Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahotɔ A Wobenya Afi Nhyɛso Mu—Ano Aduru Ankasa

Ahotɔ A Wobenya Afi Nhyɛso Mu—Ano Aduru Ankasa

Ahotɔ A Wobenya Afi Nhyɛso Mu—Ano Aduru Ankasa

“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.”—MATEO 11:28.

1, 2. (a) Dɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛboa ma wɔtew nhyɛso ntraso so? (b) Ná Yesu nkyerɛkyerɛ tu mpɔn dɛn?

AKYINNYE biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ nhyɛso bebrebe nye; ɛde ahohia ba. Bible no ka sɛ nneɛma pii ahyɛ adesamma nyinaa so ara ma wɔn mu pii rehwɛ kwan sɛ wobenya ahotɔ afi ɛnnɛyi asetra a nhyɛso ahyɛ mu ma yi mu. (Romafo 8:20-22) Nanso Kyerɛwnsɛm no nso kyerɛ ɔkwan a yebetumi afa so anya ahotɔ kakra afi ahohia mu mprempren yi ara. Ɛno fi tie a yebetie aberante bi a ɔtraa ase mfeha 20 a atwam ni no afotu ne ne nhwɛso akyi a yebedi so. Ná ɔyɛ duadwumfo, nanso na ɔdɔ nnipa sen biribiara. Ɔkasa ma eduu nkurɔfo komam, dii wɔn ahiade ho dwuma, boaa wɔn a wɔayɛ mmerɛw, na ɔkyekyee wɔn a wɔahaw werɛ. Nea ɛsen saa no, ɔboaa nnipa pii ma wotumi dii wɔn honhom fam ahiade ho dwuma. Enti wonyaa ahotɔ fii nhyɛso ntraso mu sɛnea wo nso wubetumi anya no.—Luka 4:16-21; 19:47, 48; Yohane 7:46.

2 Ɛnyɛ nhomasua a ɛkɔ akyiri a ebinom dii akyi wɔ tete Roma, Atene, ne Aleksandria no na ɛboaa ɔbarima yi, Yesu a ofi Nasaret no. Nanso ne nkyerɛkyerɛ agye din. Na ɛwɔ asɛmti: nniso a Onyankopɔn nam so bedi asase so yiye. Afei nso Yesu kyerɛkyerɛɛ asetram nnyinasosɛm atitiriw mu—nnyinasosɛm ahorow a ɛso wɔ mfaso ankasa nnɛ. Wɔn a wosua Yesu nkyerɛkyerɛ na wɔde di dwuma no nya so mfaso horow ntɛm ara a ebi ne ahotɔ a wonya fi nhyɛso ntraso mu. So w’ani nnye ho sɛ wubenya bi?

3. Nsato kɛse bɛn na Yesu de mae?

3 Ebia na w’adwenem yɛ wo naa. ‘So obi a ɔtraa ase teteete no betumi anya m’asetra so nkɛntɛnso a mfaso wɔ so?’ Wiɛ, tie Yesu nsɛm a ɛhyɛ nkuran yi: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Ná ɔrekyerɛ dɛn? Ma yɛnhwehwɛ nsɛm yi mu nkɔ akyiri kakra nhwɛ sɛnea ɛma yetumi nya ahotɔ fi nhyɛso ntraso mu no.

4. Henanom na Yesu ne wɔn kasae, na dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama n’atiefo no sɛ wɔbɛyɛ nea wɔhwehwɛ fi wɔn nkyɛn no?

4 Yesu kasa kyerɛɛ nnipa a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi mmara so nanso na ‘wɔakyekyere nnesoa asoa wɔn’ esiane sɛ na Yudafo akannifo no ama nyamesom ayɛ den no nti. (Mateo 23:4) Wɔtwee adwene sii mmara horow a ɛkame ayɛ sɛ na ɛfa asetram biribiara ho so. Sɛ bere nyinaa wɔka kyerɛ wo sɛ “ɛnsɛ sɛ” woyɛ eyi anaa eyi a, so ɛrenhaw wo? Nanso na Yesu a wobetie no no bɛma wɔahu nokware no, ayɛ adetrenee, na asi wɔn yiye wɔ asetram. Yiw, sɛ obi behu nokware Nyankopɔn no a, ehia sɛ otie Yesu Kristo, efisɛ ɛnam no so na nnipa betumi ahu sɛnea Yehowa te. Yesu kae sɛ: “Nea wahu me no ahu agya no.”—Yohane 14:9.

