Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Aboa Ɔba “Hohwini”?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Aboa Ɔba “Hohwini”?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Aboa Ɔba “Hohwini”?

“Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye . . . ɔyerae, na wɔahu no.”—Luka 15:32.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na mmofra binom ayɛ wɔn ade wɔ Kristofo nokware no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na awofo ne mmofra a wɔwɔ tebea a ɛtete saa mu no betumi ate nka?

“MAGYAE asafo no!” Hwɛ ahodwiriw ara a ɛyɛ sɛ awofo a wosuro Nyankopɔn a wɔabɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛtete wɔn mma wɔ Kristofo kwan so no bɛte saa nsɛm yi afi abofra bi hɔ! Mmofra binom ‘twe wɔn ho’ kɛkɛ a wɔnkyerɛ nea enti a wɔyɛ saa. (Hebrifo 2:1) Eyinom pii te sɛ ɔba hohwini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu a ogyaw n’agya fie kɔsɛee n’ahode nyinaa wɔ akyirikyiri asase bi so no.—Luka 15:11-16.

2 Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo dodow no ara nhyia ɔhaw yi de, nanso wɔ wɔn a wohyia no fam no, awerɛkyekyesɛm biara nni hɔ a ebetumi ayi wɔn awerɛhow no afi hɔ. Na ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne awerɛhow a abofra soɔdenfo no ankasa betumi adi no. Wɔ ne komam tɔnn no, n’ahonim betumi ahaw no. Wɔ Yesu bɛ no mu no, awiei koraa no, ɔba hohwini no ‘ani baa ne ho so’ ma n’agya ani gyei. Ɔkwan bɛn so na awofo ne asafo no mufo afoforo betumi aboa ahohwifo ma ‘wɔn ani aba wɔn ho so’?—Luka 15:17.

Nea Enti a Ebinom Si Gyinae sɛ Wobefi Nokware No Mu

3. Nneɛma a ɛma mmofra si gyinae sɛ wobefi Kristofo asafo no mu bi ne dɛn?

3 Mmofra ɔpepehaha pii wɔ Kristofo asafo no mu a wɔde anigye som Yehowa. Ɛnde dɛn nti na mmofra foforo fi mu? Ebia na wɔte nka sɛ wɔrehwere biribi wɔ wiase no mu. (2 Timoteo 4:10) Anaasɛ ebia wɔte nka sɛ Yehowa nguannan a ahobammɔ wom no mu tra yɛ den dodo. Wɔn ahonim a ebu wɔn fɔ, obi a ɛsono ne bɔbeasu ho anigye a emu yɛ den a wonya, anaa atipɛnfo a wɔpɛ sɛ wogye wɔn tom nso betumi ama abofra bi atwe ne ho afi Yehowa nguankuw no mu. Abofra bi betumi agyae Nyankopɔn som esiane n’awofo anaa Kristofo afoforo bi nneyɛe a ohu a osusuw sɛ ɛyɛ nyaatwomyɛ nti.

4. Mpɛn pii no, dɛn ne ade titiriw a ɛma mmofra twe wɔn ho?

4 Mpɛn pii no, abofra bi atuatew su ne ne nneyɛe yɛ mmerɛw a wayɛ wɔ honhom fam ho nsɛnkyerɛnne, nneɛma a ɛwɔ ne komam a ɔda no adi. (Mmebusɛm 15:13; Mateo 12:34) Ɛmfa ho nea abofra bi begyina so atwe ne ho biara no, nea ɔhaw no gyina so titiriw ne sɛ wannya ‘nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.’ (2 Timoteo 3:7) Sɛ́ anka mmofra bɛsom Yehowa kɛkɛ no, ehia sɛ wɔne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. Dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ saa?

Mommɛn Onyankopɔn

5. Dɛn na ehia na ama abofra ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa?

5 Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Sɛ abofra bi betumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wɔboa no ma onya Onyankopɔn Asɛm ho anigye. (Dwom 34:8) Mfitiase no, obehia “nufusu”—Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ. Nanso sɛ onya Onyankopɔn Asɛm ho anigye na ɔka “aduan a ɛyɛ den”—honhom mu nsɛm a emu dɔ—no hwɛ a, ɛrenkyɛ na wanyin wɔ honhom mu. (Hebrifo 5:11-14; Dwom 1:2) Aberante bi a ogye toom sɛ wiase no akwan abunkam no so no fii ase kyerɛɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ. Dɛn na ɛboaa no ma ɔsakraa n’adwene? Bere a otiee nyansahyɛ a ɛne sɛ ɔnkenkan Bible mũ no nyinaa no, odii Bible akenkan a wɔyɛ no daa ho nhyehyɛe akyi. Yiw, Onyankopɔn Asɛm a obi bɛkenkan no daa no ho hia na ama watumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔanya Onyankopɔn Asɛm ho anigye?

