkɔ so tie Onyankopɔn.—Dwom 90:12.

6. (a) Dɛn nti na Yehowa somaa Hagai ne Sakaria ma wɔkɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ ne nkurɔfo? (b) Nnyinasosɛm bɛn na Onyankopɔn nam asɛm a Hagai kae no so kyerɛkyerɛɛ mu?

6 Yudafo a wɔsan baa wɔn kurom no sii afɔremuka, na wofii ase yɛɛ Yerusalem asɔrefie no ho adwuma. Nanso, bere a ɔsɔretia a emu yɛ den bae no, wɔn abam fii ase bui na wogyaee ɔdan no si. (Esra 3:1-3, 10; 4:1-4, 23, 24) Wofii ase nso de wɔn adwene sii nneɛma a ɛbɛma wɔn ankasa anya ahotɔ so. Enti, Onyankopɔn somaa adiyifo Hagai ne Sakaria kɔkanyan ne nkurɔfo wɔ nsi a wɔbɛyɛ wɔ nokware som mu ho. Yehowa nam Hagai so kae sɛ: “So mo de, ɛbere adu ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, na ofi [a wɔsom mu] yi de, ɛda hɔ ntuw? . . . Monhwɛ mo akwan yiye. Mudua pii, na mode ketewaa bi na ɛba; mudidi, nanso mommee . . . na ɔpaani apaade gu foto a wɔafiti ɛto mu.” (Hagai 1:4-6) Honhom fam nneɛma a yebegyaw agu hɔ akodi honam fam nneɛma akyi remma yennya Yehowa nhyira.—Luka 12:15-21.

7. Dɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Monhwɛ mo akwan yiye”?

7 Bere a Yudafo no maa asetram nnwuma ho nsɛm gyee wɔn adwene no, wɔn werɛ fii sɛ sɛ wɔkɔ so yɛ osetie ma Onyankopɔn bere mpo a wɔwɔ ɔsɔretia mu nkutoo a, ɛnna wobenya Onyankopɔn nhyira ma osu atɔ na wɔn nnɔbae asow. (Hagai 1:9-11) Ɛnde, hwɛ sɛnea afotu yi fata: “Monhwɛ mo akwan yiye”! (Hagai 1:7) Nea na Yehowa reka akyerɛ wɔn ankasa ne sɛ: ‘Munnwen! Monhwɛ abusuabɔ a ɛwɔ adwumayɛhunu a moyɛ wɔ mo mfuw mu ne mpan a m’asɔrefie da no mu no.’ Awiei koraa no, Yehowa adiyifo no nsɛm a efi honhom mu no duu wɔn atiefo no komam, efisɛ nkurɔfo no fii asɔrefie no ho adwuma no ase bio, na wowiee si wɔ afe 515 A.Y.B. mu.

8. Afotu bɛn na Yehowa de maa Yudafo no wɔ Malaki bere so, na dɛn ntia?

8 Akyiri yi, wɔ odiyifo Malaki bere so no, Yudafo no adwenem fii ase yɛɛ wɔn nãã bio wɔ honhom fam nneɛma ho ma wɔde afɔrebɔde a ɛmfata mpo maa Onyankopɔn. (Malaki 1:6-8) Enti, Yehowa tuu wɔn fo sɛ wɔmfa ntotoso dudu mmra n’adekora dan mu na wɔmfa nsɔ no nhwɛ sɛ ɔremmue ɔsoro mfɛnsere mma wɔn na onhwie nhyira mma ɛmmoro wɔn so anaa. (Malaki 3:10) Hwɛ sɛnea na nyansa nnim sɛ Yudafo no brɛɛ wɔn ho wɔ nneɛma a sɛ anka wɔkɔɔ so tiee Onyankopɔn nne a, na ɔde bɛma wɔn ma aboro so no ho!—2 Beresosɛm 31:10.

9. Nnipa baasa a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu bɛn na yebesusuw wɔn asetra ho?

9 Israel man no abakɔsɛm akyi no, Bible no ka ankorankoro pii a wonyaa Onyankopɔn nhyira anaa nnome, a na egyina sɛ́ wɔkɔɔ so tiee Yehowa anaasɛ wɔantie no so, ho asɛm. Ma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afa wɔn mu baasa—Boas, Nabal, ne Hana—ho. Wɔ eyi mu no, ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan Rut nhoma no ne 1 Samuel 1:1–2:21 ne 1 Samuel 25:2-42.

