Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Nhyira—Ɛno na Ɛyɛ Ɔdefo’

‘Yehowa Nhyira—Ɛno na Ɛyɛ Ɔdefo’

‘Yehowa Nhyira—Ɛno na Ɛyɛ Ɔdefo’

YƐN nyinaa pɛ sɛ wohyira yɛn. The American Heritage College Dictionary ka sɛ, nhyira de “anigye, ahotɔ anaa yiyedi” na ɛba. Esiane sɛ Yehowa na Ɔma “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” nti, nhyira biara a edi mũ fi yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no nkyɛn na ɛba. (Yakobo 1:17) Ɔtɔ nhyira pii gu adesamma nyinaa so, a wɔn a wonnim no mpo ka ho. Yesu kaa N’agya ho asɛm sɛ: “Ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mateo 5:45) Nanso, Yehowa dwen wɔn a wɔdɔ no no ho titiriw.—Deuteronomium 28:1-14; Hiob 1:1; 42:12.

Odwontofo no kyerɛwee sɛ: ‘Yehowa mfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.’ (Dwom 84:11) Yiw, wɔn a wɔsom Yehowa no nya asetra a ɛyɛ anigye. Wonim sɛ, ‘Yehowa nhyira—ɛno na ɛyɛ ɔdefo, ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.’ Bible no nso ka sɛ: ‘Wɔn a Yehowa ahyira wɔn no benya asase no adi.’ (Mmebusɛm 10:22; Dwom 37:22, 29) Hwɛ nhyira ara a ɛno bɛyɛ!

Ɔkwan bɛn so na yebenya Yehowa nhyira? Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya su ahorow a ɛsɔ n’ani. (Deuteronomium 30:16, 19, 20; Mika 6:8) Yehu eyi wɔ Yehowa tete asomfo baasa nhwɛso mu.

Yehowa Hyira N’asomfo

Ná Noa yɛ Onyankopɔn somfo a ɔda nsow. Yɛkenkan wɔ Genesis 6:8 sɛ: “Noa de, onyaa ɔdom wɔ [Yehowa, NW] anim.” Dɛn ntia? Efisɛ na Noa yɛ osetie. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.” Noa dii Yehowa trenee nnyinasosɛm akyi na otiee n’ahyɛde ahorow. Bere a na wiase no de ne ho ahyɛ basabasayɛ ne ahohwibra mu kɛse no, ‘Noa yɛɛ sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no nyinaa. Saa ara na ɔyɛe.’ (Genesis 6:9, 22) Enti Yehowa kyerɛɛ no kwan maa ɔyɛɛ “adaka maa [Noa] fie nkwagye.” (Hebrifo 11:7) Saa kwan yi so no, Noa ne n’abusua—a adesamma abusua nam wɔn so bae no—fii ɔsɛe a ɛbaa awo ntoatoaso no so no mu kae. Noa wui a na ɔwɔ anidaso sɛ wobenyan no ma wanya daa nkwa wɔ paradise asase so. Hwɛ nhyira kɛse ara a onyae!

Na Abraham nso wɔ su horow a ɛsɔ Yehowa ani. Nea na ɛyɛ titiriw wɔ eyinom mu ne gyidi. (Hebrifo 11:8-10) Esiane gyidi a na Abraham wɔ wɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ n’asefo bɛdɔɔso na ne mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa nti, ogyaw asetra pa a na ɛwɔ Ur ne akyiri yi Haran no too hɔ. (Genesis 12:2, 3) Ɛmfa ho mfe pii a wɔsɔɔ no hwɛe no, onyaa ne gyidi no so akatua bere a ɔwoo ne babarima Isak no. Ɛdenam ne so no, Israel man a Onyankopɔn apaw wɔn no bɛyɛɛ Abraham asefo, na awiei koraa no, Mesia no bɛyɛɛ n’aseni. (Romafo 4:19-21) Bio nso, ɔyɛ “gyidifo nyinaa agya” na wɔbɛfrɛɛ no ‘Yehowa adamfo.’ (Romafo 4:11; Yakobo 2:23; Galatifo 3:7, 29) Hwɛ mfaso ara a na ɛwɔ n’asetra so ne sɛnea wohyiraa no kɛse!

