Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead

Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead

Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead

NEA enti a wɔhyehyɛɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no ne sɛ ɛbɛtete mmarima ne mmea a wɔahyira wɔn ho so ma wɔakɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ amannɔne nsase so. Henanom na wɔba Gilead? Wɔn a wɔwɔ ahofama honhom. (Dwom 110:3) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno na ɛdaa adi wɔ September 8, 2001, bere a adesuakuw a ɛto so 111 no mufo wiee wɔn adesua no.

Na saa adesuakuw no mufo binom afi wɔn pɛ mu agyaw wɔn abusuafo, nnamfonom, ne wɔn nkurow akɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia dedaw. Wɔ saayɛ mu no, wɔsɔɔ wɔn ho hwɛe sɛ ebia wobetumi ayɛ nsakrae wɔ asetra mu atra mmeae foforo anaa. Sɛ nhwɛso no, Richer ne Nathalie yɛɛ nhyehyɛe tu kɔɔ Bolivia, Todd ne Michelle kɔɔ Dominican Republic, na David ne Monique kɔɔ ɔman bi a ɛwɔ Asia kɔtrɛw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mu. Adesuafo foforo nso asom dedaw wɔ Nicaragua, Ecuador, ne Albania.

Wɔhyɛɛ Christy nkuran ma osuaa Spania kasa wɔ ntoaso sukuu mu, na ɛboaa no ma osiesiee ne ho kodii mfe abien wɔ Ecuador ansa na ɔreware. Afoforo de wɔn ho kɔbɔɔ asafo ahorow a wɔka aman foforo kasa a ɛwɔ wɔn man mu no. Bere a na ɛsono Saul ne Priscila haw no, wɔdaa ahofama adi denam mmɔden a wɔbɔe de maa wɔn Engiresi kasa tuu mpɔn ansa na wɔreba sukuu no so.

Asɛmpatrɛw sukuu a wɔde adapɛn 20 yɛe no ankyɛ koraa na ɛbaa awiei. Adesua awiei no duruu so, na adesuafo no ne wɔn nnamfonom ne abusuafo tiee afotusɛm a nyansa wom ne nkradi a ɛhyɛ nkuran.

Nea ɔyɛɛ dwumadi no guamtrani neTheodore Jaracz a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so ason, na mprempren ɔsom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no. Ne nnianim nsɛm no sii nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sɛ́ ahyehyɛde no, yɛn ani mpaa botae a ɛne sɛ yɛbɛtete adesuafo wɔ Gilead, a ɛne sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa wɔ amanaman nyinaa so no so da. (Marko 13:10) Gilead siesie adesuafo a wɔfata ma wɔyɛ asɛnka adwuma yi kɛse sen sɛnea na wɔyɛ kan no wɔ wiase mmeae a wohia asɛmpatrɛwfo a wɔatetew wɔn titiriw no. Onua Jaracz hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔmfa wɔn Gilead ntetee no nni dwuma yiye bere a afei de wɔrekɔ akɔka asɛmpatrɛwfo a mprempren wɔresom wɔ aman 19 a wɔama adesuafo dwumadi wɔ hɔ ho no.

Afotu a Ɛyɛ ne Bere Mu De a Wɔde Ma Wɔn a Wɔrewie Sukuu No

Wɔmaa ɔkasa horow wɔ ɛno akyi. William Van De Wall a ɔyɛ United States Baa Boayikuw muni no kasa faa asɛmti “Asɛmpatrɛw Mu Nsiyɛ—Nokware Kristofo Agyiraehyɛde” ho. Ɔtwee adwene sii ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnyɛ asuafo’ a wɔakyerɛw wɔ Mateo 28:19, 20 no so, na otuu adesuafo no fo sɛ: “Munsuasua Yesu a ɔde anigye ne nsi yɛɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no.” Nea ɛbɛboa wɔn a wɔrebɛyɛ asɛmpatrɛwfo yi ma wɔakura wɔn nsiyɛ mu wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Munni nhyehyɛe pa akyi; munnya kokoam adesua ho su pa, na mo ne teokrase nhyehyɛe mmɔ anan; na bere nyinaa momfa mo adwene nsi nea enti a mowɔ mo dwumadi no mu no so.”

