Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Moretete Mo Mma A Munsuasua Yehowa

Sɛ Moretete Mo Mma A Munsuasua Yehowa

Sɛ Moretete Mo Mma A Munsuasua Yehowa

“So awofo nyinaa nteɛ wɔn mma so?”—HEBRIFO 12:7, Contemporary English Version.

1, 2. Dɛn nti na ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔbɛtete wɔn mma nnɛ?

NHWEHWƐMU bi a wɔyɛe wɔ Japan mfe kakraa bi a atwam ni no daa no adi sɛ mpanyimfo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu bɛyɛ fã tee nka sɛ nkitahodi pa nni awofo ne wɔn mma ntam, na awofo gyigye wɔn mma so dodo. Wɔ nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe wɔ saa man no mu mu no, wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu nkyem bɛyɛ anan gye toom sɛ wonnim sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne mmofra bɔ. Ɛnyɛ Apuei fam nkutoo na eyi kɔ so. The Toronto Star bɔɔ amanneɛ sɛ: “Awofo a wɔwɔ Canada pii gye toom sɛ wonhu ɔkwan a wɔmfa so nyɛ awofo pa.” Baabiara a wobɛkɔ no, ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔbɛtete wɔn mma.

2 Dɛn nti na ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔbɛtete wɔn mma? Nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ yɛte “nna a edi akyiri” ne “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Afei nso Bible ka sɛ: “Onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Satan a ɔte sɛ “gyata a ɔbobom” no, de n’ani asi mmofra a wɔyɛ mmerɛw na wonni suahu pii no so titiriw. (1 Petro 5:8) Awofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete wɔn mma ‘Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no hyia akwanside ahorow. (Efesofo 6:4) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔanyin abɛyɛ Yehowa asomfo a wɔn ho akokwaw a wobetumi ayiyi “papa ne bɔne” mu?—Hebrifo 5:14.

3. Dɛn nti na awofo ntetee ne akwankyerɛ ho hia na ama wɔatumi atete mmofra yiye?

3 Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” (Mmebusɛm 13:1; 22:15) Nea ɛbɛyɛ na agyimisɛm a ɛte saa no afi mmofra komam no, wohia wɔn awofo nteɛso a ɔdɔ wom. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na mmofra gye nteɛso a ɛte saa tom. Nokwasɛm ne sɛ, wɔntaa mpɛ afotu a ɛte saa ɛmfa ho onii ko a ɔde ma no. Enti ɛsɛ sɛ awofo sua sɛ ‘wɔbɛkyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so.’ (Mmebusɛm 22:6) Sɛ mmofra so nteɛso a ɛte saa mu a, ebetumi agye wɔn nkwa. (Mmebusɛm 4:13) Hwɛ hia ara a ehia sɛ awofo hu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mma!

Nteɛso—Nea Ɛkyerɛ

4. Dɛn ne “nteɛso” nkyerɛase titiriw wɔ Bible mu?

4 Esiane sɛ awofo binom mpɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ wɔn mma basabasa—wɔhwe wɔn, didi wɔn atɛm, wɔma wodi yaw—nti, wɔkwati sɛ wɔbɛteɛ wɔn so. Ɛnsɛ sɛ yɛma biribi a ɛte saa hunahuna yɛn. Asɛmfua “nteɛso” a wɔde di dwuma wɔ Bible mu no nkyerɛ basabasayɛ anaa atirimɔdenne biara. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nteɛso” no fa akwankyerɛ, ntetee, ateɛteɛ ne ɛtɔ mmere bi a, asotwe pɔtee a wofi ɔdɔ mu de ma ho titiriw.

5. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yesusuw ɔkwan a Yehowa fa so ne ne nkurɔfo di nsɛm no ho?

