Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokwafo a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ Dɛn?

Nokwafo a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ Dɛn?

Nokwafo a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ Dɛn?

NÁ Yudafo kuw a ɛko tia Helasom a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B mu no bu wɔn ho sɛ wɔyɛ anokwafo paa. Wɔn din no fi cha·sidhʹ, Hebri asɛm a egyina hɔ ma “nokware” mu. Wonya fii edin asɛm cheʹsedh, a mpɛn pii no wɔkyerɛ ase “adɔe,” “nokware dɔ,” “ayamye”, “papayɛ”, ne “mmɔborohunu,” mu. Sɛnea Theological Dictionary of the Old Testament kyerɛ no, cheʹsedh yɛ “ɔdeyɛfo, ɛpɛ nnipa, na ɛwɔ boasetɔ, [na] ennyina hɔ mma nipasu nko na mmom nneyɛe a saa su yi ma ɛda adi nso. Ɛyɛ su a ɛkora nkwa so anaa ɛma etu mpɔn. Edi boa obi a asiane anaa amanehunu ato no. Ɛda adamfofa adi.”

Ɛda adi pefee sɛ, wɔ kasa pii mu no, asɛmfua biako pɔtee biara nni hɔ a wobetumi de akyerɛkyerɛ nea saa Hebri asɛm yi kyerɛ mu awie sɛnea wɔde dii dwuma wɔ Bible mu no. Sɛnea ɛte biara no, wɔ Bible mu no, nokwaredi kɔ akyiri sen nhyehyɛe ahorow a wofi komam di so mu. Nea ɛka ho ne adwene a ɛne sɛ obi fi ɔdɔ mu bata biribi ho ɔkwampa so sɛnea afoforo benya so mfaso. Nea ɛbɛyɛ na yɛate nea nokwaredi kyerɛ ankasa ase yiye no, ma yensusuw sɛnea Yehowa daa no adi kyerɛɛ Abraham, Mose, Dawid, Israel man, ne adesamma nyinaa no ho nhwɛ.

Yehowa Dii Nokware

Yehowa ka kyerɛɛ n’adamfo Abraham sɛ: “Mene wo kyɛm.” (Genesis 15:1; Yesaia 41:8) Na eyi nyɛ anosɛm ara kwa. Yehowa bɔɔ Abraham ne ne fiefo ho ban gyee wɔn fii Farao ne Abimelek nsam. Ɔboaa Abraham ma ogyee Lot fii ahemfo baanan atirisopam no mu. Yehowa maa Abraham a na wadi mfe 100 ne Sara a na wadi mfe 90 no san nyaa awo tumi sɛnea ɛbɛyɛ na Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no atumi afa wɔn so aba. Yehowa kɔɔ so ne Abraham dii nkitaho denam anisoadehu, adaeso, ne abɔfo a ɔsomaa wɔn no so. Nokwarem no, Yehowa dii Abraham nokware bere a na ɔte ase ne ne wu akyi bere tenten nso. Wɔ mfehaha pii a etwaam no mu no, Yehowa dii bɔ ahorow a ɔhyɛɛ Abraham asefo, Israel man no so, ɛmfa ho asoɔden a wɔyɛe. Abusuabɔ a na ɛwɔ Abraham ne Yehowa ntam no yɛ nokwaredi ho adanse a edi mũ—ɔdɔ a wɔda no adi.—Genesis, ti 12 kosi 25.

Wɔkae sɛ ‘Yehowa ne Mose dii nhwɛanim kasae sɛ onipa ne ne yɔnko kasa.’ (Exodus 33:11) Yiw, na Mose ne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den paa sen odiyifo foforo biara a ɔbae ansa na Yesu reba no. Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii Mose nokware?

Sɛ́ ɔbarima a na wadi mfe 40 a na ɔwɔ ahoɔden ne tumi no, Mose peree ne ho pɛe sɛ ogye ne nkurɔfo. Nanso na ɛbere nnya nnui. Na ɛsɛ sɛ oguan de bɔ ne nkwa ho ban. Ɔkɔhwɛɛ nguan so mfe 40 wɔ Midian. (Asomafo no Nnwuma 7:23-30) Nanso, Yehowa annyaw no. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɔsan de Mose bae ma obedii Israel anim ma wofii Misraim.

