Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Yɛn Guankɔbea

Yehowa Ne Yɛn Guankɔbea

Yehowa Ne Yɛn Guankɔbea

“Efisɛ wokae sɛ: ‘Yehowa, ne me guankɔbea,’ . . . Bɔne bi renka wo.”—DWOM 91:9, 10, NW.

1. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ne yɛn guankɔbea?

YEHOWA yɛ guankɔbea ankasa ma ne nkurɔfo. Sɛ yɛde yɛn ho ama no koraa a, wobetumi ‘ama yɛn ho ahiahia yɛn akwan nyinaa so, nanso yɛn ahome rentew; yɛn ho betumi akyere yɛn, nanso yɛn ani rentan, wɔbɛtaa yɛn, nanso wɔrempa yɛn akyi; wɔbɛhwe yɛn ase, nanso wɔrensɛe yɛn.’ Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa ma yɛn “tumi a ɛboro so.” (2 Korintofo 4:7-9) Yiw, yɛn soro Agya no boa yɛn ma yɛbɔ bra pa, na yebetumi atie odwontofo no nsɛm yi: “Efisɛ wokae sɛ: ‘Yehowa, ne me guankɔbea,’ ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo trabea. Bɔne renka wo, na ɔhaw remmɛn wo ntamadan.”—Dwom 91:9, 10, NW.

2. Dɛn na yebetumi aka afa Dwom 91 ne ɛbɔ ahorow a ɛhyɛ ho?

2 Ebetumi aba sɛ Mose na ɔkyerɛw Dwom 91 mu nsɛm no. Dwom 90 atifi asɛm bɔ ne din sɛ ɔno na ɔkyerɛwee, na Dwom 91 di so a wɔnka biribi mfa nkyerɛ sɛ obi foforo na ɔkyerɛwee. Gyama na wɔto Dwom 91 ma afoforo gye so; kyerɛ sɛ, onipa biako na na ofi ase to (91:1, 2), na wɔn a aka agye so (91:3-8). Ebetumi aba sɛ na obiakofo na ɔto nea edi hɔ no (91:9a) na kuw no agye so (91:9b-13). Afei ɛbɛyɛ sɛ na odwontofo biako na ɔto ɔfã a etwa to no (91:14-16). Sɛnea ɛte biara no, Dwom 91 hyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no honhom fam ahobammɔ ho bɔ sɛ́ kuw, na ɛma wɔn ahokafo a wɔahyira wɔn ho so no nya anidaso a ɛte saa ara sɛ́ kuw. * Ma yɛmfa adwene a Yehowa asomfo a wɔte saa nyinaa kura no nsusuw dwom yi ho.

Ahobammɔ a Ɛwɔ ‘Onyankopɔn Hintabea’

3. (a) Dɛn ne “Ɔsorosoroni no hintabea”? (b) Sɛ ‘yɛtra Tweaduampɔn nwini ase’ a, dɛn na yenya?

3 Odwontofo no to dwom sɛ: “Nea ɔte ɔsorosoroni no hintabea tra Tweaduampɔn nwini ase. Mise [Yehowa, “NW”] sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.” (Dwom 91:1, 2) “Ɔsorosoroni no hintabea” yɛ sɛnkyerɛnne kwan so beae bi a yenya ahobammɔ, na ne titiriw no, wɔn a wɔasra wɔn a Ɔbonsam de n’ani asi wɔn so kɛse no. (Adiyisɛm 12:15-17) Sɛ ɛnyɛ ahobammɔ a yenya sɛ nkurɔfo a yɛakɔsoɛ Onyankopɔn wɔ honhom fam a, anka ɔbɛsɛe yɛn nyinaa. Sɛ ‘yɛtra Tweaduampɔn nwini ase’ a, Onyankopɔn nwini, anaa ne sunsum kata yɛn so. (Dwom 15:1, 2; 121:5) Guankɔbea anaa aban dennen biara nni hɔ a ɛsen yɛn Amansan Hene, Yehowa.—Mmebusɛm 18:10.