5 Yehowa yɛ nhwɛso pa wɔ nteɛso a ɛte saa a wɔde ma no mu. Bere a ɔsomafo Paulo de Yehowa retoto ɔdesani agya bi ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “So awofo nyinaa nteɛ wɔn mma so? . . . Yɛn agyanom twe yɛn aso nna kakraa bi sɛnea eye wɔn ani so. Nanso Onyankopɔn de, yɛn yiyedi nti na ɔtwe yɛn aso, efisɛ ɔpɛ sɛ yɛn ho tew.” (Hebrifo 12:7-10, Contemporary English Version) Yiw, Yehowa teɛ ne nkurɔfo so na ama wɔayɛ kronkron anaa wɔn ho atew. Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi asua sɛnea wɔteɛ mmofra so ho ade pii denam sɛnea Yehowa tete ne nkurɔfo a yebesusuw ho no so.—Deuteronomium 32:4; Mateo 7:11; Efesofo 5:1.

Ɔdɔ—Ade a Ɛkanyan Yɛn

6. Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama awofo sɛ wobesuasua Yehowa dɔ?

6 Ɔsomafo Yohane ka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” Ne saa nti, ɔdɔ na ɛma Yehowa de ntetee ma bere nyinaa. (1 Yohane 4:8; Mmebusɛm 3:11, 12) So eyi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama awofo a wɔdɔ wɔn mma sɛ wobesuasua Yehowa wɔ eyi mu? Ɛnte saa ankasa. Onyankopɔn dɔ no gyina nnyinasosɛm so. Helani nhomanimfo bi ka sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na ɔdɔ a ɛte saa no ne honam fam nsusuwii hyia.” Ɛnyɛ nkate na ɛkanyan Onyankopɔn ma ɔyɛ ade. Osusuw nea eye ma ne nkurɔfo ho bere nyinaa.—Yesaia 30:20; 48:17.

7, 8. (a) Ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so ho nhwɛso bɛn na Yehowa yɛe wɔ sɛnea ɔne ne nkurɔfo di nsɛm mu? (b) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi asuasua Yehowa wɔ sɛnea wɔbɛboa wɔn mma ma wɔatumi adi Bible mu nnyinasosɛm ahorow so no mu?

7 Susuw ɔdɔ a Yehowa daa no adi wɔ ɔne Israelfo no nsɛnnii mu no ho hwɛ. Mose de mfatoho fɛfɛ yi na edii dwuma de kaa Yehowa dɔ a ɔwɔ ma Israel man foforo no ho asɛm. Yɛkenkan sɛ: “Sɛ ɔkɔre hwanyan ne buw na otu bɔ ne mma so mfamfia no, ɔtrɛw ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so. [Yehowa, NW] nko ara na ɔkyerɛɛ [Yakob] kwan.” (Deuteronomium 32:9, 11, 12) Sɛ ɔkɔre pɛ sɛ ɔkyerɛ ne mma tu a, ‘ɔhwanyan ne buw’ no na ɔbɔ ne ntaban mu de hyɛ ne mma no nkuran sɛ wontu. Sɛ awiei koraa no anomaa ba yi huruw fi buw a mpɛn pii no ɛwɔ bepɔw bi atifi no mu a, ɛna no “tu bɔ” ne ba no so “mfamfia.” Sɛ ɛkɔyɛ sɛ nea anomaa ba no reyɛ ahwe fam a, ne maame no tu faa kɔhyɛ n’ase soa no ‘wɔ ne ntakra so.’ Saa ara na Yehowa fi ɔdɔ mu hwɛɛ ɔman foforo Israel. Ɔde Mose Mmara no maa ɔman no. (Dwom 78:5-7) Afei Onyankopɔn maa n’ani kuu ɔman no ho, yɛɛ krado sɛ obegye wɔn bere a ne nkurɔfo kɔ asiane mu no.

