Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Noa Gyidi Bu Wiase no Fɔ

Noa Gyidi Bu Wiase no Fɔ

Noa Gyidi Bu Wiase no Fɔ

SO WOATE Noa, ɔbarima a osuro Nyankopɔn a ɔpam adaka ma wɔde koraa nnipa nkwa so wɔ wiase nyinaa nsuyiri bi mu, no ho asɛm? Ɛmfa ho sɛ akyɛ no, nnipa ɔpepem pii na wonim saa asɛm yi. Nanso, nea nnipa pii nhu ne sɛ Noa asetra no kyerɛ biribi ma yɛn nyinaa.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma kyerɛwtohɔ a adi mfe mpempem pii no ho hia yɛn? So nsɛdi wɔ Noa bere no ne yɛn de mu? Sɛ nsɛdi bi wom a, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ne nhwɛso no so mfaso?

Wiase a na Ɛwɔ Hɔ Wɔ Noa Bere So

Bible mmerebu da no adi sɛ wɔwoo Noa wɔ 2970 A.Y.B. mu—Adam wu akyi mfirihyia 126. Wɔ Noa bere so no, na basabasayɛ ahyɛ asase so ma, na Adam asefo dodow no ara paw sɛ wobedi wɔn nananom nhwɛso bɔne no akyi. Enti, “[Yehowa, NW] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.”—Genesis 6:5, 11, 12.

Ɛnyɛ nnipa atuatew nkutoo na Yehowa ani annye ho. Genesis kyerɛwtohɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. . . . Nna no mu na abran akɛse [Nefilim, NW] wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete.” (Genesis 6:2-4) Sɛ yɛde nkyekyem ahorow yi toto asɛm a ɔsomafo Petro yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no ho a, ɛkyerɛ sɛ na “Onyankopɔn mma” no ne abɔfo atuatewfo no. Ná Nefilim no yɛ afrafra mma a mmea ne abɔfo atuatewfo a wɔdanee wɔn ho nnipa no woe no.—1 Petro 3:19, 20.

“Nefilim,” a ɛkyerɛ “Abusuyɛfo” no, gyina hɔ ma nnipa a wɔma afoforo hwe ase. Ná wɔyɛ asisifo atirimɔdenfo, na wɔde bɔne a wɔn agyanom a na akɔnnɔ bɔne adɔre wɔn no toto nneɛma fĩ a Sodom ne Gomora yɛe no ho. (Yuda 6, 7) Ne nyinaa mu, wɔmaa amumɔyɛ a ɛyɛ abofono nyaa nkɔanim wɔ asase so.

‘Ná Ɔyɛ Pɛ Wɔ Ne Bere Sofo Mu’

Ná amumɔyɛ adɔɔso araa ma Onyankopɔn yɛe sɛ ɔbɛsɛe adesamma. Nanso kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: ‘Noa nyaa Yehowa anim dom. Ná Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.’ (Genesis 6:8, 9) Ɛyɛɛ dɛn na otumi ne ‘Onyankopɔn nantewee’ wɔ amumɔyɛ wiase a na ɛfata ɔsɛe nkutoo no mu?

Akyinnye biara nni ho sɛ, Noa suaa pii fii n’agya, Lamek, ɔbarima a ɔwɔ gyidi a ɔtraa ase wɔ Adam bere so, no nkyɛn. Bere a na Lamek de edin Noa (a ɛkyerɛ “Ahomegye,” anaa “Awerɛkyekye”) rema ne babarima no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a [Yehowa, NW] adome no so.” Saa nkɔmhyɛ no nyaa mmamu bere a Onyankopɔn yii ne nnome no fii asase no so no.—Genesis 5:29; 8:21.