So Nneɛma Hyɛ W’asetra So Dodo?

5, 6. Ɔkwan bɛn so na adwuma a na wɔyɛ wɔ Yesu bere so ne akatua a wogye no ne yɛn de di nsɛ nnɛ?

5 Asɛm yi ho betumi ahia wo efisɛ ebia na w’adwuma anaa w’abusua mu nsɛm hyɛ wo so kɛse. Anaasɛ ebia na asɛyɛde afoforo nso betumi ayɛ sɛ nea ɛrebunkam wo so. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na wote sɛ nnipa komapafo a Yesu hyiaa wɔn na ɔboaa wɔn no. Sɛ nhwɛso no, susuw nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama wo nsa aka w’asetrade no ho hwɛ. Ɛyɛ den ma nnipa pii nnɛ, na saa ara na na ɛte wɔ Yesu bere so.

6 Saa bere no, na odwumayɛni de nnɔnhwerew 12 yɛ adwuma da biara, nnafua 6 dapɛn biara, na na akatua a ɔtaa gye da mũ nyinaa yɛ denare biako pɛ. (Mateo 20:2-10) Ɔkwan bɛn so na wubetumi de eyi atoto akatua a wugye ne wo nnamfonom de ho? Ebetumi ayɛ den sɛ wode tete akatua bɛtoto ɛnnɛyi de ho. Ɔkwan biako a wubetumi afa ayɛ saa ne sɛ wubesusuw nneɛma bo ho. Ɔbenfo bi kyerɛ sɛ wɔ Yesu bere so no, na paano biako a wɔde esiam susukora anan atõ bo bɛyɛ dɔnhwerew biako akatua. Ɔbenfo foforo ka sɛ na bobesa kuruwa biako bo bɛyɛ dɔnhwerew abien akatua. Wubetumi ahu afi eyi mu sɛ saa bere no na nkurɔfo yɛ adwumaden brɛ ansa na wɔn nsa akɔ wɔn ano. Na wohia ahotɔ ne ɔhome sɛnea yehia no ara. Sɛ wɔafa wo adwuma a, ebia wobɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma pii. Mpɛn pii no, yennya bere mfa nsusuw nneɛma ho yiye. Wubetumi agye atom sɛ wohwɛ ahotɔ kwan.

7. Dɛn na wɔyɛe wɔ Yesu asɛm no ho?

7 Ɛda adi sɛ nsa a Yesu to frɛɛ wɔn a ‘wɔayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa’ no bɛyɛ asɛm a ɛyɛ dɛ ama atiefo a na wɔwɔ hɔ saa bere no. (Mateo 4:25; Marko 3:7, 8) Na kae sɛ Yesu de bɔhyɛ yi kaa ho sɛ, “mɛma moahome.” Bɔhyɛ koro no ara yɛ adwuma nnɛ. Sɛ ‘yɛabrɛ na wɔasoa yɛn nnosoa’ a, ebetumi afa yɛn ho. Na ebetumi afa yɛn adɔfo a ɛda adi sɛ wɔn tebea te saa ara nso ho.

8. Ɔkwan bɛn so na abayɛn ne mpanyinyɛ ma nhyɛso mu yɛ den?

8 Nneɛma foforo nso hyɛ nkurɔfo so. Mmofra ntetee yɛ asɛnkɛse. Abofra mpo a obi yɛ no betumi ayɛ asɛnnennen. Adwene ne nipaduam nyarewa haw mpanyin ne mmofra pii. Na bere a nnipa betumi anyin akyɛ no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hyia ɔhaw ahorow, ɛmfa ho nkɔanim a wɔanya wɔ nnuruyɛ mu no.—Ɔsɛnkafo 12:1.

Kɔndua Ase Adwumayɛ

9, 10. Tete mmere mu no, dɛn na na wɔde kɔndua yɛ ho sɛnkyerɛnne, na dɛn nti na Yesu too nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmfa ne kɔndua nto wɔn ho so?

