Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Ɔpepem Pii Akyerɛ New World Translation Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa

Nnipa Ɔpepem Pii Akyerɛ New World Translation Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa

Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ

Nnipa Ɔpepem Pii Akyerɛ New World Translation Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa

EGYEE adwumaden a wɔde mfe 12, asram 3, ne nnafua 11 yɛe. Nanso, wɔ March 13, 1960 mu no, wowiee Bible nkyerɛase foforo yi fã a etwa to no. Wɔfrɛɛ no New World Translation of the Holy Scriptures.

Afe a edi hɔ no, Yehowa Adansefo tintim afa horow no nyinaa yɛɛ no po biako. Wotintimii 1961 de no ɔpepem biako. Ɛnnɛ dodow a wotintim no boro ɔpepem ɔha, na ɛno kyerɛ sɛ New World Translation no ka Bible ahorow a wɔkyekyɛ paa no ho. Nanso, adɛn nti na Adansefo no yɛɛ nkyerɛase yi?

Adɛn Nti na na Bible Nkyerɛase Foforo Ho Hia?

Sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa Adansefo ate Kyerɛw Kronkron no ase na wɔatumi aka mu asɛm akyerɛ no, wɔakɔ so de Engiresi Bible nkyerɛase ahorow pii adi dwuma wɔ mfe pii a abɛsen kɔ no mu. Ɛwom sɛ nkyerɛase ahorow yi nyinaa di dwuma titiriw bi de, nanso, nyamesom mu amammerɛ ne Kristoman mu gyidi ahorow mpa mu. (Mateo 15:6) Enti Yehowa Adansefo hui sɛ ehia sɛ wonya Bible nkyerɛase a ɛbɛka nsɛm a ɛwɔ mfitiase nkyerɛwee a wofi honhom mu de mae no pɛpɛɛpɛ.

October 1946 na wotuu anammɔn a edi kan wɔ eyi yɛ mu bere a Nathan H. Knorr, Yehowa Adansefo Sodikuw no muni de adwene bae sɛ wontintim Bible nkyerɛase foforo no. Wɔ December 2, 1947 mu no, Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Boayikuw no fii ase yɛɛ nkyerɛase bi a ɛbɛda mfitiase nkyerɛwee no adi pɛpɛɛpɛ, na ɛde nimdeɛ a edi mu a na wɔanya afi Bible nkyerɛwee a wɔahu nnansa yi mu ne nsɛm a obiara betumi ate ase nnɛ no adi dwuma.

Bere a wowiee ɔfa a edi kan—New World Translation of the Christian Greek Scriptures—no wɔ 1950 mu no, ɛbɛdaa adi sɛ nkyerɛasefo no atumi adi wɔn botae no ho dwuma. Bible mu nsɛm bi a kan no na wɔnte ase yiye no mu bɛdaa hɔ fann. Sɛ nhwɛso no, susuw asɛm a ɛwɔ Mateo 5:3 a ɛkyere adwene yi ho hwɛ: “Nhyira ne honhom mu ahiafo.” Wɔkyerɛɛ ase: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” Wɔkyerɛɛ ɔsomafo Paulo asɛm “nnwensa” no ase “agyede a ɛfata.” (1 Timoteo 2:6) Ɛkyerɛ ɔsomafo Yohane asɛm “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, . . .” no ase “Eyi ne daa nkwa sɛ wobenya wo . . . ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Nokwarem no, New World Translation no daa ntease foforo adi.

Nhomanimfo pii ani gyee ho. Sɛ nhwɛso no, Britania Bible ho ɔbenfo Alexander Thomson kae sɛ New World Translation tumi kyerɛkyerɛ Hela kasa mmara a ɛkyerɛ biribi a ɛkɔ so daa mu pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no Efesofo 5:25 kenkan sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom daa, sɛ anka ɛbɛka sɛ “Okununom, monnɔ mo yerenom” kɛkɛ no. Thomson ka faa New World Translation ho sɛ: “Nkyerɛase biara nni hɔ a etumi da nsɛm adi pɛpɛɛpɛ saa wɔ baabiara.”

