Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Nhyira Ma Yɛyɛ Adefo

Yehowa Nhyira Ma Yɛyɛ Adefo

Yehowa Nhyira Ma Yɛyɛ Adefo

“Yehowa nhyira-ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw biara nka ho.”—Mmebusɛm 10:22, Nw.

1, 2. Dɛn nti na anigye ne honam fam ahonyade nni abusuabɔ?

HONAM fam nneɛma akyidi anya nnipa ɔpepem pii asetra so nkɛntɛnso nnɛ. Na so honam fam nneɛma no ma wonya anigye? The Australian Women’s Weekly ka sɛ: “Menkae bere a nkurɔfo asetra ama wɔabotow sɛ nnɛ da.” Ɛde ka ho sɛ: “Ɛyɛ anwonwasɛm. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ Australia di yiye wɔ sikasɛm mu, ne sɛ asetra nyɛɛ yiye sɛ nnɛ da. . . . Nanso, abasamtu abu so wɔ ɔman no mu baabiara. Mmarima ne mmea nyinaa te nka sɛ biribi atõtõ wɔ wɔn asetram, nanso wontumi nhu ade kõ.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware sɛ Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ anigye anaa nkwa nnyina nneɛma a yɛwɔ so!—Ɔsɛnkafo 5:10; Luka 12:15.

2 Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nhyira na ɛma yenya anigye a ɛsen biara. Wɔ eyi mu no, Mmebusɛm 10:22, NW ka sɛ: “Yehowa nhyira-ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw biara nka ho.” Anibere a wɔde hwehwɛ honam fam ahonyade na ɛtaa de yaw ba. Ɛfata yiye sɛ ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:9, 10.

3. Dɛn nti na Onyankopɔn asomfo hyia sɔhwɛ ahorow?

3 Nanso, wɔn a “wɔkɔ so tie Yehowa nne” nyinaa nya nhyira a ɛyaw nnim. (Deuteronomium 28:2, NW) Nanso, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Sɛ wɔmfa yaw biara nka Yehowa nhyira ho a, dɛn nti na Onyankopɔn asomfo pii hu amane?’ Bible da no adi sɛ Onyankopɔn ma sɔhwɛ ahorow a ɛba yɛn so ho kwan, nanso ɛyɛ Satan, ne nhyehyɛe bɔne, ne yɛn ankasa sintɔ, na ɛde ba. (Genesis 6:5; Deuteronomium 32:4, 5; Yohane 15:19; Yakobo 1:14, 15) “Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” fi Yehowa. (Yakobo 1:17) Enti ne nhyira mfa ɛyaw mma. Enti ma yensusuw adekyɛde a ɛyɛ pɛ a Onyankopɔn de ma no bi ho nhwɛ.

Onyankopɔn Asɛm—Akyɛde a Ɛsom Bo

4. Nhyira ne akyɛde a ɛsom bo bɛn na Yehowa nkurɔfo anya wɔ “awiei bere” yi mu?

4 Ɛdefa “awiei bere” ho no, Daniel nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Nokware nimdeɛ bɛdɔɔso.” Nanso, ɔde nsɛm yi kaa ho sɛ: “Abɔnefo nyinaa renhu ase, na mmadwemma na ebehu ase.” (Daniel 12:4, 10, NW) Susuw ho hwɛ! Wɔde ɔsoro nyansa a ɛte saa na ɛda Onyankopɔn Asɛm—nkɔmhyɛ titiriw—adi na abɔnefo nte ase, nanso Yehowa nkurɔfo te ase. Onyankopɔn Ba no bɔɔ mpae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.” (Luka 10:21) Hwɛ nhyira a ɛyɛ sɛ yebenya Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo, N’asɛm Bible no, na yɛaka wɔn a Yehowa ama wɔanya honhom fam nhumu no ho!—1 Korintofo 1:21, 27, 28; 2:14, 15.

5. Dɛn ne nyansa, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya?

5 Sɛ ɛnyɛ “nyansa a efi soro no” a, anka yɛrennya honhom fam nhumu biara. (Yakobo 3:17) Nyansa ne sɛ yetumi de nimdeɛ ne ntease yɛ adwuma de di ɔhaw ahorow ho dwuma, kwati asiane, du botae ahorow ho, anaasɛ yɛde tu fo pa. Ɔkwan bɛn so na yenya Onyankopɔn nyansa? Mmebusɛm 2:6 ka sɛ: “[Yehowa, NW] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.” Yiw, sɛ yɛkɔ so bɔ nyansa ho mpae a, Yehowa de bɛma yɛn sɛnea ɔmaa Ɔhene Salomo “nyansa ne nhumu koma” no. (1 Ahene 3:11, 12; Yakobo 1:5-8) Sɛ yebenya nyansa a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nso tie Yehowa denam N’asɛm a yebesua na yɛde ayɛ adwuma daa no so.

6. Dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛde Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ yɛn asetra mu?

6 Yehu Onyankopɔn nyansa ho nhwɛso atitiriw wɔ Bible mu mmara ne nnyinasosɛm ahorow mu. Yenya eyinom so mfaso ɔkwan biara so—honam fam, adwenem, nkate mu, ne honhom fam. Ɛfata yiye sɛ odwontofo no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. [Yehowa, NW] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. [Yehowa, NW] ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, [Yehowa, NW] mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani. [Yehowa, NW] suro yɛ kronkron, egyina hɔ daa. [Yehowa, NW] atemmude yɛ nokware, ne nyinaa teɛ. Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii.”—Dwom 19:7-10; 119:72.

7. Dɛn na yɛn ani a yebu gu Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow so de ba?

7 Ɔkwan foforo so no, wɔn a wommu Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow no nnya anigye ne ahofadi a wɔhwehwɛ no. Ɛrenkyɛ na wɔahu sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe, efisɛ onipa betwa nea ogu. (Galatifo 6:7) Nnipa ɔpepem pii a wommu Bible nnyinasosɛm ahorow no retwa awerɛhosɛm a ebi ne nyinsɛn a wɔmpɛ, yare bɔne, anaa nneyɛe bɔne a ne yɛ ka wɔn hɔ. Sɛ wɔansesa wɔn asetra kwan a, awiei koraa no, ɛde wɔn bɛkɔ owu mu na ebia Onyankopɔn asɛe wɔn.—Mateo 7:13, 14.

8. Dɛn nti na wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho no wɔ anigye?

8 Nanso, wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho na wɔde di dwuma no benya nhyira pii, mprempren ne daakye. Ɛfata koraa sɛ wɔte nka sɛ wɔnam Onyankopɔn mmara so anya ahofadi, na wɔwɔ anigye ankasa, de anigye retwɛn bere a wɔbɛde wɔn ho afi bɔne ne nneɛma a edi awu a efi mu ba no ho. (Romafo 8:20, 21; Yakobo 1:25) Saa anidaso yi yɛ nokware efisɛ egyina Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara a ofi ɔdɔ mu de ama adesamma—ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, agyede no so. (Mateo 20:28; Yohane 3:16; Romafo 6:23) Akyɛde a ɛkyɛn so saa no si ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma adesamma no so dua, na edi nhyira a wɔn a wɔkɔ so tie Yehowa asɛm nyinaa benya no ho adanse.—Romafo 8:32.

Yɛn Ani Sɔ Honhom Kronkron Akyɛde No

9, 10. Ɔkwan bɛn so na yenya Yehowa honhom kronkron akyɛde no so mfaso? Ma nhwɛso.

9 Onyankopɔn akyɛde foforo a ofi ɔdɔ mu de ma a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ ne ne honhom kronkron no. Wɔ Pentekoste da, afe 33 Y.B. mu no, ɔsomafo Petro hyɛɛ nnipadɔm a na wɔahyiam wɔ Yerusalem no nkuran sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no.” (Asomafo no Nnwuma 2:38) Ɛnnɛ, Yehowa de honhom kronkron ma n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so a wɔbɔ mpae bisa no na wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde no. (Luka 11:9-13) Tete no, amansan yi mu tumi a ano yɛ den sen biara—Onyankopɔn honhom kronkron, anaa adeyɛ tumi—no hyɛɛ mmarima ne mmea gyidifo, a na tete Kristofo ka ho no den. (Sakaria 4:6; Asomafo no Nnwuma 4:31) Ebetumi ayɛ saa ama yɛn, ɛwom mpo sɛ yehyia akwanside anaa ahokyere a emu yɛ den sɛ Yehowa nkurɔfo de.—Yoel 2:28, 29.