9 So wohyɛɛ no nsow sɛ Yesu kae wɔ Mateo 11:28, 29 sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me.” Saa bere no, na ɔpapahwekwaa bi bɛte nka sɛ nea ɔhyɛ kɔndua ase. Efi tete na wɔde kɔndua ayɛ nkoayɛ anaa nkoasom ho sɛnkyerɛnne. (Genesis 27:40; Leviticus 26:13; Deuteronomium 28:48) Apaafo a Yesu hyiaa wɔn no mu pii de kɔndua ankasa too wɔn mmati soaa nnosoa a na emu yɛ duru. Sɛ kɔndua bɛyɛ mmerɛw wɔ obi kɔn anaa ne mmati ho anaasɛ ebemia no a, na egyina sɛnea wɔyɛɛ no so. Sɛ́ duadwumfo no, ɛbɛyɛ sɛ Yesu yɛɛ kɔndua, na na obehu sɛnea wotumi yɛ bi ma ɛyɛ ‘mmerɛw.’ Ɛbɛyɛ sɛ ɔde aboa nhoma anaa ntama hyehyɛɛ ho sɛnea ɛbɛyɛ a kɔndua no remmia obi pii.

10 Bere a Yesu kae sɛ “momfa me kɔndua nto mo ho so” no, na obetumi de ne ho atoto obi a ɔyɛ kɔndua papa a ɛyɛ “mmerɛw” wɔ odwumayɛni mmati ne ne kɔn ho ho. Enti Yesu de kaa ho sɛ: “M’adesoa yɛ hare.” Eyi kyerɛ sɛ na kɔndua no adwumayɛ nyɛ den, na na adwuma no nso nyɛ nkoayɛ. Enti bere a na Yesu reto nsa afrɛ n’atiefo sɛ wɔmmɛfa ne kɔndua nto wɔn ho so no, na ɛnyɛ sɛ ɔremma wɔn ho atɔ wɔn afi tebea horow a saa bere no na ɛhyɛ wɔn so no nyinaa ho. Nanso na ɛho adwene foforo a ɔdaa no adi no bɛma wɔanya ɔhome kakra. Nsakrae horow a na wɔbɛyɛ wɔ wɔn asetram ne ɔkwan a wɔfa so yɛ wɔn ade no nso bɛma wɔanya ɔhome. Nea ehia titiriw no, na anidaso a edi mu no bɛboa wɔn ma asetra renhyɛ wɔn so pii.

Wubetumi Anya Ɔhome

11. Dɛn nti na na ɛnyɛ kɔndua a wɔsesa kɔfa foforo ho nyansahyɛ na na Yesu de rema?

11 Yɛsrɛ sɛ hyɛ no nsow sɛ na Yesu nkyerɛ sɛ nkurɔfo bɛsesa kɔndua akɔfa foforo. Na Roma bɛkɔ so ara adi asase no so sɛnea ɛnnɛ aban ahorow di baabi a Kristofo te so no. Ná afeha a edi kan Romafo rennyae tow a na wogyigye no. Akwahosan ne sikasɛm mu ahokyere bɛkɔ so ara. Sintɔ ne bɔne bɛkɔ so ahaw nkurɔfo. Nanso sɛ wogye Yesu nkyerɛkyerɛ tom a, na wobetumi anya ɔhome sɛnea yɛn nso yebetumi anya ɛnnɛ no ara.

12, 13. Dɛn na Yesu sii so dua sɛ ɛbɛma ɔhome, na ebinom yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

12 Ade titiriw a yebetumi de Yesu mfatoho a ɛfa kɔndua ho atoto ho no bɛdaa adi wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo, a na nea osi so dua titiriw ne Onyankopɔn Ahenni no. (Mateo 4:23) Enti bere a ɔkae sɛ “momfa me kɔndua nto mo ho so” no, ɛda adi pefee sɛ na ɛkyerɛ sɛ wobedi n’akyi wɔ adwuma koro no ara mu. Asɛmpa kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ Yesu kaa nnipa komapafo koma ma wɔsesaa wɔn adwuma, ade a na ɛyɛ ahiasɛm titiriw wɔ nnipa pii asetram no. Kae frɛ a ɔfrɛɛ Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane no: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.” (Marko 1:16-20) Ɔkyerɛɛ saa apofofo no akomatɔyam a sɛ wɔyɛ adwuma a ɔde dii kan wɔ n’asetram no a wobenya, bere a wɔnam n’akwankyerɛ ne ne mmoa so yɛ saa no.