Ade foforo a ɛda nsow wɔ New World Translation ho ne Onyankopɔn din ankasa, Yehowa, a epue wɔ Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu no. Ɛnam sɛ Hebri din a wɔde frɛ Onyankopɔn no pue bɛyɛ 7,000 wɔ nea wɔfrɛ no Apam Dedaw no nkutoo mu nti, ɛda adi sɛ yɛn Bɔfo no pɛ sɛ n’asomfo hu no na wɔde ne din di dwuma. (Exodus 34:6, 7) New World Translation aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔayɛ saa.

Wotintim New World Translation no Wɔ Kasa Pii Mu

Efi bere a wotintim New World Translation wɔ Engiresi kasa mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa pɛe sɛ wɔn nsa ka bi wɔ wɔn kurom kasa mu—na na eyi fata. Wɔ aman bi mu no, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ ase akɔ ɛhɔ kasa mu efisɛ na Bible Tintim Fekuw no ananmusifo mpɛ sɛ wɔn Bible bɛkɔ akodi Yehowa Adansefo nsam. Afei nso, Bible ahorow a ɛwɔ kasa bi mu no taa kata nkyerɛkyerɛ a ɛho hia paa so. Nhwɛso pɔtee bi ne Europa anaafo fam man bi nkyerɛase a ɛkata Onyankopɔn din so bere a ɛsakraa Yesu asɛm yi: “Wo din ho ntew,” yɛɛ no “Ma Nkurɔfo nhyɛ wo anuonyam” no.—Mateo 6:9.

Wɔ 1961 mu no, na wɔafi ase rekyerɛ New World Translation no ase akɔ kasa horow mu. Wɔde mfe abien pɛ kyerɛɛ New World Translation of the Christian Greek Scriptures no ase kɔɔ kasa foforo nsia mu. Saa bere no, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase no 4 mu 3 biara tumi kan Bible yi wɔ wɔn ankasa kasa mu. Nanso, sɛ na Yehowa Adansefo betumi ama nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa anya Bible yi bi a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma pii.

Wɔ 1989 mu no, na ɛkame ayɛ sɛ wɔreyɛ adu botae yi ho denam Kasa Nkyerɛase Dwumadibea a wɔtewee wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti hɔ no so. Dwumadibea yi hyehyɛɛ ɔkwan bi a ɛbɛfa so ayɛ nkyerɛase no denam Bible mu nsɛmfua a wɔde kɔmputa ho nimdeɛ besua so. Ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so no boa ma wotumi de afe kyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase na wɔde mfe abien kyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase—ennu bere a ɛtaa gye Bible asekyerɛfo no ho fã. Efi bere a wɔhyehyɛɛ saa kwan yi no, wɔakyerɛ New World Translation no ase fi Engiresi mu akɔ kasa 29 a nnipa bɛboro ɔpepepem abien ka mu. Seesei wɔrekyerɛ ase akɔ kasa foforo 12 mu. Ɛde besi nnɛ no, wɔakyerɛ Engiresi New World Translation no fã bi anaa ne nyinaa ase kɔ kasa foforo 41 mu.

Mfe 50 atwam fi bere a woyii New World Translation no fã a edi kan wɔ August 3, 1950 mu wɔ Yehowa Adansefo Teokrase Nkɔso Nhyiam ase wɔ New York City no. Saa bere no Nathan H. Knorr ka kyerɛɛ nhyiamfo no sɛ: “Munnye nkyerɛase yi. Momfa anigye nkenkan ne nyinaa. Munsua, efisɛ ɛbɛboa mo ma moate Onyankopɔn Asɛm no ase yiye. Monkyekyɛ mma afoforo.” Yɛhyɛ mo nkuran sɛ monkenkan Bible no daa, efisɛ asɛm a ɛwom no betumi aboa mo ma ‘moagyina hɔ pɛ anya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.’—Kolosefo 4:12.

[Akontaabu pon/Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

“New World Translation Ahorow a Wɔayi no Adi”

Seesei wɔawie New World Translation a wodii kan yii no adi wɔ Engiresi mu no fã bi anaa ne nyinaa wɔ kasa foforo 41 mu

Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm Bible mũ no nyinaa

1950 1

1960-69 6 5

1970-79 4 2

1980-89 2 2

1990 besi nnɛ 29 19