Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnua Sɛefo

Nnua Sɛefo

Nnua Sɛefo

WƆ Bible mmere mu no, na wobu nnua sɛ nneɛma a ɛsom bo. Sɛ nhwɛso no, bere a Abraham tɔɔ asase a obesie ne yere a ɔdɔ no, Sara no, wɔkan nnua kaa agyapade a na wɔbɛdan ama no ho nhyehyɛe no ho.—Genesis 23:15-18.

Saa ara na nnɛ wobu nnua sɛ ɛsom bo kɛse, na amanaman de wɔn adwene asi bɔ a wɔbɛbɔ kwae ahorow ho ban so kɛse. State of the World 1998 nhoma no ka sɛ: “Bere a aman pii a wɔwɔ asase atifi fam dwen kwae a ɛwowɔ mmeae a nsu tɔ kɛse na awia bɔ kɛse ho no, ebia wɔnhyɛɛ no nsow sɛ kwae a awia mmɔ mu kɛse a ɛwɔ wɔn ankasa aman mu no ne nea emu ahunhuan na wɔresɛe no sen biara wɔ kwae ahorow nyinaa mu.” Dɛn na ɛresɛe kwae ahorow wɔ Europa atifi fam aman ne Amerika Atifi fam no? Nkurɔfo pii twe adwene si kwae a wobu gu so, nanso, sɛ yɛbɛka a tumi foforo wɔ hɔ a ɛsɛe nnua, anaa nhaban nkakrankakra. Ɛyɛ dɛn? Mframa a wɔsɛe no ne nsu yerɛwyerɛw a ɛtɔ. Efĩ ahorow yi betumi de nkakrankakra ama nnua no abɛyɛ nea enni ahoɔden, na ama ayɛ nea mmoawammoawa ne nyare betumi asɛe no.

Mfe pii mu no, wɔn a wɔhwɛ asetra ho nsɛm so ne ɔmanfo a nsɛm haw wɔn abɔ kɔkɔ wɔ hia a ɛho hia sɛ wɔbɔ adebɔ mu nneɛma ho ban no ho. Wɔ 1980 mfe no mu bere a nyansahufo a wɔwɔ Germany suaa nea mframa mu fĩ de ba ne nsu yerɛwyerɛw a ɛtɔ ho ade akyi no, wɔde baa awiei sɛ: ‘Sɛ wɔanyɛ ho biribi a, ebedu afe 2000 no, nea wɔde bɛkae kwae ara ne ɛho mfonini ne hu a wobehu wɔ sini ahorow mu.’ Anigyesɛm ne sɛ, ne nyinaa mu no tumi a asase wɔ sɛ esiesie ne ho no mu yɛ den araa ma atumi agyina adesɛe a wɔkaa ho asɛm yi ano.

Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbɛyɛ nea ɛbɛkora yɛn adebɔ mu nneɛma no so fã kɛse no ara. “Ofi ne soro mpia mu gu mmepɔw so nsu” na “ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma.” Na wahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ (Dwom 104:13, 14; Adiyisɛm 11:18) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a asase sotefo benya wiase a efĩ biara nnim daa daa no!—Dwom 37:9-11.