Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Minyaa Nneɛma A Menhwɛ Kwan Wɔ Yehowa Som Mu

Minyaa Nneɛma A Menhwɛ Kwan Wɔ Yehowa Som Mu

Asetram Nsɛm

Minyaa Nneɛma A Menhwɛ Kwan Wɔ Yehowa Som Mu

SƐNEA ERIC NE HAZEL BEVERIDGE KA KYERƐE

“M’ahyɛ sɛ wɔmfa wo nto afiase asram asia.” Bere a migu so redwennwen nsɛm yi ho no, emu ara na wɔde me kɔɔ Strangeways Prison a ɛwɔ Manchester, England no. Ná ɛyɛ December 1950 mu, na na madi mfe 19. Ná mahyia tebea a emu yɛ den kɛse paa wɔ me mmeranteberem—mampene so ankɔ sraadi.—2 Korintofo 10:3-5.

NA MEYƐ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo, a na anka ɛsɛ sɛ woyi me fi sraadi mu, nanso na Britania mmara nnye yɛn gyinabea no ntom. Enti wɔde me nkutoo kɔtoo afiase dan bi mu. Na misusuw me papa ho. Ɔkwan bi so no, ɔno nti na na ama wɔde me ato afiase no.

Nokwarem no, na Paapa yɛ Yorkshireni afiase sohwɛfo a na ogye ne ho di na ɔmfa n’adwuma nni agoru. Esiane ne suahu a onyae wɔ asraadi ne afiase adwuma no mu nti, na n’ani nnye Katoleksom ho koraa. Ɔne Adansefo no hyiae bere a edi kan wɔ 1930 mfiase bere a ɔkɔe sɛ ɔrekɔpam wɔn afi yɛn aboboano—nanso ɔsan bae a na wɔn nhoma ahorow no bi kura no! Akyiri yi, ɔkraa Consolation nsɛmma nhoma (a mprempren wɔfrɛ no Nyan!) no bi. Na adansefo no taa ba ne nkyɛn afe biara bɛhyɛ no nkuran sɛ ɔnsan nkra bi. Bere a na madi bɛyɛ mfe 15 no, wɔsan ne Paapa besusuw nneɛma ho, na migyinaa Adansefo no afã. Saa bere no na mifii ase suaa Bible no.

Midii mfe 17 no, mihyiraa me ho so maa Yehowa, na wɔbɔɔ me asu wɔ March 1949 mu. Akyiri yi wɔ saa afe no mu no, mihyiaa John ne Michael Charuk, a na wowiee Gilead asɛmpatrɛw sukuu nkyɛe a na wɔrekɔ Nigeria no. M’ani gyee wɔn asɛmpatrɛw honhom no ho kɛse. Sɛ́ na wonim anaa wonnim no, na wɔadua saa honhom no wɔ me komam.

Bere a meresua Bible no, sukuupɔn a na mɛkɔ ho anigye fii me mu. Wɔ afe biako a mede fii fie kɔyɛɛ adwuma wɔ Tow Gye adwumayɛbea wɔ London no, metee nka sɛ, sɛ mekɔ so yɛ aban adwuma a mintumi nni m’ahosohyira ma Onyankopɔn no ho dwuma. Bere a migyaee adwuma a meyɛ no, obi a na wayɛ adwuma no akyɛ kae sɛ mayɛ ade sɛ meregyae “adwuma a ɛsɛe obi honhom” no.

Ansa na eyi reba no, mihyiaa sɔhwɛ foforo—ɔkwan a na mɛfa so aka akyerɛ me papa sɛ mepɛ sɛ migyae adwuma a edi mu no bɛyɛ bere nyinaa somfo. Da koro anwummere bi a na maba fie rebedi akwamma no, mede asɛm a na ɛyɛ ahodwiriw no too n’anim. Mehwɛɛ kwan sɛ anka Paapa bɛteɛteɛm agu me so. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ ɔkae sɛ: “Wo na woasi wo gyinae, nea ebefi mu aba biara yɛ w’asɛm. Na sɛ woantumi a, mma me nkyɛn.” Mekyerɛwee wɔ me nhoma a meyɛ me da biara da asetra ho kyerɛwtohɔ wom no mu wɔ January 1, 1950 mu sɛ: “Mekaa akwampae adwuma ho asɛm kyerɛɛ Paapa. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ ɔtee me ase. N’ayamye no ma misui.” Migyaee aban adwuma no na mepenee so sɛ mɛyɛ daa kwampaefo.