4. Mfiri bɛn na ‘nnomaayifo,’ Satan de di dwuma, na ɔkwan bɛn so na yeguan fi mu?

4 Odwontofo no de ka ho sɛ: “Ɔno [Yehowa, “NW”] na obegye wo afi [nnomaayifo, “NW”] afiri mu ne owuyare sɛe mu.” (Dwom 91:3) Tete Israel no, na nnomaayifo taa de mfiri na eyi nnomaa. “Nnomaayifo,” Satan, mfiri no bi ne ne nhyehyɛe bɔne ne ne “nnɛɛdɛe.” (Efesofo 6:11, NW ase hɔ asɛm) Wosum yɛn mfiri wɔ ɔkwan a yɛnam so no so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ bɔne na yɛahwe ase wɔ honhom fam. (Dwom 142:3) Nanso, esiane sɛ yɛapo amumɔyɛ nti, ‘yɛn kra te sɛ anomaa a oguan fi afiri mu.’ (Dwom 124:7, 8) Hwɛ anisɔ a yɛanya sɛ Yehowa gye yɛn fi “nnomaayifo” bɔnefo no nsam!

5, 6. “Owuyare” bɛn na ‘asɛe ade,’ nanso dɛn nti na Yehowa nkurɔfo nni nkogu wɔ mu?

5 Odwontofo no twe adwene si ‘owuyare a ɛsɛe ade’ so. Te sɛ nsanyare no, biribi wɔ hɔ a ‘ɛsɛe’ adesamma abusua ne wɔn a wogyina Yehowa tumidi akyi no. Eyi ho no, abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kyerɛwee sɛ: “Efi bere a Wiase Ko II baa awiei no, ɔmampɛ ama aman a wodi wɔn ho so no dodow abu abɔ ho . . . Su a adesamma da no adi mprempren yɛ nea ɛde mpaapaemu ba kɛse.”

6 Mfehaha pii no nyinaa mu no, sodifo binom akɔfa amanaman ntam nitan a ɛde mpaapaemu ba aba. Wɔahwehwɛ nso sɛ nkurɔfo de nidi bɛma wɔn anaa wɔn ahoni anaa agyiraehyɛde ahorow. Nanso, Yehowa mmaa ne nkurɔfo anokwafo mfaa wɔn ho nhyɛɛ ‘adesɛe’ a ɛte saa mu da. (Daniel 3:1, 2, 20-27; 6:7-10, 16-22) Sɛ́ amanaman ntam onuayɛ kuw a ɔdɔ wom no, yɛsom Yehowa nkutoo, kura afã biara a yenni a egyina Kyerɛwnsɛm so no mu, na yegye tom ankasa sɛ ‘ɔman biara mu, nea osuro Onyankopɔn na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.’ (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Exodus 20:4-6; Yohane 13:34, 35; 17:16; 1 Petro 5:8, 9) Ɛwom sɛ ‘yehu amane’ sɛ Kristofo wɔ ɔtaa mu de, nanso yɛn ani gye na yenya ahobammɔ wɔ honhom fam wɔ “ɔsorosoroni no hintabea.”

7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘de ne ntakra’ bɔ yɛn ho ban?

7 Esiane sɛ yɛwɔ Yehowa sɛ́ yɛn guankɔbea nti, yenya nsɛm yi mu awerɛkyekye: “Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔdɔ, ɔkyɛm ne nkatabo ne ne nokware.” (Dwom 91:4) Onyankopɔn bɔ yɛn ho ban sɛnea anomaa maame tu bɔ ne mma ho ban no. (Yesaia 31:5) ‘Ɔde ne ntakra siw biribi a ɛreba yɛn so kwan.’ Sɛ yɛbɛka a, anomaa “ntakra” ne ne ntaban. Ɛno na anomaa de kata ne mma ho bɔ wɔn ho ban fi mmoa a wɔkyere wɔn ho. Te sɛ nnomaa mma no, yɛwɔ ahobammɔ wɔ Yehowa sɛnkyerɛnne kwan so ntakra no ase efisɛ yɛahwehwɛ guankɔbea wɔ ne nokware Kristofo ahyehyɛde no mu.—Rut 2:12; Dwom 5;1, 11.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa “nokware” yɛ ɔkyɛm ne aban dennen kɛse?