Susuw ɔnokwafo Mose nso ho hwɛ. Ade titiriw a na ɛda nsow wɔ ne su horow ho ne honhom fam nneɛma ho anisɔ a ɔkyerɛe. Mose poo Misraim ahonyade nyinaa na “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:27) Bere a okodii mfe 40 wɔ Midian akyi no, ɔsan baa Misraim sɛ akwakoraa, na ogyinaa Farao a na ɔwɔ tumi sen biara saa bere no anim, peree ahofadi maa ne nuanom. (Exodus 7:1-7) Ohuu ɔhaw ahorow du no, Po Kɔkɔɔ no mu a ɛpaee, ne ɔsɛe a ɛtoo Farao asraafo dɔm no. Yehowa de no dii dwuma ma ɔde Mmara no maa Israel, na ɔyɛɛ apam a ɔne Ne man foforo no yɛe no ntamgyinafo. Mose dii Israel man no anim mfe 40 wɔ sare no so. N’asetra yɛɛ nea na atirimpɔw ankasa wom, na onyaa ɔsom hokwan a ɛsom bo pii.

Ɛnnɛyi Nhyira Horow

Kyerɛwtohɔ ahorow yi da no adi sɛ mfaso wɔ wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokwarem no asetra so. Sɛ Yehowa nkurɔfo nya su te sɛ osetie, gyidi, ne anisɔ ma honhom mu nneɛma a, wohyira wɔn kɛse.

Ɔkwan bɛn so na wohyira yɛn? Wiɛ, bere a nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Kristoman mu di kɔm wɔ honhom fam no, ‘yɛn ani aka Yehowa nnepa ho.’ (Yeremia 31:12) Ɛdenam Yesu Kristo ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so no, Yehowa de honhom fam nnuan pii ama a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so fa “ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu” no so. (Mateo 7:13, 14; 24:45; Yohane 17:3) Fekuw a yɛne yɛn Kristofo onuayɛ kuw no bɔ no nso yɛ nhyira foforo. Wɔ asafo nhyiam ase ne mmere ahorow mu no, mfɛfo asomfo a wɔda ɔdɔ adi, a wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛhyɛ nnipa su foforo’ a yɛne wɔn bɔ no yɛ ade a ɛma yenya anigye kɛse. (Kolosefo 3:8-10; Dwom 133:1) Nanso, nhyira a ɛsen biara a yɛwɔ no ne abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne Yehowa Nyankopɔn wɔ ne ne Ba Kristo Yesu anammɔn akyi a yedi no.—Romafo 5:1, 8; Filipifo 3:8.

Bere a yesusuw nhyira horow yi ho no, yehu sɛnea yɛn som a yɛde ma Onyankopɔn no som bo ankasa. Ebia yedwen Yesu bɛ a ɛfa oguadini bi a na ɔrehwehwɛ nhene pa no ho. Yesu kaa ɔbarima yi ho asɛm sɛ: “Na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.” (Mateo 13:46) Nokwarem no, saa na yɛte nka wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ, hokwan a yɛanya resom no, yɛn Kristofo fekubɔ, yɛn Kristofo anidaso, ne nhyira horow biara a ɛfa yɛn gyidi ho no ho. Biribi foforo biara nni hɔ a ɛsom bo wɔ yɛn asetra mu.

San Fa Ma Yehowa

Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa ne akyɛde pa nyinaa Mafo no, yɛn koma ka yɛn ma yɛda anisɔ adi wɔ nhyira a yɛn nsa ka no ho. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔanya nhyira koro yi ara bi. (Mateo 28:19) Yehowa Adansefo resrasra wɔn afipamfo a adagyew nnim koraa wɔ nsase bɛboro 230 so ama wɔayɛ saa ara. Bere a wɔyɛ saa no, wɔde wɔn nneɛma kakra a wɔwɔ—bere, ahoɔden, ne honam fam nneɛma—di dwuma de boa afoforo ma ‘wobenya nokware nimdeɛ.’—1 Timoteo 2:4.