6 Hwɛ hia a ehia sɛ awofo boa wɔn mma ma wonya Onyankopɔn Asɛm ho anigye! Ɛmfa ho sɛ na abeawa bi a wadu ne mpanyin afe so yɛ abusua adesua daa no, ɔne mmofra asoɔdenfo kɔbɔe. Ɛdefa n’abusua adesua ho no, ɔkae sɛ: “Sɛ Paapa bisa asɛm no a, mekenkan mmuae no ma no kɛkɛ a menhwɛ n’anim.” Sɛ́ anka awofo a wonim nyansa bɛbobɔ nsɛm so ara kwa wɔ abusua adesua mu no, wɔda ɔkyerɛkyerɛ ho su pa adi. (2 Timoteo 4:2) Sɛ abofra ani begye adesua no ho a, ɛsɛ sɛ ɔte nka sɛ adesua no fa no ho. Dɛn nti na wummisa no nsɛm a wode behu n’adwene na womma n’ankasa mmua? Hyɛ abofra no nkuran ma ɔmfa nea moresua no nni dwuma. *

7 Bio nso, ma Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ no nyɛ anigye. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma mmofra nyɛ nsɛm a esisii wɔ Bible mu no ho ɔyɛkyerɛ. Boa wɔn ma wontwa nsase a nsɛm a moreka ho asɛm no sisii so no ho mfonini wɔ wɔn adwenem. Sɛ wode asase ho mfonini ahorow ne nsɛm a wɔahyehyɛ di dwuma a, ebetumi aboa. Yiw, sɛ wususuw nneɛma ho kakraa a, mubetumi adannan abusua adesua mu ma ayɛ anigye. Ɛsɛ sɛ awofo nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu. Bere a wɔn ankasa bɛn Yehowa no, wobetumi aboa wɔn mma ma wɔayɛ saa.—Deuteronomium 6:5-7.

8. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa obi ma ɔbɛn Nyankopɔn?

8 Mpaebɔ nso boa ma obi bɛn Onyankopɔn. Na abeawa bi a afei na wadu ne mpanyin afe so nhu sɛnea ɔnyɛ n’ade wɔ Kristofo asetra kwan ne fekuw a ɔne ne nnamfo a ɛsono wɔn gyidi no bɛbɔ no ho. (Yakobo 4:4) Dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Ɔka n’asɛm sɛ: “Bere a edi kan koraa wɔ m’asetra mu no, mebɔɔ Yehowa mpae ankasa wɔ sɛnea na mete nka no ho.” Ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ onyaa ne mpaebɔ no ho mmuae bere a akyiri yi onyaa obi wɔ Kristofo asafo no mu na otumi kaa ne tirim asɛm kyerɛɛ no no. Bere a ɔtee nka sɛ na Yehowa rekyerɛ no kwan no, ofii ase ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ. Awofo betumi aboa wɔn mma denam wɔn ankasa mpaebɔ a wɔbɛma atu mpɔn so. Sɛ abusua no rebɔ mpae a, awofo no betumi aka wɔn komam nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mma betumi ahu abusuabɔ a ɛda awofo no ne Yehowa ntam no.

Da Boasetɔ Adi na Gyina Pintinn

9, 10. Nhwɛso bɛn na Yehowa yɛe wɔ sɛnea onyaa Israelfo asoɔdenfo ho abodwokyɛre no mu?

9 Sɛ abofra bi refi ase atwe ne ho a, ebia ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ne ho fi afoforo ho na wako atia mmɔden biara a n’awofo bɛbɔ sɛ wɔne no besusuw honhom fam nneɛma ho no. Dɛn na awofo betumi ayɛ wɔ tebea a ɛyɛ den saa mu? Susuw nea Yehowa yɛe wɔ tete Israel ho no ho hwɛ. Onyaa Israelfo a na “wɔn kɔn asen” no ho koma bɛboro mfirihyia 900 ansa na ɔregyae wɔn ma wɔafa wɔn ankasa kwan so. (Exodus 34:9; 2 Beresosɛm 36:17-21; Romafo 10:21) Ɛmfa ho sɛ wɔkɔɔ so ‘sɔɔ no hwɛe’ no, Yehowa huu wɔn ‘mmɔbɔ.’ “Na ɔtaa sianka n’abufuw, na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa.” (Dwom 78:38-42) Onyankopɔn ne wɔn dii nsɛm wɔ trenee mu. Awofo a wɔwɔ dɔ suasua Yehowa na sɛ abofra no ankyerɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboa no ho anisɔ ntɛm ara a, wɔtɔ wɔn bo ase.