Sɛ obi awofo suro Onyankopɔn a, ɛno nkyerɛ sɛ onii no bɛyɛ honhom muni ɔkwan biara so, efisɛ ɛsɛ sɛ ankorankoro biara fi ne pɛ mu ne Yehowa nya abusuabɔ. Noa ‘ne Onyankopɔn nantewee’ denam ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɔpawee no so. Nea Noa sua faa Onyankopɔn ho no na ɛkaa no ma ɔsom no. Noa gyidi anhinhim bere a Onyankopɔn kaa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ‘ɔde nsuyiri bɛsɛe ɔhonam nyinaa’ ho asɛm kyerɛɛ no no.—Genesis 6:13, 17.

Esiane ahotoso a na Noa wɔ sɛ ɔsɛe a ɛso bi nni yi bɛba nti, otiee Yehowa ahyɛde a edi so yi: “Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa mannɔ tare emu ne ɛho.” (Genesis 6:14) Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ obedu Onyankopɔn ahwehwɛde a ɛfa adaka no yɛ ho no ho. Nanso, “Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa.” Nokwarem no, “saa ara na ɔyɛe.” (Genesis 6:22) Noa yere ne wɔn mmabarima Sem, Ham, Yefet ne wɔn yerenom na wɔboaa no ma ɔyɛɛ eyi. Yehowa hyiraa gyidi a ɛte saa so. Nhwɛso a ɛkyɛn so ma mmusua nnɛ bɛn ara ni!

Dɛn na na adaka no yɛ begye? Yehowa hyɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka kɛse a ɛtoa so abiɛsa a nsu ntumi nkɔ mu, a ne ntwemu yɛ mita 133, ne trɛw yɛ mita 22, na ne sorokɔ yɛ mita 13. (Genesis 6:15, 16) Yebetumi aka sɛ na adaka no kɛse bɛyɛ sɛ nnɛyi po so ahyɛn a wɔde fa nneɛma no.

Adwuma kɛse bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛhwehwɛ sɛ wobetwa nnua mpempem pii atwe akɔ beae a wɔreyɛ adaka no, ayiyi no taboo anaa mpuran. Ná ɛsɛ sɛ ɔyɛ apa na ɔsensen nnua a ano mfeamfeaa, onya mannɔ a ɔde bɛtare emu ne ɛho, nneɛma a ɔde nsu begu mu ne nnwinnade, ne nea ɛkeka ho. Ná adwuma no bɛhwehwɛ sɛ ɔne aguadifo di nkitaho na ɔtɔ nneɛma ahorow na ɔfa apaafo tua wɔn ka. Ɛda adi sɛ na ebehia sɛ onya nimdeɛ sɛ duadwumfo na ama watumi ahyehyɛ nnua no pɛpɛɛpɛ na wayɛ adaka a edi mu na ɛwɔ ahoɔden. Na susuw ho hwɛ—adaka no yɛ dii bɛyɛ mfirihyia 50 anaa 60!

Nea edi hɔ no, na Noa bɛboaboa nnuan a ɛdɔɔso ne mmoa nnuan pii nso ano. (Genesis 6:21) Ná ɛsɛ sɛ ɔhwɛ boaboa mmoa ahorow pii ano de wɔn kɔ adaka no mu. Noa yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛe nyinaa, na owiee adwuma no. (Genesis 6:22) Yehowa nhyira ma otumi wiee no koraa.

“Treneekafo”

Adaka no yɛ akyi no, Noa bɔɔ kɔkɔ na ɔsom Onyankopɔn nokwaredi mu sɛ “treneekafo.” Nanso nkurɔfo ‘anhu kosi sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.’—2 Petro 2:5; Mateo 24:38, 39.

Sɛ yesusuw sɛnea na nkurɔfo honhom ne abrabɔ fam tebea asɛe saa bere no ho a, ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ afipamfo a wɔn adwene akyea no serew Noa ne n’abusua, yɛɛ wɔn ayayade dii wɔn ho fɛw no. Ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo susuwii sɛ wɔabɔ dam. Nanso, Noa tumi maa ne fiefo honhom fam nkuranhyɛ ne mmoa, efisɛ wɔannya wɔn bere sofo amumɔyɛfo no basabasayɛ su, ahohwibra ne wɔn atuatew honhom no bi. Noa nam ne kasa ne ne nneyɛe a na ɛkyerɛ gyidi a ɔwɔ no so buu wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no fɔ.—Hebrifo 11:7.

