Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?

Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?

Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?

“Yesu gye nkwa!” “Yesu ne yɛn Agyenkwa!” Wɔ wiase aman pii mu no, wohu nsɛm a ɛtete saa no wɔ afasu ho ne mmeae afoforo a nnipa taa fa. Nnipa ɔpepem pii gye di ampa sɛ Yesu ne wɔn Agyenkwa. Sɛ wubisa wɔn sɛ, “Ɔkwan bɛn so na Yesu gye yɛn nkwa?” a, ebia wobebua sɛ, “Yesu wu maa yɛn,” anaasɛ “Yɛn bɔne nti na Yesu wui.” Yiw, Yesu wu no bue kwan ma yetumi nya nkwa. Nanso, ɔkwan bɛn so na onipa biako wu betumi atua nnipa bebree bɔne so ka? Sɛ wobisa wo sɛ, “Ɔkwan bɛn so na Yesu wu no gye yɛn nkwa?” a, anka wubebua dɛn?

ASƐM yi ho mmuae a Bible de ma no yɛ tiawa nanso ntease wom na ɛkyerɛ nneɛma pii. Sɛ yebehu hia a ɛho hia no a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu sɛ Yesu nkwa ne ne wu no ho hia paa wɔ asɛm kɛse bi mu. Saa a yɛbɛyɛ no nkutoo na yebetumi ahu ɛbo kɛse a Yesu wu no som no.

Bere a Onyankopɔn maa Yesu de ne nkwa mae no, na ɔredi asɛm bi a Adam bɔne no kɔfa bae ho dwuma. Hwɛ awerɛhosɛm a na saa bɔne no yɛ! Na ɔbarima a odi kan ne ne yere, Hawa, yɛ pɛ. Na wɔte Eden turo fɛfɛ no mu. Onyankopɔn maa wɔn adwuma a ɛsom bo a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn fie a ɛyɛ turo no. Na ɛsɛ sɛ wofi ɔdɔ mu hwɛ asase so abɔde afoforo a nkwa wom no so. Na bere a nnipa rewo na wɔredɔɔso pii no, na ɛsɛ sɛ wɔtrɛw paradise no mu kɔ asase so baabiara. (Genesis 1:28) Hwɛ adwuma a ɛyɛ anigye a wɔde maa wɔn! Afei nso, na wɔwɔ ayɔnkofa a ɔdɔ wom. (Genesis 2:18) Na hwee nhia wɔn. Na wɔwɔ daa nkwa anidaso a ɛyɛ anigye.

Na ntease nnim sɛ Adam anaa Hawa bɛyɛ bɔne. Nanso, nnipa baanu a wodi kan no tew nea ɔbɔɔ wɔn—Yehowa Nyankopɔn—so atua. Satan Bonsam a ɔyɛ honhom abɔde no nam ɔwɔ so daadaa Hawa ma ɔsɔre tiaa Yehowa, na Adam nso yɛɛ saa akyiri yi.—Genesis 3:1-6.

Na nea Ɔbɔadeɛ no de bɛyɛ Adam ne Hawa no da adi pefee. Na wadi kan aka nea ebefi asoɔden mu aba akyerɛ wɔn sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Afei asɛm bi a ɛho hia kɛse bɛsɔree a na ɛsɛ sɛ wɔma ho mmuae.

Adesamma Hyia Ɔhaw Kɛse Bi

Bɔne a edi kan no de ɔhaw kɛse brɛɛ nnipa. Wɔbɔɔ Adam sɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Enti na ne mma betumi anya daa nkwa wɔ pɛyɛ mu. Nanso, Adam yɛɛ bɔne ansa na ɔrewo. Na onnya nwoo adesamma abusua no bere a wɔde asotwe yi maa no no: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Enti bere a Adam yɛɛ bɔne a na ɛsɛ sɛ owu sɛnea Onyankopɔn kae no, na ɔde adesamma nyinaa bɛkɔ owu mu.

Akyiri yi, na ɛfata sɛ ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Yiw, esiane bɔne a edi kan no nti, wɔwoo mma a, sɛ anka wɔbɛyɛ pɛ na wɔanya daa nkwa no, wɔyaree, bobɔɔ nkwakoraa ne mmerewa na wowuwui.

Ebia obi bɛka sɛ: “Ɛnyɛ ne kwan so. Ɛnyɛ yɛn na yɛyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden—ɛyɛ Adam. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwere daa nkwa ne anigye a yebenya no?” Yenim sɛ sɛ wobu abofra bi fɔ de no kɔto afiase esiane sɛ ne papa wiaa kar nti a, ɛfata sɛ abofra no ka sɛ: “Ɛnyɛ ne kwan so! Manyɛ bɔne biara.”—Deuteronomium 24:16.

Na Satan betumi asusuw sɛ ɛnam sɛ watumi ama ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no ayɛ bɔne nti, ɛde nsɛnnennen bɛbrɛ Onyankopɔn. Ɔbonsam sɔretia no fii ase wɔ adesamma abusua no mfiase pɛɛ—ansa na wɔrebɛwo mma biara. Bere a Adam yɛɛ bɔne no, asɛmmisa kɛse bi a ɛsɔree ne sɛ, Yehowa bɛyɛ mma a Adam ne Hawa bɛwo wɔn no dɛn?

