Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Skitefo Tete Mmere Mu Nnipa a Wɔn Ho Yɛ Nwonwa

Skitefo Tete Mmere Mu Nnipa a Wɔn Ho Yɛ Nwonwa

Skitefo Tete Mmere Mu Nnipa a Wɔn Ho Yɛ Nwonwa

ATUTRAFO man bi tete apɔnkɔ so nam mfutuma mu abedu a wɔn bɔtɔwa a nneɛma ayeyɛ no ma ka wɔn ho. Saa nnipa a wɔn ho yɛ nwonwa yi gyee Eurasia anhweatam no fae fi bɛyɛ 700 kosi 300 A.Y.B. mu. Afei wotu yerae—nanso wogyaw nkae bi wɔ abakɔsɛm mu ankasa. Wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu mpo. Wɔne Skitefo.

Mfehaha pii na atutrafo ne apɔnkɔ pii adi atutra wɔ sare a efi ase fi Carpathia Mmepɔw so wɔ Europa apuei fam kosi nea wonim no nnɛ sɛ Russia anafo fam apuei no so. Eduu afeha a ɛto awotwe A.Y.B. mu no, asraafo a China Ɔhempɔn Hsüan de wɔn beguu hɔ no maa nkurɔfo no tu kɔɔ atɔe fam. Bere a na Skitefo reka kɔ atɔe fam no, wodii ako pam Cimmeriafo a na wodi Caucasus ne beae a ɛda Po Tuntum no atifi fam so no.

Bere a na Skitefo repɛ ahonyade no, wɔfow Asiria ahenkurow Niniwe. Akyiri yi, wɔne Asiria yɛɛ apam tow hyɛɛ Mediafo, Babilonfo, ne aman foforo so. Wɔtow hyɛɛ Misraim apuei famfo mpo so. Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔbɛfrɛɛ Beth-shan kurow a ɛda Israel atifi fam apuei Scythopolis akyiri yi no betumi akyerɛ sɛ Skitefo ko fae bere bi.—1 Samuel 31:11, 12.

Awiei koraa no, Skitefo bɛtraa baabi a ɛnnɛ wɔfrɛ no Romania, Moldova, Ukraine, ne Russia anaafo fam, nsase so. Ɛhɔ no, wonyaa wɔn ho, na na wɔyɛ akonkosifo ma Helafo ne nnɛyi Ukraine ne Russia anafo famfo a na wodua awi no. Ná Skitefo no de awi, ɛwo, aboa ho nhwi, ne anantwi sesa Helafo nsã, ntama, akode, ne adwinni. Enti wonyaa wɔn ho tam.

Apɔnkɔsotefo a Wɔn Ho Yɛ Nwonwa

Wɔ asase no so akofofo yi fam no, na ɔpɔnkɔ som bo te sɛ nea yoma som bo ma nnipa a wɔte anhweatam no so no. Ná Skitefo nim pɔnkɔ so tra yiye, na wɔka nnipa a wodii kan de aboa so agua ne ntiamu dii dwuma no ho. Ná wodi pɔnkɔ nam nom wɔn nufusu. Nokwarem no, na apɔnkɔ na wɔde bɔ afɔre. Sɛ Skiteni kofoni bi wu a, na wokum ne pɔnkɔ de sie no nidi mu—a nneɛma a ɔde kɔ ɔko nyinaa ka ho.

Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛ no, na Skitefo amammerɛ yɛ nea atirimɔdensɛm wom, a na nea ɛka ho ne wɔn a wodi wɔn so nkonim wɔ akodi mu no tikora a na wɔnom mu. Sɛ wɔtow hyɛ wɔn atamfo so a, na wɔde afoa, abonnua a wɔde di ako, mpeaw, ne mmɛmma a ano yɛ feafeaa a ɛtetew ɔhonam kunkum wɔn.

Aboda a Wosiesiei Ma Atra Hɔ Daa

Ná Skitefo pɛ abayisɛm ne akɔmfosɛm, na na wɔsom ogya ne ɛna nyamewa bi. (Deuteronomium 18:10-12) Ná wobu aboda sɛ baabi a awufo te. Ná wokum nkoa ne mmoa ma wɔn wura a wɔawu no ma ɔde wɔn adi dwuma. Ná wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ agyapade ne nkoa ka mmapɔmma ho kɔ “wiase foforo a wɔrekɔ hɔ no” mu. Wɔ ɔhene bi damoa mu no, wohuu nkoa baanum bi sɛ wɔda hɔ na wɔn nan kyerɛ wɔn wura no so, a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛsɔre ayɛ wɔn nnwuma.

Ná wɔde nneɛma a ne bo yɛ den sie atumfoɔ, na sɛ Skitefo no retwa agyaadwo a, na wotwitwa wɔn honam nkwaa bi ma mogya gu, na na wotwitwa wɔn ti nhwi. Herodotus kyerɛwee sɛ: “Ná wotwitwa wɔn asõ fã bi, yi wɔn ti nhwi, twitwa wɔn nsa ho, twitwa wɔn moma so ne wɔn hwene so, na na wɔde bɛmma tue wɔn nsa benkum mu tokuru.” Nea ɛne no bɔ abira no, Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo wɔ saa bere no mu ara no hyɛe sɛ: “Monnsesa mo ho nkamaa mmma awufo.”—Leviticus 19:28.

