Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Gyidi So Yebetumi Anya no Nnɛ?

Nokware Gyidi So Yebetumi Anya no Nnɛ?

Nokware Gyidi So Yebetumi Anya no Nnɛ?

Gyidi yɛ Onyankopɔn adom mu ahotoso a wofi akokoduru mu da no adi, na emu yɛ den ara ma enti gyidini betumi de ne nkwa atwa so mpɛn pii.”—MARTIN LUTHER, 1522.

“Ɛda adi pefee sɛ yɛte wiase bi a Kristofo gyidi ne wɔn nneyɛe ayera koraa mu.”—LUDOVIC KENNEDY, 1999.

ADWENE a nkurɔfo kura wɔ gyidi ho no gu ahorow koraa. Bere bi a atwam no, na nnipa dodow no ara wɔ Onyankopɔn mu gyidi. Nanso, nnansa yi, Onyankopɔn ne Bible no mu nokware gyidi rebrɛ ase ntɛmntɛm wɔ wiase a akyinnyegye ne amanehunu ahyɛ mu ma yi mu.

Nokware Gyidi

Wɔ nnipa pii fam no, nea “gyidi” kyerɛ ara ne sɛ wobenya nyamesom mu gyidi bi anaasɛ wobenya ɔkwan bi a wɔfa so som. Nanso, wɔ Bible mu no, nea “gyidi” kyerɛ ankasa ne sɛ obi benya Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a edi mu—ahotoso a emu yɛ den na ɛyɛ pintinn. Ɛyɛ su a ɛhyɛ Yesu Kristo suani biara agyirae.

Bere bi Yesu Kristo kae sɛ ‘etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho.’ Saa a ɔkae no ma asɛm yi sɔre sɛ ebia ebinom benya nokware gyidi wɔ yɛn bere yi mu anaa. Obisae sɛ: “Sɛ onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi [yi, NW ase hɔ asɛm] asase so?” Dɛn nti na obisaa asɛm a ɛte saa?—Luka 18:1, 8.

Gyidi a Ɛsa

Nneɛma pii tumi ma nkurɔfo hwere gyidi a wɔwɔ biara. Emu bi ne asetram haw ne amanehunu. Sɛ nhwɛso no, na ɔbenfo Michael Goulder yɛ ɔsɔfo wɔ Manchester, England, bere a wimhyɛn bi hwee ase wɔ Munich wɔ 1958 mu maa Manchester United bɔɔlbɔfo no mu pii wuwui no. Joan Bakewell a na ɔyɛ kaseɛbɔfo wɔ BBC television dwumadibea no bɔɔ amanneɛ sɛ Goulder “antumi annyina awerɛhowdi kɛse a ɛkɔɔ so no ano.” Ade biako a efi mu bae ne sɛ “ɔhweree Onyankopɔn a otumi sakra nnipa hyɛbea no mu gyidi.” Goulder kae sɛ “Bible nyɛ . . . Onyankopɔn asɛm a asɛm nni ho” na mmom ɛyɛ “nnipa asɛm a ɛtɔ sin, a ebetumi aba sɛ wɔnam Onyankopɔn honhom so na ɛkyerɛw emu bi.”

Ɛtɔ da a, gyidi tumi sɛe kɛkɛ. Saa na ɛyɛe wɔ ɔkyerɛwfo ne amanneɛbɔfo Ludovic Kennedy fam. Ɔka sɛ mmofraberem pɛɛ na “n’adwenem yɛɛ no naa [wɔ Onyankopɔn ho] na ɔkɔɔ so hweree ne mu gyidi kɛse.” Na ɛte sɛ nea obiara ntumi mfa ne nsɛmmisa ho mmuae a ɛtɔ asom mma. Wu a ne papa wui wɔ po so no haw no kɛse na ɛmaa ne gyidi a na ayɛ mmerɛw dedaw no sɛee koraa. Wannya mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn sɛ “onyi yɛn mfi po so asiane ne atamfo atirimmɔdensɛm mu” no ho mmuae bere a German akohyɛn no mufo tow hyɛɛ hyɛn a na ne papa te mu so ma owui wɔ Wiase Ko II mu no.—All in the Mind—A Farewell to God.

Osuahu a ɛte saa nyɛ na. Ɔsomafo Paulo ka sɛ “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tesalonikafo 3:2) Wodwene ho dɛn? So yebetumi anya Onyankopɔn ne N’asɛm mu gyidi a edi mu wɔ wiase a akyinnyegye ahyɛ mu ma yi mu? Susuw nea a asɛm edi hɔ no ka fa ho no ho hwɛ.