Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monhyɛ Abodwokyɛre’

‘Monhyɛ Abodwokyɛre’

‘Monhyɛ Abodwokyɛre’

“Monhyɛ ayamhyehye, . . . abodwokyɛre.”—KOLOSEFO 3:12.

1. Ka abodwokyɛre ho nhwɛso fɛfɛ biako ho asɛm.

RÉGIS a ɔte France anafo fam atɔe no bɛyɛɛ Yehowa Dansefo a wɔabɔ no asu wɔ 1952 mu. Ne yere de mfe pii yɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛma wagyae Yehowa som. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbedwo ne kar kɔba sɛnea ɛbɛyɛ a ontumi nkɔ nhyiam ahorow, na bere bi mpo de, odii n’akyi bere a na ɔreka Bible mu asɛm wɔ afie afie no, na bere a ɔne afiewuranom rekasa no, na ɔde Ahenni ho asɛmpa a ɔreka no redi ne ho fɛw. Ɛmfa ho ɔsɔretia a Régis kɔɔ so hyiae yi no, ɔkɔɔ so daa abodwokyɛre adi. Enti, Régis yɛ nhwɛso pa ma Kristofo nyinaa, efisɛ Yehowa hwehwɛ sɛ n’asomfo nyinaa bɛda abodwokyɛre adi wɔ wɔne afoforo nsɛnnii mu.

2. Dɛn ne Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “abodwokyɛre” no nkyerɛase ankasa, na dɛn na asɛmfua no kyerɛ?

2 Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “abodwokyɛre” kyerɛ ankasa ne “honhom a ɛkyɛ.” Engiresi New World Translation kyerɛ asɛmfua yi ase mpɛn du sɛ “abodwokyɛre,” mpɛn abiɛsa sɛ “boasetɔ,” ne pɛnkoro sɛ “abotare.” Hebri ne Hela nsɛm a wɔkyerɛ ase “abodwokyɛre” no kura adwene a ɛkyerɛ boasetɔ, animia, ne abufuw mu nyaayɛ.

3. Ɔkwan bɛn so na ɛsono sɛnea Kristofo bu abodwokyɛre ne sɛnea na afeha a edi kan Helafo bu no no?

3 Helafo a wɔtraa ase afeha a edi kan mu no ammu abodwokyɛre sɛ suban pa. Stoafo nyansapɛfo no amfa asɛmfua no anni dwuma koraa. Sɛnea Bible ho ɔbenfo William Barclay kyerɛ no, abodwokyɛre “bɔ Helafo a na wɔde afoforo ho koma a na wonni koraa hoahoa wɔn ho no suban abira.” Ɔka sɛ: “Helafo no fam no, obi a ɔmfa bɔne mfiri koraa no na wobu no sɛ barima. Kristofo no fam no, nea ɔyɛ barima ne nea sɛ obetumi koraa a, ɔmfa bɔne ntua bɔne so ka no.” Ɛbɛyɛ sɛ na Helafo no bu abodwokyɛre sɛ mmerɛwyɛ, nanso sɛnea ɛte wɔ ha ne nsɛm afoforo mu no, “Onyankopɔn nkwaseade wɔ nyansa kyɛn nnipa, na Onyankopɔn mmerɛw yɛ den kyɛn nnipa.”—1 Korintofo 1:25.

Abodwokyɛre Ho Nhwɛso a Kristo Yɛe

4, 5. Abodwokyɛre ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yesu de mae?

4 Yehowa akyi no, Yesu yɛ abodwokyɛre ho nhwɛso a ɛkyɛn so. Bere a na nneɛma ahyɛ Yesu so kɛse no, ɔdaa ahosodi a ɛyɛ nwonwa adi. Wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase na wammue n’ano, sɛ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no, sɛ oguanten a watɔ ne ho twitwafo anim mumu no, ɔno nso wammue n’ano.”—Yesaia 53:7.