10 Susuw Laurel, a mmubui yɛɛ no na ɔhyɛɛ afiri a ɛma otumi home mu mfirihyia 37 mu nhwɛso no ho hwɛ. * Ɛmfa ho ne tebea a na emu yɛ den yiye a na ɔwom no, ɔde nsi som Nyankopɔn kosii sɛ owui. Mfe pii a etwaam mu no, Laurel nyaa Yehowa nhyira pii. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ na ɔhyɛ afiri mu nnɔnhwerew 24 da biara de, nanso otumi boaa nnipa 17 ankasa ma wobenyaa Bible mu nokware nimdeɛ! Ne tebea no kae yɛn ɔsomafo Paulo nsɛm no: “Meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.” (2 Korintofo 12:10) Yiw, nkɔso biara a yebetumi anya wɔ asɛmpaka adwuma no mu no mfi yɛn ankasa ahoɔden ne tumi, na mmom Onyankopɔn honhom kronkron a ɔde ma wɔn a wɔkɔ so tie ne nne no mmoa so.—Yesaia 40:29-31.

11. Su ahorow bɛn na Onyankopɔn honhom ma wɔn a wɔhyɛ ‘nipasu foforo no’ sow?

11 Sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn a, ne honhom no ma yenya ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi. (Galatifo 5:22, 23) “Honhom aba” yi yɛ “nipasu foforo” a Kristofo hyɛ de si anworannworammoa su biara a na wɔda no adi kan no ananmu no fã. (Efesofo 4:20-24; Yesaia 11:6-9) Aba yi mu nea ehia sen biara ne ɔdɔ, a ɛne “pɛyɛ hama” no.—Kolosefo 3:14.

Kristofo Dɔ—Akyɛde a Ɛsɛ sɛ Yɛma Yɛn Ani Sɔ

12. Ɔkwan bɛn so na Tabita ne afeha a edi kan no mu Kristofo foforo daa ɔdɔ adi?

12 Kristofo dɔ yɛ akyɛde pa foforo a efi Yehowa hɔ—ade a ɛfata a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ. Egyina nnyinasosɛm so, nanso emu yɛ den araa ma etumi ma gyidifo yɛ biako kɛse sen nea honam fam abusuabɔ betumi ayɛ. (Yohane 15:12, 13; 1 Petro 1:22) Sɛ nhwɛso no, susuw Tabita, Kristoni bea pa bi a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no ho hwɛ. ‘Na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade ayɛ no ma,’ titiriw nea na ɔyɛ ma akunafo a wɔwɔ asafo no mu no. (Asomafo no Nnwuma 9:36) Ebetumi aba sɛ na saa mmea yi wɔ honam fam abusuafo, nanso Tabita pɛe sɛ ɔyɛ nea obetumi de boa wɔn na ɔhyɛ wɔn nkuran. (1 Yohane 3:18) Nhwɛso pa bɛn ara na Tabita yɛe sɛɛ yi! Onuadɔ kaa Priska ne Akwila ma wɔde ‘wɔn ankasa nkwa too asiane mu’ maa Paulo. Ɔdɔ kaa Epafra, Luka, Onesiforo, ne afoforo nso ma wɔboaa ɔsomafo no bere a na ɔda afiase wɔ Roma no. (Romafo 16:3, 4; 2 Timoteo 1:16; 4:11; Filemon 23, 24) Yiw, Kristofo a wɔte saa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ‘dodɔ wɔn ho wɔn ho,’ akyɛde kɛse a efi Onyankopɔn hɔ a ɛma wɔda adi sɛ Yesu nokware asuafo.—Yohane 13:34, 35.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn ani sɔ yɛn Kristofo nuayɛ no kɛse?

13 So wokyerɛ ɔdɔ a wɔda no adi wɔ Kristofo asafo no mu no ho anisɔ? So w’ani sɔ yɛn honhom fam onuayɛ a ɛwɔ wiase nyinaa no? Eyinom nyinaa nso ma abotɔyam na ɛyɛ akyɛde pa a efi soro. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn ani sɔ? Denam ɔsom kronn a yɛde bɛma Onyankopɔn anya Kristofo nhyiam ahorow mu kyɛfa, na yɛada ɔdɔ ne Onyankopɔn honhom aba foforo adi so.—Filipifo 1:9; Hebrifo 10:24, 25.

