Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Yɛ Abodwokyɛre Nyankopɔn

Yehowa Yɛ Abodwokyɛre Nyankopɔn

Yehowa Yɛ Abodwokyɛre Nyankopɔn

“[Yehowa, “NW”], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.”—EXODUS 34:6.

1, 2. (a) Henanom na tete no wonyaa Yehowa abodwokyɛre so mfaso? (b) Dɛn na asɛmfua “abodwokyɛre” kyerɛ?

NNIPA a na wɔte ase Noa bere so, Israelfo a na wɔne Mose nam sare so, Yudafo a na wɔte ase bere a Yesu baa asase so—wɔn nyinaa traa ase wɔ tebea horow mu. Nanso wɔn nyinaa nyaa Yehowa ayamye su koro yi ara—abodwokyɛre—so mfaso. Ebinom fam no, na ɛkyerɛ nkwagye ma wɔn. Na Yehowa abodwokyɛre betumi akyerɛ nkwagye ama yɛn nso.

2 Dɛn ne abodwokyɛre? Bere bɛn na Yehowa da no adi, na dɛn ntia? Wɔakyerɛ abodwokyɛre ase sɛ “boasetɔ a wonya wɔ mfomso anaa abufuw ho, ne kwati a wɔkwati sɛ wobegyae ama abusuabɔ a enye asɛe koraa. Ne saa nti, su yi wɔ atirimpɔw. Ɛhwehwɛ ankasa sɛ ebesi nea ɛnam ne so maa abusuabɔ a enye no bae no yiye. Nanso, abodwokyɛre a obi bɛda no adi no nkyerɛ sɛ ɔfoa bɔne so. Sɛ wodi atirimpɔw a enti wɔda abodwokyɛre adi no ho dwuma wie, anaa bere a mfaso biara nni so sɛ wɔkɔ so nya tebea bi ho koma no, abodwokyɛre ba n’awiei.

3. Atirimpɔw bɛn na ɛbata Yehowa abodwokyɛre ho, na ekodu he?

3 Ɛwom sɛ nnipa betumi ada abodwokyɛre adi de, nanso Yehowa na ɔyɛ saa su yi ho nhwɛso a ɛsen biara. Efi bere a bɔne sɛee Yehowa ne n’abɔde a wɔyɛ nnipa ntam no, yɛn Bɔfo no ada boasetɔ adi na wayɛ nhyehyɛe a adesamma a wɔanu wɔn ho betumi afa so asiesie wɔne ne ntam abusuabɔ. (2 Petro 3:9; 1 Yohane 4:10) Nanso sɛ Onyankopɔn abodwokyɛre di n’atirimpɔw ho dwuma wie a, ɔbɛyɛ ade atia abɔnefo a wɔasen wɔn kɔn no, na ɔde nneɛma nhyehyɛe bɔne yi aba awiei.2 Petro 3:7.

Ɛne Onyankopɔn Su Atitiriw Hyia

4. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔka abodwokyɛre ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Ɔkwan bɛn so na odiyifo Nahum kaa Yehowa ho asɛm, na dɛn na eyi kyerɛ wɔ Yehowa abodwokyɛre ho?

4 Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, wɔde Hebri nsɛmfua abien a asekyerɛ ankasa ne “hwene mu” a wɔkyerɛ ase “bo kyɛ fuw” wɔ New World Translation mu no na edii dwuma. * Bere a odiyifo Nahum reka Onyankopɔn abodwokyɛre ho asɛm no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden sõ, na ɔremmu obi bem nso.” (Nahum 1:3) Enti Yehowa abodwokyɛre nkyerɛ mmerɛwyɛ, na ɛwɔ anohyeto. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn bo kyɛ fuw, na bere koro no ara n’ahoɔden sõ no kyerɛ sɛ n’abodwokyɛre no fi ahosodi a ntease wom mu. Ɔwɔ tumi sɛ ɔde asotwe ma, nanso ofi ne pɛ mu twentwɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɔnefo benya hokwan de asakra. (Hesekiel 18:31, 32) Enti, Yehowa abodwokyɛre yɛ ne dɔ a ɔda no adi, na ɛma yehu sɛnea ɔde ne nyansa ne ne tumi di dwuma no.

