Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Anya Nokware Gyidi

Wubetumi Anya Nokware Gyidi

Wubetumi Anya Nokware Gyidi

Sarah Jayne nyaa mmadwoa kotoku mu kokoram bere a na wadi mfe 19 no. Bere a wɔyɛɛ no oprehyɛn wiei no, ɔtee nka sɛ ne ho ye ma onyaa daakye ho anidaso. Nokwarem no, onyaa gyidi a emu yɛ den ma odii mfe 20 no, ɔyɛɛ aware nhyehyɛe fii ase boaboaa ne ho maa n’ayeforohyia da. Afe no ara na kokoram no san bae, na ohui sɛ adapɛn kakraa bi na aka a ɔde bɛtra nkwa mu. Sarah Jayne wui June 2000, bere a na aka kakra ma wadi mfe 21 no.

NEA nkurɔfo ani gyee ho bere a wɔkɔsraa Sarah Jayne wɔ ayaresabea no ne daakye mu ahotoso kɛse ne Onyankopɔn ne N’asɛm Bible mu gyidi a edi mu a na ɔwɔ no. Ɛmfa ho sɛ na ɔrehu amane kɛse no, na ɔwɔ owusɔre mu anidaso kɛse—sɛ obehu ne nnamfo nyinaa bio. (Yohane 5:28, 29) Ɔkae sɛ: “Mehu mo nyinaa bio wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.”

Ebinom bu gyidi a ɛte saa sɛ nsusuwii hunu. Ludovic Kennedy bisa sɛ: “Dɛn ne owu akyi asetra a wɔn a wosuro no gye di sɛ wɔ torobɛnto a etwa to mu no wɔne wɔn a wɔawuwu dedaw ne wɔn a wobewu akyiri yi begye wɔn ani wɔ Eden turo bi a emu nnua yɛ frɔmfrɔm mu no?” Yebetumi abisa asɛm bi a ɛne ne de no bɔ abira sɛ, Nea ɛwɔ he na ntease wom—sɛ́ yebegye asɛm a Kennedy kae sɛ “asetra yi ara ni ma enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara” anaasɛ sɛ yebegye Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no adi? Na Sarah Jayne wɔ nea edi akyiri no mu gyidi. Ɛyɛɛ dɛn na onyaa gyidi a ɛte saa?

‘Hwehwɛ Onyankopɔn na Hu No’

Sɛ wubetumi anya obi mu gyidi ne ahotoso a, ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea ɔte, odwen, na ɔyɛ n’ade. Ɛsɛ sɛ wufi w’akoma ne w’adwene mu na ɛyɛ eyi. Saa na sɛ wopɛ sɛ wunya Onyankopɔn mu gyidi ankasa a, ɛsɛ sɛ woyɛ. Ɛsɛ sɛ wuhu no, sua ne su ahorow ho ade, na wuhu sɛnea wadi nokware wɔ nea waka na wayɛ nyinaa mu.—Dwom 9:10; 145:1-21.

Ebinom susuw sɛ eyi ntumi nyɛ yiye. Wɔka sɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa mpo a, ɔne yɛn ntam kwan ware na ne ho yɛ nwonwa paa. Akyinnyegyefo ka sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa sɛnea Kristofo te sɛ Sarah Jayne susuw no a, adɛn nti na ɔmma yɛn a yɛaka no nhu no?” So Onyankopɔn ne yɛn ntam kwan ware dodo a yentumi nhu no ampa? Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ nyansapɛfo ne animdefo a na wɔwɔ Atene no sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa” no de biribiara a ɛho hia ama sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo betumi ‘ahwehwɛ no na wɔahu no.’ Nokwarem no, Paulo kae sɛ: “Ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.”—Asomafo no Nnwuma 17:24-27.

Ɛnde, wobɛyɛ dɛn ‘ahwehwɛ Onyankopɔn na woahu no’? Ebinom ahu no denam amansan a wɔte mu no ho ade a wosua kɛkɛ no so. Wɔ nnipa pii fam no, ɛno ara ma wotumi te ase sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. * (Dwom 19:1; Yesaia 40:26; Asomafo no Nnwuma 14:16, 17) Wɔte nka te sɛ ɔsomafo Paulo bere a ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn ade] a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho” no.—Romafo 1:20; Dwom 104:24.

