Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetumi Ama Wiase Ayɛ Baabi a Eye?

So Wubetumi Ama Wiase Ayɛ Baabi a Eye?

So Wubetumi Ama Wiase Ayɛ Baabi a Eye?

“Amammuisɛm ntumi nsiesie nneɛma a atoto wɔ asetram no. Entumi mma ɔmanfo nnya ɔbrapa ho adwene a na ɛwɔ hɔ kan no. Nhyehyɛe a edi mu sen biara mpo ntumi mma nantew a edi aware anim ne aware nyɛ yiye, entumi mma agyanom ani nku wɔn mma ho, entumi nyi abufuw anaa aniwu mfi hɔ . . . Abrabɔ ho nsɛnnennen pii a yehyia no nyɛ nea mmara bi betumi ayi afi hɔ.”

SO Wugye saa nsɛm no a kan U.S. aban soafo bi kae no tom? Sɛ saa a, ɛnde na dɛn ne ɔhaw pii a ɛwɔ hɔ nnɛ a adifudepɛ, ɔdɔ a enni mmusua mu, ahohwibra, anibiannaso ne nneɛma bɔne foforo a ɛresɛe ɔmanfo asetra na ɛde aba no ano aduru? Ebinom te nka sɛ ano aduru nni hɔ, enti wɔyɛ nea wobetumi biara de tra ase. Afoforo gye di sɛ bere bi bɛba a ɔkannifo bi a ɔwɔ nkɛntɛnso na n’adwenem da hɔ, a ebia ɔyɛ nyamesom mu kannifo mpo, bɛba abɛkyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so.

Nokwarem no, mfe mpem abien a atwam ni no, na nkurɔfo pɛ sɛ wosi Yesu Kristo hene efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn na asoma no na ɔbɛyɛ sodifo a ɔfata sen biara. Nanso, bere a Yesu huu wɔn nsusuwii no, ofii hɔ ntɛm. (Yohane 6:14, 15) Akyiri yi, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Roma amrado bi sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase.” (Yohane 18:36) Nanso nnansa yi, nnipa dodow no ara nyɛ nea Yesu yɛe no—nyamesom akannifo a wɔkyerɛ sɛ wodi Yesu akyi no mpo ka ho. Eyinom mu bi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wiase yi ayɛ beae a eye denam mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkɛntɛn wiase atumfoɔ so anaa amammui mu dibea a wɔn ankasa benya so. Yebetumi ahu eyi bere a yesusuw nsɛm bi a esisii wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu ho no.

Mmɔden a Nyamesomfo Bɔ Sɛ Wɔbɛma Wiase no Ayɛ Yiye

Wɔ 1960 mfe no awiei no, nyamekyerɛfo bi a wɔwɔ Latin-Amerika aman mu no yɛe sɛ wobedi apere ama ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so. Ne saa nti, wɔhyehyɛɛ ahofadi ho nyamekyerɛ bi a emu no, wɔkaa Kristo ho asɛm sɛ ɛnyɛ Bible mu nko na ɔyɛ ogyefo na mmom amammui ne sikasɛm mu nso. Wɔ United States no, asɔre akannifo dodow bi a na abrabɔ ho gyinapɛn a asɛe haw wɔn kɛse no tew ahyehyɛde bi a wɔfrɛ no Moral Majority (Nnipa Dodow a Wɔpɛ Abrabɔ Pa). Ná wɔn botae ne sɛ wɔbɛma nnipa bi anya amammui mu dibea na wɔahyehyɛ gyinapɛn a ɛfata ama mmusua. Saa ara na wɔ Nkramofo nsase pii so no, kuw ahorow abɔ mmɔden sɛ wobesiw dwowtwa ne adifudepɛ ano denam Koran a wɔbɛma adi nkurɔfo ti no so.

So wugye di sɛ wiase no abɛdan beae a eye esiane mmɔdenbɔ a ɛte saa nti? Nokwasɛm no da no adi sɛ, mmɔdenbɔ no nyinaa akyi no, sɛe ara na abrabɔ ho gyinapɛn resɛe, na kam a ɛda asikafo ne ahiafo ntam no reyɛ kɛse, a aman a na ahofadi ho nyamekyerɛ agye ntini wom no ka ho.

Esiane sɛ Moral Majority ahyehyɛde no antumi annu ne botae atitiriw ho wɔ United States nti, nea ɔde saa ahyehyɛde no bae, Jerry Falwell, guu ahyehyɛde no wɔ 1989 mu. Ahyehyɛde afoforo abesi ananmu. Nanso, Paul Weyrich, a ofii ase de asɛm “moral majority” dii dwuma no, kyerɛwee wɔ Christian Today nsɛmma nhoma mu sɛ: “Sɛ yedi nkonim wɔ abatow mu mpo a, yɛn nkonimdi no ntumi mma yennu nhyehyɛe ahorow a yesusuw sɛ ehia no ho.” Ɔsan kyerɛwee sɛ: “Yɛn amammerɛ no rekɔ fam kɛse. Yɛn amammerɛ no asɛe sen biara wɔ abakɔsɛm mu, asɛe araa ma amammuifo ntumi nyɛ ho hwee.”

Sɛnkyerɛwfo ne nhoma kyerɛwfo Cal Thomas daa nea osusuw sɛ ɛno ne ade titiriw a ɛmma wontumi mfa amammuisɛm so nsiesie ɔmanfo asetra no adi sɛ: “Komam na nsakrae ankasa fi ba, na ɛnyɛ abatow mu nkonim a obi bedi, efisɛ ɔhaw titiriw a yɛrehyia no nyɛ sikasɛm ne amammuisɛm de, na mmom, abrabɔ ne honhom fam de.”

Nanso ɔkwan bɛn so na wodi abrabɔ ne honhom fam nsɛnnennen ho dwuma wɔ wiase a gyinapɛn biara nni hɔ na obiara yɛ nea ɔpɛ no? Sɛ nnipa a wɔwɔ nkɛntɛnso na wokura adwempa—sɛ́ wɔyɛ nyamesomfo anaa wɔnyɛ bi no—ntumi mma wiase yi nyɛ beae a eye a, ɛnde hena na obetumi? Yebehu mmuae no wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Nokwarem no, ɛno ne ade titiriw nti a Yesu kae sɛ N’ahenni mfi wi yi ase no.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Dirty water: WHO/UNICEF photo; globe: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]

Children: UN photo; globe: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.