8 Ɔkwan bɛn so na Kristofo awofo betumi asuasua Yehowa dɔ no? Nea edi kan ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde nnyinasosɛm ne gyinapɛn ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no kyerɛkyerɛ wɔn mma. (Deuteronomium 6:4-9) Botae no ne sɛ wɔbɛboa mmofra no ma wɔasua sɛnea wobesisi gyinae ahorow a ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia. Wɔ saayɛ mu no, awofo a wɔwɔ ɔdɔ no tu bɔ wɔn mma so mfamfia sɛnkyerɛnne kwan so, de hwɛ sɛnea wɔde nnyinasosɛm a wɔasua no bedi dwuma. Bere a mmofra nyinyin na wonya ahofadi kɛse no, awofo a wɔn ani ku wɔn mma ho no yɛ krado sɛ ‘wobetu faa aba fam’ na ‘wɔabɛsoa wɔn mma no wɔn ntakra so’ bere biara a wɔkɔ asiane mu no. Asiane bɛn?

9. Asiane pɔtee bɛn na ɛsɛ sɛ awofo a wɔwɔ ɔdɔ hwɛ yiye wɔ ho? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Yehowa Nyankopɔn bɔɔ Israelfo no kɔkɔ wɔ nneɛma a fekubɔne de ba ho. (Numeri 25:1-18; Esra 10:10-14) Nkurɔfokuw a wɔmfra a wɔne wɔn bɛbɔ fekuw no nso yɛ asiane a abu so nnɛ. (1 Korintofo 15:33) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yehowa wɔ eyi mu. Abeawa bi a wadi mfe 15 a wɔfrɛ no Lisa ani begyee aberante bi a na ɔne Lisa abusua nkura abrabɔ pa ne honhom fam gyinapɛn biako mu ho. Lisa ka sɛ: “Ntɛm ara na m’awofo huu nsakrae a aba me suban mu no, na wɔfaa no ahiasɛm. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔteɛ me so, na bere foforo nso, wofi ɔdɔ mu hyɛɛ me nkuran.” Wɔne Lisa traa ase tɔɔ wɔn bo ase tiee no, na wɔnam saayɛ so boaa no ma odii ade titiriw a ɛde ɔhaw no bae—ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛsɔ n’atipɛnfo ani—no so. *

Mommɔ Nkɔmmɔ

10. Akwan bɛn so na Yehowa yɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ sɛnea ɔne Israelfo no kasae mu?

10 Sɛ awofo betumi atete wɔn mma yiye a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn mma bɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛmfa ho sɛ Yehowa nim yɛn komam nsɛm yiye no, ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛne no nkasa. (1 Beresosɛm 28:9) Bere a Yehowa de Mmara no maa Israelfo akyi no, ɔmaa Lewifo no adwuma sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn, na ɔsomaa adiyifo sɛ wɔne wɔn nsusuw nsɛm ho na wɔnteɛ wɔn so. Afei ɔdaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obetie wɔn mpaebɔ nso adi.—2 Beresosɛm 17:7-9; Dwom 65:2; Yesaia 1:1-3, 18-20; Yeremia 25:4; Galatifo 3:22-24.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama wɔne wɔn mma ntam nkɔmmɔbɔ ayɛ papa. (b) Dɛn nti na ehia sɛ awofo yɛ atiefo pa bere a wɔne wɔn mma rebɔ nkɔmmɔ no?

11 Ɔkwan bɛn so na awofo betumi asuasua Yehowa bere a wɔne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ no? Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ wonya bere ma wɔn. Eye nso sɛ awofo bɛkwati nsɛm a wɔka a wonsusuw ho yiye a wɔde di fɛw te sɛ, “Ɛno ara ni? Na misusuw sɛ ɛyɛ asɛntitiriw bi”; “Ɛnyɛ asɛm biara”; “Dɛn bio na wohwɛ kwan?” Woyɛ abofra.” (Mmebusɛm 12:18) Nea ɛbɛyɛ na mmofra nka wɔn nsɛm nhyɛ no, awofo a wonim nyansa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ atiefo pa. Awofo a wobu wɔn ani gu wɔn mma so bere a wosusua no behu sɛ bere a mmofra no anyinyin no, mmofra no nso bebu wɔn ani agu wɔn so. Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obetie ne nkurɔfo bere nyinaa. Obue n’aso ma wɔn a wofi ahobrɛase mu ba ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu no nyinaa.—Dwom 91:15; Yeremia 29:12; Luka 11:9-13.