Wuhia Bible No

Nanso, sɛ wubetumi anya Ɔbɔadeɛ no mu gyidi a edi mu a, wuhia ade foforo bi a ɔde ama yɛn. Dɛn ade? Ɛno ne Bible—Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a wada n’apɛde ne n’atirimpɔw adi wom no. (2 Timoteo 3:16, 17) Ebinom bɛka sɛ: “Nanso, twɛn, wobɛyɛ dɛn atumi agye biribiara a ɛwɔ Bible mu adi bere a wɔn a wɔka sɛ wogye Bible mu asɛm di no kɔ so di bɔne akɛse no?” Ɛyɛ ampa sɛ nyaatwomyɛ, atirimmɔdenne, ne ɔbrasɛe, akɔ so kɛse wɔ Kristoman mu. Nanso, obiara a n’ani da hɔ betumi ahu sɛ Kristoman mufo yɛ wɔn ho te sɛ nkurɔfo a wotie Bible mu asɛm ara kwa.—Mateo 15:8.

Bible ankasa kae sɛ nnipa pii bɛyɛ wɔn ho sɛ wɔsom Nyankopɔn, nanso, ‘wɔbɛpa wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn no.’ Ɔsomafo Petro kae sɛ “wɔn nti wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne.” (2 Petro 2:1, 2) Yesu Kristo kae sɛ ‘eyinom yɛ nneɛma a ɛnteɛ’ na yɛnam wɔn nneyɛe bɔne no so betumi ahu wɔn pefee. (Mateo 7:15-23) Gyina a wubegyina Kristoman nneyɛe so apo Onyankopɔn Asɛm no te sɛ nea wopo krataa bi a efi w’adamfo paa bi hɔ esiane sɛ nea ɔde krataa no brɛɛ wo no yɛ nipa bɔne nti.

Wuntumi mpo Onyankopɔn Asɛm nnya gyidi a edi mu. Bible nkutoo na Yehowa nam so da n’asɛm adi. Wɔda nsɛm a wɔtaa bisa te sɛ nea enti a wama amanehunu ne yawdi kwan ne nea ɔbɛyɛ wɔ ho adi wom. (Dwom 119:105; Romafo 15:4) Sarah Jayne gye dii sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu. (1 Tesalonikafo 2:13; 2 Petro 1:19-21) Ɔkwan bɛn so? Ɛnyɛ nea n’awofo ka kyerɛɛ no nti na ɛmaa ogye dii na mmom ɔno ankasa fii ne pɛ mu susuw nea enti a Bible no yɛ nhoma soronko a efi Onyankopɔn hɔ no ho. (Romafo 12:2) Sɛ nhwɛso no, osusuw nsakrae kɛse a nkurɔfo tumi yɛ wɔ wɔn asetram esiane sɛ wotie Bible mu asɛm nti no ho. Ɔnam nhoma te sɛ The Bible—God’s Word or Man’s?, * nso so yɛɛ Bible no mu nhwehwɛmu pii a ɛkyerɛ sɛ wɔnam Onyankopɔn honhom so na ɛkyerɛwee.

‘Gyidi Fi Nea Wotie Mu’

Bible no a wubenya bi na woagye adi sɛ efi honhom mu mpo no ara nnɔɔso. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Gyidi fi nea wotie mu.’ (Romafo 10:17) Ɛnyɛ Bible a wubenya bi kɛkɛ no na ɛbɛma woanya gyidi, na mmom tie a wubetie no. ‘Wutie’ nea Onyankopɔn ka denam Bible no a wokenkan na wusua so. Mmofra mpo betumi ayɛ eyi. Paulo ka sɛ Timoteo ‘fi ne mmofraase suaa nkyerɛwee kronkron no’ fii ne maame ne ne nana hɔ. So eyi kyerɛ sɛ wɔdaadaa no ma ogye dii? Dabi! Wɔanhyɛ Timoteo na wɔannaadaa no ɔkwan biara so. Ɔtee nea ɔkenkanee na ɔtee no ase ansa na ‘ɔregye adi.’—2 Timoteo 1:5; 3:14, 15.

