Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Na Ɔbɛtetew Yɛne Onyankopɔn Dɔ Mu?

Hena Na Ɔbɛtetew Yɛne Onyankopɔn Dɔ Mu?

Hena Na Ɔbɛtetew Yɛne Onyankopɔn Dɔ Mu?

“Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.”—1 YOHANE 4:19.

1, 2. (a) Dɛn nti na hu a yebehu sɛ wɔdɔ yɛn no ho hia yɛn? (b) Hena dɔ na yehia sen biara?

HU A wubehu sɛ wɔdɔ wo no ho hia wo dɛn? Ɔdɔ ma nnipa di yiye fi wɔn mmofraase kosi sɛ wobenyin abɛyɛ mpanyimfo. So woahu ɛna bi a ne ba da ne nsa so ɔdɔ mu pɛn? Mpɛn pii no, ɛmfa ho nea ɛrekɔ so biara no, sɛ abofra no hwɛ ne maame anim bere a ɔreserew no a, ne bo tɔ ne yam, na onya asomdwoe wɔ ne maame a ɔdɔ no no nsa so. Anaasɛ wokae sɛnea na wote bere a wuduu mpanyin afe so a ɛtɔ mmere bi a na nneɛma nkɔ yiye no? (1 Tesalonikafo 2:7) Ɛtɔ mmere bi a na wunhu ade a worehwehwɛ anaasɛ wonte nea ɛreyɛ wo no ase mpo, nanso hwɛ hia a ehia sɛ wubehu sɛ na wo papa ne wo maame dɔ wo! So na ɛnyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wuhui sɛ na wubetumi de wo haw anaa w’asɛmmisa bi akɔ wɔn nkyɛn? Nokwarem no, wɔ yɛn asetram nyinaa no, yɛn ahiade ahorow a ɛsen biara no mu biako ne sɛ yebehu sɛ wɔdɔ yɛn. Ɔdɔ a ɛte saa ma yenya ahotoso sɛ yɛsom bo.

2 Akyinnye biara nni ho sɛ obi awofo dɔ a ɛnsa da no boa no ma onyin na ɔkari pɛ wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nanso, ahotoso a yebenya sɛ yɛn soro Agya, Yehowa, dɔ yɛn no ho hia kɛse koraa ma yɛn honhom fam ne nkate fam yiyedi. Ebetumi aba sɛ ebinom a wɔrekenkan nsɛmma nhoma yi annya awofo a wodwen wɔn ho ankasa. Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a, ma wo bo ntɔ wo yam. Sɛ w’awofo annyi ɔdɔ adi ankyerɛ wo anaasɛ woannya no pii a, nokware dɔ a Onyankopɔn wɔ no bɛboa wo.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama ne nkurɔfo awerɛhyem sɛ ɔdɔ wɔn?

3 Yehowa nam ne diyifo Yesaia so daa no adi sɛ ɛna “werɛ” betumi afi ne ba akokoaa, nanso ɔno de ne werɛ remfi ne nkurɔfo. (Yesaia 49:15) Saa ara na Dawid de ahotoso kae sɛ: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ! Sɛnea wo nsɛm tebea te biara no, sɛ woahyira wo ho so ne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a, ɛsɛ sɛ wokae bere nyinaa sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma wo no sen nea onipa biara betumi anya ama wo!

Kɔ so Tra Onyankopɔn Dɔ Mu

4. Ɔkwan bɛn so na wɔmaa afeha a edi kan no mu Kristofo no nyaa Onyankopɔn dɔ mu ahotoso?

4 Bere bɛn na wubehuu Yehowa dɔ nea edi kan? Ɛda adi sɛ, na w’asɛm no te sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo de no. Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no ti 5 kyerɛkyerɛ sɛnea abɔnefo a bere bi na wɔaman afi Onyankopɔn ho no behuu Yehowa dɔ no mu fɛfɛɛfɛ. Yɛkenkan wɔ nkyekyɛm 5 sɛ: ‘Wɔnam honhom kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn komam.’ (Romafo 5:5) Paulo de ka ho wɔ nkyekyɛm 8 sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.”

5. Ɔkwan bɛn so na wubehuu sɛnea Onyankopɔn dɔ te?