12. Su ahorow bɛn na sɛ awofo da no adi a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wɔn mma sɛ wɔbɛbɛn wɔn?

12 Afei nso susuw sɛnea Onyankopɔn su ahorow no bi ama ayɛ mmerɛw ama ne nkurɔfo sɛ wɔbɛbɛn no a wonsuro no ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, Israel Hene Dawid yɛɛ bɔne a anibere wom denam Bat-Seba a ɔne no sɛee aware no so. Esiane sɛ na Dawid yɛ onipa a ɔtɔ sin nti, ɔyɛɛ bɔne afoforo a anibere wom wɔ n’asetra mu. Nanso, wamma Yehowa anim a na ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ fafiri agye animka no ampa ne ti so da. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn adɔe ne ne mmɔborohunu na ɛmaa ɛyɛɛ mmerɛw maa Dawid sɛ ɔbɛdan akɔ Yehowa nkyɛn. (Dwom 103:8) Sɛ awofo da su pa ahorow te sɛ ayamhyehye ne mmɔborohunu adi a, ebetumi aboa ma wɔne wɔn mma adi nkitaho bere mpo a wɔn mma no afom no.—Dwom 103:13; Malaki 3:17.

Monna Ntease Adi

13. Sɛ́ obi bɛda ntease adi no kyerɛ dɛn?

13 Sɛ awofo retie wɔn mma nsɛm a, ɛsɛ sɛ wɔda ntease adi na wɔde “nyansa a efi soro” di dwuma. (Yakobo 3:17) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease!” (Filipifo 4:5, NW) Sɛ́ obi bɛda ntease adi no kyerɛ dɛn? Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ntease” no biako ne sɛ “wunni mmara akyi katee.” Bere a awofo kura abrabɔ ne honhom fam gyinapɛn mu pintinn no, ɔkwan bɛn so na wobetumi ada ntease adi?

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ntease adi wɔ ɔne Lot nsɛnnii mu?

14 Yehowa da ntease ho nhwɛso pa adi. (Dwom 10:17) Bere a ɔka kyerɛɛ Lot ne n’abusua sɛ womfi Sodom kurow a na ɛrebɛsɛe mu no, Lot ‘twentwɛnee’ ne nan ase. Akyiri yi bere a Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ Lot sɛ onguan nkɔ bepɔw so no, ɔkae sɛ: “Merentumi nguan nkɔ bepɔw so, . . . Hwɛ, kurow yi [Soar] na ɛbɛn sɛ woguan kɔ hɔ, nanso esua; ma minguan menkɔ hɔ ɛ,—so ensua anaa?” Dɛn na Yehowa yɛe wɔ eyi ho? Ɔkae sɛ: “Hwɛ, matie wo wɔ saa asɛm yi ho nso, na meremmutuw kurow a woka ho asɛm yi.” (Genesis 19:16-21, 30) Na Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obetie Lot adesrɛ no. Yiw, ehia sɛ awofo bata gyinapɛn a Yehowa Nyankopɔn ahyehyɛ wɔ N’asɛm, Bible mu no ho. Ne nyinaa akyi no, sɛ nea mmofra pɛ sɛ wɔyɛ no ntõ Bible nnyinasosɛm ahorow biara a, awofo betumi ama ho kwan.

15, 16. Dɛn na awofo betumi asua afi mfatoho a ɛwɔ Yesaia 28:24, 25 no mu?

15 Sɛ́ wobɛda ntease adi no hwehwɛ sɛ wusiesie mmofra no koma na ama ayɛ krado sɛ ebegye afotu atom. Wɔ mfatoho kwan so no, Yesaia de Yehowa totoo okuafo ho na ɔkae sɛ: “So daa nyinaa na ɔfɛtɛwfo fɛtɛw sɛ obegu n’aba? Ofuntum siesie n’asase ani daa a? So ɛnyɛ sɛ, ɔma ani taa wie a, ogu mẽ na ɔpete tɛtɛ, na odua awi kyerɛpɛn kyerɛpɛn, ne atoko nso wɔ n’afa, ne kɔkɔte wɔ ano?”—Yesaia 28:24, 25.