8 Yɛde yɛn ho to “nokware,” anaa nokwaredi so. Ɛte sɛ tete mmere mu kyɛm kɛse bi a ɛtaa sɛ ɔpon, na ɛsõ ara yiye a ebetumi akata obi nipadua nyinaa ho. (Dwom 5:12) Ahobammɔ a ɛte saa mu ahotoso a yɛwɔ no yi ehu fi yɛn mu. (Genesis 15:1; Dwom 84:11) Te sɛ yɛn gyidi no, Onyankopɔn nokwaredi yɛ ɔkyɛm kɛse a edum Satan bɛmma a ɛredɛw no, na ɛbɔ ɔtamfo no akuturuku nyinaa gu. (Efesofo 6:16) Ɛyɛ aban dennen nso, akoban a ɛyɛ den a yegyina akyi pintinn.

‘Yɛrensuro’

9. Dɛn nti na anadwo betumi ayɛ bere a ɛyɛ hu, nanso dɛn nti na yensuro?

9 Esiane Onyankopɔn ahobammɔ nti, odwontofo no kae sɛ: “Worensuro anadwo wibɔ, bɛmma a etu nam awia, ɔyaredɔm a ɛnennam sum mu, nsan yare a ɛsɛe ade awia ketee.” (Dwom 91:5, 6) Esiane sɛ wɔyɛ nneɛma bɔne pii wɔ sum ase nti, anadwo betumi ayɛ bere a ɛyɛ hu. Wɔ honhom fam sum a akata asase so yi mu no, yɛn atamfo taa yɛ ade esum ase de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe yɛn honhom fam yiyedi na wɔasiw yɛn asɛnka adwuma no ano. Nanso, ‘yensuro anadwo wibɔ’ efisɛ Yehowa bɔ yɛn ho ban.—Dwom 64:1, 2; 121:4; Yesaia 60:2.

10. (a) Dɛn na ɛte sɛ nea “bɛmma a etu nam awia” no kyerɛ? (b) “Ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu” no te dɛn, na dɛn nti na yensuro?

10 Ɛte sɛ nea “bɛmma a etu nam awia” no kyerɛ atɛnnidi. (Dwom 64:3-5; 94:20) Bere a yɛkɔ so ka nokware no ho asɛm no, ɔsɔretia pefee a ɛte saa a wɔde ba yɛn som kronn so no yɛ ɔkwa. Afei nso, yensuro “ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu.” Eyi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so yaredɔm a efi wiase a ɛda Satan tumi mu a ɛyare wɔ abrabɔ fam ne nyamesom mu yi mu. (1 Yohane 5:19) Ɛsɛe adwene ne koma, na ɛma nkurɔfo yɛ wɔn a wonnim Yehowa, n’atirimpɔw ahorow, ne ne dɔ nsiesiei ho hwee. (1 Timoteo 6:4) Yensuro wɔ esum yi mu, efisɛ yenya honhom fam hann pii.—Dwom 43:3.

11. Dɛn na ɛto wɔn a ‘ade a ɛsɛe ade awia ketee’ no nya wɔn no?

11 “Nsan yare a ɛsɛe ade awia ketee” nso nyi yɛn hu. “Awia ketee” betumi akyerɛ nea wɔfrɛ no wiase nimdeɛ. Wɔn a wogyae wɔn ho mu ma honam fam adedodowpɛ no sɛe wɔn honhom fam yiyedi. (1 Timoteo 6:20, 21) Bere a yɛde akokoduru ka Ahenni asɛm no, yensuro yɛn atamfo biara, efisɛ Yehowa ne yɛn Bammɔfo.—Dwom 64:1; Mmebusɛm 3:25, 26.

