Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkyeresia Ho Asuade Bi

Nkyeresia Ho Asuade Bi

Nkyeresia Ho Asuade Bi

“DUA kusuu a ne fɛ da nsow.” Saa na Bible ho nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu kɔ akyiri kyerɛkyerɛɛ nkyeresia mu. Wɔ Bible mmere mu ne nnɛ nyinaa, nkyeresia ma Egypt Nile Obon mu yɛ fɛ, na ɛma onwini wɔ asasebere a ɛwɔ Negev Anhweatam so no ho.

Te sɛ mmɛ horow no, nkyeresia tumi yɛ tenteenten a ɛnkom. Ebi tenten tumi du mita 30 na ɛkɔ so sow aba mfe 150. Yiw, nkyeresia fɛ yiye na ɛsow aba pii ma ɛyɛ nwonwa nso. Afe biara, ɛsow nkyeresia kasiaw pii. Aba a ɛwɔ kasiaw biako pɛ so betumi aboro 1,000. Nhoma kyerɛwfo bi kyerɛw faa nkyeresia ho sɛ: “Wɔn a . . . wɔadi n’aba a awo a wɔtɔn wɔ sotɔɔ mu no ntumi nkyerɛ sɛnea sɛ ɛyɛ mono a ne dɛ te.”

Ɔkwan a ɛfata so no, Bible de nnipa binom toto abɛ ho. Sɛ obi bɛsɔ Onyankopɔn ani a, te sɛ abɛ a ɛsow aba pii no, ɛsɛ sɛ onipa no ma n’abrabɔ teɛ na ɔkɔ so yɛ nnwuma pa. (Mateo 7:17-20) Esiane eyi nti, wɔyɛɛ mmɛ mfonini de siesiee Salomo asɔrefie ne Hesekiel anisoadehu mu asɔrefie no nyinaa mu. (1 Ahene 6:29, 32, 35; Hesekiel 40:14-16, 20, 22) Enti sɛ obi som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ onii no nya su a ɛfata te sɛ nkyeresia de no bi. Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ.”—Dwom 92:12.