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa abodwokyɛre ne n’atɛntrenee hyia?

5 Yehowa abodwokyɛre ne n’atɛntrenee ne ne trenee nso hyia. Ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Mose sɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6) Mfe bi akyi no, Mose too dwom yii Yehowa ayɛ sɛ: “N’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Yiw, Yehowa mmɔborohunu, n’abodwokyɛre, atɛntrenee, ne nokwaredi nyinaa di atirimpɔw koro ho dwuma.

Yehowa Abodwokyɛre Ansa na Nsuyiri No Reba

6. Abodwokyɛre ho adanse soronko bɛn na Yehowa ada no adi akyerɛ Adam ne Hawa asefo?

6 Atua a Adam ne Hawa tewee wɔ Eden no sɛee abusuabɔ a ɛsom bo a na wɔne wɔn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ, Yehowa, wɔ no koraa. (Genesis 3:8-13, 23, 24) Ntetewmu yi de bɔne, sintɔ ne owu brɛɛ wɔn asefo. (Romafo 5:17-19) Ɛwom sɛ na nnipa baanu a wodi kan no yɛ abɔnefo a wɔasen wɔn kɔn de, nanso Yehowa maa wɔn kwan ma wɔwoo mma. Akyiri yi, ofi ɔdɔ mu yɛɛ nhyehyɛe a Adam ne Hawa asefo betumi afa so apata wɔne ne ntam bio. (Yohane 3:16, 36) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn. Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu. Na sɛ, bere a yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne ba no wu so apata yɛne Nyankopɔn ntam a, na afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wobegye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.”Romafo 5:8-10.

7. Ansa na Nsuyiri no reba no, ɔkwan bɛn so na Yehowa daa abodwokyɛre adi, na dɛn nti na nnipa a na wɔte ase ansa na Nsuyiri no reba a wɔsɛee wɔn no fata?

7 Yehowa abodwokyɛre daa adi wɔ Noa nna no mu. Bɛboro mfe ɔha ansa na Nsuyiri no reba no, “Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ ɔhonam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so.” (Genesis 6:12) Nanso Yehowa daa abodwokyɛre adi kyerɛɛ adesamma kosii bere bi. Ɔkae sɛ: “Me honhom rentra onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu.” (Genesis 6:3) Saa mfe 120 no maa ɔnokwafo Noa nyaa bere woo mma na—ɔtee Onyankopɔn ahyɛde no—ɔpam adaka bɔɔ Nsuyiri a na ɛreba no ho kɔkɔ kyerɛɛ ne bere sofo. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛbere a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛnee, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu.” (1 Petro 3:20) Yiw, wɔn a na wɔnyɛ Noa abusuafo ankasa no ‘buu wɔn ani guu’ n’asɛnka no so. (Mateo 24:38, 39) Nanso ɛdenam Noa a Yehowa maa ɔpam adaka na ɔde mfe dudu pii somee sɛ “treneekafo” so no, ɔmaa Noa bere sofo no hokwan a ɛsɛ a anka wɔnam so betumi asakra afi wɔn akwammɔne so na wɔasan abɛsom no. (2 Petro 2:5; Hebrifo 11:7) Na ɛfata ankasa sɛ awiei koraa no, ɔde ɔsɛe baa saa awo ntoatoaso abɔnefo no so.

Abodwokyɛre Soronko a Onya Maa Israel

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa abodwokyɛre adi kyerɛɛ Israel man no?

8 Abodwokyɛre a Yehowa nya maa Israel no dii bɛboro mfe 120. Wɔ Onyankopɔn man a na wapaw wɔn no abakɔsɛm a ɛboro mfe 150 no nyinaa mu no, wɔsɔɔ Onyankopɔn abodwokyɛre hwɛe mpɛn pii. Bere a ɔnam anwonwa kwan so gyee wɔn fii Misraim adapɛn kakraa bi akyi no, wɔsan kɔsom ahoni, na wɔdaa animtiaabu a enye koraa adi kyerɛɛ wɔn Gyefo no. (Exodus 32:4; Dwom 106:21) Mfe dudu a edii ɛno akyi bae mu no, Israelfo no nwiinwii wɔ aduan a Yehowa nam anwonwa kwan so de maa wɔn wɔ sare so no ho, nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron, kasa tiaa Yehowa, na wɔne abosonsomfo bɔɔ aguaman de wɔn ho hyɛɛ Baalsom mu mpo. (Numeri 11:4-6; 14:2-4; 21:5; 25:1-3; 1 Korintofo 10:6-11) Na anka Yehowa betumi asɛe ne nkurɔfo no ma afata, nanso ɔdaa abodwokyɛre adi maa wɔn.—Numeri 14:11-21.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ne ho adi sɛ abodwokyɛre Nyankopɔn wɔ atemmufo no bere so ne ahemfo no nna mu?