Saa ara na Yehowa dii Dawid, Israel hene a ɔto so abien a ogyee din no nokware. Bere a na Dawid da so yɛ abofra no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Samuel sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara ni.” Efi ɛno so rekɔ no, Yehowa fii nokwaredi mu bɔɔ Dawid ho ban kyerɛɛ no kwan bere a na ɔrenyin sɛ obi a obedi Israel nyinaa so hene daakye no. Yehowa gyee no ‘fii gyata ne sisi nsam,’ ɛne Filistini ɔbran Goliat nsam. Ɔmaa Dawid dii nkonim ahorow pii wɔ Israel atamfo so, na Yehowa gyee Dawid fii ne tamfo oniberefo Saul peaw ano.—1 Samuel 16:12; 17:37; 18:11; 19:10.

Ɛwom, na Dawid yɛ onipa a ɔnyɛ pɛ. Nokwarem no, ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Nanso, sɛ́ anka Yehowa begyaw no no, ɔdaa nokware dɔ adi kyerɛɛ Dawid a onuu ne ho kɛse no. Wɔ Dawid asetra nyinaa mu no, Yehowa bɔɔ ne ho ban mpɛn pii de koraa ne nkwa so. Ɔde ne ho gyee nsɛm mu di maa ɔmanehunufo no. Ɛyɛ adɔe ampa!—2 Samuel 11:1–12:25; 24:1-17.

Israel man mũ no nyinaa hyiraa wɔn ho so maa Yehowa na wɔnam so ne no benyaa abusuabɔ titiriw bere a wɔpenee ahyɛde a ɛwɔ Mose Mmara apam no mu so wɔ Bepɔw Sinai so no. (Exodus 19:3-8) Enti wɔka Israel ho asɛm sɛ ɔware Yehowa. Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede daa adɔe mehu wo mmɔbɔ.” (Yesaia 54:6, 8) Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii nokware wɔ abusuabɔ titiriw yi mu?

Yehowa maa Israelfo nea wohia nyinaa na ɛhyɛɛ ɔne wɔn ntam abusuabɔ mu den. Ogyee wɔn fii Misraim, hyehyɛɛ wɔn yɛɛ wɔn ɔman, na ɔde wɔn baa “asase a nufusu ne wo sen wɔ so” so. (Exodus 3:8) Ɔnam asɔfo, Lewifo, ne adiyifo ne asomafo foforo so de honhom fam nkyerɛkyerɛ maa wɔn daa. (2 Beresosɛm 17:7-9; Nehemia 8:7-9; Yeremia 7:25) Bere a ɔman no kɔsom anyame foforo no, Yehowa teɛɛ wɔn so. Bere a wɔsakraa wɔn adwene no, ɔde kyɛɛ wɔn. Nokwarem no, na Israel man no yɛ ‘ɔyere’ a n’aso yɛ den. Nanso, Yehowa ampo no ntɛm. Esiane bɔ ahorow a ɔhyɛɛ Abraham no nti, Ofi nokwaredi mu bataa Israelfo ho kosii sɛ N’atirimpɔw ahorow a ɛfa wɔn ho baam. (Deuteronomium 7:7-9) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhwɛso pa ma awarefo nnɛ!

Yehowa di adesamma nyinaa nso nokware, efisɛ ɔma nnipa nyinaa, nnipa pa ne nnipa bɔne, nsa ka wɔn ahiade atitiriw. (Mateo 5:45; Asomafo no Nnwuma 17:25) Nea ɛsen saa no, ɔde ne Ba no ama sɛ agyede afɔre sɛnea ɛbɛyɛ na adesamma nyinaa atumi anya hokwan ade wɔn ho afi bɔne ne owu nkoasom mu, na wɔanya daa nkwa wɔ Paradise a ɛyɛ pɛ ho anidaso a ɛyɛ anigye. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Agyede nsiesiei no yɛ adeyɛ a ɛsen biara a wɔnam so bɛkora nkwa so ma atu mpɔn. Nokwarem no, na “ɛyɛ boa a wodi boa obi a asiane anaa amanehunu ato no.”

Fa Nneyɛe Pa Da Wo Nokwaredi Adi

Bere a nokwaredi ne adɔe di nsɛ no, ekura ɔma ne ogye ho adwene a emu yɛn den nso. Sɛ woyi adɔe adi kyerɛ wo a, ɛnde wobetumi ahwɛ kwan sɛ wo nso wobɛyɛ ade koro no ara. Nokwaredi so wɔ akatua a ɛfata. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Dawid tee nea cheʹsedh kyerɛ ase no da adi wɔ ne nsɛm yi mu: “Mɛkotow makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na mada wo din ase.” Dɛn ntia? Esiane “w’adɔe ne wo nokware” nti. (Dwom 138:2) Sɛ́ obi a Yehowa yii adɔe adi kyerɛɛ no no, ɛda adi sɛ ɛkaa Dawid ma ɔsom no kamfoo no. Ɛnde, bere a yesusuw sɛnea Yehowa ada adɔe adi akyerɛ yɛn ho no, so ɛka yɛn ma yɛyɛ biribi ma no? Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔbɔ Yehowa din ahohora a, so dwen a wudwen ne din ho no bɛkanyan wo ma woagyina n’akyi?