5 Boasetɔ a ɛda nsow bɛn ara na Yesu daa no adi wɔ n’asase so som adwuma mu sɛɛ yi! Ogyinaa n’atamfo nsɛmmisa a wɔde sɔɔ no hwɛe ne n’atamfo sɔretia ano. (Mateo 22:15-46; 1 Petro 2:23) Onyaa n’asuafo no ho abotare, bere mpo a wɔkɔɔ so gyee wɔn ho akyinnye wɔ nea ɔyɛ wɔn mu ɔkɛse ho no. (Marko 9:33-37; 10:35-45; Luka 22:24-27) Na hwɛ ahosodi ara a ɛfata nkamfo a Yesu daa no adi anadwo a woyii no mae, bere a na waka akyerɛ Petro ne Yohane sɛ ‘wɔnwɛn’ nanso wɔdedae no! (Mateo 26:36-41)

6. Ɔkwan bɛn so na Paulo nyaa Yesu abodwokyɛre so mfaso, na dɛn na yesua fi eyi mu?

6 Wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, ɔkɔɔ so daa abodwokyɛre adi. Ná ɔsomafo Paulo nim eyi yiye esiane sɛ na kan no ɔtaa Kristofo nti. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa, sɛ Kristo baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan; nanso eyi nti wahu me mmɔbɔ, sɛ me a midi kan mu na Yesu Kristo beyi abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ wɔn a wɔrebegye no adi akɔ daa nkwa mu no nhwɛso.” (1 Timoteo 1:15, 16) Ɛmfa ho nea yɛayɛ atwam biara no, sɛ yenya Yesu mu gyidi a, obenya yɛn ho abotare—bere a nokwarem no, ɔhwɛ kwan sɛ ‘yɛyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra no.’ (Asomafo no Nnwuma 26:20; Romafo 2:4) Nkrasɛm a Yesu de kɔmaa asafo ahorow ason a wɔwɔ Asia Kumaa no da no adi sɛ ɛwom sɛ ɔwɔ abodwokyɛre de, nanso na ɔhwɛ kwan sɛ wobenya nkɔso.—Adiyisɛm, ti 2 ne 3.

Honhom no Aba

7. Abusuabɔ bɛn na ɛda abodwokyɛre ne honhom kronkron ntam?

7 Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Galatifo no ti a ɛto so anum mu no, ɔde ɔhonam nnwuma totoo honhom aba ho. (Galatifo 5:19-23) Esiane sɛ abodwokyɛre ka Yehowa su ahorow ho nti, ne nkyɛn na su yi fi ba, na ɛyɛ ne honhom no aba. (Exodus 34:6, 7) Nokwarem no, abodwokyɛre tɔ so anan wɔ honhom aba a Paulo kaa ho asɛm a nea ɛka ho ne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, . . . ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.” (Galatifo 5:22, 23) Enti sɛ Onyankopɔn asomfo da boasetɔ a ɔwɔ anaa abodwokyɛre adi a, ne honhom kronkron no na ɛhyɛ wɔn ma wɔyɛ saa.

8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasow honhom aba a abodwokyɛre ka ho?

8 Nanso eyi nkyerɛ sɛ Yehowa de ne honhom no puapua obi. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase ma enya yɛn so nkɛntɛnso. (2 Korintofo 3:17; Efesofo 4:30) Yɛma honhom no yɛ adwuma wɔ yɛn asetram denam n’aba a yɛbɛsow wɔ biribiara a yɛyɛ mu so. Bere a Paulo kaa honam nnwuma ne honhom aba ho asɛm wiei no, ɔde kaa ho sɛ; “Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnantew honhom mu nso. Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.” (Galatifo 5:25; 6:7, 8) Sɛ yebetumi anya abodwokyɛre a, ɛsɛ sɛ yetumi sow aba a honhom kronkron no ma Kristofo sow no nso bi.