Nea na odi so ne Guy Pierce, a ɔyɛ Sodikuw no muni no. Ɔkaa asɛmti “Monkɔ So Ntete ‘Mo Adwene Tumi’” ho asɛm. (Romafo 12:1) Ɔde afotu a mfaso wɔ so maa adesuafo a wɔrewie no, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa ɔdom akyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn no nni dwuma mfa nsusuw nneɛma ho. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nsusuw nea Yehowa nam N’asɛm so reka akyerɛ mo no ho yiye. Eyi bɛhwɛ mo so.” (Mmebusɛm 2:11) Afei nso Onua Pierce tuu adesuakuw no fo sɛ wɔnnyɛ katee wɔ wɔn nsusuwii ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka ‘wɔn adwene tumi’ nhyɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ nkaesɛm ahorow a ɛyɛ ne bere mu de yi bɛboa wɔn a wɔawie wɔn adesua yi ma wɔasom sɛ asɛmpatrɛwfo.

Afei oguamtrani no too nsa frɛɛ Gilead akyerɛkyerɛfo no biako, Lawrence Bowen, ma ɔbɛkasae wɔ asɛmti a ɛne sɛ “Bɔ Wo Tirim sɛ Worenhwehwɛ Biribiara” ho. Ɔkae sɛ ɛdefa ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw adwuma a ɔyɛe wɔ Korinto ho no, ‘ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔrenhwehwɛ biribiara . . . Yesu Kristo, ne sɛ wɔbɔɔ no asɛndua mu no.’ (1 Korintofo 2:2) Na Paulo nim sɛ tumi a ɛsen biara wɔ amansan yi mu, honhom kronkron no, foa asɛm a wɔaka wɔ Bible no mu nyinaa so; Yehowa amansan tumidi a wɔnam Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ so bɛsan ho no. (Genesis 3:15) Wɔhyɛɛ adesuafo 48 a wɔrewie no nkuran sɛ wɔnyɛ sɛ Paulo ne Timoteo na wonni yiye sɛ asɛmpatrɛwfo denam ‘nsɛm a eye no nhwɛso a wobeso mu yiye’ so.—2 Timoteo 1:13.

Kasa horow a wɔmae no mu nea etwa to no asɛmti ne “Monkyerɛ Hokwan a Moanya, Akyɛde a Efi Onyankopɔn no Ho Anisɔ.” Wallace Liverance a ɔyɛ Gilead Sukuu no panyin no boaa adesuafo a wɔawie no ma wohui sɛ ɔsom hokwan ahorow yɛ Onyankopɔn dom a ɔda no adi, na ɛnyɛ biribi a ɛsɛ wɔn anaasɛ wɔanya. Onua Liverance retwe adwene asi ɔsomafo Paulo nhwɛso so no, ɔkae sɛ: “Paw a Yehowa paw Paulo sɛ amanaman somafo no nnyina nnwuma so, na akɔyɛ sɛ na Paulo fata sɛ onya saa dwumadi no anaasɛ na ɛsɛ sɛ wɔde ma no. Ná ennyina kyɛ a wakyɛ anaa osuahu a ɔwɔ so. Wɔ nnipa ani so no, na ɛbɛyɛ sɛ Barnaba na ɔfata. Ná ennyina ne mmɔdenbɔ so; ɛda adi sɛ na Apolo ano atew sen Paulo. Ná ɛyɛ Onyankopɔn dom a ɔreda no adi.” (Efesofo 3:7, 8) Onua Liverance hyɛɛ adesuafo a wɔawie no nkuran sɛ wɔmfa wɔn akyɛde, anaa ɔsom hokwan a wɔanya no mmoa afoforo ma wɔnyɛ Onyankopɔn nnamfo na wonnya ‘Onyankopɔn dom akyɛde a ɛne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.’—Romafo 6:23.

Eyi akyi no, Mark Noumair, a ɔno nso yɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no ne adesuafo no binom susuw nsɛm ho anigye so wɔ asɛmti a ɛne sɛ “Ade Pa Fi Ahosiesie Mu Ba.” (Mmebusɛm 21:5) Osuahu ahorow no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ ɔdawurubɔfo bi siesie ne ho yiye ma asɛnka, titiriw wɔ ne komam a, obenya afoforo ho adwempa. Nsɛm a ɔbɛka remmɔ no da. Mmom no, ɔbɛkasa na wayɛ nneɛma a wobenya so mfaso honhom fam. Onua Noumair gyinaa n’ankasa suahu a onyae sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Afrika so kae sɛ: “Eyi na ɛma obi yɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsow aba.”