Wɔkoraa Wɔn So Wɔ Nsuyiri no Mu

Bere a na aka bere tiaa bi ma osu no atɔ no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnkɔ adaka a wɔawie no mu. Bere a Noa ne n’abusua ne mmoa no kɔɔ mu no, ‘Yehowa too mu,’ maa fɛwdi no to twae. Bere a nsuyiri no bae no, ɛda adi sɛ abɔfo asoɔdenfo no yii honam nipadua no guu hɔ de guanee ɔsɛe. Na wɔn a wɔaka no nso ɛ? Wiɛ, abɔde a nkwa wom biara a ɔte asase kesee so a wankɔ adaka no mu, a na Nefilim no ka ho no, sɛee! Noa ne n’abusua nkutoo na wonyaa wɔn ti didii mu.—Genesis 7:1-23.

Noa ne ne fiefo dii afe biako ne nnafua 10 wɔ adaka no mu. Ná wɔma mmoa no aduan ne nsu, prapra mmoa tiafi, na na wobu bere nso. Genesis ka biribiara a ɛkɔɔ so wɔ Nsuyiri no mu ho asɛm pɛpɛɛpɛ, te sɛ kyerɛwtohɔ a wɔyɛ wɔ po so hyɛn bi mu, ma enti kyerɛwtohɔ no yɛ nokware turodoo.—Genesis 7:11, 17, 24; 8:3-14.

Bere a na wɔwɔ adaka no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ Noa dii n’abusua no anim maa wosusuw honhom fam nneɛma ho de aseda maa Onyankopɔn. Ɛda adi sɛ ɛdenam Noa ne n’abusua so no, wɔkoraa mmere a na edi Nsuyiri no anim ho abakɔsɛm so. Atetesɛm a wɔka kyerɛ anaa abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a edi mu a na wɔwɔ no bɛma wɔanya nneɛma pa asusuw ho yiye wɔ Nsuyiri no mu.

Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Noa ne n’abusua ani gyei sɛ wɔasan aba asase kesee so bio! Ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ osii afɔremuka yɛɛ asɔfodwuma maa n’abusua, na ɔbɔɔ afɔre maa Onii a ogyee wɔn nkwa no.—Genesis 8:18-20.

“Sɛnea Noa Nna no Yɛe No”

Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mateo 24:37) Ɛnnɛ, Kristofo nso yɛ treneekafo saa ara, na wɔrehyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnsakra. (2 Petro 3:5-9) Bere a yehu saa akontaabu yi no, yebetumi asusuw nea ɛkɔɔ so wɔ Noa adwene mu ansa na Nsuyiri no reba no ho. So ɔtee nka da bi sɛ mfaso biara nni n’asɛnka no so? So ɛtɔ mmere bi a na ɔbrɛ? Bible no nka. Nea ɛka kyerɛ yɛn ara ne sɛ Noa tiee Onyankopɔn.

So wuhu sɛnea Noa bere no hia ma yɛn nnɛ no? Ɔyɛɛ setie maa Yehowa ɛmfa ho ɔsɔretia anaa ahokyere no. Ɛno nti na Yehowa buu no ɔtreneeni no. Ná Noa abusua no nnim bere pɔtee a Onyankopɔn de Nsuyiri no bɛba, nanso na wonim sɛ ɛbɛba. Onyankopɔn asɛm mu gyidi na ɛwowaw Noa wɔ mfe a ɔde yɛɛ adaka ne asɛnka adwuma a na ɛte sɛ nea mfaso biara nni so no. Nokwarem no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidi ho trenee difo.”—Hebrifo 11:7.