9 Atemmufo no bere so no, Israelfo kɔɔ so som abosom. Sɛ wɔyɛ saa a, na Yehowa gyaw wɔn ma wɔn atamfo. Nanso bere a wɔsakrae na wɔbɛhwehwɛɛ ne nkyɛn mmoa no, ɔdaa abodwokyɛre adi na ɔmaa wɔn atemmufo a wobegye wɔn. (Atemmufo 2:17, 18) Bere tenten a ahemfo de dii ade mu no, ahemfo no mu kakraa bi na wofi wɔn pɛ mu daa ahofama adi maa Yehowa. Na mpo wɔ ahemfo anokwafo no bere so no, ɔman no de atoro som frafraa nokware som mu. Bere a Yehowa somaa adiyifo sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ wɔ wɔn kwammɔne no ho no, ɔman no pawee sɛ wobetie asɔfo a wɔn bra asɛe ne atoro adiyifo mmom. (Yeremia 5:31; 25:4-7) Nokwarem no, Israelfo no taa Yehowa adiyifo anokwafo no na mpo wokum wɔn mu binom. (2 Beresosɛm 24:20, 21; Asomafo no Nnwuma 7:51, 52) Ɛno mpo no, Yehowa kɔɔ so daa abodwokyɛre adi.—2 Beresosɛm 36:15.

Yehowa Abodwokyɛre Ansa

10. Bere bɛn na Yehowa abodwokyɛre baa awiei?

10 Nanso abakɔsɛm kyerɛ sɛ, Onyankopɔn abodwokyɛre wɔ anohyeto. Wɔ 740 A.Y.B. mu no, ɔmaa Asiriafo no tuu Israel mmusuakuw du ahemman no gui na wɔfaa wɔn a na wɔte mu no dommum. (2 Ahene 17:5, 6) Na afeha a edi hɔ no awiei mu no, ɔmaa Babilonfo no kwan ma wɔbɛtow hyɛɛ Yuda mmusuakuw abien ahemman no so, na wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no.—2 Beresosɛm 36:16-19.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa abodwokyɛre adi bere mpo a na ɔrebu atɛn no?

11 Nanso, bere a na Yehowa rebu atɛn atia Israel ne Yuda no, ne werɛ amfi sɛ ɔbɛda abodwokyɛre adi. Yehowa nam ne diyifo Yeremia so kaa ba a ne nkurɔfo a wapaw wɔn no bɛsan aba wɔn man mu no ho asɛm siei. Ɔkae sɛ: “Mfirihyia aduɔson nya du ma Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo mɛsan aba ha yi. Na mɛma moahu me . . . Na mede mo nnommum mɛsan aba, na maboa mo ano afi amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu.”—Yeremia 29:10, 14.

12. Ɔkwan bɛn so na Yudafo nkaefo a wɔsan baa Yuda no ma ɛdaa adi sɛ na Onyankopɔn rekyerɛ kwan akɔ Mesia no so?

12 Nkaefo bi a wofi Yudafo nnommum mu no san baa Yuda ampa bɛhyɛɛ ɔsom a wɔde ma Yehowa wɔ asɔrefie a na wɔbɛsan asi wɔ Yerusalem no mu gya. Wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow mmamu mu no, na saa nkaefo yi bɛba abɛyɛ sɛ ‘Yehowa bosu,’ a ɛde akomatɔyam ne yiyedi ba. Afei nso na wobenya akokoduru na wɔanya ahoɔden te sɛ ‘gyata a ɔda kwae mu mmoa mu.’ (Mika 5:7, 8) Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a etwa to no nyaa ne mmamu wɔ Maccabeefo no bere so bere a Yudafo a na wɔhyɛ Maccabeefo abusua ase no tuu wɔn atamfo fii Bɔhyɛ Asase no so na wɔsan hyiraa asɔrefie a na wɔagu ho fi no so no. Enti wɔkoraa asase no ne asɔrefie no so sɛnea ɛbɛyɛ a nkaefo anokwafo foforo betumi ahyia Onyankopɔn Ba no kwan bere a opuei wɔ hɔ sɛ Mesia no.—Daniel 9:25; Luka 1:13-17, 67-79; 3:15, 21, 22.