Asɛmpatrɛw Adwuma—Adwuma a Ɛma Akomatɔyam

Ralph Walls ne Charles Woody bisabisaa asɛmpatrɛwfo a wɔn ho akokwaw a na wɔn nso wɔwɔ Patterson Adesuabea hɔ regye ntetee soronko no nsɛm. Nsɛm a wobisabisae no sii so dua sɛ ɛyɛ nnipa ho dɔ na ɛma wonya anigye wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu. Ɛhyɛɛ adesuafo no ne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom a na wɔretie asɛmpatrɛwfo a wɔn ho akokwaw yi nkuran bere a na wɔn ankasa rekyerɛkyerɛ nea enti a asɛmpatrɛw adwuma yɛ adwuma a ɛma akomatɔyam mu no.

John E. Barr, a ɔyɛ Sodikuw no muni no maa ɔkasa titiriw a na wɔasiesie ama saa da no, na na n’asɛmti ne “Monto Dwom Foforo Mma Yehowa.” (Yesaia 42:10) Onua Barr kae sɛ asɛm “dwom foforo” no pue mpɛn akron wɔ Bible no mu. Obisae sɛ: “Dɛn na dwom foforo yi kyerɛ ankasa?” Ɛnna obuae sɛ: “Sɛnea nsɛm a ɛfa ho no kyerɛ no, sɛ Yehowa nam ne tumidi so yɛ biribi foforo a, ɛma wɔto dwom foforo.” Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔnkɔ so nto ayeyi nnwom mma Onyankopɔn Ahenni a adi nkonim a ɛwɔ Mesia Hene, Kristo Yesu nsam no. Onua Barr kae sɛ ntetee a wɔanya wɔ Gilead no aboa wɔn ma wɔate “dwom foforo” yi afã horow ase yiye sen bere foforo biara. Sukuu no asi hia a ehia sɛ mo ne mo nuanom mmarima ne mmea bom ‘to’ Yehowa ayeyi dwom baabiara a mobɛkɔ; mo ne afoforo mfa biakoyɛ nyɛ ade wɔ mo dwumadi ahorow mu.”

Bere a wɔde adesuafo adesua ho adansedi krataa maa wɔn wiei no, adesuakuw no kasamafo bɛkenkan krataa a wɔkyerɛw de kyerɛɛ ntetee a wobenyae wɔ Gilead no ho anisɔ no.

Wubetumi atrɛw ɔsom a wode ma Onyankopɔn no mu na wama asow aba pii? Sɛ saa a, bɔ wo ho mmɔden sɛnea adesuafo yi ayɛ yi. Eyi na aboa wɔn ma wɔafata ama asɛmpatrɛw adwuma no. Sɛ obi fi anigye mu de ne ho ma wɔ Onyankopɔn adwuma mu a, onya anigye kɛse.—Yesaia 6:8.

[Adaka wɔ kratafa 25]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 10

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 19

Adesuafo no dodow: 48

Mfe a wɔadi nkyekyem: 33.2

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu: 16.8

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 12.6

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 111 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu

(1) Yeomans, C.; Toukkari, A.; Nuñez, S.; Phillips, J.; Dawkin, M.; Silvestri, P. (2) Morin, N.; Biney, J.; López, M.; Van Hout, M.; Cantú, A.; Szilvassy, F. (3) Williams, M.; Itoh, M.; Van Coillie, S.; Levering, D.; Fuzel, F.; Geissler, S. (4) Yeomans, J.; Moss, M.; Hodgins, M.; Dudding, S.; Briseño, J.; Phillips, M. (5) López, J.; Itoh, T.; Sommerud, S.; Kozza, C.; Fuzel, G.; Moss, D. (6) Williams, D.; Dudding, R.; Geissler, M.; Morin, R.; Biney, S.; Cantú, L. (7) Dawkin, M.; Hodgins, T.; Levering, M.; Silvestri, S.; Van Hout, D.; Briseño, A. (8) Van Coillie, M.; Nuñez, A.; Kozza, B.; Sommerud, J.; Toukkari, S.; Szilvassy, P.