“Ɔsese” Mu a Metra Yɛɛ Adwuma

Afei ahofama a mewɔ ma Onyankopɔn ho sɔhwɛ dii hɔ. Wɔmaa me akwampae dwumadi wɔ Lancashire a na me ne yɔnko Kristoni Lloyd Griffiths a ofi Wales bɛtra “ɔsese” bi mu. Bere a mewɔ akwanhwɛ a ɛyɛ anigye wɔ sɛnea na nneɛma bɛyɛ wɔ ɔsese no mu no, mikoduu Bacup kurow no mu a na nsu ahwe me. Ankyɛ na mihuu sɛnea nneɛma te ankasa bere a mibehui sɛ ɔsese no yɛ ɔdan a ɛhyɛ fam no. Ná nkura ne ntɛferɛ di yɛn so aforosiane anadwo. Ɛkaa kakra anka m’adwene sesae ma mesan kɔɔ me kurom. Nanso, mebɔɔ mpae wɔ me tirim hwehwɛɛ ahoɔden a metumi de agyina sɔhwɛ no ano. Mpofirim ara, metee nka sɛ me ho atɔ me, na mibenyaa tebea no ho adwempa. Eyi yɛ dwumadi a Yehowa ahyehyɛde no de ama me. Mede me ho bɛto Yehowa so ama waboa me. Hwɛ aseda ara a mede ma sɛ migyinaa tebea no ano, efisɛ sɛ mesan m’akyi a anka ɛno bɛsesa m’asetra koraa!—Yesaia 26:3, 4.

Mede bɛyɛ asram akron kaa asɛmpa no wɔ Rossendale Valley a na asetram yɛ den wɔ hɔ no ansa na wɔde me rekɔ afiase esiane sraadi a mankɔ nti no. Midii dapɛn abien wɔ Stangeways Prison akyi no, woyii me kɔɔ Lewes Prison a ɛwɔ London anafo fam mpoano no. Bere bi akyi no, yɛbɛyɛɛ Adansefo baanum, enti yetumi dii Kristo wu Nkaedi afahyɛ no wɔ afiase hɔ.

Paapa baa hɔ bɛhwɛɛ me da koro. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno sɔɔ no hwɛe wɔ sɛnea na obu ne ho no ho—afiasehwɛfo a wonim no yiye a ɔrekɔsra ne ba a ɔda afiase! M’ani bɛkɔ so asɔ adeyɛ a ɛte saa no bere nyinaa. Awiei koraa no da a wɔde beyi me no dui wɔ April 1951 mu.

Bere a woyii me fii Lewes no, mede keteke kɔɔ Cardiff, Wales, baabi a na me papa yɛ adwuma sɛ afiasehwɛfo panyin no. Ná mene mmofra baanan no mu panyin—mmarimaa baasa ne ɔbea biako. Ná ɛsɛ sɛ mepɛ adwuma a mede bere fã bɛyɛ na ama matumi ahwɛ me ho wɔ akwampae adwuma no mu. Mekɔyɛɛ adwuma wɔ sotɔɔ a wɔtɔn ntama wom mu, nanso, na me botae titiriw wɔ asetram ne me Kristofo som adwuma no. Saa bere yi na me maame agyaw yɛn hɔ. Na ɛno yɛ ɔhaw kɛse ma Paapa ne yɛn mmofra a na yɛadi fi mfe 8 kosi 19 no. Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn awofo gyaee aware.