10 Ɛnyɛ nea abodwokyɛre anaa boasetɔ a wobɛda no adi kyerɛ ne sɛ “wubehu amane bere tenten”; ɛkyerɛ w’abam a womma emmu koraa wɔ tebea a asɛe mu. Yehowa yɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda abodwokyɛre adi ho nhwɛso. Odii kan yɛɛ ho biribi denam n’abɔfo a ɔsomaa wɔn Israelfo no nkyɛn ‘mpɛn pii’ no so. Yehowa “yam hyehyee no maa ne man” ɛmfa ho sɛ “wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa.” (2 Beresosɛm 36:15, 16) Ɔsrɛɛ Israelfo no sɛ: “Monsan mfi mo akwammɔne so.” (Yeremia 25:4, 5) Ne nyinaa mu no, Yehowa anyae ne trenee nnyinasosɛm ahorow mu ansiesie. Wɔkasa kyerɛɛ Israelfo no sɛ ‘wɔnsan nkɔ’ Onyankopɔn nkyɛn nkɔfa n’akwan so.

11. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ada abodwokyɛre adi na wɔayɛ pintinn bere a wɔne abofra a ɔretwe ne ho redi nsɛm no?

11 Awofo betumi ada abodwokyɛre adi asuasua Yehowa denam wɔn abam a wɔremma emmu ntɛm wɔ wɔn mma a wɔde wɔn ani akyerɛ baabi foforo no ho so. Bere a wɔmma wɔn abam mmu no, wobetumi adi kan ayɛ ade denam nkɔmmɔbɔ hokwan a wɔbɛma abue anaa wɔbɛsan ahyɛ mu den so. Sɛ wɔbata trenee nnyinasosɛm ahorow ho a, wobetumi akasa akyerɛ abofra no “mpɛn pii” ma wasan aba nokware no mu.

Sɛ Wotu Abofra Bi A

12. Asɛyɛde bɛn na awofo wɔ wɔ wɔn ba a wɔne no te nanso wɔatu no afi asafo no mu no ho?

12 Na sɛ abofra a ɔne n’awofo te yɛ bɔne a anibere wom na esiane sɛ wankyerɛ ahonu wɔ ne nneyɛe ho nti wotu no fi asafo no mu nso ɛ? Esiane sɛ abofra no ne n’awofo na ɛte nti, ɛda so ara yɛ wɔn asɛyɛde sɛ wogyina Onyankopɔn Asɛm so de nteɛso ma no. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi?—Mmebusɛm 6:20-22; 29:17.

13. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi adu abofra a wafom komam?

13 Ebetumi ayɛ yiye—nokwarem no, ɛyɛ papa—sɛ wode akwankyerɛ ne nteɛso a ɛte saa no bɛma bere a musua Bible no wɔ kokoam no. Ɛsɛ sɛ ɔwofo no bu n’ani gu abofra no kɔn a wasen no so na ɔbɔ mmɔden sɛ obehu ne komam. Dɛn na akɔfa honhom fam yare yi nyinaa aba? (Mmebusɛm 20:5) So wubetumi adu ne komam tɔnn? Kyerɛwnsɛm bɛn na wubetumi de adi dwuma ma atu mpɔn? Ɔsomafo Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) Yiw, awofo betumi ayɛ pii asen ka a wɔbɛka akyerɛ wɔn mma ara kwa sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ nneyɛe bɔne mu bio. Wobetumi abɔ mmɔden afi nsiesie adwuma no ase na wɔahwɛ ma akɔ so.

14. Dɛn ne ɔkwan a edi kan a ɛsɛ sɛ abofra a wafom no fa so ansa na wasan asiesie ɔne Yehowa ntam abusuabɔ, na ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa abofra no ma wafa saa kwan no so?