12. Henanom nkyɛn na apem totɔ no, na ‘wɔtotɔ’ wɔ ɔkwan bɛn so?

12 Odwontofo no toaa so sɛ: “Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo de, ɛrenka wo. W’aniwa nko na wode bɛhwɛ, na woahu abɔnefo akatua.” (Dwom 91:7, 8) Esiane sɛ nnipa pii mfa Yehowa nyɛ wɔn guankɔbea nti, ‘wɔtotɔ’ wɔ honhom fam wu mu wɔ yɛn “nkyɛn.” Nokwarem no, ‘apem atotɔ’ honhom fam Israelfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no “nifa.” (Galatifo 6:16) Nanso, sɛ́ yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn anaa wɔn ahokafo a wɔahyira wɔn ho so no, yɛwɔ ahobammɔ wɔ Onyankopɔn “hintabea.” Yɛde ‘yɛn ani nko na ɛhwɛ na yehu abɔnefo’ a wɔretwa amanehunu wɔ aguadi, ɔsom ne akwan foforo so no “akatua.”—Galatifo 6:7.

‘Bɔne Renka Yɛn’

13. Bɔne bɛn na ɛnka yɛn, na dɛn ntia?

13 Ɛwom sɛ wiase yi mu ahobammɔ resɛe de, nanso yɛde Onyankopɔn di kan, na yenya odwontofo no nsɛm yi mu ahotoso sɛ: “Na wo, [Yehowa, “NW”], ne me guankɔbea, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo trabea. Bɔne renka wo, na ɔhaw remmɛn wo ntamadan.” (Dwom 91:9, 10) Yiw, Yehowa ne yɛn guankɔbea. Na yɛde Ɔsorosoroni Nyankopɔn ayɛ ‘yɛn trabea’ nso, baabi a yenya ahobammɔ. Yɛkamfo Yehowa sɛ Amansan Hene, ‘yɛte’ ne mu sɛ yɛn Bammɔfo, na yɛka N’ahenni ho asɛmpa. (Mateo 24:14) Enti, ‘bɔne renka yɛn’—nneɛma bɔne a yɛadi kan aka ho asɛm wɔ dwom yi mu biara. Sɛ nneɛma bɔne te sɛ asasewosow, ahum, nsuyiri, ɔkɔm, ne akodi to yɛne afoforo a, saa nneɛma yi nsɛe yɛn gyidi anaa yɛn honhom fam ahobammɔ.

14. Sɛ́ Yehowa asomfo no, dɛn nti na ɔhaw ahorow a edi awu no bi nka yɛn?

14 Kristofo a wɔasra wɔn no te sɛ ahɔho a wɔatew wɔn ho afi nneɛma nhyehyɛe yi ho tete ntamadan mu. (1 Petro 2:11) ‘Ɔhaw mpo remmɛn wɔn ntamadan.’ Sɛ́ yɛn anidaso yɛ ɔsoro de anaa asase so de no, yɛnyɛ wiase no fã, na ne honhom fam haw a edi awu te sɛ ne brasɛe, adedodowpɛ, atoro som, ne “aboa” no ne ne “honi,” Amanaman Nkabom no som nnya yɛn so tumi.—Adiyisɛm 9:20, 21; 13:1-18; Yohane 17:16.

15. Ɔkwan bɛn so na yenya abɔfo mmoa?

15 Ɛdefa ahobammɔ a yɛwɔ ho no, odwontofo no de kaa ho sɛ: ‘Yehowa ahyɛ n’abɔfo ama wo, sɛ wɔnhwɛ wo so w’akwan nyinaa mu. Wɔbɛsoa wo wɔn nsam, na wo nan ampem ɔbo.” (Dwom 91:11, 12) Wɔama abɔfo tumi sɛ wɔmmɔ yɛn ho ban. (2 Ahene 6:17; Dwom 34:7-9; 104:4; Mateo 26:53; Luka 1:19) Wɔbɔ yɛn ho ban ‘wɔ akwan nyinaa mu.’ (Mateo 18:10) Sɛ́ Ahenni adawurubɔfo no, abɔfo bɔ yɛn ho ban hwɛ yɛn, na yɛnhwe ase honhom fam. (Adiyisɛm 14:6, 7) ‘Abo’ te sɛ bara a wɔbara yɛn adwuma no mpo mmaa yɛnhwee ase na yɛnhweree Onyankopɔn anim dom.

16. Ɔkwan bɛn so na ɛsono “gyataforo” ne ‘ɔprammiri’ ntua, na yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ho?