Nea Wanya Ɔyepa . . .

Na akwampaefo pii wɔ asafo no mu. Wɔn mu biako ne onuawa bi a daa na ofi Rhondda Valley bɛyɛ n’adwuma wɔ beae a wotu biriw no na ɔyɛ n’asɛnka adwuma. Ná ne din de Hazel Green—ɔkwampaefo mmɔdenbɔfo. Ná Hazel huu nokware no akyɛ sen me mfe pii—na na n’awofo kɔ Bible Asuafo (mprempren Yehowa Adansefo) nhyiam horow fi 1920 mfe no mu tɔnn. Nanso ma ɔno ara nka n’asɛm.

“Ná mimmu Bible no aniberesɛm kosi bere a mekenkan nhomawa Religion Reaps the Whirlwind wɔ 1944 mu. Me maame korɔkorɔɔ me ma mekɔɔ ɔmansin nhyiam wɔ Cardiff. Bere a na minni Bible mu nimdeɛ biara no, mikogyinaa baabi a wɔtɔn nneɛma a na dawurubɔ krataa a ɛreka baguam ɔkasa ho asɛm sɛn me kɔn mu. Ɛmfa ho sɛ asɔfo ne afoforo haw me nyinaa akyi no, mitumi gyinaa tebea no ano. Wɔbɔɔ me asu wɔ 1946 mu na mifii akwampae adwuma ase wɔ December saa afe no mu. Afei wɔ 1951 mu no, aberante kwampaefo bi baa Cardiff, a na wafi afiase aba foforo. Ná ɛyɛ Eric.

“Yɛboom kɔɔ asɛnka. Yɛtee yɛn ho ase. Na yɛwɔ atirimpɔw koro wɔ asetram—sɛ́ yɛbɛma Onyankopɔn Ahenni ho nneɛma anya nkɔso. Enti yɛwaree wɔ December 1952 mu. Ɛwom sɛ na yɛn baanu nyinaa reyɛ akwampae adwuma a na yɛn sika sua de, nanso asetram ahiade nketenkete ammɔ yɛn da. Ɛtɔ mmere bi a na yenya akyɛde fi Ɔdansefo bi a ɛte sɛ nea wakra jam ne samina pii afi nnuantɔnbea hɔ—bere pɔtee a na yehia eyinom no! Yɛn ani sɔɔ akyɛde a na ɛtete saa no kɛse. Nanso, na nneɛma akɛse a yɛnhwɛ kwan da yɛn anim.”

Biribi a na Yɛnhwɛ Kwan a Ɛsesaa Yɛn Asetra

Wɔ November 1954 mu no, mene Hazel nsa kaa biribi a na yɛnhwɛ kwan—krataa bi a efi London Yehowa Adansefo baa dwumadibea hɔ a ɛreto nsa afrɛ me sɛ menkɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo, a mɛsrasra asafo ahorow dapɛn biara. Yenyaa adwene no sɛ ɛyɛ mfomso, enti, yɛanka akyerɛ obiara wɔ asafo no mu. Nanso, mehyehyɛɛ krataa no de kɔe a na yɛde ahopere retwɛn mmuae. Nna kakra bi akyi no, mmuae no bae sɛ: “Begye ntetee wɔ London”!

Wɔ London adwumayɛbea no, na minnye nni sɛ me a madi mfe 23 bɛka anuanom a ɛte sɛ nea wɔyɛ honhom fam abran—Pryce Hughes, Emlyn Wynes, Ernie Beavor, Ernie Guiver, Bob Gough, Glynn Parr, Stan ne Martin Woodburn, ne afoforo pii a ɛnnɛ, wɔn mu dodow no ara awuwu—no ho. Wɔtoo nhyɛase pa wɔ nsiyɛ ne mũdi mu kura ho wɔ Britain fi 1940 kosi 1950 mfe no mu.