16 Yehowa “fɛtɛw sɛ obegu n’aba” na “ofuntum siesie n’asase ani.” Ɔnam so siesie ne nkurɔfo koma ansa na wateɛ wɔn so. Bere a awofo reteɛ wɔn mma so no, ɔkwan bɛn so na ‘wobetumi afɛtew’ wɔn ma koma? Agya bi suasuaa Yehowa bere a na ɔde nteɛso rema ne babarima a wadi mfe anan no. Bere a ne babarima no bɔɔ abarimaa bi a ɔte bɛn wɔn no, agya no dii kan de boasetɔ tiee anoyi a ne babarima no de mae no. Ɛnna, te sɛ nea ‘ɔrefɛtɛw’ ne ba no koma no, agya no kaa abarimaa bi a ohuu amane wɔ osisifo bi nsam ho asɛm kyerɛɛ no. Bere a abarimaa no tee asɛm no, ɛkaa no ma ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe osisifo no aso. ‘Fɛtɛw’ a ɛte saa no siesiee abarimaa no koma maa ɛyɛɛ mmerɛw sɛ obehu sɛ abarimaa a ɔte bɛn wɔn no a ɔbɔɔ no no yɛ asisisɛm, na enye.—2 Samuel 12:1-14.

17. Nteɛso a awofo de ma ho asuade bɛn na wɔde ma wɔ Yesaia 28:26-29?

17 Yesaia kɔɔ so de Yehowa nteɛso totoo kuayɛ mu adwuma foforo—awiporow ho. Okuafo hwɛ sɛnea awi ntɛtɛ yɛ den fa na wagyina so afa awiporow ade a ɔde bɛporow. Wɔde poma na ɛboro ɛmẽ, na wɔde abaa boro tɛtɛ, nanso wɔde ɔporow afiri anaa teaseɛnam nan na ɛporow awi a ne ntɛtɛ yɛ den no. Nanso, ɔremmobɔ awi a ɛyɛ den no so ara mma ɛnyam. Saa ara na sɛ Yehowa pɛ sɛ oyi biribi a enye fi ne nkurɔfo mu a, ogyina tebea no ne ahiade a ɛwɔ hɔ so na ɔyɛ ade. Omfi n’ankasa pɛ anaa atirimɔden mu nyɛ ade da. (Yesaia 28:26-29) Mmofra bi wɔ hɔ a, sɛ wɔn awofo bu wɔn ani kyerɛ wɔn kɛkɛ a, ɛno ara dɔɔso ma wɔn. Afoforo nso, ehia sɛ wɔbɔ wɔn nkae mpɛn pii, bere a ebia afoforo nso behia kasakyerɛ a emu yɛ den. Awofo a wɔwɔ ntease begyina abofra biara tebea so na ɔde nteɛso ama no.

Ma Abusua Nkɔmmɔbɔ Nyɛ Anigye

18. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi anya bere ama abusua Bible adesua daa?

18 Akwan a eye sen biara a wubetumi afa so akyerɛkyerɛ wo mma ne abusua Bible adesua a wobɛyɛ no daa ne Kyerɛwnsɛm no a mubesusuw ho da biara da. Abusua adesua a etu mpɔn kɛse ne nea wɔntotom. Sɛ nhyehyɛe pa biara nni ho, anaasɛ bere biara a ebesi wɔn tirim na wɔyɛ a, sɛ wɔbɛyɛ koraa a, ebia ɛntaa nkɔ so. Enti ɛsɛ sɛ awofo ‘nya bere’ ma adesua no. (Efesofo 5:15-17) Ɛnna fam sɛ mubenya bere pɔtẽẽ a eye ma obiara. Abusua ti bi hui sɛ bere a mmofra no nyinyin no, wɔn nhyehyɛe ahorow no maa ɛyɛɛ den kɛse sɛ abusua no nyinaa bɛbom ahyia. Nanso anwummere biara a abusua no bɛkɔ asafo nhyiam ahorow no, wɔn nyinaa tumi hyiam. Enti agya no yɛɛ nhyehyɛe na wɔde saa anwummere no mu biako ayɛ adesua no. Eyi boae yiye. Mmofra baasa no nyinaa yɛ Yehowa asomfo a wɔagye asubɔ nnɛ.

19. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi asuasua Yehowa bere a wɔreyɛ abusua adesua no?

19 Nanso, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ mubesusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi ho kɛkɛ bere a adesua no rekɔ so no. Yehowa nam asɔfo a ‘wɔkyerɛkyerɛɛ’ mmara no ‘na wɔkenkan maa ntease baa’ mu no so kyerɛkyerɛɛ Israelfo a na wɔasan aba wɔn kurom no. (Nehemia 8:8) Bere nyinaa, na agya bi a otumi boaa ne mma baason ma wɔn nyinaa benyaa Yehowa ho dɔ no kɔhyɛ ne dan mu siesie ne ho susuw abofra biara ahiade ho ansa na wɔafi abusua adesua ase. Ɔmaa ne mma no ani gyee adesua no ho. Ne mmabarima a wɔanyin no biako kae sɛ: “Ná adesua no yɛ anigye bere nyinaa. Sɛ yɛwɔ adiwo rebɔ bɔɔl na sɛ wɔfrɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ abusua adesua a, ntɛm ara yegyae bɔɔl no bɔ de mmirika kɔyɛ adesua no. Ná ɛyɛ nneɛma a ɛma yɛn ani gye yiye wɔ dapɛn biara mu no biako.”

20. Mmofra ntetee ho ɔhaw a ebetumi asɔre bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

20 Odwontofo no kae sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua.” (Dwom 127:3) Yɛn mma a yɛbɛtete wɔn no gye bere ne mmɔdenbɔ, nanso saa a yɛbɛyɛ no yiye no betumi ama yɛn mma anya daa nkwa. Hwɛ akatua pa ara a ɛno bɛyɛ! Ɛnde, ɛmmra sɛ sɛ yɛretete yɛn mma a, yebesuasua Yehowa. Ɛwom sɛ wɔde ‘mmofra a wɔbɛyɛn wɔn Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ ho asodi ato awofo so de, nanso biribiara nkyerɛ sɛ ɔkwan biara so no, wobedi mu nkonim. (Efesofo 6:4) Sɛ mpo wɔma ani ku abofra bi ho yiye kosi he koraa a, obetumi abɛyɛ otuatewfo na wagyae Yehowa som. Ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛno na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Ebia osuahu ahorow a ɛwɔ asɛm yi ne nea edi so no mu no fi aman a wɔne mo amammerɛ nhyia so. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nnyinasosɛm a ɛwom no, na fa di dwuma sɛnea ɛne mo amammerɛ behyia so.

Wubebua Dɛn?

•Ɔkwan bɛn so na awofo betumi asuasua Yehowa dɔ a wɔaka ho asɛm wɔ Deuteronomium 32:11, 12 no?

•Dɛn na woasua afi ɔkwan a Yehowa nam so ne Israelfo dii nkitaho no mu?

•Tie a Yehowa tiee Lot adesrɛ no kyerɛ yɛn dɛn?

•Sɛnea wɔteɛ mmofra so ho asuade bɛn na woasua afi Yesaia 28:26-29 mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Mose de sɛnea Yehowa tete ne nkurɔfo no totoo sɛnea ɔkɔre yɛ ne mma no ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Ehia sɛ awofo nya bere ma wɔn mma

[Mfonini wɔ kratafa 12]

“Ná ɛyɛ nneɛma a ɛma yɛn ani gye yiye wɔ dapɛn biara mu no biako”