14 Abofra a wafom behia sɛ osiesie ɔne Yehowa ntam abusuabɔ no bio. Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ ‘ɔbɛsakra n’adwene na wadan ne ho.’ (Asomafo no Nnwuma 3:19; Yesaia 55:6, 7) Sɛ awofo reboa abofra a ɔwɔ wɔn fie ma wasakra a, ‘ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase bɔne ho na wɔde odwo kasa’ kyerɛ abofra a onni adwempa no. (2 Timoteo 2:24-26) Ehia sɛ wogyina Bible so “yi no ntɛn.” Wobetumi akyerɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘yi ntɛn’ no ase sɛ “fa adanse a edi mũ ma.” (Adiyisɛm 3:19; Yohane 16:8) Enti sɛ wobeyi abofra ntɛn no kyerɛ adanse a ɛfata a wɔde bɛma ma wahu sɛnea n’akwan yɛ bɔne fa. Ɛwom, ne yɛ nna fam. Faako a ɛbɛyɛ yiye no, awofo betumi adu komam, denam Kyerɛwnsɛm a ɛfata nyinaa a wobetumi de adi dwuma ma wanya ntease so. Ɛsɛ sɛ wɔboa no ma ohu hia a ehia sɛ ‘ɔtan bɔne na ɔdɔ papa.’ (Amos 5:15) Ebia ‘n’ani so bɛtetew no afi ɔbonsam afiri mu.’

15. Dwuma bɛn na mpaebɔ di bere a wɔresiesie abusuabɔ a ɛda ɔbɔnefo bi ne Yehowa ntam no?

15 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsan ne Yehowa nya abusuabɔ pa a, ontumi nkwati mpaebɔ. Ɛwom, ɛnsɛ sɛ obiara ‘srɛ’ ma obiara a na anka ɔne Kristofo asafo no bɔ na ɔkɔ so yɛ bɔne a onnu ne ho no. (1 Yohane 5:16, 17; Yeremia 7:16-20; Hebrifo 10:26, 27) Nanso awofo betumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn nyansa a wɔde bedi tebea no ho dwuma. (Yakobo 1:5) Sɛ abofra a wɔatu no afi asafo no mu de adanse a ɛkyerɛ sɛ wasakra ma nanso ‘ontumi mfa nnam nkɔ Onyankopɔn anim’ a, awofo betumi abɔ mpae sɛ sɛ Onyankopɔn hu sɛ ɛfata sɛ ɔde abofra no mfomso firi no a, Ne pɛ nyɛ hɔ. (1 Yohane 3:21) Ɛsɛ sɛ mpaebɔ a ɛte sɛɛ a abofra bɛte no boa no ma ohu Yehowa sɛ mmɔborohunu Nyankopɔn. *Exodus 34:6, 7; Yakobo 5:16.

16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa abusuafo a wɔatu wɔn mma no?

16 Sɛ wotu abofra a wabɔ asu a, wɔhwɛ kwan sɛ asafo no mufo “ne no mmmɔ.” (1 Korintofo 5:11; 2 Yohane 10, 11) Ebia bere bi akyi no, ɛbɛboa no ma ‘n’ani aba ne ho so’ na wasan abɛhwehwɛ ahobammɔ wɔ Onyankopɔn nkyɛn. (Luka 15:17) Nanso, sɛ́ ebia ɔbɛsan aba anaasɛ ɔnsan mma no, asafo no mufo betumi ahyɛ abofra a wɔatu no no abusua nkuran. Yɛn nyinaa betumi ahwehwɛ hokwan de ‘ahu ama yɛn ho yɛn ho’ na ‘yɛadwene ahobrɛase adwene’ ama abusua no.—1 Petro 3:8, 9.

Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ asafo mufo ma ɛtra wɔn adwenem bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa abofra a ɔretwe ne ho no?

17 Na abofra a wontuu no mfii Kristofo asafo no mu nanso ne gyidi ayɛ mmerɛw nso ɛ? Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa nyinaa hu bi.” (1 Korintofo 12:26) Afoforo betumi akyerɛ abofra a ɔte saa ho anigye kɛse. Nanso ahwɛyiye ho hia efisɛ, abofra a ɔyare honhom fam no betumi anya mmofra afoforo so nkɛntɛnso bɔne. (Galatifo 5:7-9) Wɔ asafo bi mu no, mpanyimfo a wɔwɔ adwempa a na wɔpɛ sɛ wɔboa mmofra bi a wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom fam no too nsa frɛɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne wɔn behyiam abɔ nnwom a wɔn nyinaa ani gye ho. Ɛwom sɛ mmofra no penee so ne wɔn nyaa fekubɔ a ɛte saa de, nanso nkɛntɛnso a wonyae wɔ wɔn ho wɔn ho so no maa awiei koraa no, wɔne asafo no ammɔ bio. (1 Korintofo 15:33; Yuda 22, 23) Ɛnyɛ fekubɔ a honhom fam akwankyerɛ biara nnim na ebetumi aboa abofra a ɔyare honhom fam no, na mmom fekubɔ a ɛboa no ma onya honhom fam nneɛma ho anigye. *

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua suban a ɔba hohwini no agya daa no adi wɔ Yesu bɛ no mu no?