5 Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere a wɔkaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no kyerɛɛ wo na wokyerɛɛ mu gyidi no, Yehowa honhom kronkron no fii ase yɛɛ adwuma wɔ wo komam. Saa kwan yi so na wufii ase nyaa ade kɛse a Yehowa yɛe wɔ ne Dɔba a ɔsomaa no ma obewu maa wo no ho anisɔ kɛse. Yehowa nam saa kwan yi so boaa wo ma wubehuu sɛnea ɔdɔ adesamma no. Ɛwom sɛ wɔwoo wo sɛ ɔdebɔneyɛfo a wo ne Yehowa nni abusuabɔ de, nanso bere a wuhui sɛ wabue ho kwan sɛ wobetumi abu nnipa sɛ treneefo ma wɔabenya nkwa a enni awiei ho anidaso no, so anka wo koma? So woannya Yehowa ho dɔ?—Romafo 5:10.

6. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a yɛte nka sɛ yɛne Yehowa ntam kwan ware?

6 Bere a wo soro Agya no ho dɔ aka wo, na woayɛ w’asetram nsakrae sɛnea ɛbɛma wagye wo atom no, wuhyiraa wo nkwa so maa Onyankopɔn. Mprempren asomdwoe wɔ wo ne Onyankopɔn ntam. Nanso, so ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ ɛte sɛ nea wo ne Yehowa ntam kwan ware? Yɛn mu biara betumi ate nka saa. Nanso, kae bere nyinaa sɛ, Onyankopɔn nsakra. Ne dɔ te hɔ daa te sɛ owia a ɛma yɛn hann a emu yɛ hyew wɔ asase so daa no. (Malaki 3:6; Yakobo 1:17) Nanso, yɛn de yɛsakra—sɛ ɛyɛ bere tiaa mu mpo a. Bere a asase twa ne ho no, okyinnsoromma no fã duru sum. Saa ara na sɛ yɛman fi Onyankopɔn ho kakraa bi mpo a, anigye a ɛwɔ yɛne no ntam abusuabɔ mu no betumi asɛe. Dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie saa tebea no?

7. Ɔkwan bɛn so na yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so atra Onyankopɔn dɔ mu?

7 Sɛ yehu sɛ yɛne Onyankopɔn dɔ mu retetew wɔ ɔkwan bi so a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So mabu m’ani agu Onyankopɔn dɔ so? So mede nkakrankakra aman afi Onyankopɔn teasefo a ɔwɔ dɔ no ho wɔ ɔkwan bi so, a ɛda adi wɔ akwan pii so sɛ me gyidi ayɛ mmerɛw? So mede m’adwene asi ‘honam fam nneɛma’ so mmom sen ‘honhom fam nneɛma’ so?’ (Romafo 8:5-8; Hebrifo 3:12) Sɛ yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho a, yebetumi afa akwan bi so asiesie nneɛma, na yɛasan ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den na ɔdɔ wom. Yakobo hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Tie Yuda nsɛm yi: “Adɔfo, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron mu mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu.”—Yuda 20, 21.

Tebea Horow a Ɛsakra Nni Onyankopɔn Dɔ So Tumi

8. Nsakrae bɛn na ebetumi aba yɛn asetram mpofirim?

8 Nsakrae pii tumi ba yɛn asetram wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Ɔhene Salomo hui sɛ ‘ɛbere ne akwanhyia to yɛn nyinaa.’ (Ɔsɛnkafo 9:11) Yɛn asetra betumi asakra prɛko pɛ. Yɛte apɔw nnɛ, ɔkyena yebetumi ayare denneennen. Ɛte sɛ nea yɛwɔ adwuma a edi mu nnɛ, ɔkyena na yenni adwuma a yɛyɛ. Owu tumi fa yɛn dɔfo bi a ɛmmɔ yɛn nkae. Kristofo a wɔwɔ asase bi so tumi nya asomdwoe bere bi, afei prɛko pɛ, na wɔahyia ɔtaa a emu yɛ den. Wobetumi atwa atoro ato yɛn so, na esiane eyi nti, wɔabu yɛn ntɛnkyea. Yiw, asetra nni nnyinaso anaa ɛnyɛ nea yetumi de yɛn ho to so koraa.—Yakobo 4:13-15.

9. Dɛn nti na ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw Romafo ti 8 afã bi ho?

9 Sɛ nsɛm a ɛyɛ awerɛhow to yɛn a, yetumi fi ase te nka sɛ wɔagyaw yɛn, na yenya adwene mpo sɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no so atew. Esiane sɛ nsɛm a ɛtete saa tumi to yɛn nyinaa nti, ɛfata sɛ yesusuw nsɛm a ɔsomafo Paulo yɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Romafo ti 8 no ho yiye. Ɔkyerɛw saa nsɛm no kɔmaa Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no. Nanso, ɛfa nguan foforo a wɔabu wɔn treneefo sɛ Onyankopɔn nnamfo, sɛnea wobuu Abraham a ɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba, no nso ho.—Romafo 4:20-22; Yakobo 2:21-23.