13 Yudafo binom a wotiee no no tee ase na wɔde dii dwuma. Yɛ asɛm a esii wɔ mpoano a yɛkenkan ho asɛm wɔ Luka 5:1-11 no ho mfonini hwɛ. Na apopofo baanan yi ayɛ adwuma abrɛ anadwo mũ nyinaa a wɔannya hwee. Mpofirim ara, wɔn asawu no yɛɛ ma! Eyi amma ara kwa; Yesu ho a ɔde gyee mu no na ɛma ɛbaa saa. Bere a wotwaa wɔn ani hwɛɛ mpoano no, wohuu nkurɔfo akuwakuw a na wɔkyerɛ Yesu nkyerɛkyerɛ ho anigye. Ɛno boae ma nea Yesu ka kyerɛɛ nnipa baanan no mu daa hɔ: ‘Efi nnɛ mubeyi nnipa.’ Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? “Wɔde ɔkorow no baa fam gyaw ne nyinaa dii n’akyi.”

14. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ɔhome nnɛ? (b) Asɛmpa a ɛma abotɔyam bɛn na Yesu kae?

14 Wo nso, wubetumi ayɛ saa ara. Adwuma a wɔyɛ de kyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware no da so ara rekɔ so. Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem asia agye Yesu nsato a ɛne sɛ ‘wɔmfa ne kɔndua nto wɔn ho so’ no so; na wɔabɛyɛ “nnipa yifo.” (Mateo 4:19) Ebinom de wɔn bere nyinaa na ɛyɛ; afoforo de wɔn bere fã yɛ sɛnea wɔn ahoɔden bɛma wɔn kwan. Wɔn nyinaa nya abotɔyam, enti nneɛma nhyɛ wɔn so pii wɔ asetram. Ɛma wɔyɛ adwuma a wɔn ani gye ho, sɛ wɔbɛka asɛmpa—“ahenni no ho asɛmpa”—akyerɛ afoforo. (Mateo 4:23) Ɛyɛ anigyesɛm bere nyinaa sɛ wobɛka asɛmpa, ne titiriw no saa asɛmpa yi ho asɛm. Nsɛntitiriw a yehia na ama yɛatumi akyerɛ nnipa pii sɛ wobetumi atra ase a nneɛma renhyɛ wɔn so no wɔ Bible mu.—2 Timoteo 3:16, 17.

15. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa asetra ho no so mfaso?

15 Ɔkwan bi so no, nkurɔfo a wosuaa Onyankopɔn Ahenni ho ade nkyɛe no mpo anya Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa sɛnea wɔtra ase no so mfaso. Nnipa pii betumi aka no nokwarem sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ ama wɔanya abotɔyam na aboa wɔn ma wɔasakra wɔn asetra. W’ankasa betumi ahu eyi denam asetram nnyinasosɛm ahorow a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesu asetra ne ne som adwuma mu, titiriw no Nsɛmpa a Mateo, Marko, ne Luka kyerɛwee no mu.

Ɔkwan a Wɔfa So Nya Ɔhome

16, 17. (a) Ɛhefa na wubetumi ahu Yesu nkyerɛkyerɛ atitiriw no bi? (b) Dɛn na ehia na ama obi anya ɔhome denam Yesu nkyerɛkyerɛ a ɔde bedi dwuma no so?

16 Wɔ afe 31 Y.B. fefɛw bere mu no, Yesu maa ɔkasa bi a agye din de besi nnɛ. Wɔtaa frɛ no Bepɔw so Asɛnka. Wɔakyerɛw wɔ Mateo ti 5 kosi 7 ne Luka ti 6, na ɛka ne nkyerɛkyerɛ pii ho asɛm tiawa. Wubetumi ahu Yesu nkyerɛkyerɛ no foforo wɔ Nsɛmpa no fã bi. Nsɛm a ɔkae no pii asete nyɛ den, ɛmfa ho sɛ di a yɛde bedi dwuma no betumi ayɛ den no. Dɛn nti na wontɔ wo bo ase nkenkan ti ahorow no na wunsusuw ho? Ma adwene a ɛwɔ ne kasa mu no nkanyan wo nsusuwii ne wo nneyɛe.