“Ɔdɔ Wɔ Abodwokyɛre”

9. Dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ “ɔdɔ wɔ abodwokyɛre”?

9 Paulo maa ɛdaa adi sɛ abusuabɔ titiriw bi da ɔdɔ ne abodwokyɛre ntam bere a ɔkae sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre” no. (1 Korintofo 13:4) Bible ho ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Albert Barnes kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ Paulo sii eyi so dua esiane akameakame ne nitan a na ɛwɔ Kristofo asafo a ɛwɔ Korinto no mu nti. (1 Korintofo 1:11, 12) Barnes ka sɛ: “Asɛmfua a wɔde dii dwuma [maa abodwokyɛre] no ne ahopere bɔ abira: ɛne abufufa bɔ abira. Ɛkyerɛ adwenem tebea a ɛma obi tumi GYINA nhyɛso anaa abufuw ano KYƐ.” Ɔdɔ ne abodwokyɛre da so ara boa kɛse ma asomdwoe tra Kristofo asafo no mu.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ boa yɛn ma yɛda abodwokyɛre adi, na afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de mae wɔ eyi ho? (b) Asɛm bɛn na Bible ho ɔbenfo bi kae wɔ Onyankopɔn abodwokyɛre ne n’ayamye ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

10 ‘Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye. Ɔdɔ nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no.’ Enti wɔ akwan pii so no, ɔdɔ tumi boa yɛn ma yenya abodwokyɛre. * (1 Korintofo 13:4, 5) Ɔdɔ boa yɛn ma yɛtɔ yɛn bo ase ma yɛn ho yɛn ho na ɛma yɛkae sɛ yɛn nyinaa tɔ sin, na yedi mfomso ahorow. Ɛboa yɛn ma yesusuw afoforo ho de wɔn mfomso kyɛ wɔn. Ɔsomafo Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ yɛn, ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, yenkurakura yɛn ho mu ɔdɔ mu, yɛmmɔ mmɔden mfa asomdwoe hama nkura honhom biakoyɛ mu.’—Efesofo 4:1-3.

11. Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ yɛda abodwokyɛre adi wɔ Kristofo mu?

11 Abodwokyɛre a Kristofo a wɔte faako, sɛ ebia wɔwɔ asafo ahorow mu, Betel afie, asɛmpatrɛwfo afie, adansifo kuw ahorow, anaa sukuu ahorow mu bɛda no adi no ma asomdwoe ne anigye tra wɔn ntam. Esiane sɛ ɛsono obiara nipasu, nea obiara ani gye ho, ntetee a obiara nyae, abrabɔ mu gyinapɛn ahorow, ne sɛnea mpo obiara di ne ho ni nti, bere ne bere mu no, nsɛnnennen tumi sɔre. Eyi te saa ara wɔ mmusua mu nso. Kyɛ a yɛbɛkyɛ ansa na yɛafa abufuw no ho hia paa. (Mmebusɛm 14:29; 15:18; 19:11) Yɛn nyinaa hia abodwokyɛre—boasetɔ a wɔde gyina tebea bi ano hwɛ nneɛma pa kwan—Romafo 15:1-6.

Abodwokyɛre Boa Yɛn Ma Yegyina Ɔhaw Ano

12. Dɛn nti na abodwokyɛre ho hia wɔ ɔhaw bere mu?

12 Abodwokyɛre boa yɛn ma yegyina tebea horow a emu yɛ den a ɛyɛ te sɛ nea enni awiei anaa wontumi nnya ano aduru ntɛm ano. Ná eyi yɛ nokware wɔ Régis a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no fam. Ne yere sɔre tiaa mmɔden a na ɔbɔ sɛ ɔbɛsom Yehowa no mfe pii. Nanso, da koro ɔde nusu baa n’anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Minim sɛ ɛno ne nokware no. Boa me. Mepɛ sɛ obi ne me yɛ Bible Adesua.” Awiei koraa no, wɔbɔɔ no asu sɛ Ɔdansefo. Régis ka sɛ: “Eyi di adanse sɛ Yehowa hyiraa mfe pii a mede dii apere, tɔɔ me bo ase gyinaa mu no so.” Onyaa n’abodwokyɛre no so akatua.