Yehowa Nyankopɔn dii asɛm no ho dwuma wɔ ne kwan so. Treneeni Elihu kae sɛ: “Ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bedi amumɔyɛsɛm.” (Hiob 34:10) Odiyifo Mose nso ka faa Yehowa ho sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Sɛnea nokware Nyankopɔn no dii ɔhaw a Adam bɔne no de bae ho dwuma no nsi yɛn daa nkwa a yebenya wɔ paradise wɔ asase so no kwan.

Onyankopɔn Yɛ Nsiesie a Edi Mu

Susuw sɛnea Onyankopɔn de asɛm no ho mmuae mae bere a ɔde asotwe maa Satan Bonsam no ho hwɛ. Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea [Onyankopɔn soro ahyehyɛde] no ntam, ɛne w’asefo [wiase a Satan di so] ne n’aseni [Yesu Kristo] ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo [Satan] ti na wo nso woaka ne nantin [Yesu wu].” (Genesis 3:15, NW) Wɔ nkɔmhyɛ a Yehowa dii kan hyɛe wɔ Bible mu no, ɔdaa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma ne soro honhom mu Ba, Yesu, aba asase so sɛ nipa a ɔyɛ pɛ, abewu—na wɔaka ne nantin—sɛ obi a bɔne nni ne ho, no adi.

Adɛn nti na Onyankopɔn pɛe sɛ obi a ɔyɛ pɛ wu? Asotwe bɛn na Yehowa Nyankopɔn kae sɛ sɛ Adam yɛ bɔne a obenya? Ɛnyɛ owu? (Genesis 2:16, 17) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Adam wui de tuaa n’ankasa bɔne no so ka. Wɔmaa no nkwa, nanso ɔboapa yɛɛ bɔne, ma enti ne bɔne no so akatua a onyae ne owu. (Genesis 3:19) Na afobu a saa bɔne no de brɛɛ nnipa nyinaa no nso ɛ? Na ɛsɛ sɛ obi wu de pata wɔn bɔne no. Nanso, hena na na ɛfata paa sɛ owu na ɔde ayi nnipa nyinaa bɔne hɔ?

Na Onyankopɔn Mmara a ɔde maa tete Israelfo no hwehwɛ sɛ wɔde ‘ɔkra si ɔkra ananmu [anaa nkwa si nkwa ananmu].’ (Exodus 21:23) Sɛnea mmara yi kyerɛ no na ɛsɛ sɛ owu a wɔde beyi nnipa bɔne afi hɔ no som bo te sɛ nea Adam hweree no ara. Na nipa a ɔno nso yɛ pɛ wu nkutoo na ebetumi de bɔne so akatua ama. Na saa nipa no ne Yesu. Nokwarem no, na Yesu yɛ “agyede a ɛfata” ma nnipa a wofi Adam mu a wobegye wɔn nkwa no nyinaa.—1 Timoteo 2:6; Romafo 5:16, 17.

Yesu Wu no Som Bo Kɛse

Na mfaso biara nni Adam wu no so; ne bɔne nti na ɔsɛ owu. Nanso, na Yesu wu no som bo kɛse efisɛ owui a na bɔne biara nni ne ho. Na Yehowa Nyankopɔn betumi agye bo a Yesu nkwa a ɛyɛ pɛ no som no atom sɛ biribi a ɔnam so begye bɔnefo Adam asefo asoɔmmerɛfo. Ɛnyɛ yɛn bɔne a yɛayɛ dedaw no nkutoo na Yesu afɔrebɔ a ɛsom bo no tua ho ka. Sɛ ɛno nkutoo a, anka yenni anidaso biara. Ɛnam sɛ wonyinsɛn yɛn bɔne mu nti, yɛyɛ bɔne. (Dwom 51:5) Hwɛ anisɔ ara a yebetumi anya ama Yesu wu a yɛnam so betumi abɛyɛ pɛ sɛnea na Yehowa pɛ sɛ Adam ne Hawa asefo yɛ no!

Yebetumi de Adam atoto agya bi a ɔde yɛn too ka kɛse (bɔne) mu na wontumi ntua ka no da biara da ho. Na yebetumi de Yesu nso atoto agya pa a owu gyaa yɛn agyapade pii a etumi tua ka kɛse a Adam de too yɛn so no ma ebi ka ma yɛde hwɛ yɛn ho daa no ho. Ɛnyɛ yɛn kan bɔne no nko na Yesu wu no twa mu; ɛyɛ nsiesie pa a wɔayɛ ama yɛn daakye nso.

Yesu yɛ agyenkwa efisɛ owu maa yɛn. Na hwɛ sɛnea ne wu no yɛ nsiesie a ɛsom bo kɛse! Sɛ yehu sɛ ɛyɛ akwan a Onyankopɔn nam so siesiee asɛm kɛse a Adam bɔne no kɔfa bae no bi a, ɛma gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu ne sɛnea odi nsɛm ho dwuma no mu yɛ den. Ampa, Yesu wu no yɛ ɔkwan a wɔnam so gye “obiara a ogye no di no” fi bɔne, yare, mpanyinyɛ ne owu mpo mu. (Yohane 3:16) So wode aseda ma Onyankopɔn wɔ nsiesie a ofi ɔdɔ mu ayɛ na yɛanya nkwa no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Adam de adesamma kɔɔ bɔne ne owu mu

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yehowa yɛɛ nsiesiei a edi mu