Susuw akwampaefo a wɔte Glendale, California, U.S.A. no ho hwɛ. Memeneda anɔpa biara, wotwa kwan a wɔn kɔ ne wɔn ba bɛyɛ kilomita 100 kɔsra nkurɔfo a wɔwɔ afiase. Ɛwom sɛ bere kakraa bi pɛ na wotumi di wɔ nneduafo no nsrahwɛ no mu de, nanso ɛno mmu wɔn abam. Wɔn mu biako ka sɛ: “Mfaso wɔ so sɛ yɛsom wɔ asasesin soronko yi mu. Yɛde anigye kɛse na ɛreyɛ mu adwuma no. Yɛwɔ anigyefo pii a ɛyɛ den sɛ yebetumi ne wɔn nyinaa asua ade. Mprempren, yɛne nkurɔfo baanum resua ade, na afoforo baanan nso pɛ sɛ yɛne wɔn yɛ Bible adesua.”

Kristofo asomfo a wɔyɛ nsi de anigye reyɛ wɔn som adwuma a ɛma nkwa yi a wonnye hwee. Wɔda su a Yesu a ɔkae sɛ: “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa” no daa no adi no bi adi. (Mateo 10:8) Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase afanan nyinaa de wɔn ho ahyɛ ɔsom a pɛsɛmenkominya nnim yi mu, na nea afi mu aba ne sɛ, nnipa komapafo pii regye ɔfrɛ no so na wɔrebɛyɛ asuafo. Wɔ mfe anum a etwaam no nkutoo mu no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 1.7 na wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya ntrɛwmu kɛse a ɛrekɔ so yi ho nneɛma a ehia no, ɛhwehwɛ sɛ wotintim Bible ne Bible ho nhoma ahorow ne afei Ahenni Asa ahorow ne mmeae foforo a wobehyiam. Ɛhefa na wonya sika de di eyinom ho dwuma? Ne nyinaa fi ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi.

Esiane sikasɛm mu ahokyere a ɛwɔ wiase no mmeae bi nti, nnipa pii di apere ansa na wɔanya wɔn mmusua asetram ahiade. Sɛnea nsɛmma nhoma New Scientist kyerɛ no, nnipa ɔpepem biako de wɔn sika a wonya bɛyɛ ɔha mu nkyem 70 na ɛtɔ aduan. Yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea pii wɔ tebea a ɛte saa mu. Sɛ ɛnyɛ mfɛfo gyidifo a, wontumi nya nneɛma te sɛ Kristofo nhoma ahorow anaa Ahenni Asa a ɛfata.

Ɛwom, ɛno nkyerɛ sɛ saafo yi pɛ sɛ afoforo soa wɔn adesoa ma wɔn. Nanso wohia mmoa. Bere a Mose rehyɛ Israelfo nkuran sɛ wonyi honam fam ntoboa sɛ ɔkwan a wɔnam so de da Yehowa ase wɔ wɔn nhyira ho no, ɔkae sɛ: “Obiara mma nea ne nsa bɛso so, sɛnea [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira wo no te.” (Deuteronomium 16:17) Enti bere a Yesu hui sɛ okunafo bi de “mman abien” koyii ntoboa wɔ asɔrefie hɔ no, ɔkamfoo no kyerɛɛ n’asuafo no. Ɔyɛɛ nea obetumi. (Luka 21:2, 3) Saa ara na Kristofo a wɔwɔ mmeae a wodi hia buruburoo no yɛ nea wobetumi. Na sɛ ehia ebinom a, mfɛfo Kristofo a enhiaa wɔn pii wɔ honam fam no ntoboa a woyi no bɛma nneɛma ayɛ pɛpɛɛpɛ.—2 Korintofo 8:13-15.