Eyi ne nea ɛtoo Kristoni bi a na ɔyɛ foforo koraa ne ne yere bere a wɔkɔɔ wɔn busuani bi a onyaa moto akwanhyia ayi ase no. Ná ɛnyɛ nyamesomfo ayi, enti wɔmaa wɔn a wɔahyia hɔ no kwan sɛ wɔnka biribi a wonim mfa nea wawu no ho. Ɔkasafo biako bɔɔ Onyankopɔn sobo wɔ aberante no patuwu no ho denam ka a ɔkae sɛ, ‘Onyankopɔn hia no wɔ ɔsoro, enti na wafa no’ no so. Yɛn nua Kristoni no hui sɛ ɛnyɛ ade a obetumi aka n’ano atom. Ɛwom sɛ na onkura Bible anaa krataa biara a wɔakyerɛw biribi wɔ so de, nanso okogyinaa dɔte siw bi so. Obisae sɛ: “Mugye di sɛ ade nyinaa so tumfo Nyankopɔn a ɔyɛ mmɔborohunufo, a ɔwɔ tema no ani gye tebea a ɛte sɛɛ ho?” Afei, ɔde simma du maa mpofirim ɔkasa, twee adwene sii Kyerɛwnsɛm no so kyerɛkyerɛɛ nea nti a yewu, nea Onyankopɔn ayɛ a ɔde begye adesamma afi owu mu, ne owusɔre ho anidaso a ɛyɛ anigye a ɛde kɔ daa nkwa mu wɔ paradise asase so mu kyerɛɛ wɔn. Nnipa a na wɔboro 100 a na wɔwɔ hɔ no bɔɔ wɔn nsam bere tenten. Akyiri yi onua no kae sɛ: “Anigye a minyae no yɛ nea minnyaa bi saa da. Medaa Yehowa ase sɛ ofi ne nyansa mu akyerɛkyerɛ me na wama manya hokwan adi ne din kronkron no ho adanse.”

Nea ɛka nokware a yebedi ama Yehowa ho ne nokware a yebedi ama N’asɛm Bible no. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa nam Bible no so na ɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛmmɔ yɛn bra. Nokwarem no, mmara ne nnyinasosɛm a ɛwɔ mu no ne asetra ho nnyinasosɛm a eye sen biara na mfaso wɔ so. (Yesaia 48:17) Mma nhyɛso a afoforo de ba wo so anaa w’ankasa sintɔ bi ntwe wo mfi tie a wubetie Yehowa mmara horow ho. Kɔ so di Onyankopɔn Asɛm nokware.

Nea ɛka nokware a yebedi ama Onyankopɔn ho nso ne nokware a yebedi ama n’ahyehyɛde no. Sɛnea ɛho hia no, wɔ mfe a abɛsen kɔ mu no, wɔakɔ so ayɛ nsakrae ahorow wɔ kyerɛw nsɛm bi ho ntease mu. Nokwasɛm no ne sɛ obiara nni hɔ a odidi yiye honhom fam sen yɛn. (Mateo 24:45-47) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa akɔ so aboa ne nnɛyi ahyehyɛde no. So yɛn nso yentumi nyɛ saa? A. H. Macmillan yɛɛ saa. Bere tiaa bi ansa na ɔrewu no, ɔkae sɛ: “Mahu sɛnea Yehowa ahyehyɛde no anyin fi mfiase ketewa fi bere a mihyiraa me ho so maa Onyankopɔn a na madi mfe aduonu abiɛsa wɔ September 1900 mu no abedu sɛ abɛyɛ wiase nyinaa asafo a emufo de anigye ne nsiyɛ reka ne nokware no ho asɛm. . . . Bere a m’asase so som a mede ma Onyankopɔn no reba n’awiei no, migye di koraa sɛ Yehowa akyerɛ ne nkurɔfo kwan na wama wɔn nea wohia nyinaa wɔ bere a ɛsɛ mu.” Onua Macmillan fi komam ne nokwaredi mu somee bɛyɛ mfe 66 kosii sɛ owui wɔ August 26, 1966. Ɔyɛɛ nokware a yebedi ama Onyankopɔn ahyehyɛde no ho nhwɛso pa.

