Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛbɛma Yɛanya Wiase a Anigye Wom

Nea Ɛbɛma Yɛanya Wiase a Anigye Wom

Nea Ɛbɛma Yɛanya Wiase a Anigye Wom

TIME nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Onipa biako pɛ a wanya nkɛntɛnso sen biara—ɛnyɛ mfe mpem abien yi mu nko, na mmom nnipa abakɔsɛm nyinaa mu—ne Yesu a ofi Nasaret no.” Bere a Yesu wɔ asase so no, ɛnyɛ ne kɛseyɛ nko na komapafo mpempem pii hui, na mmom, sɛnɛa na osusuw afoforo ho no nso. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔpɛ sɛ wosi no hene. (Yohane 6:10, 14, 15) Nanso, sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, Yesu amfa ne ho anhyehyɛ amammuisɛm mu.

NNEƐMA abiɛsa nti na Yesu anyɛ saa: adwene a na N’agya kura wɔ ka a adesamma ka sɛ wonim nea eye ma wɔn ho, a nea ɛka ho ne nnipa tumidi; nim a na Yesu nim sɛ tumi ahorow bi wɔ hɔ a ahintaw a ɛreko atia mmɔden a ɛsen biara a nnipa nniso rebɔ mpo; ɛne Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde ɔsoro nniso bi besi hɔ ma adi asase nyinaa so no. Bere a yɛhwehwɛ nneɛma abiɛsa yi mu yiye no, yebehu nea enti a nnipa adi nkogu wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wiase no ayɛ beae a eye no mu. Yebehu ɔkwan a yɛbɛfa so adi nkonim nso.

So Nnipa Betumi Adi Wɔn Ho So?

Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɔmaa wɔn tumi wɔ mmoa so. (Genesis 1:26) Nanso na Onyankopɔn na odi nnipa so. Sɛ na ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no bɛda no adi pefee sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma Onyankopɔn a, na ɛsɛ sɛ wofi setie mu po aduaba pɔtee bi, “papa ne bɔne hu dua no.” (Genesis 2:17) Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa amfa hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no anni dwuma nyansam, na wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Aba a na wɔabara sɛ wonnni a wodii no nyɛ korɔnbɔ kɛkɛ. Ná ɛyɛ atuatew a etia Onyankopɔn tumidi. Genesis 2:17, The New Jerusalem Bible ase hɔ asɛm no ka sɛ, Adam ne Hawa “hwehwɛɛ abrabɔ mu ahofadi koraa a wɔnam so kyerɛe sɛ wɔnyɛ abɔde . . . Bɔne a edi kan no yɛ ntua a wɔde baa Onyankopɔn tumidi so.”

Esiane sɛ abrabɔ ho ɔsɛmpɔw ho asɛm a emu yɛ den wom nti, Onyankopɔn maa Adam ne Hawa ne wɔn asefo paw wɔn ankasa asetra kwan, na wɔn ankasa hyehyɛɛ papa ne bɔne ho gyinapɛn. (Dwom 147:19, 20; Romafo 2:14) Enti, onipa fii ase sɛ ɔbɛtra ase a obiara mmoa nka ho. So biribi pa bi afi mu aba? Yebetumi agyina nsɛm a asisi mfe mpempem pii no so aka sɛ dabi! Ɔsɛnkafo 8:9 ka sɛ: “Onipa di onipa so ma ɛdan no bɔne.” Nnipa nniso ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ awerɛhow yi si nokware a Yeremia 10:23 yɛ so dua sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Abakɔsɛm ada no adi sɛ nnipa ntumi nni wɔn ho so a wɔn Bɔfo no nka ho.