Ɛyɛɛ dɛn na Noa nyaa gyidi a ɛte saa? Ɛda adi sɛ ogyee bere susuw biribiara a na onim fa Yehowa ho no ho, na ɔmaa saa nimdeɛ no kyerɛɛ no kwan. Akyinnye biara nni ho sɛ, Noa ne Onyankopɔn kasae wɔ mpaebɔ mu. Nokwarem no, ɔne Yehowa nyaa abusuabɔ a emu yɛ den araa ma ‘ɔne Onyankopɔn nantewee.’ Sɛ́ abusua ti no, Noa de anigye nyaa bere maa n’abusua, na ɔyɛɛ asõ maa wɔn ɔdɔ mu. Nea na ɛka eyi ho ne ne yere, ne mmabarima baasa, ne ne nsenom mmea no honhom fam yiyedi a odii ho dwuma.

Te sɛ Noa no, nokware Kristofo nim nnɛ sɛ ɛrenkyɛ Yehowa de nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei. Yennim saa da no ne dɔn ko de, nanso yenim sɛ gyidi ne osetie a saa “treneekafo” yi daa no adi a yebesuasua no bɛma ‘wɔakora yɛn nkwa so.’—Hebrifo 10:36-39.

[Adaka wɔ kratafa 29]

So Esii Ankasa?

Ɛkame ayɛ sɛ nnipa asetra ho animdefo aboaboa nsuyiri no ho anansesɛm bɛyɛ 270 ano afi mmusuakuw ne aman nyinaa mu. Onimdefo Claus Westermann ka sɛ: “Yehu nsuyiri no ho nsɛm wɔ wiase nyinaa. Te sɛ adebɔ ho nsɛm no, ɛyɛ yɛn amammerɛ titiriw no fã. Ɛyɛ nwonwa ankasa sɛ: wɔ asase so baabiara no, yehu nsɛm a ɛfa tete bere mu nsuyiri kɛse no ho.” Dɛn ntia? Nkyerɛkyerɛmufo Enrico Galbiati ka sɛ: “Ka a wɔka nsuyiri ho asɛm wɔ nnipa ahorow mu wɔ mmere ahorow nyinaa mu no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ abakɔsɛm a ɛfa atetesɛm a ɛtete saa ho no nyinaa yɛ nokware.” Nanso, nea ɛho hia Kristofo sen nsɛm a animdefo aka ne nim a wonim sɛ Yesu ankasa kaa Nsuyiri no ho asɛm sɛ biribi a esii adesamma abakɔsɛm mu ankasa.—Luka 17:26, 27.

[Adaka wɔ kratafa 30]

So Nefilim no Yɛ Anansesɛm Mu Nnipa?

Ná nkitahodi a ɛbɛdaa anyame ne nnipa ntam—ɛne “abirɛmpɔn” anaa “nnipa a wɔn fã yɛ anyame” a saa nkitahodi yi maa wɔwoo wɔn mu no—ho anansesɛm abu so wɔ Helafo, Misrifo, Ugaritifo, Hurriafo, ne Mesopotamiafo nyamekyerɛ mu. Ná Helafo anansesɛm mu anyame te sɛ nnipa, na na wɔn ho yɛ fɛ yiye. Ná wodidi, nom, da, nya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa, di anobaabae, ko ntɔkwaw, daadaa nkurɔfo, to nkurɔfo mmonnaa. Ɛwom sɛ wɔkyerɛ sɛ na wɔyɛ kronkron de, nanso na wotumi daadaa nkurɔfo, di nsɛmmɔne nso. Wɔ ka sɛ na abirɛmpɔn te sɛ Achilles wɔ onyame ne nnipa su, na na wɔwɔ tumi a ɛsen nnipa de, nanso na wotumi wu. Enti, nea Genesis ka fa Nefilim ho no ma yehu nokwasɛm bi wɔ anansesɛm a ɛte saa mu anaa nea ɛyɛe a efii ase no mu.