16 Odwontofo no toaa so sɛ: “Wobɛnantew gyata ne ahurutoa so, wubetiatia gyataforo ne ɔtweaseɛ so.” (Dwom 91:13) Sɛnea gyataforo tow hyɛ mmoa ne nnipa so wɔ petee mu no, yɛn atamfo binom nam mmara a wɔhyehyɛ de siw yɛn asɛnka adwuma no kwan so da wɔn sɔretia adi wɔ baguam. Ɛno akyi no, wofi ahintawee mu tow hyɛ yɛn so mpofirim te sɛ ɔprammiri nso. Ɛtɔ mmere bi a asɔfo no hintaw mmarahyɛfo, atemmufo, ne afoforo akyi tow hyɛ yɛn so. Nanso, ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛde yɛn nsɛm kɔ asɛnnibea ma wosiesie no asomdwoe mu, na yɛnam saayɛ so ‘yi yɛn ho ano asɛmpa no ho wɔ mmara kwan so.’—Filipifo 1:7; Dwom 94:14, 20-22.

17. Ɔkwan bɛn so na ‘yetiatia gyataforo so’?

17 Odwontofo no kaa “gyataforo ne ɔtweaseɛ” so a yebetiatia ho asɛm. Gyataforo ho betumi ayɛ hu, na ɔwɔ betumi ayɛ ɔtweaseɛ kɛse. (Yesaia 31:4) Nanso, ɛmfa ho sɛnea gyataforo ho yɛ hu bere a ɔretow ahyɛ mmoa anaa nnipa so no, yetiatia no so sɛnkyerɛnne kwan so denam Onyankopɔn a yetie no mmom sen nnipa anaa ahyehyɛde ahorow a ɛte sɛ gyata no so. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Enti “gyata” a ne ho yɛ hu no mpira yɛn honhom fam.

18. ‘Ɔwɔ kɛse’ no ma yɛkae hena, na sɛ wɔtow hyɛ yɛn so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Wɔ Hela Septuagint mu no, wɔfrɛ ‘ɔwɔ kɛse’ no “ɔtweaseɛ.” Eyi kae yɛn “ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan” no yiye. (Adiyisɛm 12:7-9; Genesis 3:15) Ɔte sɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ hu a obetumi abubu aboa a ɔkyere no no na wamene no. (Yeremia 51:34) Sɛ Satan pɛ sɛ ɔfa wiase yi nhyɛso so kyekyere yɛn, bubu yɛn, na ɔmene yɛn a, momma yɛnwosow yɛn ho na yentiatia ‘ɔwɔ kɛse’ yi so. (1 Petro 5:8) Sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no benya Romafo 16:20 mmamu mu kyɛfa a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi.

YehowaYɛn Nkwagye Fibea

19. Dɛn nti na yɛhwehwɛ guankɔbea wɔ Yehowa mu?

19 Ɛdefa nokware som ho no, odwontofo no gyinaa Onyankopɔn ananmu kae sɛ: “Na sɛ ɔfam me ho yi, megye no, mɛma no so [mɛbɔ ne ho ban, “NW”], na onim me din.” (Dwom 91:14) Nea asɛm “mɛbɔ ne ho ban” no kyerɛ ankasa ne “mɛma no so,” kyerɛ sɛ, ɔbɛma ne so akɔ baabi a obiara nsa ntumi nka no. Yɛhwehwɛ guankɔbea wɔ Yehowa mu sɛ n’asomfo titiriw efisɛ ‘yɛfam ne ho.’ (Marko 12:29, 30; 1 Yohane 4:19) Onyankopɔn nso ‘begye yɛn’ afi yɛn atamfo nsam. Wɔrempopa yɛn mfi asase so da. Mmom no, wobegye yɛn efisɛ yenim Onyankopɔn din na yɛbɔ no gyidi mu. (Romafo 10:11-13) Na yɛasi yɛn bo sɛ ‘yɛbɛnantew Yehowa din mu akosi daa.’—Mika 4:5; Yesaia 43:10-12.

20. Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ n’asomfo anokwafo wɔ Dwom 91 awiei?