Yesu gyee eyi toom pefee. Ná ɛyɛ n’akyiwade sɛ ɔbɛtwe ne ho afi Onyankopɔn ho. Ɔkae sɛ: “Memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi . . . meyɛ nea ɛsɔ [Onyankopɔn ani] daa.” (Yohane 4:34; 8:28, 29) Enti, esiane sɛ wannya ahyɛde biara amfi Onyankopɔn hɔ sɛ onnye nnipa tumidi ntom nti, Yesu ansusuw ho koraa sɛ obegye tumidi a ɛte saa. Nanso, na eyi nkyerɛ sɛ onni ɔpɛ sɛ ɔbɛboa ne mfɛfo nnipa. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de boaa afoforo ma wonyaa anigye kɛse saa bere no ne daakye a ɛbɛba. Ɔde ne nkwa too hɔ maa adesamma mpo. (Mateo 5:3-11; 7:24-27; Yohane 3:16) Nanso na Yesu nim sɛ “ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no,” a nea ɛka ho ne bere a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔde bedi adesamma so tumi no. (Ɔsɛnkafo 3:1; Mateo 24:14, 21, 22, 36-39) Nanso, kae sɛ wɔ Eden no, yɛn awofo a wodi kan no gyaee wɔn ho mu maa honhommɔne a ɔnam ɔwɔ a aniwa tua no so kasae no apɛde. Eyi de yɛn ba ntease a ɛto so abien nti a Yesu amfa ne ho ahyehyɛ amammuisɛm mu no so.

Wiase Sodifo a Wonhu No

Bible kyerɛ yɛn sɛ Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ sɛ ɔkotow no sɔre no a, ɔde “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” bɛma no. (Mateo 4:8-10) Nokwarem no, wɔde wiase tumidi maa Yesu—nanso Ɔbonsam na ɔne no yɛɛ saa nhyehyɛe no. Yesu annyae ne ho mu amma saa sɔhwɛ no. Nanso, so na ɛyɛ sɔhwɛ ankasa? So na Satan betumi de ade kɛse a ɛte saa ama? Yiw, efisɛ Yesu ankasa frɛɛ Ɔbonsam “wi yi ase sodifo,” na ɔsomafo Paulo kaa ne ho asɛm sɛ “wi yi ase nyame.”—Yohane 14:30; 2 Korintofo 4:4; Efesofo 6:12.

Nokwarem no, na Yesu nim sɛ Ɔbonsam nni adesamma ho adwempa. Ɔkaa Satan ho asɛm sɛ “owudifo” ne “ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Ɛda adi sɛ, wiase a “ɛda” honhommɔne a ɔte saa “tumi mu” no mu ntumi nyɛ anigye da. (1 Yohane 5:19) Nanso Ɔbonsam renkɔ so nnya saa tumi yi daa. Ɛrenkyɛ, Yesu a mprempren ɔyɛ honhom mu abɔde a ɔwɔ tumi no, bɛsɛe Satan na wayi ne nkɛntɛnso afi hɔ koraa.—Hebrifo 2:14; Adiyisɛm 20:1-3.

Satan ankasa nim sɛ ne nna a ɔwɔ sɛ wiase sodifo no resa ntɛmntɛm. Enti, ɔrebɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛma adesamma aporɔw a wontumi nsiesie wɔn, sɛnea ɔyɛe wɔ nna a edi Noa bere so nsuyiri no anim mu no. (Genesis 6:1-5; Yuda 6) Adiyisɛm 12:12 ka sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Bible nkɔmhyɛ ne nsɛm a ɛresisi wɔ wiase da no adi sɛ yɛte ‘bere tiaa’ yi nna a edi akyiri mu. (2 Timoteo 3:1-5) Yɛn gye abɛn.

Nniso a Ɛde Anigye Bɛba

Ntease a ɛto abiɛsa a enti Yesu twee ne ho fii amammuisɛm ho no ne sɛ na onim sɛ daakye bi, Onyankopɔn de ɔsoro nniso bi besi hɔ a ebedi asase so. Bible frɛ saa nniso yi Onyankopɔn Ahenni, na na ɛno ne Yesu nkyerɛkyerɛ no asɛmti titiriw. (Luka 4:43; Adiyisɛm 11:15) Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmara, efisɛ ahenni no nniso ase ansa na ‘Onyankopɔn apɛde bɛyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro no.’ (Mateo 6:9, 10) Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Sɛ saa Ahenni yi bedi asase nyinaa so a, ɛnde na dɛn na ɛbɛto nnipa nniso ahorow no?’

Yebehu mmuae no wɔ Daniel 2:44: ‘Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu [nnipa ] ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.’ Dɛn nti na Onyankopɔn Ahenni ‘bebubu’ asase so nniso ahorow? Efisɛ eyinom hyɛ ahofadi honhom a egu Onyankopɔn ho fĩ a Satan maa ɛsɔree wɔ Eden turom no ho nkuran daa. Sɛ nneɛma a saafo no yɛ de ma adesamma di awerɛhow no da nkyɛn a, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhyɛ saa honhom no ho nkuran no ma wɔne Ɔbɔadeɛ no di asi. (Dwom 2:6-12; Adiyisɛm 16:14, 16) Enti, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So yɛtaa Onyankopɔn tumidi akyi anaasɛ yɛsɔre tia?’

Hena Tumidi na Wobɛpaw?

Nea ɛbɛyɛ na Yesu aboa nkurɔfo ma wɔasi gyinae a edi mu afa tumidi ho no, ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnka ahenni ho asɛmpa no wiase nyinaa mfa nni amanaman nyinaa adanse’ ansa na mprempren nhyehyɛe no aba n’awiei. (Mateo 24:14) Henanom na wonim wɔn wiase nyinaa sɛ wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no nnɛ? Ɛyɛ Yehowa Adansefo. Nokwarem no, wofi bere tenten akyerɛw asɛm “Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ” wɔ nsɛmma nhoma yi akyi. Ɛnnɛ, Adansefo bɛyɛ ɔpepem asia na wɔreboa nkurɔfo ma wɔanya saa Ahenni no ho nokware nimdeɛ wɔ nsase bɛboro 230 so. *

Nhyira a Ahenni no Nkoa Benya

Yesu yɛɛ nneɛma wɔ Onyankopɔn kwan so bere nyinaa. Enti, sɛ anka n’ankasa bɛpaw ne kwan na wabɔ mmɔden ataa nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi akyi anaa wama atu mpɔn denam amammuisɛm so no, ɔbɔɔ mmɔden maa Onyankopɔn Ahenni, wiase haw ano aduru koro pɛ, no ho nneɛma nyaa nkɔanim. Wɔde no sii anuonyam agua so wɔ soro sɛ saa Ahenni no Hene a ɔfata de tuaa ne nokwaredi so ka. Ahobrɛase a ɔde som Nyankopɔn ho abasobɔ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!—Daniel 7:13, 14.

Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ a wosuasua Yesu na wɔde Onyankopɔn Ahenni di kan na wɔbrɛ wɔn ho ase ma Onyankopɔn apɛdeyɛ no nso benya akyɛde nwonwaso bi—hokwan a ɛne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no asase so nkoa. (Mateo 6:33) Wɔ ne dɔ nniso ase no, wɔbɛtete wɔn ma wɔabɛyɛ pɛ, a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa. (Adiyisɛm 21:3, 4) Yohane nhoma edi kan ti 2:17 ka sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” Bere a wɔayi Satan ne n’akyidifo afi hɔ na asase nyinaa adan paradise a mpaapaemu a ɔmampɛ de ba, aguadi nhyehyɛe a aporɔw, ne atoro som nni hɔ no, hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra ha daa nyinaa!—Dwom 37:29; 72:16.

Yiw, Onyankopɔn Ahenni ne ade a ɛde wiase a anigye wom ankasa bɛba, na wɔfrɛ nkrasɛm a wɔde rebɔ ho dawuru no ma ɛfata sɛ asɛmpa. Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, bere foforo a Yehowa Adansefo bɛba wo fie no, dɛn nti na wuntie asɛmpa a wɔde rebrɛ wo no?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Bere a Yehowa Adansefo ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no, wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu anaasɛ wɔnkanyan atuatew ntia wiase nniso ahorow no, wɔ nsase a wɔabara Adansefo no anaasɛ wɔtaa wɔn mpo so. (Tito 3:1) Mmom no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ honhom fam mmoa a mfaso wɔ so na ennyina amammuisɛm so wɔ ɔkwan a Yesu ne n’afeha a edi kan mu asuafo no yɛe so. Adansefo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nnipa komapafo a wɔwɔ wɔn mpɔtam no ma wɔanya Bible gyinapɛn ahorow a ɛfata, te sɛ abusua mu dɔ, nokwaredi, abrabɔ fam ahotew, ne adwuma ho su pa. Ne titiriw no, wɔbɔ mmɔden kyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wobedi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi na wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn Ahenni so sɛ adesamma anidaso koro pɛ.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Abakɔsɛm ada no adi sɛ nnipa ntumi nni wɔn ho so a Onyankopɔn mmoa nka ho

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Esiane sɛ Satan di “wi yi ase” so tumi nti, na obetumi de “wiase ahenni nyinaa” ama Yesu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yesu kyerɛkyerɛe sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu no, wiase bɛyɛ beae a ɛyɛ anigye