Ɔmansin Adwuma Wɔ England—Amfono Yɛn Da

Yefii ɔmansin adwuma no ase wɔ 1954/55 mu, bere a na awɔw ne asukɔtwea retɔ no mu. Wɔde yɛn kɔɔ East Anglia, England beae bi a asase no yɛ tɛtrɛɛ na North Sea mframa a emu yɛ nwini no bɔ fa hɔ no. Na Adansefo 31,000 pɛ na wɔwɔ Britain saa bere no. Na ɔmansin a edi kan no mu yɛ den ma yɛn; anaasɛ anyɛ mmerɛw bere nyinaa amma anuanom a yɛkɔsraa wɔn no.Ɛtɔ da a sɛ́ Yorkshireni a meka nsɛm penpen no, na mefom wɔn. Mfe pii a abɛsen kɔ no mu no, na ɛsɛ sɛ misua sɛ mɛda ayamye adi asen sɛ mɛhwehwɛ ade a wɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ, ɛne sɛ nnipa ho hia sen akwan a wɔfa so yɛ nneɛma. Meda so ara rebɔ mmɔden, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ yiye sɛ medi Yesu nhwɛso a ɛfa abotɔyam a mɛma afoforo anya ho no akyi.—Mateo 11:28-30.

Yedii asram 18 wɔ East Anglia no, wɔmaa yɛkɔsomee wɔ England atifi fam apuei wɔ Tyne ne Northumberland a ɛwɔ Newcastle. M’ani gyee komapafo a na wɔwɔ ɔmantam a ɛhɔ yɛ fɛ no ho. Nea ɛboaa me kɛse ne bere a ɔmantam sohwɛfo Don Ward a ofi Seattle, Washington, U.S.A. bɛsraa yɛn no. Na ɔka wɔn a wɔawie Gilead adesua kuw a ɛto so 20 no ho. Sɛ merema ɔkasa a, na mekasa ahoɔhare so. Ɔkyerɛɛ me sɛnea mɛto me bo ase agyinagyina, na makyerɛkyerɛ.

Biribi Foforo a na Yɛnhwɛ Kwan a Ɛsesaa Yɛn Asetra

Wɔ 1958 mu no, yenyaa krataa bi a ɛsesaa yɛn asetra. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Gilead Sukuu wɔ South Lansing, New York, U.S.A. Yɛtɔn yɛn 1935 Austin Seven kar ketewa no de tɔɔ yɛn tekiti kɔɔ New York. Nea edi kan no, yɛkɔɔ amanaman ntam nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe wɔ New York City no bi. Yefi hɔ no, yekɔyɛɛ akwampae adwuma asram asia wɔ Peterborough, Ontario ansa na yerekɔ Gilead Sukuu no.

Ná Maxwell Friend ne Jack Redford, a wɔawuwu dedaw, ne afei Albert Schroeder, a mprempren ɔyɛ Sodikuw no muni no ka akyerɛkyerɛfo no ho. Fekubɔ a yɛne adesuafo 82 a wofi aman 14 so nyae no hyɛɛ yɛn den kɛse. Yebɛtee yɛn mu biara amammerɛ ase kakra. Adesuafo a wofi aman foforo so a yɛne wɔn bɔe wɔ bere a na wɔrebrɛ wɔ Engiresi ho no ma yenyaa nsɛnnennen a na yebehyia bere a yɛresua kasa foforo bi no ho adwene. Yewiee yɛn adesua no wɔ asram anum mu na wɔmaa yɛn dwumadi wɔ aman 27 so. Afei, adesua awiei no duu so na bɛyɛ nna kakra ntam no, na yɛwɔ New York City a yɛretwɛn hyɛn a yɛde bɛkɔ, Queen Elizabeth, a ɛbɛsan de yɛn aba Europa no.

