Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Nkwagye Ho Anidaso Bi Wɔ Hɔ?

So Nkwagye Ho Anidaso Bi Wɔ Hɔ?

So Nkwagye Ho Anidaso Bi Wɔ Hɔ?

Wɔka afeha 20 no ho asɛm sɛ ɛka bere a wohwiee mogya gui sen biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu no ho. Nsɛmmɔnedi, akodi, mmusua ntam ntɔkwaw, nnubɔnenom, atorodi, ne atirimmɔdensɛm, ada adi kɛse nnansa yi. Eyinom nyinaa akyi no, yaredɔm, mpanyinyɛ ne owu nso ama nkurɔfo adi amia kɛse. Hena na ɔmpɛ sɛ ɔbɛde ne ho afi ɔhaw akɛse a ɛwɔ wiase mu nnɛ no ho? So yebetumi ahwɛ ogye bi kwan daakye?

SUSUW anisoadehu a ɔsomafo Yohane nyae mfe 2,000 a abɛsen kɔ mu no ho hwɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Odiyifo Yesaia nso hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Yehowa, NW] bɛpopa ani nyinaa so nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ [Yehowa, NW] na waka.”—Yesaia 25:8.

Wode, yɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow yi mmamu ho mfonini hwɛ! Wobegye nnipa afi nhyɛso, atirimmɔdensɛm, nea ɛde amanehunu ne ahohia ba, mu. Ɔyare, mpanyinyɛ, ne owu, mpo befi hɔ! Onyankopɔn Asɛm Bible hyɛ bɔ sɛ nnipa benya daa nkwa ne asetra pa a ɔhaw biara nnim wɔ asase so. (Luka 23:43; Yohane 17:3) Na wɔn a wɔpɛ nyinaa nsa betumi aka. ‘Onyankopɔn pɛ sɛ ogye nnipa nyinaa nkwa na wonya nokware nimdeɛ.’—1 Timoteo 2:3, 4.

Nanso, sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow yi a, ɛsɛ sɛ yehu dwuma a Yesu Kristo di wɔ yɛn nkwagye mu na yenya no mu gyidi. Yesu ankasa kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Ɔsomafo Petro kaa dwuma titiriw a Yesu Kristo di wɔ yɛn nkwagye mu ho asɛm sɛ: “Nkwagye nni obiara mu, nanso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Asomafo no Nnwuma 4:12) Ɔsomafo Paulo ne ne yɔnko Silas ka kyerɛɛ komapafo bi sɛ: “Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa.”—Asomafo no Nnwuma 16:30, 31.

Yiw, Yesu Kristo yɛ “nkwa hene,” na ne nkutoo so na yɛnam betumi anya nkwa. (Asomafo no Nnwuma 3:15) Nanso, dɛn nti na nipa biako pɛ ho hia saa na yɛatumi anya nkwa? Dwuma a ɛte saa a odi no ho ntease pa a yebenya no betumi ahyɛ yɛn nkwagye anidaso no mu den.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 2]

Page 3: Bombers: USAF photo; starving children: UNITED NATIONS/J. FRAND; burning battleship: U.S. Navy photo ▸