Sɛ yɛde biribi rema Onyankopɔn wɔ saa kwan yi so a, ɛho hia sɛ yɛde adwempa yɛ. (2 Korintofo 8:12) Paulo kae sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu yi biribi ma a, yɛboa teokrase nkɔso a ɛrekɔ so mprempren no, na ɛma yɛn ankasa nso anigye yɛ kɛse.—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa a yebenya ne ntoboa horow a yebefi yɛn pɛ mu ayi yɛ akwan abien a yɛfa so de biribi ma Yehowa wɔ nhyira horow a wama yɛanya no ho. Na hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ ohwie ne nhyira gu nnipa komapafo pii a ebia mprempren wonnim no no so! (2 Petro 3:9) Enti momma yɛnkɔ so mfa yɛn ahonyade nni dwuma wɔ Onyankopɔn som adwuma mu mfa nhwehwɛ nnipa komapafo na yɛmmoa wɔn mma wonnya su te sɛ osetie, gyidi, ne anisɔ. Saa kwan no so no, yebenya anigye sɛ yɛaboa wɔn ma ‘wɔaka ahwɛ sɛ Yehowa ye.’—Dwom 34:8.

[Adaka wɔ kratafa 28, 29]

Akwan a Ebinom Fa So Yi Ntoboa

NTOBOA A WOYI BOA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii yi sika to hɔ, anaa wɔyɛ nhyehyɛe de kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena wiase nyinaa dwumadibea ti wɔ Brooklyn, New York, anaa wɔn man mu baa dwumadibea. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi no nso amena Treasurer’s Office, Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama na wɔayɛ nhyehyɛe soronko bi wɔ ho, sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm dedaw no so.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa ne ntoboa a nhyehyɛe bi bata ho akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni adwuma no. Ebi ne:

Insurance: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne Insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no.

Sika a Wɔde Sie Wɔ Sikakorabea: Obi betumi de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no ato hɔ ama Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama Ɔwɛn Aban Asafo sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ ɔne ne man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na ɔde adan anaa asase bi ama.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Ɔwɛn-Aban Asafo no. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so.

Sɛnea “adɔe tirimbɔ” kyerɛ no, nea saa ntoboayi yi hwehwɛ ankasa ne sɛ nea ɔde ma no bɔ ne tirim wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe tirimbɔ bi so no, Asafo ti no asiesie Engiresi ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no de buaa nsɛmmisa pii a nsa kae faa akyɛde, nsamansew, ne sika a wɔde sie ma wɔhwɛ so ho no. Ɛsan kura adan ne nsase, sikasɛm ne towtua ho nhyehyɛe ho nsɛm foforo a mfaso wɔ so. Wɔayɛ na aboa wɔn a wɔwɔ United States a wɔpɛ sɛ wɔma akyɛde soronko nnɛ anaa sɛ wowu a, wogyaw biribi no na wɔapaw akwan a mfaso wɔ so sen biara a wɔbɛfa so ayɛ saa bere a wosusuw wɔn mmusua ne wɔn ankasa nsɛm tebea ho no. Wubetumi anya saa nhomawa yi bi denam Charitable Planning Office a wubebisa afi wɔn hɔ tẽẽ no so.

Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Charitable Planning Office adi nkitaho no, wɔatumi aboa Yehowa Adansefo na bere koro ara no, wɔanya saa a wɔayɛ no ho mfaso kɛse wɔ towtua a wɔatew so no ho. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Charitable Planning no amanneɛ wɔ nhyehyɛe yi mu biara ho, na wɔkɔma wɔn ho nkrataa biara a ɛho hia. Sɛ w’ani gye nhomawa no anaa tirimbɔ nhyehyɛe yi biara ho a, wubetumi afa nkrataa-kyerɛw anaa telefon so de ase hɔ address no anaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no, ne Charitable Planning Office no adi nkitaho.

CHARITABLE PLANNING OFFICE

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive,

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707