13. Dɛn na ɛboaa Paulo ma ogyinae, na ɔkwan bɛn so na ne nhwɛso betumi aboa yɛn ma yɛagyina?

13 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu tɔnn no, na ɔsomafo Paulo yɛ abodwokyɛre ho nhwɛso pa. (2 Korintofo 6:3-10; 1 Timoteo 1:16) Bere a aka kakra ma Paulo asetra aba awiei a na ɔde afotu rema ne yɔnko kumaa Timoteo no, ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ Kristofo nyinaa behyia sɔhwɛ ahorow. Paulo faa n’ankasa suahu kaa ho asɛm na ɔkamfoo Kristofo su atitiriw bi a ehia na ama watumi agyina kyerɛɛ no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wo de, woadi me kyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ, me taa a wɔanya me ntaae, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonio ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi migyinaa mu, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu. Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:10-12; Asomafo no Nnwuma 13:49-51; 14:19-22) Nea ɛbɛyɛ na yɛagyina mu no, yɛn nyinaa hia gyidi, ɔdɔ, ne abodwokyɛre.

Wɔhyɛɛ Abodwokyɛre

14. Dɛn ho na Paulo de su pa te sɛ abodwokyɛre totoe, na afotu bɛn na ɔde maa Kolosefo Kristofo no?

14 Ɔsomafo Paulo de abodwokyɛre ne su pa ahorow totoo atade a ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ bere a wɔayi “onipa dedaw” no nneyɛe agu no ho. (Kolosefo 3:5-10) Ɔkyerɛwee sɛ: “Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”—Kolosefo 3:12-14.

15. Sɛ Kristofo ‘hyɛ abodwokyɛre’ ne su pa ahorow a, dɛn na efi mu ba?

15 Sɛ asafo bi mufo ‘hyɛ’ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre, ne ɔdɔ a, wotumi siesie wɔn ntam nsɛm na wɔde biakoyɛ nya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo titiriw da abodwokyɛre adi. Bere bi bɛba a ɛho behia sɛ wɔteɛ Kristoni bi so, nanso akwan horow pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ eyi. Paulo kyerɛɛ suban pa a ɛsɛ sɛ wɔda no adi bere a ɔkyerɛw Timoteo sɛ: “Yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ nyinaa mu.” (2 Timoteo 4:2) Yiw, ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛne Yehowa nguan di nsɛm wɔ boasetɔ, obu ne odwo mu.—Mateo 7:12; 11:28; Asomafo no Nnwuma 20:28, 29; Romafo 12:10.

‘Monna Abodwokyɛre Adi Nkyerɛ Nnipa Nyinaa’

16. Sɛ ‘yɛda abodwokyɛre’ adi kyerɛ nnipa nyinaa a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

16 Abodwokyɛre a Yehowa nya ma adesamma no ma ɛfata sɛ ‘yɛtɔ yɛn bo ase ma nnipa nyinaa.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛda boasetɔ adi ama abusuafo a wɔnyɛ Adansefo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ne mfɛfo sukuufo. Adansefo a bere bi a atwam no wɔde mfe pii gyinaa atɛnnidi anaa ɔsɔretia a nnipa a wɔne wɔn yɛ adwuma anaa wɔne wɔn kɔ sukuu de baa wɔn so ano no atumi adi nnipa ho adwemmɔne pii so. (Kolosefo 4:5, 6) Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “ɔhwɛ da no.”—1 Petro 2:12.

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa abodwokyɛre, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

17 Yehowa abodwokyɛre bɛkyerɛ nkwagye ama nnipa ɔpepepem pii. (2 Petro 3:9, 15) Sɛ yesuasua Yehowa dɔ ne n’abodwokyɛre a, yɛde boasetɔ bɛkɔ so aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔagye Kristo Ahenni nniso no atom. (Mateo 28:18-20; Marko 13:10) Sɛ anka yɛregyae asɛnka no a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛpɛ sɛ yetwa Yehowa abodwokyɛre so na yebu yɛn ani gu atirimpɔw a ɛne sɛ ɔpɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa ba adwensakra mu no so.—Romafo 2:4.

18. Mpae bɛn na Paulo bɔ maa Kolosefo no?

18 Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Kolose, wɔ Asia Kumaa mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi nti yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne ɔsrɛ ɛ, sɛ ne pɛ mu hu nyɛ mo ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛfata [Yehowa, NW] na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu, na wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo, sɛnea n’anuonyam tumidi te no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu.”—Kolosefo 1:9-11.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yebebu Yehowa abodwokyɛre sɛ sɔhwɛ? (b) Mfaso horow bɛn na ebefi abodwokyɛre a yɛbɛda no adi no mu aba?