‘Nnipa Mu Akyɛde’

14. Sɛ Kristoni bi bɛsom sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo a, dɛn na wɔhwehwɛ fi ne hɔ?

14 Kristofo mmarima a wɔpɛ sɛ wɔsom wɔn mfɛfo asomfo sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo no kura botae pa. (1 Timoteo 3:1, 8) Nea ɛbɛyɛ na onua barima bi afata ama hokwan ahorow yi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ honhom muni, onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye na ɔyɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu. (Asomafo no Nnwuma 18:24; 1 Timoteo 4:15; 2 Timoteo 4:5) Ɛsɛ sɛ odwo, ɔbrɛ ne ho ase, ɔda boasetɔ adi, efisɛ aniammɔnhofo, ahantanfo, ne anuonyampɛfo, nnya Onyankopɔn nhyira. (Mmebusɛm 11:2; Hebrifo 6:15; 3 Yohane 9, 10) Sɛ waware a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abusua ti a odi n’abusua mũ no nyinaa so yiye. (1 Timoteo 3:4, 5, 12) Esiane sɛ ɔbarima a ɔte saa bu honhom fam ahonyade nti, obenya Yehowa nhyira.—Mateo 6:19-21.

15, 16. Henanom na wɔda wɔn ho adi sɛ ‘nnipa mu akyɛde’? Ma nhwɛso ahorow.

15 Sɛ wɔn a wɔresom sɛ asafo mu mpanyimfo no yere wɔn ho sɛ asɛmpakafo, ahwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo a, wɔma yenya biribi pa gyina so bu wɔn sɛ ‘nnipa mu akyɛde.’ (Efesofo 4:8, 11) Ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn a wonya wɔn som a wofi ɔdɔ mu de ma no so mfaso no bɛkyerɛ ho anisɔ, nanso Yehowa hu nea mpanyimfo anokwafo yɛ no nyinaa. Ne werɛ remfi ɔdɔ a wɔda no adi wɔ ne din ho ne som a wɔsom ne nkurɔfo no.—1 Timoteo 5:17; Hebrifo 6:10.

16 Susuw ɔpanyin mmɔdenbɔfo bi a ɔkɔsraa Kristoni abeawa bi a na wɔrebɛyɛ no oprehyɛn wɔ n’amemene mu no asɛm no ho hwɛ. Abusua no adamfo bi kyerɛwee sɛ: “Ná ɔyɛ ɔyamyefo, ɔboafo ne obi a ɔwɔ tema. Ɔkae sɛ ɔne yɛn bɛbɔ Yehowa mpae. Bere a ɔrebɔ mpae no, agya no [a ɔnyɛ Yehowa Dansefo no] su guu ne mu, na nusu guu obiara a na ɔwɔ ayaresabea dan no mu. Hwɛ sɛnea saa panyin no mpaebɔ no kaa koma, na hwɛ ɔdɔ a ɛyɛ sɛ Yehowa maa no kɔɔ hɔ saa bere no!” Ɔdansefo foforo a na ɔyare kaa mpanyimfo a wɔbɛsraa no no ho asɛm sɛ: “Bere a wɔbaa me mpa ho wɔ ɔdan a wɔhwɛ wɔn a wɔn yare mu yɛ den mu no, mihui sɛ efi saa bere no rekɔ no, metumi agyina nea ɛbɛba biara ano. Mebɛyɛɛ den na me bo tɔɔ me yam.” So obi betumi atɔ tema a wofi ɔdɔ mu da no adi saa no? Dabida! Ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ a yɛnam Kristofo asafo no so nya.—Yesaia 32:1, 2.

Asɛnka Adwuma no Yɛ Akyɛde

17, 18. (a) Ɔsom mu akyɛde bɛn na Yehowa de ama ne nkurɔfo nyinaa? (b) Mmoa bɛn na Onyankopɔn de ama sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi awie yɛn som adwuma no?

17 Anuonyam biara nni hɔ a wobetumi ahyɛ onipa bi sen sɛ obenya hokwan asom Yehowa, Ɔsorosoroni no. (Yesaia 43:10; 2 Korintofo 4:7; 1 Petro 2:9) Nanso, wɔabue baguam asɛnka mu kyɛfa a yebenya hokwan no ama obiara—mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea—a wɔwɔ ɔpɛ pa sɛ wɔbɛsom Nyankopɔn no. So wode akyɛde a ɛsom bo yi di dwuma? Ebinom betumi atwentwɛn wɔn nan ase esiane sɛ wɔte nka sɛ wɔmfata nti, nanso kae sɛ Yehowa de honhom kronkron ma wɔn a wɔsom no no, na ɛboa yɛn wɔ baabi a yɛtɔ sin.—Yeremia 1:6-8; 20:11.

18 Yehowa de Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ahyɛ n’asomfo a wɔwɔ ahobrɛase no nsa, ɛnyɛ nnipa bi a wɔyɛ ahantan na wɔde wɔn ho to wɔn ankasa mmɔdenbɔ so no. (1 Korintofo 1:20, 26-29) Nnipa a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase no gye wɔn sintɔ ahorow tom, na wɔde wɔn ho to Onyankopɔn mmoa so bere a wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu no. Wɔn ani sɔ honhom fam mmoa a wɔnam “ofiepanyin nokwafo” no so de ma wɔn no nso.—Luka 12:42-44; Mmebusɛm 22:4.

Abusua Asetra a Anigye Wom—Akyɛde Pa

19. Nneɛma bɛn na ɛma wodi yiye wɔ mmofra ntetee mu?

19 Aware ne abusua asetra a anigye wom yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Rut 1:9; Efesofo 3:14, 15) Mma nso yɛ ‘Yehowa agyapade’ a ɛsom bo, na wɔma awofo a wotumi de Onyankopɔn su ahorow dua wɔn mu no ani gye. (Dwom 127:3) Sɛ woyɛ ɔwofo a, kɔ so tie Yehowa nne denam wo mma nkumaa a wode N’asɛm bɛtete wɔn no so. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔyɛ saa no benya Yehowa mmoa ne ne nhyira pii.—Mmebusɛm 3:5, 6; 22:6; Efesofo 6:1-4.

20. Dɛn na ebetumi aboa awofo a wɔn mma fi nokware som mu no?

20 Ɛmfa ho mmɔden biara a awofo a wosuro Onyankopɔn fi ahonim pa mu bɔ no, etumi ba sɛ wɔn mma no bi fi nokware som mu bere a wɔanyin no. (Genesis 26:34, 35) Eyi betumi ahaw awofo no adwene yiye. (Mmebusɛm 17:21, 25) Nanso, sɛ́ anka wɔbɛpa abaw koraa no, ɛbɛyɛ wɔn mmoa sɛ wɔbɛkae ɔba hohwini a ne ho asɛm wɔ Yesu bɛ no mu no. Ɛwom sɛ saa ɔba no fii fie kɔbɔɔ ahohwibra de, nanso akyiri yi ɔsan baa n’agya fie maa ɔno nso de ɔdɔ ne anigye gyee no. (Luka 15:11-32) Ɛmfa ho nea ɛbɛba biara no, awofo a wɔyɛ nokware Kristofo betumi anya Yehowa ntease, tema a ofi ɔdɔ mu da no adi, ne ne mmoa a ɛnsa da no mu ahotoso.—Dwom 145:14.

21. Hena na ɛsɛ sɛ yetie no, na dɛn ntia?

21 Ɛnde, momma yɛn mu biara nkyerɛ ade a ɛho hia yɛn wɔ asetra mu ankasa. So yedi honam fam nneɛma pii a ebetumi ama yɛne yɛn mmusua adi yaw akyi denneennen? Anaasɛ yedi ‘akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ’ a efi “hann agya no” nkyɛn ba no akyi. (Yakobo 1:17) Satan, “atoro agya” no, pɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho di honam fam ahonyade akyi na anigye ne nkwa nyinaa bɔ yɛn. (Yohane 8:44; Luka 12:15) Nanso, Yehowa dwen yɛn yiyedi ho yiye. (Yesaia 48:17, 18) Ɛnde, afei, momma yɛnkɔ so ntie yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no, na yɛn ‘ani nka’ no ho bere nyinaa. (Dwom 37:4) Sɛ yɛfa ɔkwan a ɛte saa so a, Yehowa akyɛde a ɛsom bo ne ne nhyira pii no bɛma yɛayɛ adefo—na ɛno de, ɛyaw biara nka ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Hwɛ January 22, 1993, Engiresi Nyan!, nkratafa 18-21.

So Wokae?

• Ɛhe na yebetumi anya anigye a ɛsen biara?

• Dɛn ne akyɛde ahorow a Yehowa de ma ne nkurɔfo no bi?

• Dɛn nti na asɛnka adwuma no yɛ akyɛde?

• Dɛn na awofo betumi ayɛ de anya Onyankopɔn nhyira bere a wɔretete wɔn mma no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

So wokyerɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛne N’asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ no ho anisɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Laurel Nisbet de nsiyɛ som Onyankopɔn ɛmfa ho tebea a emu yɛ den a na ɔwɔ mu no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Te sɛ Tabita no, wɔde ɔdɔ a nnɛyi Kristofo da no adi na enim wɔn yiye

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Kristofo mpanyimfo fi ɔdɔ mu dwen mfɛfo gyidifo ho