Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Akwati Honhom Mu Komayare

Wubetumi Akwati Honhom Mu Komayare

Wubetumi Akwati Honhom Mu Komayare

Ɔbarima gumadifo bi a wɔagye din wɔ wiase a ɔte apɔw yiye twa hwee prɛko pɛ wui bere a na ɔreteɛteɛ n’apɔw mu de asiesie ne ho ama akansi no. Ogumadifo no ne Sergei Grinkov, nsukyenee so gumadifo a onyaa Olumpik sika kɔkɔɔ abasobɔde abien a ne dwumadi no baa awiei prɛko pɛ bere a na wafi ase regye din bere a na wadi mfe 28 pɛ no. Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Ɛbaa no dɛn? Onyaa komayare. Wɔka sɛ na wɔnhwɛ ne wu no kwan efisɛ na biribiara nkyerɛ sɛ ɔyare komayare. Nanso, nhwehwɛmufo hui sɛ na ne koma ayɛ kɛse ma ntini a mogya fa mu no mu asi.

ƐWOM sɛ ɛte sɛ nea komayare pii ntaa mmɔ nkae de, nanso nnuruyɛfo kyerɛ sɛ ɛnte saa bere nyinaa. Nokwasɛm no ne sɛ mpɛn pii no wobu ani gu ɛho kɔkɔbɔ te sɛ home a wontumi nhome yiye, obi mu a ɛyɛ duru boro so, ne ne koko a ɛyɛ ne yaw so. Enti sɛ wɔanwuwu mpo wɔ bere a wɔayare komayare no a, pii di dɛm wɔ wɔn nkwa nna a aka nyinaa.

Seesei nnuruyɛfo ka sɛ, sɛ wobetumi asi komayare ano a, ɛhwehwɛ sɛ obi hwɛ n’aduandi ne n’asetra yiye na ɔma nnuruyɛfo yɛ ne mu nhwehwɛmu daa. * Eyinom a obi bɛyɛ na wafi ne pɛ mu ayɛ nsakrae a ehia betumi abɔ ne ho ban kɛse na wannya komayare.

Nanso, yɛn koma ho asɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho kɛse. Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmebusɛm 4:23) Nokwarem no, kyerɛw nsɛm yi reka sɛnkyerɛnne kwan so koma ho asɛm titiriw. Ahwɛyiye ho hia na yɛabɔ yɛn koma ho ban, nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban na yɛanyare anwu wɔ honhom mu a, ɛho hia paa sɛ yɛma yɛn ani da hɔ.

Sɛnkyerɛnne Kwan So Komayare a Yebehu

Sɛnea ɛte wɔ komayare ho no, akwan a edi mũ biako a yebetumi de asiw honhom fam komayare ano ne sɛ yebehu nea ɛde ba na yɛayɛ biribi de asiw ano. Enti momma yensusuw nneɛma titiriw a ɛde komayare—honam fam ne sɛnkyerɛnne kwan so de—ba no bi ho.

Aduandi. Nnipa pii gye tom sɛ sradeduan yɛ akɔnnɔ, nanso ɛho nhia pii anaasɛ enye mma akwahosan ahe biara. Saa ara na ɛte sɛ nea nneɛma a yesusuw ho no fata te sɛ sradeduan a etumi twetwe adwene no, nanso ebetumi ahaw obi wɔ honhom fam. Nneɛma a wɔtɔn wɔ gua so a nsɛm ho amanneɛbɔfo de anifere bɔ ho dawuru da honam fam nneɛma, nna mu ɔbrasɛe ne nnubɔne, basabasayɛ, ne ahonhonsɛmdi, adi. Nnuan a ɛte saa a obi de n’adwene besi so no yɛ asiane kɛse ma sɛnkyerɛnne kwan so koma no. Onyankopɔn Asɛm bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:16, 17.

Obi a ɔtaa di sradeduan ntaa mpɛ nnuan a ahoɔden wom, te sɛ nnuaba ne atosode. Saa ara nso na ebia honhom fam aduan a eye na ahoɔden wom no rennyɛ obi a ɔde n’adwene ne ne koma si wiase anigyede so no akɔnnɔ. Ebia ɔbɛkɔ so anom Onyankopɔn Asɛm mu ‘nufusu’ akosi bere bi. (Hebrifo 5:13) Awie koraa no, ontumi nya honhom fam ahokokwaw a ɛbɛma watumi adi ne honhom fam asɛyɛde a ɔwɔ wɔ Kristofo asafo no mu ne ɔsom adwuma no mu ho dwuma. (Mateo 24:14; 28:19; Hebrifo 10:24, 25) Wɔn a wɔte saa no mu bi atɔ ape wɔ honhom fam araa ma enti wɔabɛyɛ Adansefo a wɔnkɔ asɛnka ne nhyiam horow daa!

Asiane foforo nso ne sɛ anisoadeyɛ betumi ayɛ nnaadaa. Ebia Kristofo asɛyɛde a wodi ho dwuma biarabiara no remma sɛnkyerɛnne kwan so komayare a wiase nyansapɛ anaa anigyede a ɛkamfo ɔbrasɛe, basabasayɛ, anaa ahonhonsɛmdi de ba no nna adi. Honhom fam nnuan a enye yi betumi ayɛ te sɛ nea enni obi honhom fam yiyedi so tumi biara, nanso ebetumi asɛe sɛnkyerɛnne kwan so koma no te sɛ nea sradeduan betumi ada koma mu mogya ntini no mu na asɛe koma no. Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ nneɛma a ɛmfata a obi de ne koma besi so no ho. Ɔkae sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:28) Ampa, honhom fam sradeduan betumi de honhom fam komayare aba. Nanso, nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho.

Apɔw-mu-teɛteɛ. Wonim no yiye sɛ faakotra tumi de komayare ba. Saa ara na sɛ obi anhwehwɛ honhom fam nkɔso a, ebetumi ahaw no kɛse. Sɛ nhwɛso no, ebia obi betumi anya Kristofo som adwuma mu kyɛfa nanso ɔyɛ eyi wɔ bere a eye ma no nkutoo, na ɔmmɔ mmɔden ahe biara sɛ ɔbɛyɛ ne ho ‘odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, a okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Timoteo 2:15) Anaa ebia obi bɛkɔ Kristofo nhyiam horow a onsiesie ne ho pii anaasɛ ɔmfa ne ho nhyem koraa. Ebia na onni honhom fam botae biara anaa onni honhom fam nneɛma ho anigye biara. Esiane sɛ ɔnteɛteɛ n’apɔw mu wɔ honhom fam nti, awiei koraa ɛma ɔyɛ mmerɛw na mpo gyidi a na anka ɔwɔ no wu. (Yakobo 2:26) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ eyi nsow bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Hebrifo Kristofo a na ɛte sɛ nea wotim faako wɔ honhom fam no. Hyɛ sɛnea ɔde kɔkɔbɔ mae wɔ ɔhaw a emu yɛ den a eyi betumi de aba wɔn honhom fam yiyedi ho no nsow. “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho. Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ ɛnnɛ no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.”—Hebrifo 3:12, 13.

Adwennwen. Ade titiriw foforo a ɛde komayare ba ne adwennwen ntraso. Saa ara na ɛyɛ mmerɛw sɛ adwennwen, anaa ‘asetram nneɛma ho dadwen’ betumi ayɛ asiane kɛse ama sɛnkyerɛnne kwan so koma no, na ebetumi ama obi agyae Onyankopɔn som mpo. Enti Yesu kɔkɔbɔ yi fata nnɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” (Luka 21:34, 35) Sɛ bɔne bi a yɛayɛ wɔ sum ase haw yɛn bere tenten a, ebetumi anya yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no so nkɛntɛnso bɔne. Ɔhene Dawid huu sɛnea yawdi a ɛte saa te bere a ɔkae sɛ: “W’abohuru nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti akwahosan bi nni me nnompe mu; na me mfomso aboro me ti so, ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduru.” (Dwom 38:3, 4)

Gye a obi gye ne ho di dodow. Ná nnipa a wɔanya komayare no mu pii gye wɔn ho di paa sɛ wɔwɔ ahoɔden bere tiaa bi ansa na wɔrenya komayare no. Wɔtaa bu ani gu nnuruyɛfo nhwehwɛmu so anaa woyi fi wɔn adwenem anaa mpo sɛ wodi fɛw ka sɛ ɛho nhia. Saa ara nso na ebia ebinom bɛte nka sɛ esiane sɛ wɔbɛyɛɛ Kristofo akyɛ nti, biribiara ntumi wɔn. Ebia wobebu wɔn ani agu honhom mu nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ so anaa wɔn ho mu a wɔbɛhwehwɛ so kosi sɛ asiane bɛto wɔn. Ehia paa sɛ yɛma afotu pa a ɔsomafo Paulo de mae wɔ gye a ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo no tra yɛn adwenem: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” Nyansa wom sɛ yebegye yɛn sintɔ atom na yɛahwehwɛ yɛn ho mu wɔ honhom fam bere nyinaa.—1 Korintofo 10:12; Mmebusɛm 28:14.

Mmu W’ani Nngu Kɔkɔbɔ So

Ntease pa bi nti na Kyerɛwnsɛm no twe adwene si sɛnkyerɛnne kwan so koma no so kɛse no. Yɛkenkan wɔ Yeremia 17:9, 10 sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye? Me, [Yehowa, NW] na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.” Nanso, sɛ yɛn koma mu a yɛbɛhwehwɛ no da nkyɛn a, Yehowa ayɛ nsiesie pa a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ yɛn ho mu nhwehwɛmu a ehia.

Ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so kaakae yɛn nsɛm a ehia wɔ ne bere mu. (Mateo 24:45) Sɛ nhwɛso no, akwan titiriw a yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no betumi adaadaa yɛn no mu biako ne sɛ ɛbɛma yɛanya wiase nsusuwii hunu, ne nneɛma a ɛmfata a yebesusuw ho. Mfaso biara nni nsusuwii a ɛte saa so, ɛyɛ adwennwen hunu ara kwa. Eyinom betumi ayɛ nneɛma a edi awu, ɛnkanka sɛ ɛyɛ nsusuwii a ɛho ntew a. Enti ɛnsɛ sɛ yenya nsusuwii a ɛte saa koraa. Sɛ yekyi amumɔyɛ sɛnea Yesu yɛe no a, yɛbɛbɔ yɛn koma ho ban afi wiase nsusuwii ahorow ho.—Hebrifo 1:8, 9.

Afei nso, yɛwɔ mpanyimfo a wofi ɔdɔ mu boa yɛn wɔ Kristofo asafo no mu. Ɛwom sɛ yɛn ani sɔ mmoa a afoforo de ma no de, nanso ɛyɛ yɛn mu biara asɛyɛde sɛ ɔbɔ n’ankasa sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban. Ɛyɛ yɛn mu biara asɛyɛde sɛ ‘yɛso ade nyinaa hwɛ’, na ‘yɛhwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa.’—1 Tesalonikafo 5:21; 2 Korintofo 13:5.

Bɔ Koma no Ho Ban

Bible nnyinasosɛm a ese “nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa” no fa yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no akwahosan nso ho. (Galatifo 6:7) Mpɛn pii no, ɛyɛ nneɛma a edi awu wɔ honhom mu te sɛ nguamansɛm a obi hwɛ, honam fam nneɛma pii a ɔhwehwɛ, anaa dibea anaa tumidi a ɔhwehwɛ no na ɛde no kɔ honhom fam asiane mu mpofirim.

Sɛ obi betumi abɔ ne koma ho ban a, ɛnde na ehia sɛ ɔhwɛ ne honhom fam aduan a odi yiye. Siesie adwene no ne koma no denam Onyankopɔn Asɛm a wubesua so. Twe wo ho fi adwenem sradeduan a abu so a ɛyɛ akɔnnɔ nanso ebetumi ama sɛnkyerɛnne kwan so koma no apirim no ho. Odwontofo no yɛɛ ntotoho—a ɛfata wɔ nnuruyɛ mu—yi sɛ: “Wɔn koma apirim sɛ srade, me de, wo mmara ho na me ho sɛpɛw me.”—Dwom 119:70.

Sɛ woadi mfomso bi asie a akyɛ a, bɔ mmɔden sɛ wubeyi afi hɔ anyɛ saa a ebesiw wo sɛnkyerɛnne kwan so ntini kɛse a mogya fa mu no kwan. Sɛ wiase no yɛ sɛnea ebetumi de biribi pa ama anaasɛ ɛbɛma woanya anigye a, susuw afotu a nyansa wom a ɔsomafo Paulo de mae no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi na meka, anuanom, sɛ wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a . . . wodi wi yi ase ayɛ sɛnea wonni; na wi yi ase su retwam.” (1 Korintofo 7:29-31) Na sɛ ɛba sɛ w’ani reyɛ agye honam fam yiyedi ho a, tie Hiob nsɛm yi: “Sɛ mede sika mayɛ m’ahotoso, na maka makyerɛ amapa sɛ m’anidaso ne no, ɛno nso ne ɔtemmufo anim amumɔyɛ bi, na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi.”—Hiob 31:24, 28; Dwom 62:10; 1 Timoteo 6:9, 10.

Bere a Bible no rekyerɛkyerɛ asiane a ɛwɔ Bible afotu a wɔboapa bu ani gu so mu no, ɛbɔ kɔkɔ sɛ: “Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru.” (Mmebusɛm 29:1) Nanso, sɛ yɛhwɛ yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no yiye a, yebetumi anya anigye ne asomdwoe esiane sɛ yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ wɔ asetram no nti. Eyi ne ɔkwan a wɔkamfo kyerɛ nokware Kristofo bere nyinaa. Wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo maa ɔkyerɛwee sɛ: “Nso onyamesom pa a ɔpene wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” (1 Timoteo 6:6-8)

Ampa, ntetee ne mmɔden a yɛbɔ wɔ onyamesom pa ahofama mu no bɛma yɛanya akwahosan ne sɛnkyerɛnne kwan so koma a edi mũ. Sɛ yɛhwɛ yɛn honhom fam adidi yiye a, yɛremma wiase yi akwan a asɛe ne ne nsusuwii mpira yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no ɔkwan biara so anaa ɛnsɛe no. Nea ehia paa no, bere a yegye Yehowa nsiesie a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma tom no, momma yɛnhwehwɛ yɛn honhom fam koma no mu daa. Nsi a yɛde bɛyɛ saa no bɛboa yɛn pii na ama yɛakwati awerɛhow a honhom mu komayare de ba no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm Komayare—Dɛn na Wobetumi Ayɛ? a ɛwɔ Nyan! December 8, 1996 mu a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

HONHOM FAM ADUAN A ENYE BETUMI ASƐE SƐNKYERƐNNE KWAN SO KOMA NO TE SƐ NEA ADUAN A ENYE BETUMI AMA MOGYA NTINI KƐSE NO MU ASIW NA ASƐE KOMA NO.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

HONHOM FAM NKƆSO A YƐNHWEHWƐ BETUMI AYƐ ƆHAW KƐSE

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

‘ASETRAM NNEƐMA HO DADWEN’ BETUMI AYƐ ASIANE KƐSE AMA SƐNKYERƐNNE KWAN SO KOMA NO

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Yɛn ani a ebia yebebu agu honhom fam akwahosan so no bɛma yɛadi yaw kɛse

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Honhom fam su pa a yebenya bɛbɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

AP Photo/David Longstreath