19 Abodwokyɛre anaa tɔ a Yehowa akɔ so atɔ ne bo ase no renyɛ sɔhwɛ mma yɛn bere a ‘yɛma ne pɛ mu hu hyɛ yɛn ma,’ a ɛne sɛ ‘wobegye nnipa nyinaa nkwa ma wɔanya nokware nimdeɛ no.’ (1 Timoteo 2:4) Yɛbɛkɔ so ‘asow adwuma pa nyinaa mu aba,’ ne titiriw no, nea ɛfa “ahenni ho asɛmpa yi” a yɛbɛka ho no. (Mateo 24:14) Sɛ yefi nokwaredi mu yɛ eyi a, Yehowa ‘de tumi nyinaa bɛma yɛn,’ na ama ‘yɛde abodwokyɛre ne anigye agyina mu akosi ase.’ Ɛdenam saayɛ so no, ‘yɛbɛnantew sɛnea ɛsɔ Yehowa ani,’ na yebenya asomdwoe a efi nim a yenim sɛ ‘yɛresɔ n’ani koraa no mu.’

20 Ɛmmra sɛ yebegye nyansa a ɛwɔ Yehowa abodwokyɛre mu no atom koraa. Ɛma yɛne wɔn a wotie yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ no nya nkwagye. (1 Timoteo 4:16) Sɛ yɛsow honhom no aba—ɔdɔ, ayamye, papayɛ, odwo, ne ahosodi—a, ɛbɛboa yɛn ma yɛafi anigye mu ada abodwokyɛre adi. Ɛbɛma yɛatumi ne yɛn abusuafo ne yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn wɔ asafo no mu no atra asomdwoe mu. Abodwokyɛre bɛsan aboa yɛn ma yɛato yɛn bo ase ama yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa mfɛfo sukuufo. Na yɛn abodwokyɛre no benya atirimpɔw, a ɛne sɛ ebegye abɔnefo na ahyɛ abodwokyɛre Nyankopɔn, Yehowa, anuonyam.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Bere a Bible ho ɔbenfo Gordon D. Fee reka Paulo asɛm a ɛne sɛ “ɔdɔ wɔ abodwokyɛre” ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔ Paulo nkyerɛkyerɛmu no mu no, [abodwokyɛre ne ayamye] gyina hɔ ma Onyankopɔn su abien a ɔda no adi wɔ adesamma so no (hwɛ Rom. 2:4). Ɔkwan bi so no, sɛnea Onyankopɔn twentwɛn n’abufuw ase wɔ nnipa atuatew ho no ma yehu boasetɔ a ofi ɔdɔ mu da no adi no; ɔkwan foforo so no, yehu n’ayamye wɔ sɛnea wɔka ne mmɔborohunu ho asɛm mpɛn pii no mu. Enti Paulo de akwan abien a wɔfa so ka Onyankopɔn, a ɔnam Kristo so akyerɛ sɛ ɔwɔ abotare na n’ayamye wɔ wɔn a wɔfata ɔsoro atemmu so ho asɛm no na efii n’asɛm no ase.”

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

•Akwan bɛn so na Kristo yɛ abodwo- kyɛre ho nhwɛso a ɛda nsow?

•Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya abo- dwokyɛre?

•Ɔkwan bɛn so na abodwokyɛre boa mmusua, Kristofo kuw, ne asafo mu mpanyimfo?

•Ɔkwan bɛn so na abodwokyɛre a yɛbɛda no adi no bɛma yɛne afoforo nyinaa anya mfaso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bere a na nneɛma hyɛ Yesu so dennennen mpo no, onyaa n’asuafo no ho abotare

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Wɔhyɛ Kristofo ahwɛfo nkuran sɛ wɔnna abodwokyɛre ho nhwɛso pa adi bere a wɔne wɔn nuanom di nsɛm no

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Sɛ yesuasua Yehowa dɔ ne n’abodwokyɛre a, yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Paulo bɔɔ mpae sɛ Kristofo nna ‘abodwokyɛre adi anigye mu’