20 Bere a Dwom 91 reba awiei no, Yehowa kaa n’asomfo anokwafo ho asɛm sɛ: “Osu frɛ me, na megye no so, me ne no bɛtra ahohia mu, meyi no na mahyɛ no anuonyam. Mɛma wadi nkwa tenten amee, na mama wahu me nkwagye.” (Dwom 91:15, 16) Sɛ yɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu sɛnea n’apɛde te a, otie yɛn. (1 Yohane 5:13-15) Esiane nitan a Satan de aba nti, yɛafa ahohia pii mu dedaw. Nanso, asɛm “me ne no bɛtra ahohia mu” no siesie yɛn ma sɔhwɛ a ɛbɛba daakye, na ɛma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛwowaw yɛn bere a wɔbɛsɛe nhyehyɛe bɔne yi no.

21. Ɔkwan bɛn so na wɔahyɛ wɔn a wɔasra wɔn no anuonyam dedaw?

21 Ɛmfa ho Satan sɔretia a emu yɛ den no, wobehyira wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ yɛn mu no nyinaa wɔ soro wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu—bere a wɔadi “nkwa tenten” wɔ asase so akyi no. Nanso, Onyankopɔn gye a ɛyɛ nwonwa no ama wɔn a wɔasra wɔn no anya anuonyam wɔ honhom fam dedaw. Na hwɛ anuonyam a ɛyɛ sɛ wodi Yehowa Adansefo anim wɔ asase so wɔ nna a edi akyiri yi mu! (Yesaia 43:10-12) Ogye a ɛsen biara a Yehowa begye ne nkurɔfo no bɛba so wɔ Harmagedon ko kɛse no mu bere a ɔsan ne tumidi ho na ɔtew ne din kronkron no ho no.—Dwom 83:18; Hesekiel 38:23; Adiyisɛm 16:14, 16.

22. Henanom na ‘wobehu Yehowa nkwagye’?

22 Sɛ́ yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn anaa wɔn ahokafo a wɔahyira wɔn ho so no, yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn begye yɛn nkwa. Wɔ ‘Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no’ mu no, wobegye wɔn a wɔresom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu no. (Yoel 2:30-32) Yɛn a yɛbɛyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo a yebenya yɛn ti adidi mu akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu, na yɛbɛkɔ so adi nokware wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu no, ‘ɔbɛma yɛanya nkwa tenten’—nkwa a enni awiei. Obenyan nnipa pii nso. (Adiyisɛm 7:9; 20:7-15) Nokwarem no, Yehowa ani begye kɛse sɛ ɔnam Yesu Kristo so ‘bɛma yɛahu nkwagye.’ (Dwom 3:8) Bere a yɛrehwɛ anidaso kɛse a ɛte saa kwan no, momma yɛnkɔ so nhwehwɛ mmoa mfi Onyankopɔn hɔ wɔ sɛnea yɛbɛkan yɛn nna de ahyɛ no anuonyam no mu. Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so de nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe ada no adi sɛ Yehowa ne yɛn guankɔbea.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo ansusuw Dwom 91 ho sɛ ɛyɛ Mesia no nkɔmhyɛ ho asɛm. Ɛwom, na Yehowa yɛ onipa Yesu Kristo guankɔbea ne n’aban dennen, sɛnea Ɔyɛ aban dennen ma Yesu akyidifo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo a wɔahyira wɔn ho so sɛ kuw wɔ “awiei bere” yi mu no.—Daniel 12:4.

Wubebua Dɛn?

•Dɛn ne “Ɔsorosoroni no hintabea”?

•Dɛn nti na yensuro?

•Ɔkwan bɛn so na ‘bɔne renka yɛn’?

•Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ne yɛn nkwagye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So wunim sɛnea Yehowa nokware yɛ ɔkyɛm kɛse ma yɛn?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Yehowa boa n’asomfo ma wɔyɛ wɔn som adwuma ɛmfa ho ntua a wɔde ba wɔn so mpofirim ne sɔre a wɔsɔre tia wɔn wɔ baguam

[Asɛm Fibea]

Cobra: A. N. Jagannatha Rao, Trustee, Madras Snake Park Trust ▼