Saa ara nso na Sarah Jayne tee nea ogye dii no ase. Te sɛ afeha a edi kan mu Beroiafo no, ‘oyii ne yam pefee gyee asɛm a efi n’awofo ne akyerɛkyerɛfo afoforo hɔ no.’ Sɛ́ abofra no, akyinnye biara nni ho sɛ na ogye nea n’awofo ka no di. Akyiri yi a onyinii no, wannye biribiara a wɔkyerɛɛ no no antom ara kɛkɛ. Na ‘ɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.’—Asomafo no Nnwuma 17:11.

Wubetumi Anya Nokware Gyidi

Wo nso wubetumi anya nokware gyidi—gyidi a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo no mu no. Ɔkae sɛ gyidi a ɛte saa no yɛ ‘nneɛma a ani da so ho akwanhwɛ, nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa ho adanse a ɛda adi, ɛwom sɛ wonhu de.’ (Hebrifo 11:1) Sɛ wowɔ gyidi a ɛte saa a, wubetumi anya ahotoso a edi mu sɛ nea wohwɛ kwan nyinaa, a Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no ka ho, no bɛbam. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ anidaso a ɛte saa no wɔ nnyinaso na ɛnyɛ nsusuwii hunu ara kwa. Wubehu sɛ Yehowa bɔhyɛ biara nnii huammɔ da. (Yosua 21:45; 23:14; Yesaia 55:10, 11; Hebrifo 6:18) Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛyɛ paa ara ama wo te sɛ biribi a w’ani tua. (2 Petro 3:13) Na wubetumi de gyidi aniwa ahu sɛ Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne Onyankopɔn Ahenni no nyinaa wɔ hɔ, na ɛnyɛ nsusuwii hunu.

Nneɛma a ebetumi aboa ma woatumi anya nokware gyidi wɔ hɔ. Bible a Yehowa fi ne pɛ mu de ama akyi no, ɔwɔ wiase nyinaa Kristofo asafo a wɔatu wɔn ho ama sɛ wɔbɛboa nnipa akomapafo ma wɔanya Onyankopɔn mu gyidi. (Yohane 17:20; Romafo 10:14, 15) Gye mmoa biara a Yehowa nam saa ahyehyɛde no so de ma no tom. (Asomafo no Nnwuma 8:30, 31) Na ɛnam sɛ gyidi yɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba nti, bɔ mpae bere nyinaa srɛ saa honhom no na ama woatumi anya nokware gyidi.—Galatifo 5:22.

Nsuro akyinnyegyefo a wodi obiara a ogye Onyankopɔn ne N’asɛm di ho fɛw no. (1 Korintofo 1:18-21; 2 Petro 3:3, 4) Nokwarem no, nokware gyidi betumi aboa wo kɛse ma woatumi agyina nnaadaa a ɛte saa no ano. (Efesofo 6:16) Na ɛte saa wɔ Sarah Jayne fam, na ɔhyɛɛ wɔn a wɔkɔsraa no wɔ ayaresabea no nkuran bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ankasa benya gyidi. Na ɔka sɛ: “Ɛsɛ sɛ mugye nokware no tom. Munsua Onyankopɔn Asɛm. Momfa mo ho mmɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no denneennen. Mommɔ mpae daa. Monyɛ Yehowa som adwuma no daa.”—Yakobo 2:17, 26.

Bere a ayarehwɛfo no mu biako huu ne gyidi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn ne owusɔre mu no, ɔkae sɛ: “Wugye biribi a ɛte saa di ankasa.” Bere a wobisaa no nea enti a ɔwɔ anidaso a ɛte saa ɛmfa ho ɔhaw ahorow no, ɔmaa mmuae sɛ: Ɛyɛ gyidi a mewɔ wɔ Yehowa mu no. Ɔyɛ m’adamfo pa, na medɔ no paa.”

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Hwɛ Is There a Creator Who Cares About You? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

^ nky. 12 Yehowa Adansefo na Wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Timoteo maame ne ne nana kyerɛkyerɛɛ no ‘kyerɛw kronkron no fii ne mmofraberem’

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Wɔkamfoo Beroiafo no esiane sɛ na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu daa nti

[Asɛm Fibea]

Efi “Photo-Drama of Creation,” 1914, mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Ɛnyɛ Bible a wubenya bi kɛkɛ no na ɛbɛma woanya gyidi, na mmom tie a wubetie no

[Mfonini wɔ kratafa 7]

“Mehu mo nyinaa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu”