Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suro Yehowa Na Di Ne Mmara Nsɛm So

Suro Yehowa Na Di Ne Mmara Nsɛm So

Suro Yehowa Na Di Ne Mmara Nsɛm So

“Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—ƆSƐNKAFO 12:13.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na osuro betumi abɔ yɛn ho ban honam fam? (b) Dɛn nti na awofo a wonim nyansa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔanya osuro pa?

LEONARDO DA VINCI kae sɛ: “Bere a akakabensɛm de obi nkwa to asiane mu no osuro bɔ ne ho ban.” Huuhuu anaa akakabensɛm de obi kɔ asiane mu, bere a osuro ma ɔyɛ ahwɛyiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn mu dodow no ara kogyina ɔbotan bi ano na yehu sɛ ɛhɔ ne fam ware a, yɛkɔ yɛn akyi ntɛm ara. Saa ara nso na sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, ɛnyɛ abusuabɔ pa nko na osuro pa ma yɛne Onyankopɔn nya, na mmom ɛboa yɛn ma yɛkwati asiane nso.

2 Nanso, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yebesuro nneɛma pii a ebetumi de yɛn ato asiane mu nnɛ no. Esiane sɛ mmofra nnim asiane a anyinam ahoɔden anaa kar betumi de aba nti, ɛnyɛ den sɛ wobetumi ahyia akwanhyia a ɛyɛ hu. * Awofo a wonim nyansa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn mma anya osuro pa, na wɔbɔ wɔn kɔkɔ bere nyinaa wɔ asiane a atwa wɔn ho ahyia no ho. Awofo nim sɛ osuro a ɛte saa no betumi abɔ wɔn mma nkwa ho ban kɛse.

3. Dɛn nti na Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ honhom fam asiane ho, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛ saa?

3 Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa dwene yɛn yiyedi ho. Sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, ɔnam N’asɛm ne n’ahyehyɛde no so kyerɛ yɛn nea eye. (Yesaia 48:17) Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ yi bi bɔ yɛn kɔkɔ ‘bere nyinaa’ wɔ honhom fam asiane ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya ho osuro pa. (2 Beresosɛm 36:15; 2 Petro 3:1) Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, ‘sɛ anka nkurɔfo nyaa koma a esuro Onyankopɔn na wodii ne mmara nsɛm so bere nyinaa’ a, anka wɔbɛkwati honhom fam asiane pii. (Deuteronomium 5:29) Wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya koma a esuro Onyankopɔn na ama yɛakwati honhom fam asiane?—2 Timoteo 3:1.

Twe Wo Ho Fi Bɔne Ho

4. (a) Ɔtan bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nya? (b) Yehowa te nka dɛn wɔ bɔneyɛ ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

4 Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Yehowa, NW] suro ne bɔne tan.” (Mmebusɛm 8:13) Bible nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka ɔtan yi ho asɛm sɛ “adwene a obi nya wɔ nkurɔfo anaa nneɛma a ɔsɔre tia, okyi, anaa obu no animtiaa ho, ne nneɛma a ne yam a anka ɔmmɛn ho anaasɛ ɔne no nnya abusuabɔ biara.” Enti nea ɛka Onyankopɔn suro a yebenya ho ne sɛ yebekyi biribiara a ɛyɛ Yehowa ani so bɔne. * (Dwom 97:10) Ɛma yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho, sɛnea sɛ yekogyina ɔbotan bi ano a, ehu ka yɛn ma yɛsan yɛn akyi no. Bible ka sɛ: “Wɔde [Yehowa, NW] suro kwati bɔne.”—Mmebusɛm 16:6.

5. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ama Onyankopɔn suro ne bɔne tan a yɛwɔ no mu ayɛ den? (b) Dɛn na Israelfo abakɔsɛm ma yehu fa eyi ho?

5 Yebetumi ama osuro pa a ɛte saa ne bɔne ho tan a yɛwɔ no mu ayɛ den denam ɔhaw a efi bɔne mu ba a yebesusuw ho no so. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yebetwa nea yegu—sɛ́ yegu gu honam so anaa honhom so no. (Galatifo 6:7, 8) Ne saa nti, Yehowa kyerɛkyerɛ nea ebefi ne mmara a yebebu yɛn ani agu so ne nokware som a yɛbɛpo mu aba no mu pefee. Sɛ Onyankopɔn ammɔ Israel man ketewa a na ɛnyɛ den no ho ban a, anka aman a ɛyɛ den a atwa ho ahyia no betwiw afa so. (Deuteronomium 28:15, 45-48) Wɔyɛɛ amanehunu a efii Israelfo asoɔden mu bae no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu sɛ ‘nhwɛso’ sɛnea yebetumi asua na yɛanya Onyankopɔn suro.—1 Korintofo 10:11.

6. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ebetumi aboa yɛn ma yɛasua Onyankopɔn suro ho ade no bi ne dɛn? (Hwe ase hɔ asɛm no.)

6 Sɛ nea ɛtoo Israelfo no nyinaa ho kyerɛwtohɔ a Bible yɛe no da nkyɛn a, ɛsan ka ankorankoro a na wɔyɛ aniberefo, bu bra bɔne, yɛ adifudepɛfo, anaa ahantanfo, ho asɛm. * Na mmarima yi mu bi de mfe pii asom Yehowa, nanso wɔ bere bi a wohyiaa nsɛnnennen wɔ wɔn asetram no, Onyankopɔn suro a na wɔwɔ no mu anyɛ den, na wotwaa wɔn nneyɛe no so aba bɔne. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow yi a yebesusuw ho no betumi ahyɛ yɛn bo a yɛasi no mu den na amma yɛanyɛ bɔne koro no ara bi. Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛtwɛn ama asiane bi ato yɛn ansa na yɛatie Onyankopɔn afotu! Nea ɛne nea nnipa pii gye di nhyia no, ɛnyɛ nokware sɛ gye sɛ asɛm to obi—ɛnkanka nea efi anigye ntraso mu ba no—ansa na wahu nyansa.—Dwom 19:7.

7. Hena na Yehowa ma ɔba ne nsɛnkyerɛnne kwan so ntamadan mu?

7 Ntease foforo a emu yɛ den a enti yɛpɛ sɛ yenya Onyankopɔn suro ne pɛ a yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛne no ntam abusuabɔ ho ban no. Yesuro sɛ yɛbɛyɛ nea ɛnsɔ Yehowa ani efisɛ yɛn ani sɔ n’adamfofa no. Hena na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ n’adamfo, obi a ɔbɛma waba ne sɛnkyerɛnne kwan so ntamadan mu? Gye “nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee.” (Dwom 15:1, 2) Sɛ yɛn ani sɔ abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne yɛn Bɔfo no wɔ no a, yɛbɛhwɛ sɛ yɛbɛnantew pɛpɛɛpɛ sɛnea ɔhwehwɛ.

8. Ɔkwan bɛn so na Israelfo binom a na wɔwɔ Malaki bere so no buu Onyankopɔn adamfofa adewa?

8 Awerɛhosɛm ne sɛ, Israelfo a na wɔwɔ Malaki bere so no buu wɔne Onyankopɔn adamfofa adewa. Sɛ anka wobesuro Yehowa adi no ni no, wɔde mmoa a wɔn ani afura na wɔyare na ɛbɔɔ afɔre maa no. Onyankopɔn suro a na wonni no daa adi wɔn aware mu nso. Wogyinaa asɛm biara so gyaee wɔn mmerantebere mu yerenom kɔwaree mmabaa. Malaki ka kyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa ‘tan awaregu,’ na esiane wɔn nkontompo nti na wɔatew wɔn ho afi wɔn Nyankopɔn ho. Ɛbɛyɛ dɛn na na Onyankopɔn ani bɛsɔ wɔn afɔrebɔ bere a na ɛte sɛ nea wɔde nusu—wɔn yerenom a wɔagyae wɔn no nusu—akata afɔremuka no so no? Animtiaa pefee a wobuu Yehowa gyinapɛn ahorow no kaa no maa obisae sɛ: “Me suro wɔ he?”—Malaki 1:6-8; 2:13-16.

9, 10. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa adamfofa?

9 Saa ara na ɛnnɛ Yehowa hu aware mu ahokafo ne mmofra pii a wɔnyɛɛ bɔne a okununom ne agyanom ne mpo ɔyerenom ne ɛnanom pɛsɛmenkominyafo a wɔn bra asɛe ama wɔrehu amane kɛse no. Nokwarem no, ɛhyɛ no awerɛhow. Onyankopɔn adamfo susuw nneɛma ho te sɛ Onyankopɔn na ɔyere ne ho sɛ ɔbɛma n’aware ayɛ yiye, na wapo wiase nsusuwii a ɛma nkurɔfo bu wɔn ani gu hia a aware nkabom hia so no.”—1 Korintofo 6:18.

10 Sɛ yɛtan nneɛma a ɛyɛ Yehowa ani so bɔne wɔ yɛn aware mu ne yɛn asetra nyinaa mu, na yenya n’adamfofa ho anisɔ kɛse a, Yehowa ani bɛsɔ yɛn. Ɔsomafo Petro kae pefee sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Yɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso pii a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn suro maa ankorankoro bi yɛɛ nea ɛteɛ wɔ tebea horow a na ɛyɛ den mu.

Nnipa Baasa a Wosuroo Onyankopɔn

11. Tebea horow bɛn mu na wɔkae sɛ Abraham ‘suro Onyankopɔn’ no?

11 Ɔbarima biako bi wɔ hɔ a Bible ka sɛ Yehowa ankasa frɛɛ no n’adamfo—tete agya Abraham. (Yesaia 41:8) Wɔsɔɔ osuro pa a na Abraham wɔ no hwɛe bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne babarima koro, Isak, a na Onyankopɔn nam ne so bɛma ne bɔhyɛ a ɛne sɛ Abraham asefo bɛyɛ ɔman kɛse no abam no nkɔbɔ afɔre no. (Genesis 12:2, 3; 17:19) So na “[Yehowa, NW] adamfo” no bedi nkonim wɔ sɔhwɛ dennen yi mu? (Yakobo 2:23) Bere a Abraham teɛɛ ne nsa faa sekan no sɛ ɔrebekum Isak ara pɛ na Yehowa bɔfo kae sɛ: “Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee, na afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.”—Genesis 22:10-12.

12. Dɛn na ɛmaa Abraham nyaa Onyankopɔn suro, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada su a ɛte saa adi?

12 Ɛwom sɛ na Abraham akyerɛ dedaw sɛ osuro Yehowa de, nanso saa bere no ɔdaa Onyankopɔn suro a na ɔwɔ no adi wɔ ɔkwan soronko so. Ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre no kɔ akyiri sen osetie a wofi obu mu da no adi. Abraham nyaa ahotoso a edi mu koraa sɛ sɛ ɛho hia a, ne soro Agya no benyan Isak de ama Ne bɔhyɛ no abam. Sɛnea Paulo kyerɛwee no, na Abraham ‘nim ampa sɛ, nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.’ (Romafo 4:16-21) Sɛ ɛho behia sɛ yɛde nneɛma akɛse bɔ afɔre a, so yɛayɛ krado sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde? So yɛwɔ ahotoso koraa sɛ osetie a ɛte saa no de mfaso a ɛtra hɔ daa bɛba, na yenim sɛ Yehowa yɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo”? (Hebrifo 11:6) Ɛno ne Onyankopɔn suro pa.—Dwom 115:11.

13. Adɛn nti na Yosef tumi kaa n’ankasa ho asɛm pen sɛ ‘osuro nokware Nyankopɔn no’?

13 Momma yensusuw nipa foforo a ɔdaa Onyankopɔn suro adi—Yosef—nso ho. Sɛ akoa a na ɔwɔ Potifar fie no, na Yosef hyia awaresɛe ho nhyɛso. Ɛda adi sɛ na ɔkwan biara nni hɔ a obetumi afa so ade ne ho afi ne wura yere a na ɔde nna ho asɛm haw no daa no ho. Awiei koraa no, bere a ‘ɔsoo ne mu’ no ‘ogyee ne ho guan fii adi.’ Dɛn na ɛma otumi dan ne ho fii bɔne ho ntɛm saa? Akyinnye biara nni ho sɛ na Onyankopɔn suro ne ade titiriw, ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔrenyɛ ‘amumɔyɛ kɛse anaa bɔne ntia Onyankopɔn’ no. (Genesis 39:7-12) Na Yosef betumi aka n’ankasa ho asɛm pen sɛ ‘osuro nokware Nyankopɔn no.’—Genesis 42:18.

14. Ɔkwan bɛn so na Yosef mmɔborohunu no daa Onyankopɔn suro ankasa adi?

14 Mfe bi akyi no Yosef hyiaa ne nuanom a wɔtɔn no atirimmɔden so kɔɔ nkoasom mu no. Na anka ɛnyɛ den sɛ obetumi agyina ɔkɔm a ɛde wɔn no so atɔ bɔne a wɔyɛɛ no no so were. Nanso nkurɔfo a wɔyɛ wɔn aninyanne no nkyerɛ Onyankopɔn suro. (Leviticus 25:43) Enti, bere a Yosef hui ankasa sɛ ne nuanom koma asesa no, ɔdaa mmɔborohunu adi de wɔn bɔne firii wɔn. Te sɛ Yosef no, Onyankopɔn suro bɛma yɛde papa adi bɔne so, na amfa yɛankɔ sɔhwɛ mu.—Genesis 45:1-11; Dwom 130:3, 4; Romafo 12:17-21.

15. Adɛn nti na Hiob abrabɔ maa Yehowa koma ani gyei?

15 Hiob nso yɛ ɔbarima foforo a ɔdaa Onyankopɔn suro adi wɔ ɔkwan soronko so. Yehowa bisaa Ɔbonsam sɛ: “So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:8) Hiob abrabɔ a na asɛm biara nni ho no maa ne soro Agya no koma ani gyei mfe pii. Hiob suroo Onyankopɔn efisɛ na onim sɛ ɛyɛ ade pa ne ɔkwampa a ɛsɛ sɛ ɔfa so bɔ ne bra. Hiob kae sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho fi ne nhumu.” (Hiob 28:28) Sɛ ɔwarefo no, na Hiob nhwɛ mmabaa wɔ ɔkwan a ɛmfata so, na saa nso na na onsusuw awaresɛe ho ne komam. Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔdefo de, nanso wamfa ne ho anto ahonyade so, na ɔkwatii abosonsom biara.—Hiob 31:1, 9-11, 24-28.

16. (a) Akwan bɛn so na Hiob daa adɔe adi? (b) Ɔkwan bɛn so na Hiob kyerɛe sɛ ɔnyɛ obi a ɔmfa bɔne mfiri?

16 Nanso, Onyankopɔn suro hwehwɛ sɛ obi yɛ adepa na ɔtwe ne ho fi adebɔne nso ho. Enti, Hiob daa ayamye adi kyerɛɛ anifuraefo, apakye, ne ahiafo. (Leviticus 19:14; Hiob 29:15, 16) Na Hiob nim sɛ, ‘nea ɔde adɔe kame ne yɔnko no, ogyaa Otumfoɔ no suro.’ (Hiob 6:14) Adɔeyɛ a obi begyae no betumi akyerɛ sɛ ɔmfa bɔne mfiri anaasɛ ɔde afoforo ho asɛm hyɛ ne mu. Wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase no, Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfo baasa a na wɔama no adi awerɛhow pii no. (Hiob 42:7-10) So yɛn nso yebetumi anya fafiri a ɛte saa bi ama yɛn yɔnko gyidini bi a ebia wama yɛadi yaw ɔkwan bi so no? Yɛn komam a yebefi abɔ mpae ama obi a wafom yɛn no betumi aboa yɛn kɛse ma yɛayi abufuw afi yɛn mu. Nhyira a Hiob nya fii Onyankopɔn suro mu no ma yehu ‘adepa a Yehowa de asie ama wɔn a wosuro no no.’—Dwom 31:19; Yakobo 5:11.

Onyankopɔn Suro ne Nipa Ho Suro

17. Dɛn na nnipa ho suro betumi ayɛ yɛn, nanso dɛn nti na osuro a ɛte saa nkosi hwee?

17 Bere a Onyankopɔn suro ka yɛn ma yɛyɛ adepa no, nipa ho suro sɛe yɛn gyidi. Eyi nti bere a na Yesu rehyɛ asomafo no nkuran sɛ wɔmfa nnamyɛ nka asɛmpa no, ɔkae sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.” (Mateo 10:28) Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nnipa ho suro nkosi hwee, efisɛ entumi nsɛe daakye anidaso a yɛwɔ no. Afei nso, yesuro Onyankopɔn efisɛ yenim sɛ sɛ yɛka tumi a amanaman no nyinaa wɔ bom a, ennu ne tumi kɛse no ho hwee. (Yesaia 40:15) Te sɛ Abraham no, yɛwɔ Yehowa tumi a ɔde benyan N’asomfo anokwafo no mu ahotoso koraa. (Adiyisɛm 2:10) Enti, yɛde nnam ka sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?”—Romafo 8:31.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa tua wɔn a wosuro no no ka?

18 Sɛ́ yɛn sɔretiafo no yɛ yɛn busuani anaa obi a yɛne no kɔ sukuu no, yebehu sɛ ‘Yehowa suro mu wɔ ahotoso a emu yɛ den.’ (Mmebusɛm 14:26) Yebetumi abɔ mpae asrɛ Onyankopɔn hɔ ahoɔden a yenim sɛ obetie yɛn. (Dwom 145:19) Yehowa werɛ mfi wɔn a wosuro no no. Ɔnam ne diyifo Malaki so ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɛnna wɔn a wosuro [Yehowa, NW] no kasakasae wɔn mu, na [Yehowa, NW] yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro [Yehowa, NW] na wobu ne din no.”—Malaki 3:16.

19. Osuro ahorow bɛn na ebefi hɔ, na nea ɛwɔ he na ɛbɛtra hɔ daa?

19 Ɛrenkyɛ asase sofo nyinaa bɛsom Yehowa na onipa ho suro befi hɔ. (Yesaia 11:9) Ɔkɔm, yare, nsɛmmɔnedi, ne akodi ho suro nso befi hɔ. Nanso, Onyankopɔn suro bɛtra hɔ afebɔɔ bere a n’asomfo anokwafo a wɔwɔ soro ne asase so kɔ so de obu ma no, yɛ osetie, na wɔhyɛ no anuonyam no. (Adiyisɛm 15:4) Ansa na saa bere no bɛba no, momma yɛn nyinaa ntie Salomo afotu a efi honhom mu yi: “Mma wo koma mmpere wo nnebɔneyɛfo ho, na mmom suro Yehowa daa nyinaa. Na ampa ara, akyiri asɛm bi wɔ hɔ, na wɔrentwa nea w’ani da so no nkyene.”—Mmebusɛm 23:17, 18.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Mpanyimfo binom bu wɔn ani gu asiane a ebetumi ato wɔn so bere a wɔyɛ adwuma a ɛyɛ hu bi bere tenten no. Bere a wobisaa odwumfo bi a ne ho akokwaw nea enti a dua dwumfo pii nsateaa atwitwa no, nea ɔkae ara ne sɛ: “Ɛyɛ a na wonsuro ɔwan a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma no.”

^ nky. 4 Yehowa ankasa wɔ ɔtan a ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, Efesofo 4:29 ka kasafi ho asɛm sɛ ‘asɛm a aporɔw.’ Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “porɔwee” no taa twe adwene si aduaba, apataa, anaa ɛnam, a aporɔw so. Asɛmfua a ɛte saa ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yekyi kasafi no pefee. Saa ara nso na wɔtaa de ahoni toto ‘tiafi’ ho wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (Deuteronomium 29:17; Hesekiel 6:9, NW) Sɛnea yɛn nyinaa mpɛ sɛ yɛn ani bɛbɔ tiafi so no boa yɛn ma yɛte sɛnea Onyankopɔn kyi abosonsom biara no ase.

^ nky. 6 Sɛ nhwɛso no, susuw Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Kain (Genesis 4:3-12); Dawid (2 Samuel 11:2–12:14); Gehasi (2 Ahene 5:20-27); ne Usia (2 Beresosɛm 26:16-21) ho no ho hwɛ.

So Wokae?

•Ɔkwan bɛn so na yesua bɔne tan?

•Ɔkwan bɛn so na Israelfo binom a na wɔwɔ Malaki bere so no buu Yehowa adamfofa adewa?

•Ɛdefa Onyankopɔn suro ho no, dɛn na yebetumi asua afi Abraham, Yosef, ne Hiob, hɔ?

•Osuro bɛn na ɛremfi hɔ da, na dɛn ntia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Awofo a wonim nyansa kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wonya osuro pa

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Sɛnea osuro ma yɛtwe yɛn ho fi asiane ho no, saa ara na Onyankopɔn suro ma yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛmfa ho sɛ Hiob atoro nnamfo baasa no sɔre tiaa no no, ɔkɔɔ so suroo Onyankopɔn

[Asɛm Fibea]

From the Bible translation Vulgata Latina, 1795