Nea ɛka nokware a yebedi ama ahyehyɛde no ho no, so yebedi yɛn ho yɛn ho nokware? Sɛ yehyia ɔtaa a emu yɛ den ho ahunahuna a, so yɛbɛkɔ so adi yɛn nuanom mmarima ne mmea nokware? Wɔ Wiase Ko II no mu no, yɛn nuanom a wɔwɔ Netherlands no yɛɛ nokwaredi ho nhwɛso pa. Nasi Gestapofo no bisabisaa Klaas de Vries, ɔpanyin bi a na ofi Groningen Asafo mu nsɛm yɛɛ no atirimɔdenne de no too obiakofo afiase dan mu nnafua 12, a nsu ne paanoo nkutoo na na wɔde no, na ɛno akyi no, wɔsan bisabisaa no nsɛm. Bere a wɔde tuo kyerɛɛ ne so hunahunaa no sɛ wobekum no no, wɔmaa no simma abien sɛ ɔnkyerɛ baabi a anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa wɔ, na ɔnka nsɛm foforo a ɛho hia nkyerɛ wɔn. Ade a Klaas kae ara ne: “Merenka biribi foforo biara nkyerɛ mo. . . . Merenyɛ ɔfatwafo.” Wɔde tuo no hunahunaa no mprɛnsa. Awiei koraa no Gestapofo no gyaee, na wɔde Klaas kɔtoo afiase foforo. Wanyi ne nuanom amma da.

So yebedi yɛn busuani a ɔbɛn yɛn sen biara—yɛn aware mu hokafo nokware? Sɛnea Yehowa dii apam a ɔne Israel man yɛe so no, so yɛredi yɛn ayeforohyia ntanka mu nokware? Nea ɛsen nokware a wobɛkɔ so adi no, kɔ so bɔ mmɔden na wo ne wo hokafo no nnya abusuabɔ a emu yɛ den. Yɛ nneɛma a ɛbɛma w’aware agyina. Mommom nyɛ nneɛma, mommɔ nkɔmmɔ, munni mo ho mo ho nokware, mommoa mo ho mo ho na monhyehyɛ mo ho mo ho nkuran, muntie mo ho mo ho, mommom nserew, mommom nsu, mommom nni agoru, mommom nyɛ adwuma na moadu botae ahorow ho, obiara nsɔ ne yɔnko ani, monyɛ nnamfo. Monhwɛ yiye sɛ munnya afoforo ho akɔnnɔ wɔ nna fam. Bere a ɛyɛ papa sɛ mubenya afoforo a wɔnyɛ mo aware mu ahokafo sɛ amannifo ne nnamfo paa mpo no, ɛsɛ sɛ mo aware mu ahokafo nkutoo na munya wɔn ho akɔnnɔ wɔ nna fam. Mommma obi foforo mmɛbata mo aware ho.—Mmebusɛm 5:15-20.

Kɔ so di nokware ma mfɛfo adansefo ne w’abusuafo. Bere a mfe no twam no, mma wo werɛ mfi wɔn. Ma wɔnte wo nka, kyerɛw wɔn, frɛ wɔn telefon so, na sra wɔn. Ɛmfa ho nea asetra de wo besi biara no, bɔ mmɔden sɛ wunni wɔn huammɔ. Ma wɔn ani nnye sɛ wɔbɛka sɛ wonim wo anaa woyɛ wɔn busuani. Nokware a wubedi ama wɔn no bɛma woayɛ den wɔ adetreneeyɛ mu na ɛbɛhyɛ wo nkuran.—Ester 4:6-16.

Yiw, nea ɛka nokwaredi ankasa ho ne nnwuma pa a wɔde kora abusuabɔ a ɛsom bo so. Yɛ nea wubetumi nyinaa fa tua Yehowa adɔe so ka. Suasua Yehowa nokwaredi wɔ sɛnea wo ne Kristofo asafo no, w’aware mu hokafo, w’abusua, ne wo nnamfo di no mu. Fi nokwaredi mu ka Yehowa mmaninyɛ ho asɛm kyerɛ w’afipamfo. Odwontofo no kaa no yiye bere ɔkae sɛ: “Mɛto [Yehowa, NW] adɔe ho dwom daa, mede m’ano mɛka wo nokwaredi makyerɛ awo ntoatoaso a edidi so” no. (Dwom 89:1) So eyi mma yɛmmɛn Onyankopɔn a ɔte saa no? Nokwarem no, “n’adɔe wɔ hɔ daa.”—Dwom 100:5.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

A. H. Macmillan