10, 11. (a) Sobo bɛn na ɛtɔ mmere bi a atamfo de bɔ Onyankopɔn nkurɔfo? (b) Dɛn nti na sobo a ɛtete saa no nkyerɛ hwee mma Kristofo ankasa?

10 Kenkan Romafo 8:31-34. Paulo bisa sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?” Ampa, Satan ne ne wiase bɔne no ne yɛn redi asi. Atamfo betumi abɔ yɛn atoro sobo wɔ ɔman asɛnnibea mpo. Wɔabɔ Kristofo a wɔyɛ awofo binom sobo sɛ wɔtan wɔn mma esiane sɛ wɔmma wɔmfa nnuruyɛ mu akwan bi a etia Onyankopɔn mmara so nsa wɔn yare anaa wɔmma wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ abosonsomfo afahyɛ ahorow mu nti. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 2 Korintofo 6:14-16) Wɔabɔ Kristofo anokwafo foforo atoro sobo sɛ wɔyɛ amammɔfo esiane sɛ wonkunkum wɔn yɔnko nnipa wɔ akodi mu anaasɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu nti. (Yohane 17:16) Asɔretiafo bi akeka Yehowa Adansefo ho nsɛmmɔne wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu, na wɔabɔ wɔn atoro sobo sɛ wɔyɛ sum ase kuw a wɔn ho yɛ hu.

11 Nanso, mma wo werɛ mfi sɛ wɔ asomafo no bere so no, wɔkae sɛ: “Fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) So atoro sobo kyerɛ biribi ankasa? Onyankopɔn na ogyina nokware Kristofo gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo afɔrebɔ mu so bu wɔn treneefo. Dɛn nti na Yehowa renkɔ so nnɔ n’asomfo bere a ɔde akyɛde a ɛsom bo sen biara a obetumi de ama—n’ankasa Dɔba—akyɛ wɔn no? (1 Yohane 4:10) Saa bere yi a wɔanyan Kristo afi awufo mu na wɔde no akɔtra Onyankopɔn nsa nifa no, odi ma Kristofo denneennen. Hena na obetumi abu gyina a Kristo gyina n’akyidifo akyi no ho ntɛn ma afata anaasɛ obetumi ne Onyankopɔn adi asi wɔ bu a obu n’anokwafo sɛ wɔfata no ho ma ayɛ yiye? Obiara nni hɔ!—Yesaia 50:8, 9; Hebrifo 4:15, 16.

12, 13. (a) Tebea horow bɛn na entumi ntetew yɛne Onyankopɔn dɔ mu? (b) Dɛn ne Ɔbonsam botae a enti ɔde amanehunu ba yɛn so no? (d) Dɛn nti na Kristofo di nkonim koraa?

12 Kenkan Romafo 8:35-37. Yɛn akyi no, so obi anaa biribi foforo wɔ hɔ a ebetumi atetew yɛne Yehowa ne ne Ba, Kristo Yesu, dɔ mu? Satan betumi de n’asase so adwumayɛfo ahaw Kristofo pii. Bɛboro afeha a atwam no, wɔataa yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea pii wɔ nsase pii so. Wɔ mmeae bi nnɛ no, yɛn nuanom hyia sikasɛm mu ahokyere da biara da. Ebinom di kɔm na ebinom nso nni nea wɔde kata wɔn ho pii. Botae bɛn nti na Ɔbonsam de tebea a ahokyere wom yi nyinaa ba? Ne botae no fã bi ne sɛ ɔbɛsɛe Yehowa nokware som. Satan pɛ sɛ yegye di sɛ Onyankopɔn dɔ ano adwo. Nanso, saa na asɛm no te?

13 Te sɛ Paulo a ɔfaa Dwom 44:22 kaa asɛm no, yɛasua Onyankopɔn Asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ no. Yɛte ase sɛ Onyankopɔn din nti na saa nneɛma yi nyinaa to yɛn a yɛyɛ ne “nguan” no. Onyankopɔn din ho a wɔbɛtew ne n’amansan tumidi ho a wɔbɛsan wɔ asɛm no mu. Ɛyɛ nsɛmpɔw atitiriw yi nti na Onyankopɔn ama sɔhwɛ ahorow ho kwan no, na ɛnyɛ sɛ ɔnnɔ yɛn bio nti. Ɛmfa ho sɛnea tebea no haw adwene fa biara no, wɔama yɛn awerɛhyem sɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma ne nkurɔfo, a yɛn mu biara ka ho, no nsakrae. Sɛ yɛkɔ so kura yɛn mudi mu a, nkogu biara a ebia ayɛ sɛ yɛadi no bɛdan nkonimdi. Onyankopɔn dɔ a emu yɛ den ho bɔhyɛ no hyɛ yɛn den wowaw yɛn.