13. Bere a Yudafo no kum Yehowa Ba no akyi mpo no, ɔkwan so na Yehowa kɔɔ so daa abodwokyɛre adi?

13 Mpo bere a Yudafo no kum Yehowa Ba no, ɔkɔɔ so daa abodwokyɛre adi mfe abiɛsa ne fã bio, maa wonyaa hokwan soronko a ɛbɛma wɔabɛyɛ Abraham honhom fam asefo. (Daniel 9:27) * Ansa na 36 Y.B. reba ne ɛno akyi no, Yudafo binom gyee ɔfrɛ yi so, ma enti sɛnea akyiri yi Paulo kae no, ‘nkaefo bi a wɔnam ɔdom so paw wɔn aka.’—Romafo 11:5.

14. (a) Wɔ afe 36 Y.B. no, henanom na wonyaa hokwan sɛ wɔbɛyɛ Abraham honhom mu asefo? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo daa ne nkate adi wɔ ɔkwan a Yehowa faa so paw honhom fam Israel mufo no ho?

14 Wɔ 36 Y.B. mu no, wɔtrɛw hokwan a ɛbɛma obi abɛyɛ Abraham honhom fam aseni no mu bere a edi kan koraa maa wɔn a na wɔnyɛ Yudafo anaa wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no. Obiara a ogyee ɔfrɛ no so nso benyaa Yehowa dom ne abodwokyɛre no bi. (Galatifo 3:26-29; Efesofo 2:4-7) Bere a Paulo reka anisɔ kɛse a ɔwɔ ma nyansa ne atirimpɔw a ɛwɔ Yehowa abodwokyɛre a ofi mmoborohunu mu daa no adi mu a ɔnam so nyaa nnipa dodow a wɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ honhom fam Israel ho asɛm no, ɔkae sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.”—Romafo 11:25, 26, 33; Galatifo 6:15, 16.

Abodwokyɛre a Ne Din Nti Ɔdaa no Adi

15. Dɛn titiriw na wogyina so da ɔsoro abodwokyɛre adi, na ɔsɛmpɔw bɛn na ehia bere na wɔde abua?

15 Dɛn nti na Yehowa da abodwokyɛre adi? Ade titiriw nti a ɔyɛ saa ne sɛ, ɛbɛma wahyɛ ne din kronkron no anuonyam na wasan n’amansan tumidi ho. (1 Samuel 12:20-22) Ná egye bere na ama wɔatumi abua Abrabɔ fam ɔsɛmpɔw a Satan ma ɛsɔree wɔ ɔkwan a Yehowa fa so de N’amansan tumidi di dwuma no ho na ama amansan nyinaa ahu. (Hiob 1:9-11; 42:2, 5, 6) Ne saa nti, bere a na wɔrehyɛ ne nkurɔfo so wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ Farao sɛ: “Eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.”—Exodus 9:16.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa abodwokyɛre ma ɛyɛɛ yiye sɛ obesiesie ɔman bi ama ne din? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛtew Yehowa din ho asan n’amansan tumidi ho?

16 Wɔfaa nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Farao no kae bere a ɔsomafo Paulo kyerɛɛ dwuma a Onyankopɔn abodwokyɛre di wɔ Ne din kronkron a wɔbɛhyɛ no anuonyam ho no ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu, sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn? Sɛ wɔafrɛ yɛn nso nen, ɛnyɛ Yudafo nko mu, na amanaman mu nso. Sɛnea ɔka Hosea nhoma mu nso sɛ: Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no me man, ne nea mannɔ no no ɔdɔfo.” (Romafo 9:17, 22-25) Esiane sɛ Yehowa daa abodwokyɛre adi nti, otumi paw ɔman bi fii amanaman no mu “maa ne din.” (Asomafo no Nnwuma 15:14) “Akronkronfo” yi nam wɔn Wura, Yesu Kristo so bɛyɛ Ahenni a Yehowa de bedi dwuma de atew ne din ho na wasan n’amansan tumidi ho no adedifo.—Daniel 2:44; 7:13, 14, 27; Adiyisɛm 4:9-11; 5:9, 10.