Boas Tiee Onyankopɔn

10. Dɛn mu na na Boas ne Nabal di nsɛ?

10 Ɛwom sɛ Boas ne Nabal antra ase wɔ bere koro mu de, nanso wodi nsɛ wɔ nneɛma bi mu. Sɛ nhwɛso no, mmarima baanu yi nyinaa traa Yuda asase so. Ná wɔyɛ adefo a wɔwɔ nsase, na wɔn baanu nyinaa nyaa hokwan sɛ wɔbɛyɛ obi a na ade ahia no no adɔe. Nanso eyinom nkutoo ne nneɛma a na wodi nsɛ wom.

11. Ɔkwan bɛn so na Boas daa no adi sɛ ɔkɔɔ so tiee Yehowa asɛm?

11 Boas traa ase wɔ Israel atemmufo bere so. Odii afoforo ni, na na n’awitwafo bu no yiye. (Rut 2:4) Mmara no ho osetie nti, Boas hwɛ ma wogyaw n’afuw mu mpɛpɛw maa abrɛfo ne ahiafo. (Leviticus 19:9, 10) Dɛn na Boas yɛe bere a ɔtee Rut ne Naomi ho asɛm na ohuu mmɔden a na Rut rebɔ ahwɛ n’asebea no? Onyaa atenka soronko maa Rut na ɔhyɛɛ ne mmarima no sɛ wɔmma no nni mpɛpɛw wɔ n’afuw mu. Boas nam ne nsɛm ne ne nnwuma a ɔdɔ wom so daa no adi sɛ ɔyɛ honhom muni a otiee Yehowa asɛm. Enti onyaa Onyankopɔn anim dom ne nhyira.—Leviticus 19:18; Rut 2:5-16.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Boas daa obu kɛse adi wɔ Yehowa mmara a ɛfa ogye ho no ho? (b) Onyankopɔn nhyira bɛn na Boas nyae?

12 Ayamye mu a Boas fi dii Onyankopɔn mmara a ɛfa ogye ho ho dwuma no yɛ adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ ɔkɔɔ so tiee Yehowa asɛm. Boas yɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛhwɛ ma ne busuani—Naomi kunu, Elimelek a waka baabi—no awunnyade aka Elimelek abusua mu. Ɛdenam ‘okunu nuabarima aware’ so no, na ɛsɛ sɛ okunafo no ware ne kunu a waka baabi no busuani a ɔbɛn pɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbabarima a wɔbɛwo no no bɛfa awunnyade no. (Deuteronomium 25:5-10; Leviticus 25:47-49) Rut sii Naomi a na watwa awo no ananmu de ne ho mae maa aware. Bere a Elimelek busuani a ɔbɛn no pɛɛ no ampɛ sɛ ɔboa Naomi no, Boas waree Rut. Wobuu wɔn babarima Obed sɛ Naomi ba ne nea ɔfata sɛ odi Elimelek ade.—Rut 2:19, 20; 4:1, 6, 9, 13-16.

13 Esiane ayamye mu a Boas fi dii Onyankopɔn mmara so nti, onyaa nhyira pii. Ɔne Rut nam wɔn babarima Obed so nyaa hokwan bɛkaa Yesu Kristo nananom ho. (Rut 2:12; 4:13, 21, 22; Mateo 1:1, 5, 6) Yɛnam ayamye mu a Boas fi yɛɛ ade no so ahu sɛ wohyira wɔn a wɔda ɔdɔ adi na wɔyɛ wɔn ade ma ɛne Onyankopɔn ahwehwɛde hyia no.

Nabal Anyɛ Osetie

14. Ná Nabal yɛ onipa bɛn?

14 Nea ɛne Boas asɛm no bɔ abira no, Nabal antie Yehowa asɛm. Obuu Onyankopɔn mmara a ɛne: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. (Leviticus 19:18) Ná Nabal nyɛ honhom muni; na “ɔyɛ den, na ne nneyɛe nye.” N’ankasa nkoa mpo buu no sɛ “ɔbahuhuni.” Edi sɛ ne din, Nabal, no kyerɛ ‘ogyennyentwi’ anaa “ɔkwasea” no. (1 Samuel 25:3, 17, 25) Enti ɔkwan bɛn so na na Nabal bɛyɛ n’ade bere a onyaa hokwan sɛ ɔbɛda ayamye adi akyerɛ obi a na ade ahia no—Dawid, nea Yehowa asra no no? —1 Samuel 16:13.