17 Ɛda adi sɛ yebetumi ahyehyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no wɔ akwan pii so. Momma yɛnhyehyɛ nkyerɛkyerɛ atitiriw bi akuwakuw sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsram no mu da biara yebenya biako asusuw ho, a botae no ne sɛ yɛde bedi dwuma wɔ yɛn asetra mu. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, mfa w’ani mfa so ntɛmntɛm. Kae ɔdefo bi a obisaa Yesu Kristo sɛ: “Dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” no. Bere a Yesu ne no susuw Onyankopɔn Mmara mu ahwehwɛde atitiriw ho no, ɔbarima no buae sɛ na ɔreyɛ eyinom dedaw. Nanso ohui sɛ ehia sɛ ɔyɛ pii sen saa. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ sɛ ɔbɛyɛ osuani pa a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden paa de nnyinasosɛm a ɛteɛ di dwuma yiye. Ɛda adi sɛ, na ɔbarima no nsiesiee ne ho sɛ ɔbɛyɛ ade ma akɔ akyiri saa. (Luka 18:18-23) Ne saa nti, ehia sɛ obiara a ɔpɛ sɛ osua Yesu nkyerɛkyerɛ nnɛ no kae sɛ nsonsonoe da gye a wobegye atom ne yɛ a wɔde bɛyɛ adwuma, na ɛnam so abrɛ nhyɛso no ase no ntam.

18. Kyerɛkyerɛ sɛnea wubetumi de adaka a ɛka ho no adi dwuma ma mfaso aba so mu.

18 Sɛ́ ade a wode refi Yesu nkyerɛkyerɛ a wode bedi dwuma ase no, hwɛ asɛm a edi kan wɔ adaka a ɛka eyi ho no mu. Ɛtwe adwene si Mateo 5:3-9 so. Nokwarem no, yɛn mu biara betumi agye bere de asusuw afotusɛm pa a ɛwɔ saa nkyekyɛm ahorow no mu no ho. Nanso sɛ wususuw ne nyinaa ho a, dɛn na wobɛka afa nneyɛe ho? Sɛ wopɛ sɛ wudi nhyɛso bebrebe so ampa wɔ w’asetra mu a, dɛn na ɛbɛboa wo? Ɔkwan bɛn so na sɛ woma w’ani ku honhom fam nneɛma ho kɛse na egye w’adwene pii a, ebenya wo so nkɛntɛnso? So biribi wɔ w’asetram a ehia sɛ wubu w’ani gu so kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bere pii ama honhom fam nneɛma? Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woanya anigye kɛse ɛnnɛ.

19. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woanya nhumu ne ntease pii?

19 Afei susuw asɛm no ho kɔ akyiri kakra. Dɛn nti na wo ne Onyankopɔn somfo foforo, ebia w’aware mu hokafo, obusuani bi, anaa adamfo bi nsusuw saa nkyekyɛm no ho? (Mmebusɛm 18:24; 20:5) Mma wo werɛ mfi sɛ ɔdefo no bisaa obi foforo—Yesu—asɛm bi a ɛho hia. Ná anka mmuae no betumi ama n’anigye ne asetra a enni awiei ho anidaso a ɔwɔ no ayɛ kɛse. Yɔnko gyidini a wo ne no besusuw saa nkyekyɛm no ho no renyɛ te sɛ Yesu; nanso Yesu nkyerɛkyerɛ ho nkɔmmɔ a mobɛbɔ no so bɛba mo nyinaa mfaso. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ no ntɛm ara.

20, 21. Nhyehyɛe bɛn na wubetumi adi akyi de asua Yesu nkyerɛkyerɛ ho ade, na ɔkwan bɛn so na wubetumi asusuw wo nkɔso ho?

20 Hwɛ adaka a ɛka ho, “Nkyerɛkyerɛ a Ɛbɛboa Wo” no bio. Wɔahyehyɛ nkyerɛkyerɛ yi akuwakuw sɛnea ɛbɛyɛ a anyɛ yiye koraa no, wubenya nkyerɛkyerɛ biako asusuw ho da biara. Wubetumi adi kan akenkan nea Yesu kae wɔ nkyekyɛm ahorow no mu no. Na afei susuw ne nsɛm no ho. Dwennwen sɛnea wubetumi de adi dwuma wɔ w’asetram no ho. Sɛ wote nka sɛ woreyɛ saa dedaw a, dwennwen nea wubetumi ayɛ aka ho ma wode Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ abɔ wo bra ho. Fa di dwuma saa da no. Sɛ ɛba sɛ wobrɛ ansa na woate ase anaa woahu sɛnea wode bedi dwuma a, san fa da foforo ka ho susuw ho. Nanso ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛnsɛ sɛ wo ho kokwaw wom ansa na woakɔ foforo so. Sɛ ade kye a, wubetumi asusuw nkyerɛkyerɛ foforo ho. Dapɛn no awiei no, wubetumi asusuw sɛnea watumi de Yesu nkyerɛkyerɛ no mu anan anaa anum adi dwuma ho. Dapɛn a ɛto so abien mu no, fa bi ka ho. Sɛ wuhu sɛ woantumi amfa nkyerɛkyerɛ bi anni dwuma a, mma w’abam mmu. Kristoni biara benya osuahu a ɛte saa. (2 Beresosɛm 6:36; Dwom 130:3; Ɔsɛnkafo 7:20; Yakobo 3:8) Kɔ so fa di dwuma wɔ dapɛn a ɛto so abiɛsa ne anan no mu.