14. Dɛn nti na na Paulo wɔ Onyankopɔn dɔ mu gyidi ɛmfa ho amanehunu a na Kristofo betumi ahyia no?

14 Kenkan Romafo 8:38, 39. Dɛn na ɛma Paulo nyaa gyidi sɛ biribiara ntumi ntetew Kristofo ne Onyankopɔn dɔ mu no? Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo ankasa suahu a onyae wɔ ɔsom adwuma no mu no na ɛma onyaa gyidi a emu yɛ den sɛ ahohia ntumi nsɛe Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn no. (2 Korintofo 11:23-27; Filipifo 4:13) Afei nso na Paulo wɔ Yehowa daa atirimpɔw ne sɛnea Ɔne ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu dii no ho nimdeɛ. So owu ankasa betumi adi Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma wɔn a wɔsom no nokware mu no so nkonim? Dabida! Anokwafo a wɔte saa a wowu no bɛkɔ so atra Onyankopɔn nkae a ɛyɛ pɛ no mu, na obenyan wɔn wɔ bere a ɛfata mu.—Luka 20:37, 38; 1 Korintofo 15:22-26.

15, 16. Bobɔ nneɛma a entumi nsɛe Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma ne nokware asomfo da no bi din?

15 Asiane biara a ebia ɛbɛto yɛn wɔ asetram nnɛ—sɛ́ ɛyɛ akwanhyia bi a ebebubu yɛn, owuyare, anaa sikasɛm mu amanehunu—no, biribiara ntumi nsɛe Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma ne nkurɔfo no. Abɔfo a wɔwɔ tumi te sɛ ɔbɔfo soɔdenfo a ɔbɛyɛɛ Satan no ntumi mma Yehowa nnyae dɔ a ɔdɔ n’asomfo a wɔwɔ ahofama no. (Hiob 2:3) Nniso ahorow betumi abara Onyankopɔn asomfo ayɛ wɔn basabasa, na ebia wɔabu wɔn sɛ nnipa a “wɔapa” wɔn. (1 Korintofo 4:13) Amanaman no tan a enni nnyinaso saa no betumi ahyɛ nkurɔfo ma wɔasɔre atia yɛn, nanso ɛno mma amansan Hene no nnyaw yɛn.

16 Sɛ́ Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ nea Paulo frɛɛ no “nneɛma a ɛwɔ ha”—a ɛyɛ nsɛm, ne tebea horow a esisi mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu—anaa “nneɛma a ɛrebɛba” daakye no betumi asɛe ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma ne nkurɔfo no. Ɛwom sɛ asase so ne ɔsoro atumfoɔ reko tia yɛn de, nanso Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ no wɔ hɔ a ɛwowaw yɛn. Sɛnea Paulo sii so dua no, “ɔsoro anaa ebun” ntumi nka Onyankopɔn dɔ nhyɛ. Yiw, biribiara a ɛbɔ mmɔden sɛ ebebu yɛn abam, anaa biribiara a ɛbɔ mmɔden sɛ ebenya yɛn so tumi biara nni hɔ a ebetumi atetew yɛne Onyankopɔn dɔ mu; saa ara na abɔde foforo biara ntumi nsɛe Ɔbɔadeɛ no ne n’asomfo anokwafo ntam abusuabɔ. Onyankopɔn dɔ to ntwa da; ɛte hɔ daa.—1 Korintofo 13:8.

Ma W’ani Nsɔ Onyankopɔn Adɔe Daa

17. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn dɔ a yebenya “ye sen nkwa”? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn adɔe?

