Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn ne “ɔhome” a wɔka ho asɛm wɔ Hebrifo 4:9-11 no, na ɔkwan bɛn so na obi ‘hyɛn saa home no mu?’

Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa afeha a edi kan mu Kristofo no sɛ: “Homedadi aka ama Onyankopɔn man. Na nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no. Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛn ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden koro no ara ho nhwɛso.”—Hebrifo 4:9-11.

Ɛda adi pefee sɛ bere a Paulo kae sɛ Onyankopɔn home fii Ne nnwuma ho no, na ɔretwe adwene asi asɛm a wɔakyerɛw wɔ Genesis 2:2 no so, baabi a yɛkenkan sɛ: “Na da a ɛto so ason no, Onyankopɔn wiee n’adwuma a ɔyɛe no, na da a ɛto so ason no, ɔhome fii n’adwuma a ɔyɛe nyinaa ho.” Dɛn nti na Yehowa ‘home fii ne nnwuma ho da a ɛto so ason’ no so? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnyɛ sɛ ɔregye n’ahome ‘afi n’adwuma a ɔyɛe nyinaa ho.’ Nkyekyɛm a edi so no ma asɛm no ani so da hɔ: “Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n’adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.”—Genesis 2:3; Yesaia 40:26, 28.

Ná “da a ɛto so ason” no yɛ soronko wɔ nna asia a edii anim no biara ho, na ɛyɛ da a Onyankopɔn hyiraa so na ɔyɛɛ no kronkron, kyerɛ sɛ, ɛda a wayi asi hɔ, anaa wahyira so, ama atirimpɔw titiriw bi. Ná dɛn ne saa atirimpɔw no? Na Onyankopɔn adi kan ada n’atirimpɔw a ɛfa adesamma ne asase ho adi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ onipa a odi kan no ne ne yere sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Ɛwom sɛ na Onyankopɔn adi kan ama adesamma ne asase mfiase a ɛyɛ pɛ de, nanso na ebegye bere ansa na asase nyinaa adan paradise a adesamma abusua a wɔyɛ pɛ ahyɛ so ma sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim no. Enti “da a ɛto so ason” no, Onyankopɔn home fii asase so adebɔ nnwuma ho na ama nea wadi kan abɔ dedaw no anya nkɔso sɛnea ne pɛ te. Ebedu saa “da” no awiei no, na nea Onyankopɔn abɔ ne tirim nyinaa abam. Bere tenten ahe na ɔhome yi bedi?

Sɛ yɛsan kɔ asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Hebrifo no so a, yehu sɛ ɔkyerɛe sɛ, “homedadi aka ama Onyankopɔn man,” na ɔhyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden ‘nhyɛn saa ɔhome no mu.’ Eyi kyerɛ sɛ bere a Paulo kyerɛw saa nsɛm no, na Onyankopɔn “da a ɛto so ason” a ɔhomee a na afi ase dedaw bɛyɛ mfe 4,000 wɔ saa bere no nnya mmaa awiei. Ɛremma awiei kosi sɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa adesamma ne asase ho benya ne mmamu koraa wɔ “home da wura,” Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei.—Mateo 12:8; Adiyisɛm 20:1-6; 21:1-4.

Bere a anidaso a ɛyɛ anigye yi ho akwanhwɛ wɔ Paulo adwene mu no, ɔkyerɛɛ sɛnea obi betumi ahyɛn Onyankopɔn home mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho.” Eyi kyerɛ yɛn sɛ, ɛwom sɛ adesamma nyinaa nyaa mfiase a ɛyɛ pɛ de, nanso na wontumi nhyɛnee Onyankopɔn home mu. Nea nti a ɛte saa ne sɛ Adam ne Hawa ankyerɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛ maa wɔn no ho anisɔ ankyɛ ma enti wɔantumi anhu ne home no wɔ “da a ɛto so ason” mu. Mmom no, wɔtew atua pɛe sɛ wɔde wɔn ho fi Onyankopɔn ho. Nokwarem no, wodii ɔkwan a Satan faa so yɛɛ nneɛma no akyi mmom sen sɛ wobegye Onyankopɔn akwankyerɛ a ɔdɔ wom no atom. (Genesis 2:15-17) Enti, wɔhweree anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so no. Efi saa bere no adesamma nyinaa abɛhyɛ owu ne bɔne nkoayɛ ase.—Romafo 5:12, 14.

Adesamma atuatew no ansɛe Onyankopɔn atirimpɔw. Ne home da no mmaa awiei. Nanso, Yehowa yɛɛ ɔdɔ nsiesiei—agyede no—denam ne Ba Yesu Kristo so, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ofi gyidi mu gye tom no bɛde ne ho na wahome afi adesoa a bɔne ne owu de ba no ho. (Romafo 6:23) Ɛno nti na Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnhome mfi wɔn ankasa nnwuma ho no.’ Ná ɛsɛ sɛ wogye Onyankopɔn nsiesiei a ɛma nkwagye no tom, na na ɛnsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ankasa daakye ho nhyehyɛe wɔ wɔn ankasa kwan so, sɛnea na Adam ne Hawa ayɛ no. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wɔkwati sɛ wɔbɛsɔ wɔn ho ani.

Nokwarem no, pɛsɛmenkominya anaa wiase nneɛma akyidi a obi de bɛto nkyɛn na ama watumi ayɛ Onyankopɔn apɛde no yɛ anigye ankasa. Yesu de ɔfrɛ yi mae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.

Ɛda adi sɛ, sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn home mu ne ɔkwan a obi betumi afa so ahyɛn mu no yɛ nkuranhyɛ ma Hebrifo Kristofo a na wɔte Yerusalem, a na wɔagyina ɔtaa ne fɛwdi pii ano wɔ wɔn gyidi ho no. (Asomafo no Nnwuma 8:1; 12:1-5) Saa ara na Paulo nsɛm no betumi ahyɛ Kristofo nkuran nnɛ. Bere a yenim sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛde paradise bɛba wɔ Ahenni no ase mmamu abɛn pɛɛ no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhome fi yɛn ankasa nnwuma ho na yɛyɛ nea yebetumi biara na ama yɛahyɛn Onyankopɔn home mu.—Mateo 6:10, 33; 2 Petro 3:13.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa asase so paradise ho no bɛbam wɔ ne home da no awiei