Skitefo no gyaw kurgans (ɔdamoa a ɛte sɛ nkofi) mpempem pii wɔ akyi. Agude pii a wohui wɔ ɔda ahorow mu no ka Skitefo da biara da asetra ho asɛm. Russia Ɔhempɔn Peter Ɔkɛseɛ fii ase boaboaa saa nneɛma no ano wɔ 1715 mu, na nnɛ yebetumi ahu nneɛma a ɛhyerɛn yi wɔ Russia ne Ukraine tete nneɛma akorae ahorow mu. “Mmoa a wɔayɛ wɔn mfonini” yi bi ne apɔnkɔ, akɔre, akoroma, nnyinamoa, asebɔ, ɛkoɔ, ɔwansan, ne nnomaa ne agyata a wɔn fã bi te sɛ mmoa foforo.

Skitefo ne Bible No

Bible no twe adwene si Skitefo so pɛnkoro pɛ. Wɔ Kolosefo 3:11 no, yɛkenkan sɛ: “Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu.” Bere a Kristoni somafo Paulo kyerɛw saa nsɛm no, na Hela asɛm a wɔkyerɛ ase “Skitefo” no nkyerɛ ɔman pɔtee bi, na mmom nnipa amumɔyɛfo a wɔn ani mmuei koraa. Nea na Paulo resi so dua ne sɛ wɔ Yehowa honhom kronkron, anaa adeyɛ tumi nkɛntɛnso ase no, nnipa a wɔte saa mpo betumi asakra anya su pa.—Kolosefo 3:9, 10.

Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no bi gye di sɛ edin Askenas a epue wɔ Yeremia 51:27 no ne Asiria asɛmfua Ashguzai, asɛmfua a na wɔde di dwuma ma Skitefo no, yɛ pɛ. Cuneiform abopon no ka apam bi a saa nkurɔfo yi ne Mannaifo yɛ de tew atua tiaa Asiriafo wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu ho asɛm. Bere tiaa bi ansa na Yeremia fii ase hyɛɛ nkɔm no, na Skitefo twam wɔ Yuda asase so kɔ Misraim san ba wɔn asase so a obi nka wɔn hwee. Enti, ebia nnipa a wɔtee sɛ Yeremia rehyɛ ntua a ebefi atifi fam aba Yuda so ho nkɔm no pii adwenem yɛɛ wɔn nnaa wɔ nokware a ne nkɔmhyɛ no yɛ ho.—Yeremia 1:13-15.

Nhomanimfo bi susuw sɛ wɔtwe adwene si Skitefo so tẽẽ wɔ Yeremia 50:42, na ɛkenkan sɛ: “Wokurakura ta ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wonhu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofofo, atu wo Babel babea, so sa.” Nanso Mediafo ne Persiafo a wodii Babilon so nkonim wɔ 539 A.Y.B. mu no na saa nkyekyem yi fa wɔn ho titiriw.

Wɔkyerɛ sɛ “Magog asase” a wɔtwe adwene si so wɔ Hesekiel ti 38 ne 39 no fa Skitefo mmusua ho. Nanso, “Magog asase” no kyerɛ biribi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɛda adi sɛ ɛtwe adwene si asase so tebea a Satan ne n’abɔfo baam wɔ ɔsoro ko no akyi no so.—Adiyisɛm 12:7-17.

Ná Skitefo no ho wɔ Nahum nkɔmhyɛ a ɛfa Niniwe a wobetu agu ho mmamu no mu. (Nahum 1:1, 14) Kaldeafo, Skitefo, ne Mediafo tow hyɛɛ Niniwe so wɔ 632 A.Y.B. mu, na ɛmaa Asiria Ahemman no hwee ase.

Asehwe a Ɛyɛ Nwonwa

Skitefo no ayera, na dɛn ntia? Ukraineni bi a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a wagye din no ka sɛ: “Nokwasɛm no ne sɛ, yennim nea esii.” Ebinom gye di sɛ, honam fam adedodowpɛ gyee wɔn adwene araa ma wɔyɛɛ mmerɛw ma enti atubrafo kuw foforo a wofi Asia—Sarmatiafo—bu faa wɔn so wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien A.Y.B. mu.

Afoforo susuw sɛ ntawntawdi a na ɛkɔ so wɔ Skitefo mmusua mu no na ɛde wɔn asehwe bae. Afoforo nso ka sɛ yebetumi ahu Skitefo nkaefo bi wɔ Ossetiafo ne Caucasusfo mu. Sɛnea ɛte biara no, saa nnipa a wɔn ho yɛ nwonwa yi a wɔtraa ase tete mmere mu no gyaw nkae bi wɔ nnipa abakɔsɛm mu—nkae a ɛmaa edin Skite no begyinaa hɔ maa atirimɔdensɛm.

[Asase mfonini wɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

◻ Tete Kurow

• Nnɛyi Kurow

Danube

SKITE ƆKWAN A WƆNAM SO DII ATUTRA

• Kiev

Dnieper

Dniester

Ɛpo Tuntum

OSSETIA

Caucasus Mmepɔw

Caspia Po

ASIRIA ƆSATU AKWAN

◻ Niniwe

Tigri

MEDIA ƆSATU AKWAN

MESOPOTAMIA

BABILON ƆSATU AKWAN

◻ Babilon

Eufrate

PERSIA AHEMMAN

◻ Susan

Persia Faka

PALESTINA

• Beth-shan (Scythopolis)

MISRAIM ƆSATU AKWAN

Nil

Mediterranea Po

HELA

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Ná Skitefo yɛ nnipa a wɔpɛ akosɛm

[Asɛm Fibea]

The State Hermitage Museum, St. Petersburg

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Ná Skitefo tɔn wɔn nneɛma ma Helafo de gye adwinni, na wonyaa wɔn ho tam

[Asɛm Fibea]

Courtesy of the Ukraine Historic Treasures Museum, Kiev