Yɛn Amannɔne Dwumadi a Edi Kan

Ɛhe na na wɔama yɛn dwumadi? Portugal! Yeduu Lisbon wɔ November 1959 mu. Afei sɛnea yebesua kasa ne amammerɛ foforo no ho sɔhwɛ sɔree. Wɔ 1959 mu no na Adansefo 643 a wɔyɛ nnam na wɔwɔ Portugal, wɔ nnipa dodow bɛyɛ ɔpepem 9 no mu. Nanso na wɔmfaa yɛn asɛnka adwuma no nhyɛɛ mmara ase. Ɛwom sɛ na yɛwɔ Ahenni Asa ahorow de, nanso na wɔnkyerɛw biribiara wɔ anim.

Bere a ɔsɛmpatrɛwfo Elsa Piccone kyerɛɛ yɛn Portugal kasa no akyi no, mene Hazel kɔsraa asafo ahorow ne akuw a ɛwɔ Lisbon, Faro, Evora, ne Beja no. Afei wɔ 1961 mu no, nneɛma fii ase sakrae. Na mene aberante bi a ne din de João Gonçalves Mateus resua Bible no. Osii gyinae sɛ ɔrennyina afã biara sɛ Kristoni wɔ sraadi mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔfrɛɛ me kɔɔ polisifo adwumayɛbea ti kobisabisaa me nsɛm. Ade foforo a na yɛnhwɛ kwan! Nna kakraa bi akyi no, wɔbɔɔ yɛn nkae sɛ yɛwɔ nnafua 30 a ɛsɛ sɛ yefi ɔman no mu! Saa ara na ɛtoo yɛn mfɛfo asɛmpatrɛwfo foforo, Eric ne Christina Britten, ne Domenick ne Elsa Piccone.

Mesrɛe sɛ wontie yɛn ano asɛm, na wɔmaa yekohuu sum ase polisi panyin no. Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn nea enti a wɔrehyɛ yɛn sɛ yemfi hɔ no na ɔbɔɔ din bi kyerɛɛ yɛn—João Gonçalves Mateus—me Bible suani no! Ɔkae sɛ, nea ɛnte sɛ Britain no, Portugal mpene so mma obi mfa n’ahonim nkyerɛ nea ɔpɛ. Enti na ɛsɛ sɛ yefi Portugal, na mene João ntam tetewee. Hwɛ anigye ara a minyae sɛ wɔ mfe 26 akyi, bere a wobuee Portugal Betel ano no no, mihuu ɔne ne yere ne ne mmabea baasa wɔ ase! Ɔsom adwuma a yɛyɛe wɔ Portugal no anyɛ ɔkwa!—1 Korintofo 3:6-9.

Dɛn ne yɛn dwumadi a edi hɔ? Ade a yɛnhwɛ kwan! Spain a ɛbɛn hɔ no. Bere a na yɛn ani ataataa nusu no, yɛfaa keteke wɔ Lisbon de yɛn ani kyerɛɛ Madrid wɔ February 1962.

Amammerɛ Foforo a Yesuae

Wɔ Spain no, na ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛbɛyɛ asɛnka ne yɛn nhyiam horow wɔ kokoam. Mpɛn pii no, na yɛnkɔ afie abien a ɛbɛn mu asɛnka. Sɛ yewie ofie bi mu adansedi a, na yɛkɔ borɔn foforo so wɔ ɔdan foforo mu. Ɛno maa ɛyɛɛ den sɛ polisifo—anaa asɔfo no—bɛkyere yɛn. Kae sɛ, na yɛwɔ Fasist, Katolek katabaako nniso ase, na na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no. Sɛ́ amamfrafo no, yɛfaa Spainfo din de bɔɔ yɛn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ na wonhu yɛn. Wɔbɛfrɛɛ me Pablo, na wɔfrɛɛ Hazel Juana.

Bere a yedii asram kakraa wɔ Madrid no, wɔmaa yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma wɔ Barcelona. Yɛkɔsraa asafo ahorow wɔ kurow no mu, na na yɛtaa di adapɛn abien anaa abiɛsa wɔ asafo biara mu. Na nsrahwɛ no gye bere tenten efisɛ na ɛsɛ sɛ yɛkɔsra nhoma adesua kuw biara te sɛ asafo, a na ɛtaa yɛ kuw abien dapɛn biara.