17 Onyankopɔn dɔ ho hia wo dɛn? So wote nka sɛ Dawid a ɔkyerɛw eyi no: “W’adɔe ye sen nkwa, mede m’ano meyi wo ayɛ. Ne saa na mete ase yi mehyira wo, wo din mu na mɛma me nsa so.” (Dwom 63:3, 4) Nokwarem no, so biribi wɔ hɔ a yebetumi anya wɔ asetram a eye sen Onyankopɔn dɔ ne n’adamfofa a edi mũ a yebenya no? Sɛ nhwɛso no, so adwuma a sika wom akyi a yebedi ye sen asomdwoe ne anigye a yenya fi yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a emu yɛ den mu no? (Luka 12:15) Kristofo binom ahyia Yehowa a wɔbɛpa no anaa wu a wobewu ho sɔhwɛ. Eyi too Yehowa Adansefo pii wɔ Nasi nneduaban ahorow mu wɔ Wiase Ko II no mu. Yɛn nuanom Kristofo dodow no ara pawee sɛ wɔbɛtra Onyankopɔn dɔ mu, a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ sɛ ɛhwehwɛ sɛ wowu mpo a, wobewu. Wɔn a wɔkɔ so de nokwaredi tra Onyankopɔn dɔ mu no betumi anya ahotoso sɛ ɔbɛma wɔn nsa aka daakye a enni awiei, biribi a wiase no ntumi mma wonnya. (Marko 8:34-36) Nanso, nneɛma pii wom sen daa nkwa a wobenya.

18. Dɛn nti na yɛn ani gye daa nkwa ho saa?

18 Ɛwom sɛ obi ntumi ntra ase daa bere a Yehowa ho nnim de, nanso sɛ yɛn Bɔfo no ho nnim a susuw sɛnea nkwatenten bɛyɛ no ho hwɛ. Ɛbɛyɛ hunu a atirimpɔw papa biara nnim. Yehowa ama ne nkurɔfo adwuma a abotɔyam wom sɛ wɔnyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu. Enti yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ Yehowa, Atirimpɔw Wura, no ma yɛn daa nkwa a, yebenya nneɛma a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so asua na yɛayɛ. (Ɔsɛnkafo 3:11) Ɛmfa ho nhwehwɛmu dodow biara a yɛbɛyɛ wɔ mfirihyia mpempem pii a ɛda yɛn anim mu no, yɛrentumi nhu “Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ” no mu nwie koraa da.—Romafo 11:33.

Agya no Dɔ Mo

19. Awerɛhyem bɛn na Yesu de maa n’asuafo no ne wɔn de dii nkra?

19 Wɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu, anwummere a edi akyiri a Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 traa asase so no, ɔkaa nsɛm pii de hyɛɛ wɔn den wɔ nneɛma a na ɛrebɛba no ho. Ná wɔn nyinaa akɔ so ne Yesu atra ne sɔhwɛ ahorow mu, na na wɔahu sɛnea ɔdɔ wɔn no ankasa. (Luka 22:28, 30; Yohane 1:16; 13:1) Afei Yesu maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Agya no ankasa dɔ mo.” (Yohane 16:27) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm yi boaa asuafo no ma wohuu tema kɛse a wɔn soro Agya no wɔ ma wɔn no!

20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ, na dɛn mu na wubetumi anya ahotoso?

20 Nnipa pii a wɔte ase nnɛ asom Yehowa mfe pii. Akyinnye biara nni ho sɛ, ansa na nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei no, yebehyia sɔhwɛ ahorow pii. Mma sɔhwɛ ahorow anaa amanehunu a ɛtete saa mma w’adwenem nyɛ wo nãã wɔ nokware dɔ a Onyankopɔn wɔ ma wo no ho da. Ɛnyɛ sɛ yɛreka nokwasɛm yi ma atra so: Yehowa dɔ wo. (Yakobo 5:11) Momma yɛn mu biara nkɔ so nyɛ ne fam de, nni Onyankopɔn ahyɛde ahorow so nokware mu. (Yohane 15:8-10) Ɛmmra sɛ yɛde hokwan biara a yebenya beyi ne din ayɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛnam mpaebɔ ne Yehowa Asɛm sua so bɛbɛn no no mu den. Sɛ yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa de asɔ Yehowa ani a, yɛbɛkɔ so anya asomdwoe, a yɛwɔ ne dɔ a ɛto ntwa da no mu ahotoso koraa, ɛmfa ho nea ɛbɛba ɔkyena biara.—2 Petro 3:14.

Wubebua Dɛn?

•Sɛ yɛbɛkɔ so akari pɛ wɔ honhom fam ne nkate fam a, hena dɔ na yehia titiriw?

•Nneɛma bɛn na ɛrentumi mma ɔdɔ a Yehowa wɔ ma n’asomfo no to ntwa da?

•Dɛn nti na Yehowa dɔ a yebenya “ye sen nkwa”?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Sɛ yɛte nka sɛ yɛne Onyankopɔn dɔ mu atetew a, yebetumi asiesie tebea no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Paulo tee nea enti a na wɔtaa no no ase