15. Ɔkwan bɛn so na Nabal ne Dawid dii, na ɔkwan bɛn so na Abigail ne ne kunu anyɛ adwene wɔ asɛm yi mu?

15 Bere a Dawid ne ne mmarima no bɔɔ nsraban wɔ beae a na Nabal nguankuw wɔ no, wɔbɔɔ nguankuw no ho ban fii afowfo nsam a wɔammisa akatua biara. Nabal nguanhwɛfo no biako kae sɛ: “Wɔyɛɛ yɛn ho ɔfasu anadwo ne awia.” Nanso, bere a Dawid asomafo no kɔsrɛɛ aduan bi no, Nabal ‘poopoo wɔn,’ na ɔmaa wɔde nsapan san kɔe. (1 Samuel 25:2-16) Nabal yere, Abigail, yɛɛ ntɛm de nnuan kɔmaa Dawid. Na anka Dawid de abufuw rekɔtɔre Nabal ne ne mmarima no ase. Enti ade a Abigail yɛe no gyee nnipa pii nkwa na amma Dawid anni mogya ho fɔ. Nanso, na Nabal adifudepɛ ne n’atirimɔden no akɔ akyiri dodo. Bɛyɛ dadu akyi no, “[Yehowa, NW] bɔɔ Nabal, na owui.”—1 Samuel 25:18-38.

16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Boas na yɛapo Nabal akwan no?

16 Hwɛ sɛnea ɛsono Boas ne Nabal koraa! Bere a ɛsɛ sɛ yɛkwati Nabal atirimɔden ne ne pɛsɛmenkominya no, momma yensuasua Boas ayamye ne ne papayɛ no. (Hebrifo 13:16) Yebetumi ayɛ saa denam ɔsomafo Paulo afotu no a yɛde bedi dwuma no so: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Ɛnnɛ, Yesu “nguan foforo” no, Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso no, wɔ hokwan sɛ wɔyɛ wɔn a Yehowa asra wɔn, 144,000 no nkaefo a wobenya nkwa a owu nni mu wɔ soro no papa. (Yohane 10:16; 1 Korintofo 15:50-53; Adiyisɛm 14:1, 4) Yesu bu nneyɛe a ɔdɔ wom saa no sɛ nea wɔyɛ ma ɔno ankasa, na saa nneɛma pa yi a yɛyɛ no ma yenya Yehowa nhyira pii.—Mateo 25:34-40; 1 Yohane 3:18.

Hana Sɔhwɛ Ahorow ne Ne Nhyira

17. Sɔhwɛ ahorow bɛn na Hana hyiae, na suban bɛn na ɔdaa no adi?

17 Yehowa nhyira too ɔbea a osuro Onyankopɔn, Hana, nso. Na ɔne ne kunu Lewini, Elkana te Efraim mmepɔw so. Sɛnea na Mmara no ma ho kwan no, ɔwaree ɔyere foforo—Penina. Hana yɛɛ obonin, ade a na ɛyɛ ahohora ma Israelni bea, nanso na Penina wɔ mma pii. (1 Samuel 1:1-3; 1 Beresosɛm 6:16, 33, 34) Nanso, sɛ anka Penina bɛkyekye Hana werɛ no, ɔyɛɛ ade atirimɔden so ma ɛhaw Hana araa ma osui na n’anom towee. Nea enye koraa no, eyi kɔɔ so “daa afe,” bere biara a abusua no kɔɔ Yehowa fie wɔ Silo no. (1 Samuel 1:4-8) Hwɛ sɛnea na Penina yɛ otirimɔdenfo, na hwɛ sɛnea eyi yɛɛ sɔhwɛ maa Hana! Nanso, Hana ammɔ Yehowa sobo da; na saa ara na wantra fie bere a na ne kunu kɔ Silo no. Enti, awiei koraa no, na obenya nhyira pii.

18. Nhwɛso bɛn na Hana yɛe?

18 Hana yɛɛ nhwɛso pa maa Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ, titiriw wɔn a afoforo aka wɔn ho nsɛmmɔne ma ayɛ wɔn yaw no. Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, ɛnyɛ obi ho a ɔbɛtew ne ano aduru. (Mmebusɛm 18:1) Hana amma ne sɔhwɛ no ammrɛ ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ baabi a wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm na ne nkurɔfo hyiam som no. Enti ɔkɔɔ so yɛɛ den honhom fam. Sɛnea na ɔyɛ den honhom fam no da adi wɔ ne mpaebɔ a ɛyɛ dɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Samuel 2:1-10 no. *

19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada anisɔ a yɛwɔ ma honhom fam nneɛma no adi?

19 Sɛ́ Yehowa asomfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, yɛnsom wɔ ntamadan mu. Nanso, yebetumi ada honhom fam nneɛma ho anisɔ adi te sɛ nea Hana yɛe no. Sɛ nhwɛso no, yebetumi akyerɛ sɛnea yɛn ani sɔ honhom fam ahonyade kɛse denam Kristofo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam a yɛbɛkɔ daa so. Momma yɛmfa saa mmere yi nhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran wɔ Yehowa a ‘wama yɛanya hokwan de akokoduru ne nokwaredi som no’ wɔ nokware som mu no.—Luka 1:74, 75; Hebrifo 10:24, 25.

20, 21. Ɔkwan bɛn so na wotuaa Hana ka wɔ ne nyamesom pa ho?

20 Yehowa huu Hana nyamesom pa no na otuaa no ka kɛse. Wɔ abusua no afe afe akwan a na wotu kɔ Silo no biako mu no, Hana de nusu fii komam bɔɔ Onyankopɔn mpae hyɛɛ bɔ sɛ: “Asafo [Yehowa, NW], sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnde mede no mɛma [Yehowa, NW] ne nkwa nna nyinaa.” (1 Samuel 1:9-11) Onyankopɔn tiee Hana adesrɛ ma ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Samuel. Bere a otwaa nufu no, ɔde no kɔɔ Silo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsom wɔ ntamadan mu.—1 Samuel 1:20, 24-28.

21 Hana daa Nyankopɔn ho dɔ adi na odii ne bɔhyɛ a ɛfa Samuel ho no so. Na susuw nhyira pii a ɔno ne Elkana nyae esiane sɛ wɔn dɔba no somee wɔ Yehowa ntamadan mu nti no ho hwɛ! Kristofo awofo pii nya anigye ne nhyira a ɛte saa esiane sɛ wɔn mmabarima ne wɔn mmabea resom sɛ bere nyinaa akwampaefo asomfo, Betel abusua mufo, anaa akwan foforo a ɛhyɛ Yehowa anuonyam so nti no.

Kɔ so Tie Yehowa Asɛm!

22, 23. (a) Sɛ yɛkɔ so tie Yehowa nne a, dɛn ho awerɛhyem na yebetumi anya? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

22 Sɛ yɛkɔ so tie Yehowa asɛm a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya? Sɛ yefi ɔkra nyinaa mu dɔ Onyankopɔn na yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛahyira yɛn ho so ama no a, yɛbɛyɛ adefo wɔ honhom fam. Sɛ ɔkwan a ɛte saa a yɛbɛfa so no bɛma yɛahyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den mpo a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya Yehowa nhyira—mpɛn pii no wɔ nneɛma akɛse a yɛnhwɛ kwan mu.—Dwom 37:4; Hebrifo 6:10.

23 Onyankopɔn nkurɔfo benya nhyira pii daakye. Esiane sɛ “nnipakuw kɛse” no fi osetie mu retie Yehowa nti, wɔbɛkora wɔn so wɔ “ahohia kɛse” no mu na wobenya anigye wɔ asetram wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 7:9-14; 2 Petro 3:13) Ɛhɔ no, Yehowa bɛma ne nkurɔfo nyinaa anya adetrenee a wɔpɛ no. (Dwom 145:16) Nanso, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛda no adi no, ɛnnɛ mpo wɔn a wɔkɔ so tie Yehowa nne no nya ‘akyɛde pa ne adekyɛde a efi soro.’—Yakobo 1:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Hana nsɛm no ne ɔbaabun Maria nsɛm a ɔkae bere a ohui sɛ ɔrebɛyɛ Mesia no maame akyi bere tiaa bi no di nsɛ wɔ ɔkwan bi so.—Luka 1:46-55.

So Wokae?

• Dɛn na yebetumi asua afi Israel abakɔsɛm mu wɔ Onyankopɔn nhyira ahorow ho?

• Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Boas ne Nabal mu biara?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Hana?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tie Yehowa nne?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ɔhene Salomo bɔɔ mpae hwehwɛɛ koma a etie, na Yehowa maa no nyansa

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Boas daa obu ne ayamye adi kyerɛɛ afoforo

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Wohyiraa Hana kɛse wɔ ne ho a ɔde too Yehowa so no ho