Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Afei Mahu Nea Ɛhaw Me No!”

“Afei Mahu Nea Ɛhaw Me No!”

“Afei Mahu Nea Ɛhaw Me No!”

SAA na ɔbarima bi a ɔwɔ Tokyo tee nka bere a ɔkenkanee asetram nsɛm a ɛwɔ December 1, 2000 Ɔwɛn-Abam mu asɛm bi no. Na asɛmti no ne sɛ “Munnim Nea Ɛbɛba Ɔkyena,” na na ɛfa obi a na kan no na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a onyaa yare bi a nnuruyɛfo frɛ no manic-depressive psychosis (adwene mu yare a ɛma obi yɛ nneɛma ma ɛboro so) ho.

Ɔbarima a ofi Tokyo no kaa wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn a wɔkyerɛw nsɛmma nhoma yi mu sɛ: “Mihu nea ɛkyerɛ sɛ obi wɔ yare no bi no nyinaa bi wɔ me ho. Enti mekɔɔ ayaresabea a wɔhwɛ wɔn a wɔwɔ adwenemhaw na mihui sɛ mewɔ adwenem yare a ɛma obi yɛ nneɛma mmoroso no bi. Oduruyɛfo a ɔhwɛɛ me no ho dwiriw no. Ɔkae sɛ, ‘Nnipa a wɔwɔ saa yare yi bi no ntaa nsusuw sɛ wɔyare.’ Ɔboaa me ma mihuu sɛ mewɔ yare no bi a anka akyi dodo.”

Nnipa mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no nam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm biara a wɔkenkan no so nya mfaso ahorow pii. Wohu nsɛm a ɛwom no sɛ aba wom na ɛma akomatɔyam. Seesei wotintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa horow 141 mu, na wotintim Nyan! nso wɔ kasa horow 86 mu. Wo nso w’ani betumi agye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no a wobɛkenkan no da biara da no ho.