Nsakrae Bi a na Yɛnhwɛ Kwan

Wɔ 1963 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ɔmantam adwuma wɔ Spain. Nea ɛbɛyɛ na yɛasom Adansefo a wɔyɛ nnam bɛyɛ 3,000 no, na ɛsɛ sɛ yekyini ɔman no nyinaa mu kɔsrasra amansin akron a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Yɛyɛɛ yɛn ɔmansin nhyiam ahorow a yɛkae paa no wɔ wuram baabi a ɛbɛn Seville, afuw bi a ɛbɛn Gijon, ne nsubɔnten ahorow bi a ɛbɛn Madrid, Barcelona, ne Logroño.

Ahwɛyiye nti, sɛ mereyɛ asɛnka wɔ afie afie a, na metaa hyɛ akwan a ɛbɛn hɔ no nsow sɛnea sɛ biribi si a mɛfa hɔ aguan. Da koro, bere a mene Ɔdansefo foforo wɔ asɛnka mu wɔ Madrid abansoro bi so no, yɛtee ne nteɛteɛm mpofirim wɔ abansoro no ase. Bere a yesii fam no, yehuu mmeawa a wɔadu mpanyin afe so pii a wɔyɛ Katolekfo kuw bi a wɔfrɛ no Hijas de María (Maria mmabea). Ná wɔrebɔ afipamfo no kɔkɔ wɔ yɛn ho. Yɛantumi ne wɔn ansusuw nsɛm ho, na mihui sɛ ɛsɛ sɛ yefi hɔ ntɛm anyɛ saa a polisifo bɛkyere yɛn. Enti yeguanee—ntɛm ara!

Saa bere no na Spain tra yɛ anika. Na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ no nkuran, a akwampaefo titiriw nso ka ho. Wɔde wɔn nkwa too asiane mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa na wɔahyehyɛ asafo ahorow.

Yɛtee amanneɛbɔ a na enye saa bere yi nso. Hazel kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me maame a na ɔyɛ Ɔdansefo nokwafo no wui wɔ 1964 mu. Na ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛantumi ne no anni nkra mpo. Ɛno ne akwanside biako wɔ asɛmpatrɛwfo adwuma no mu a afoforo nso ahyia bi.”

Awiei Koraa no Yenya Ahofadi

Awiei koraa no, bere a na wɔataa yɛn mfe pii no, Franco nniso no gyee yɛn adwuma no toom wɔ mmara mu wɔ July 1970 mu. Me ne Hazel ani gyei sɛ wobuee Ahenni Asa ahorow ano, nea edi kan wɔ Madrid, na nea ɛto so abien no wɔ Lesseps, Barcelona. Wɔde nkyerɛwde akɛse a nkanea wom na na ɛtaa sisi anim. Na yɛpɛ sɛ nkurɔfo no hu sɛ wɔapene yɛn so na yɛn ase atim! Saa bere yi wɔ 1972 mu no, na Adansefo a wɔwɔ Spain dodow bɛyɛ 17,000.

Saa bere yi na minyaa nkuranhyɛsɛm bi fii England. Na me papa abɛsra yɛn wɔ Spain wɔ 1969 mu. N’ani gyee nea Spain Adansefo yɛɛ no no ho kɛse ma bere a ɔsan kɔɔ England no, ofii ase suaa Bible no. Afei wɔ 1971 no, metee sɛ Paapa abɔ asu! Na ɛyɛ anigye yiye bere a yɛkɔsraa no wɔ fie, na ɔno, sɛ me nua barima Kristoni no, bɔɔ yɛn aduan so mpae no. Ná mede bɛboro mfe 20 na atwɛn sɛ saa da no bɛba. Me nuabarima Bob ne ne yere, Iris bɛyɛɛ Adansefo wɔ 1958 mu. Mprempren wɔn babarima Philip resom sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Spain a ne yere Jean ka ne ho. Ɛyɛ yɛn anigye pii sɛ yehu sɛ wɔresom wɔ saa ɔman fɛfɛ no mu.

Ade a Yɛnhwɛ Kwan a Yɛn Nsa Aka Nnansa Yi Ara

Wɔ February 1980 mu no, Sodikuw no muni bɛsraa Spain sɛ dantaban sohwɛfo. Nea ɛyɛɛ me nwonwa no, ɔpɛe sɛ ɔne me yɛ asɛnka adwuma. Ná minnim sɛ ɔrehwehwɛ biribi wɔ me ho! Afei wɔ September no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York! Yɛn ho dwiriw yɛn. Yɛpenee nsato no so ɛwom sɛ na ɛyɛ yɛn yaw sɛ yɛregyaw yɛn nuanom a wɔyɛ Spainfo no hɔ de. Saa bere no, na Adansefo a wɔwɔ hɔ yɛ 48,000!

Bere a yɛrefi hɔ no, onua bi maa me wɔɔkye a wɔde hyɛ kotoku mu sɛ akyɛde. Ná wɔakyerɛw kyerɛw nsɛm abien wɔ so—“Lucas 16:10; Lucas 17:10.” Ɔkae sɛ ɛno yɛ m’asɛmti. Luka 16:10 si so dua sɛ ɛsɛ sɛ yedi nokware wɔ nneɛma nketewa mu, na Luka 17:10 ka sɛ “yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho,” na enti yenni biribiara a ɛsɛ sɛ yegyina so hoahoa yɛn ho. Mahu bere nyinaa sɛ biribiara a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no yɛ yɛn asɛyɛde ara kwa sɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so.

Akwahosan Ho Nsɛm a Yɛnhwɛ Kwan

Wɔ 1990 mu no, mibenyaa komayare. Na bere bi akyi no na ɛsɛ sɛ wɔde adwinnade bi hyɛ me koma mu ntini kɛse no mu sɛnea emu kwan rensiw. Bere a ɛte saa a emu yɛ den a minni ahoɔden yi mu no, Hazel aboa me wɔ akwan pii so, ɔtaa kura me bag ne nnaka a mintumi nkura esiane sɛ mayɛ mmerɛw nti no. Afei wɔ May 2000 mu no, wɔde adwinnade a ɛma koma bɔ hyɛɛ me koma mu. Hwɛ nsakrae ara a ɛde bae!

Bɛboro mfe 50 a atwam ni no, mene Hazel ahu sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa na n’atirimpɔw bam wɔ ne bere a wahyɛ mu, na ɛnyɛ yɛn de. (Yesaia 59:1; Habakuk 2:3) Yɛahyia nneɛma a ɛyɛ anigye a na yɛnhwɛ kwan pii, na emu kakra yɛ awerɛhow nso, nanso ne nyinaa mu no, Yehowa awowaw yɛn. Wɔ Yehowa nkurɔfo wiase nyinaa adwumayɛbea ti ha yi no, yɛn ani gye sɛ yenya hokwan ne Sodikuw no mufo bɔ da biara. Ɛtɔ da a mibisa me ho sɛ: ‘So yɛwɔ ha ankasa?’ Ɛyɛ adom ara kwa. (2 Korintofo 12:9) Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so abɔ yɛn ho ban wɔ Satan ntua ase na wahwɛ yɛn so na ama yɛatumi anya ne trenee nniso no mu atra wɔ asase so.—Efesofo 6:11-18; Adiyisɛm 21:1-4.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Manchester, Strangeways Prison, beae a medaa afiase nea edi kan

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Yɛwɔ yɛn Austin Seven no ho wɔ ɔmansin adwuma no mu wɔ England

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yɛyɛ ɔmansin nhyiam wɔ sum ase wɔ Cercedilla, Madrid, Spain, wɔ 1962 mu

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yegyina yɛn adansedi pon ho wɔ Brooklyn