Yehowa Abodwokyɛre De Nkwagye Ba

17, 18. (a) Dɛn na sɛ yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛrekasa atia Yehowa abodwokyɛre? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yemmu Yehowa abodwokyɛre?

17 Efi bere a adesamma yɛɛ bɔne de besi nnɛ no, Yehowa ada ne ho adi sɛ abodwokyɛre Nyankopɔn. Abodwokyɛre a ɔdaa no adi ansa na Nsuyiri no reba no ma wonyaa kwan bɔɔ kɔkɔ yɛɛ ade a wɔnam so benya nkwagye nso. Nanso n’abodwokyɛre no baa awiei, na Nsuyiri no bae. Saa ara na ɛnnɛ, Yehowa reda abodwokyɛre kɛse adi, na eyi rekyɛ sen sɛnea ebia ebinom hwɛɛ kwan no. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛma w’abam bu. Saa a wobɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ worekasa tia Onyankopɔn sɛ wada abodwokyɛre adi. Paulo bisae sɛ: “Wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre bebrebe no ahi a wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu?”—Romafo 2:4.

18 Yɛn mu biara ntumi nhu bere dodow a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tɔ ne bo ase ma yɛn kodu na ama yɛatumi ahu sɛ ebia yɛwɔ n’anim dom a ɛbɛma yɛanya nkwagye. Paulo tu yɛn fo sɛ, ‘yɛmfa osuro ne ahopopo nyɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma nwie.’ (Filipifo 2:12) Ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa mfɛfo Kristofo sɛ: “[Yehowa, NW] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.”—2 Petro 3:9.

19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Yehowa abodwokyɛre so mfaso?

19 Enti, mommma yɛn bo mmfuw ɔkwan a Yehowa fa so di nsɛm ho dwuma no. Mmom no, momma yenni Petro afotu a ɔde mae akyiri yi no so na ‘yemmu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye.’ Henanom nkwagye? Yɛn de, ne sɛ yɛbɛtrɛw mu a, afoforo pii a wɔda so ara hia sɛ wɔte “ahenni ho asɛmpa” no. (2 Petro 3:15; Mateo 24:14) Eyi bɛboa yɛn ma yɛakyerɛ Yehowa abodwokyɛre kɛse a ofi ayamye mu da no adi no ho anisɔ na aka yɛn ma yɛada abodwokyɛre adi wɔ yɛne afoforo nsɛnnii mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Wɔ Hebri mu no, wɔtaa de asɛmfua a egyina hɔ ma “ɛhwene” anaa “ɛhwene mu” (‘aph) di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so ma abufuw. Eyi te saa esiane sɛnea obi a ne bo afuw no home hahyee-hahyee no nti.

^ nky. 13 Sɛ wopɛ nkɔmhyɛ yi mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no, nkratafa 191-4.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

•Dɛn na asɛmfua “abodwokyɛre” kyerɛ wɔ Bible mu?

•Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa n’abo- dwokyɛre adi ansa na Nsuyiri no reba, wɔ Babilon nnommumfa no akyi, ne afeha a edi kan no mu?

•Ntease atitiriw bɛn nti na Yehowa ada abodwokyɛre adi?

•Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu Yehowa abodwokyɛre?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Abodwokyɛre a Yehowa daa no adi ansa na Nsuyiri no reba no maa nkurɔfo nyaa hokwan kɛse a wɔde bɛsakra wɔn adwene

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Bere a Babilon hwee ase no, Yudafo no nyaa Yehowa abodwokyɛre so mfaso

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Wɔ afeha a edi kan mu no, Yudafo ne wɔn a na wɔnyɛ Yudafo nyinaa nyaa Yehowa abodwokyɛre so mfaso

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya Yehowa abodwokyɛre so mfaso