18 Sɛ abofra bi a wafi asafo no mu san ba Ahenni Asa so anaa ɔba nhyiam bi ase a, susuw sɛnea ɔbɛte nka no ho hwɛ. So ɛnsɛ sɛ yegye no sɛnea ɔba hohwini no agya gyee ne ba no wɔ Yesu bɛ no mu no? (Luka 15:18-20, 25-32) Abofra bi a wadu ne mpanyin afe so a ofii Kristofo asafo no mu na akyiri yi ɔbaa ɔmantam nhyiam ase kae sɛ: “Na misusuw sɛ obiara bebu n’ani agu onipa a ɔte sɛ me so, nanso anuanom mmarima ne mmea no baa me nkyɛn begyee me fɛw so. Ɛkaa me koma paa.” Ofii ase suaa Bible no bio, na akyiri yi ogyee asubɔ.

Mpa Abaw

19, 20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔba hohwini ho adwempa?

19 “Ɔba hohwini” a wɔboa no ma n’ani ba ne ho so no gye boasetɔ na ebetumi ayɛ adwumaden ama awofo ne afoforo. Nanso mpa abaw. “[Yehowa, NW] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo sakra na wonya nkwa. Nokwasɛm ne sɛ, wadi kan ayɛ nhyehyɛe a ɔde bɛpata ɔne adesamma ntam. (2 Korintofo 5:18, 19) N’abodwokyɛre ama nnipa ɔpepem pii ani aba wɔn ho so.—Yesaia 2:2, 3.

20 Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ awofo de Kyerɛwnsɛm no di dwuma ɔkwan biara so de boa wɔn mma ahohwifo ma wɔn ani ba wɔn ho so? Sɛ woresuasua Yehowa a, da abodwokyɛre adi bere a wofa akwan pa so boa wo ba ma ɔsan ba Yehowa nkyɛn no. Bata Bible nnyinasosɛm ahorow ho pintinn, na bɔ mmɔden sɛ wobɛda Yehowa su ahorow a ɛne ɔdɔ, atɛntrenee, ne nyansa adi bere a wobɔ no mpae sɛ ɔmmoa wo no. Sɛnea atuatewfo a wɔasen wɔn kɔn pii agye Yehowa nsato a ɔdɔ wom so na wɔasan aba no, wo babarima anaa ɔbabea hohwini no betumi asan aba Onyankopɔn nguannan a ahobammɔ wom no mu.—Luka 15:6, 7.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ mmofra ntetee ho nyansahyɛ pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae, July 1, 1999, nkratafa 13-17.

^ nky. 15 Wɔmmɔ mpae a ɛte saa wɔ baguam mma mmofra a wɔatu wɔn wɔ asafo nhyiam ahorow ase, esiane sɛ ebia na afoforo nnim nea wɔatu no no tebea no nti.—See The Watchtower, October 15, 1979, kratafa 31.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ ho nyansahyɛ pɔtee a, hwɛ Engiresi Nyan! a ɛbae June 22, 1972, nkratafa 13-16; September 22, 1996, nkratafa 21-3.

So Wokae?

• Sɛ mmofra fi asafo no mu a, dɛn titiriw na ɛde ɔhaw no ba?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa mmofra ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo da abodwokyɛre adi nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ pintinn bere a wɔreboa ɔba hohwini no?

• Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ asafo no mu no betumi aboa ɔba hohwini ma wasan aba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan no ho hia na ama yɛne Yehowa anya abusuabɔ pa

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Awofo mpae a wofi komam bɔ no betumi aboa wɔn mma ma wɔahu abusuabɔ a ɛda awofo no ne Yehowa ntam

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Sɛ ɔba hohwini ‘ani ba ne ho so’ a, monnye no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Fa ɔkwan pa so boa wo ba ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn