Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛyɛ Nea Yebetumi Nyinaa!

Yɛyɛ Nea Yebetumi Nyinaa!

Yɛyɛ Nea Yebetumi Nyinaa!

“YƐ NEA wubetumi nyinaa.” Yehowa Adansefo Sodikuw no muni bi de afotu a mfaso wɔ so yi maa ɔsɛmpatrɛwfo bi wɔ mmere bi a atwam. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde mmofra afotu yi ma ɔsomfo a ne ho akokwaw? So asɛmpatrɛwfo dodow no ara nyɛ akokodurufo a wogyina nsonkronsuo ne awɔ ho haw, ɔhyew, nyarewa, ne ahokyere ano da biara da?

Nokwasɛm ni, Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo te sɛ mmarima ne mmea nyinaa a wɔyɛ Kristofo a ɔdɔ a emu yɛ den a wɔwɔ ma Yehowa ne wɔn yɔnko nnipa na aka wɔn ma wɔakɔsom wɔ amannɔne. Wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Yehowa sɛnea wobetumi, na wɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛma wɔn ahoɔden.—Efesofo 6:10.

Sɛnea ɛbɛyɛ a yebesua pii afa asɛmpatrɛw adwuma ho no, momma yɛmfa no sɛ yɛde da koro rekɔsra asɛmpatrɛwfo fie wɔ Afrika Atɔe fam.

Adwuma a Yɛne Asɛmpatrɛwfo Yɛɛ no Da Koro

Ɛrekɔbɔ anɔpa 7:00. Yɛadu asɛmpatrɛwfo fie wɔ bere ano ma yɛne wɔn rebesusuw da no kyerɛwsɛm ho. Asɛmpatrɛwfo du a wɔwɔ hɔ no maa yɛn akwaaba ne baabi trae wɔ adidi pon ho. Bere a yehuu yɛn ho wiei no, onuawa biako a ɔde mfe pii asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no fii ase kaa osuahu bi a ɛyɛ anigye a onyae wɔ asɛnka adwuma no mu. Nanso bere a oguamtrani a ɔhwɛ dwumadi no so no kaee kuw a yɛn ani agye no sɛ bere aso sɛ yesusuw daa asɛm no ho no, yɛn nkɔmmɔbɔ no ano brɛɛ ase. Na yɛbɛyɛ daa asɛm no wɔ Franse kasa mu. Ɛwom sɛ yɛnte saa kasa no de, nanso sɛnea asɛmpatrɛwfo a wofi amannɔne no de kasa no kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu yiye no daa no adi pefee sɛ wɔrebɔ mmɔden wɔ kasa no sua mu.

Yɛde mpaebɔ a efi komam toaa Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ no so, na afei bere dui sɛ yedidi. Bere a yɛn ani agye redidi no ɔsɛmpatrɛwfo biako ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa kwadu a wɔatwitwa nka yɛn aduan no ho. Yɛkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ yɛmpɛ kwadu, nanso ɔhyɛɛ yɛn bɔ sɛ sɛ yenya sɔ ɛhɔnom kwadu no bi hwɛ a, yɛn ani begye ho. Enti yɛde kwadu a wɔatwitwa no bi guu yɛn aduan no so. Hwɛ sɛnea na n’asɛm no yɛ nokware! Kwadu yi yɛ dɛ—ɛte sɛ ice cream! Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ anɔpa yi ara na wɔtõõ paanoo a yɛredi yi wɔ sotɔɔ ketewaa bi a esi kwan a ɛda asɛmpatrɛwfo fie no anim no mu.

Sɛ yedidi anɔpa yi wie a, yɛne asɛmpatrɛwfo awarefo a yɛbɛfrɛ wɔn Ben ne Karen bɛnantew da mũ no nyinaa. Yɛate asasesin a ɛsow aba wɔ saa Afrika Atɔe fam man yi mu no ho asɛm, na na yɛn ho pere yɛn sɛ yebehu nokwasɛm a ɛwom.

Bere a yeduu faako a bɔs gyina fa nnipa no, yehui sɛ nnipa pii wɔ hɔ retwɛn. Ankyɛ biara na yɛn ayɔnkofo asɛmpatrɛwfo no ne ɔbea bi ne ne ba fii Bible mu nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye ase. Yentumi nka France kasa nti, yegyina hɔ na yɛserew! Ɔbea no yɛe sɛ ɔregye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no bi ara pɛ na bɔs no bae, na afei obiara de ahopere foroe! Bere a yɛrepere aforo bɔs no, nnipadɔm a wɔwɔ akyi no piapiaa yɛn. Na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebetumi agyina hɔ yiye wɔ bere a na yɛrekɔ bɔs no akyi no. Bere a bɔs no tui no yesusoo yɛn ho mu na amma yɛampira. Ɛwom ara a, na bɔs no agyina na nnipa foforo pii abɛhyem. Yɛserew kyerɛɛ wɔn a wɔte bɔs no mu no, na wɔn nso serew kyerɛɛ yɛn bi. Hwɛ sɛnea ɛkaa yɛn nko a anka yɛne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ!

Bere a na yɛn bɔs no de mmirika rekɔ no, yɛde yɛn aniwa faa mfɛnsere no mu hwɛɛ nnwuma pii a na ɛrekɔ so wɔ kwan no ho no. Na mmea baanu nam ntenten mu sõsõ nnosoa duruduru bi. Na wɔn mu biako sõ nsu wɔ hweaseammɔ kɛse bi mu. Na ɔbarima nsiyɛfo bi de kuntu asɛw kwan no ho ahyehyɛ nneɛma nketenkete bi wɔ so retɔn. Baabiara a wobɛhwɛ no, na nnipa retɔ ade anaa wɔretɔn biribi.

Mpofirim ara Ben a na ogyina me nkyɛn no tee sɛ biribi rewowɔ ne nan ho. Na ɛyɛ dɛn? Ná nnipa akyere so bɔs no mu, nanso dekode no san wɔɔ ne nan ho bio. Ɔbɔɔ mmɔden hwɛɛ fam. Na Dabodabo bi hyɛ bag bi a esi ne nan ho pɛɛ mu na ɛwɔ hɔ ara a, na wayi ne ti asɔw no! Ben kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ne wura no de rekɔ guaso akɔtɔn.

Bere a yeduu yɛn asasesin no mu no, yɛn ani gyei sɛ yɛtee sɛ yɛrekɔsra Afrika mpɔtam bi ankasa no. Bere a yeduu fie a edi kan no ano no, Ben bɔɔ ne nsam denneennen de frɛɛ ofiewura no. Saa na ɛhɔfo bɔ “kɔkɔɔkɔ.” Aberante bi puei bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ ɔreyɛ ade enti yɛnkɔ mmra akyiri yi anɔpa no ara.

Bere a yɛkɔɔ fie a edi hɔ mu no, yehyiaa ɔbea bi a na Ben nte ne kasa. Ɔfrɛɛ ne babarima bi sɛ ɔmmɛkyerɛ nea Ben pɛ sɛ ɔka no ase. Bere a Ben kasa wiei no, ɔbea no gyee nhomawa a ɛka Bible mu asɛm, na ne ba no hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ no. Na mmofra pii tete fie a ɛto so abiɛsa no anim. Wɔn mu baanu yɛɛ ntɛm sɔre fii wɔn nkongua so de maa ahɔho no sɛ wɔntra so. Wɔbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye faa mmeamudua som ho. Wɔyɛɛ nkɔmmɔbɔ foforo ho nhyehyɛe maa nnawɔtwe a edi hɔ no. Afei na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ ɔbarima a yedii kan kɔɔ ne nkyɛn a na ɔreyɛ ade no hɔ wɔ fie a edi kan no mu. Ɛkame ayɛ sɛ na wate nkɔmmɔ a na yɛne mmofra no bɔe wɔ kwan no ho no. Na ɔwɔ Bible mu nsɛmmisa pii enti ɔkae sɛ yɛne no nsua Bible no. Bere a Ben hwɛɛ ne nhyehyɛe a wayɛ no, ohui sɛ obetumi asan aba nnawɔtwe a edi hɔ no wɔ saa bere no ara mu. Bere a yɛresan akɔ asɛmpatrɛwfo no fie akodidi awia no, Ben ne Karen kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ wɔn bere yiye anyɛ saa a, wobenya Bible adesuafo pii a wontumi ne wɔn nsua ade.

Yɛkamfoo wɔn sɛ wotumi ka Franse kasa ma emu da hɔ. Ben kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔne Karen asom sɛ asɛmpatrɛwfo mfe asia, na afei Franse kasa no ka nyɛ wɔn den pii. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, kasa foforo sua nna fam, nanso wɔanya wɔn mmɔdenbɔ no so mfaso.

Wɔ awia 12:30 no, asɛmpatrɛwfo no nyinaa behyiae sɛ wɔrebedidi. Yebehui sɛ da biara, wɔma ɔsɛmpatrɛwfo biako noa anɔpa ne awia aduan na sɛ owie a, wahohoro nkyɛnsee mu. Ɛnnɛ, asɛmpatrɛwfo no biako anoa aduan dɛdɛ bi a ɛyɛ akokɔnam a wɔakyew ne ntɔmmɔ a wɔatwitwa akyew, a ɔde tomantosi a wɔatwitwa aka ho—ɛyɛ aduan a ɔpɛ paa!

Na dɛn na Ben ne Karen bɛyɛ awia? Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ kurom hɔfo no mu biara de awia 1:00 kosi 3:00 gye n’ahome, enti asɛmpatrɛwfo no de saa bere no sua ade anaasɛ wɔde home. Anyɛ yɛn nwonwa bere a Karen ka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ asɛmpatrɛwfo foforo ba hɔ a, ɛnkyɛ na wɔatumi adi tebea yi so no!

Bere a yegyee yɛn ahome wiei no, yɛsan kɔɔ asɛnka. Ben anto onigyeni bi a na wabɔ mmɔden ara sɛ ne nsa bɛka no wɔ fie no, nanso bere a Ben bɔɔ ne nsam de bɔɔ kɔkɔɔkɔ no, mmerante baanu bi pue bae. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ofiewura no aka Ben nsrahwɛ no ho asɛm akyerɛ wɔn, na wɔkae sɛ yɛmma wɔn Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a wɔde sua Bible no bi. Yɛn ani gyei sɛ yɛmaa wɔn saa nhoma no biako. Afei yɛfaa bɔs kɔɔ ɔbea bi a ɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye nkyɛn ma Karen ne no kɔyɛɛ Bible adesua.

Bere a yɛnam ɔkwan a nnipa pii nam so rekɔ no, Karen ka kyerɛɛ yɛn sɛ ohuu ɔbea no bere bi a ɔne no traa taksi bi a na nnipa pii nso te mu no mu. Bere a wɔte mu rekɔ no, Karen maa no kratawa bi sɛ ɔnkenkan. Ɔbea no kenkan saa kratawa no na afei obisaa foforo. Ɔde anigye a ɛkyɛn kan de no kenkan ɛno nso. Bere a woduu faako a wɔrekɔ no, Karen yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ akɔsra ɔbea no wɔ ne fie na ɔne no fii Bible adesua a ɛsow aba ase wɔ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no mu. Ɛnnɛ, Karen ne no rekɔyɛ adesua a ɛto so anum wɔ nhomawa no mu.

Yɛn ani gyei wɔ da no asɛnka adwuma no mu ankasa, nanso na yɛda so ara wɔ asɛmpatrɛw adwuma no ho nsɛmmisa bi a yennyaa ho mmuae. Wɔn a wɔyɛɛ yɛn ahɔho no maa yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yedu fie a, wɔbɛyɛ aduan bi a emu nyɛ duru ama yɛn na afei wɔama yɛn nsɛmmisa no ho mmuae.

Sɛnea Wodi Wɔn Nhyehyɛe So

Bere a yɛredi paanoo ne nkesua a wɔakyew, ne kyiis no, yesuaa pii faa asɛmpatrɛwfo asetra ho. Dwoda titiriw ne da a asɛmpatrɛwfo de home anaasɛ wɔde di wɔn ankasa ahiade ho dwuma. Asɛmpatrɛwfo dodow no ara de saa da no kyerɛw krataa kɔma wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo. Asɛmpatrɛwfo kurom nsɛm ho hia wɔn yiye, na wɔn ani gye sɛ wɔbɛkyerɛw nkrataa anaasɛ afoforo bɛkyerɛw wɔn.

Esiane sɛ asɛmpatrɛwfo no te faako na wɔbom yɛ adwuma nti, ɛho hia sɛ wonya nkitahodi pa denam fekuw a wɔne wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo no benya ne honhom mu nneɛma ho nkɔmmɔ a wɔbɛbɔ so. Ne saa nti, nea ɛka wɔn kokoam Bible adesua nhyehyɛe ho a wobedi so ho no, Dwoda anwummere biara asɛmpatrɛwfo no sua Bible ne Ɔwɛn-Aban no. Ben kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ asɛmpatrɛwfo a ɛsono faako a obiara fi bom tra a, nsɛmnsɛm nketenkete tumi sɔre wɔ wɔn ntam, nanso honhom fam mmoa a wonya fi abusua adesua mu no ma wotumi tra asomdwoe ne biakoyɛ mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsan boa ma wɔn nyinaa bu wɔn ho sɛ wɔyɛ pɛ.

Ahobrɛase nso ho hia. Wɔsoma asɛmpatrɛwfo sɛ wɔnkɔsom ɛnyɛ sɛ afoforo nsom wɔn. Yɛn nnamfo no ka sɛ ade biako a ne ka yɛ den wɔ kasa biara mu ne “mepa wo kyɛw,” titiriw sɛ obi repa kyɛw wɔ biribi a ɔkae ho anaa biribi a wanhyɛ da na ɔyɛe ho a. Ben kaee yɛn Bible mu nhwɛso a ɛfa Abigail ho, bere a ɔpaa kyɛw maa ne kunu wɔ ne nneyɛe bi a na ɛmfata ho na osiesiee tebea a anka ɛde nsɛnnennen bɛba no. (1 Samuel 25:23-28) Tumi a wotumi ‘tra asomdwoe mu’ ne ade titiriw a ɛma obi yɛ ɔsɛmpatrɛwfo pa.—2 Korintofo 13:11.

Da koro wɔ ɔsram no mu no, asɛmpatrɛwfo no hyiam susuw nsɛm a ɛfa abusua no, ne nhyehyɛe foforo a wɔbɛyɛ de ahwɛ wɔn fie no ho. Ɛno akyi no, wɔyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade soronko bi na wɔn nyinaa adi. Yehu sɛ nhyehyɛe yi fata ankasa—ɛyɛ anika.

Bere a yedii anwummeduan wiei no, yɛde bere tiaa bi hwehwɛɛ asɛmpatrɛwfo fie hɔ. Yehui sɛ, ɛwom sɛ fie no nkyere so biara de, nanso asɛmpatrɛwfo no bom yɛ adwuma ma ɛhɔ yɛ fɛ yiye. Frigye, afiri a wɔde horo nneɛma, ne sutof wɔ hɔ. Karen ka kyerɛɛ yɛn sɛ Afrika Atɔe fam aman a owia bɔ denneennen te sɛ ha de, wobehia afiri a ɛma dan mu dwo. Adan a ɛfata, nnuan a ahoɔden wom, ne akwahosan ho ahwɛyiye a wɔde ma no boa asɛmpatrɛwfo no ma wonya ahoɔden ne nkɔso.

Wɔde Wɔn Adwene Si Nneɛma a Mfaso Wɔ So So

Yɛn ani gyee biribiara a yehuu wɔ hɔ no ho. So yebetumi ayɛ asɛmpatrɛwfo adwuma no bi? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu? Wɔn a wɔyɛɛ yɛn ahɔho no kaa nsɛm bi kyerɛɛ yɛn a ɛsɛ sɛ yesusuw ho.

Nea edi kan no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ, Kristofo asɛmpatrɛwfo ntu kwan nkɔhwɛ wɔn aniso ade. Wɔhwehwɛ nnipa akomapafo a wɔpɛ sɛ wosua Nyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho ade. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo de nnɔnhwerew 140 yɛ adwuma wɔ asɛnka mu ɔsram biara, ɛno nti ɛsɛ sɛ wonya ɔsom adwuma no ho anigye.

Na yebisaa wɔn sɛ, ‘awɔ, nketew, ne nsonkronsuo nso ɛ?’ Ben ka kyerɛ yɛn sɛ esiane sɛ wotumi hu eyinom wɔ asɛmpatrɛwfo dwumadibea pii nti, asɛmpatrɛwfo no nsuro wɔn. Ɔde kaa ho sɛ, asɛmpatrɛw adwuma biara wɔ sɛnea ɛyɛ anigye fa, na sɛ wofi ase a, wɔde wɔn adwene si nneɛma a mfaso wɔ so wɔ wɔn dwumadi no mu no so. Ɛnkyɛ na tebea horow a na anka wosusuw sɛ ɛbɛyɛ “soronko” mfiase no abɛyɛ biribi a ɛnyɛ soronko biara, na nsɛm bi mu no, wɔn ani gye ho mpo sɛ biribi a ɛyɛ anigye. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔde mfe pii somee wɔ Afrika Atɔe fam a honam fam asɛyɛde bi nti ɔkɔɔ fie no kae sɛ, na ɛyɛ den ma no sɛ obegyae ne dwumadi no sen sɛ na obefi ne man mu bere bi a atwam no. Ná n’asɛmpatrɛw dwumadibea no abɛyɛ ne fie.

So Woasiesie Wo Ho?

Ben ne Karen ama yɛahu nneɛma pii a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Na wo nso ɛ? So woasusuw ho pɛn sɛ wobɛsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne? Sɛ saa a, ɛnde ebetumi aba sɛ woabɛn saa botae no ho sen sɛnea na wususuw. Ade titiriw a wuhia ne ɔdɔ a wubenya ama bere nyinaa som adwuma no ne anigye a wubenya sɛ wobɛboa afoforo. Kae sɛ, asɛmpatrɛwfo nyɛ nnipa soronko na mmom wɔyɛ mmarima ne mmea te sɛ yɛn ara. Wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa de awie adwuma bi a ɛho hia.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Wɔde Bible mu kyerɛwsɛm a wosusuw ho fi da biara ase

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28, 29]

Afrika mmeae bi

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Asɛmpatrɛwfo asetra betumi ayɛ nea akomatɔyam wom