21 Ɔsram biako anaa nea ɛte saa akyi no, wubehu sɛ woasusuw nsɛm 31 no nyinaa ho. Nanso ɔkwan bɛn so na ɛbɛma woate nka? So w’ani rennye kakra anaa worente nka sɛ woanya akomatɔyam pii? Sɛ mpo ɛba sɛ wunyaa nkɔso kakraa bi a, ɛda adi sɛ nneɛma renhyɛ wo so pii, anaa anyɛ yiye koraa no wubedi nhyɛso ho dwuma yiye, na wubehu ɔkwan a wobɛfa so akura mu. Kae sɛ, Yesu nkyerɛkyerɛ no mu nsɛm a ɛyɛ anigye pii wɔ hɔ a yɛanka ho asɛm. Dɛn nti na wonhwehwɛ emu bi na wommɔ mmɔden sɛ wode bedi dwuma?—Filipifo 3:16.

22. Sɛ obi di Yesu nkyerɛkyerɛ ahorow akyi a, dɛn na ebetumi afi mu aba, na nneɛma bɛn na ehia sɛ osua?

22 Wubetumi ahu sɛ ɛwom sɛ Yesu kɔndua no mu yɛ duru kakra de, nanso ɛyɛ mmerɛw ampa. Ne nkyerɛkyerɛ ne asuafoyɛ ho asɛyɛde no mu nyɛ duru. Bere a Yesu adamfo pa, ɔsomafo Yohane de bɛboro mfe 60 anya osuahu no, ɔkae sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Wubetumi anya ahotoso a ɛte saa ara. Bere tenten a wode Yesu nkyerɛkyerɛ di dwuma no, dodow no ara na wubehu sɛ nneɛma a ɛhyɛ nnipa pii so nnɛ no nhyɛ wo so. Wubehu sɛ woanya ahotɔ kakra. (Dwom 34:8) Nanso biribi foforo wɔ Yesu kɔndua a ɛyɛ mmerɛw no ho a ɛsɛ sɛ wususuw ho. Yesu kaa sɛnea ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase komam’ no nso ho asɛm. Ɔkwan bɛn so na ɛno ne sua a yebesua biribi afi Yesu nkyɛn na yɛasuasua no no hyia? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.—Mateo 11:29.

Wubebua Dɛn?

•Dɛn nti na sɛ yɛpɛ sɛ yenya ahotɔ fi nhyɛso bebrebe mu a, ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ Yesu nkyɛn?

•Dɛn na wɔde kɔndua yɛɛ ho sɛnkyerɛnne, na dɛn ntia?

•Dɛn nti na Yesu too nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛfa ne kɔndua nto wɔn ho so?

•Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya honhom fam ɔhome?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Afe asɛm a Yehowa Adansefo de bedi dwuma 2002 mu bɛyɛ: “Mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.”—Mateo 11:28.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 12, 13]

Nkyerɛkyerɛ a Ɛbɛboa Wo

Nneɛma pa bɛn na wubetumi ahu wɔ Mateo ti 5 kosi 7? Ti ahorow yi kura nkyerɛkyerɛ a Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu de mae wɔ Galilea bepɔw bi so no. Yɛsrɛ sɛ kenkan nkyekyɛm a yɛatwe adwene asi so wɔ ase ha no wɔ w’ankasa Bible mu na bisa wo ho nsɛm a ɛka ho no.

1. 5:3-9 Dɛn na eyi ka kyerɛ me wɔ me suban ho? Mɛyɛ dɛn atumi anya anigye kɛse? Ɔkwan bɛn so na metumi ama m’ani aku me honhom fam ahiade ho kɛse?

2. 5:25, 26 Dɛn na eye sen sɛ mesuasua ntɔkwapɛ su a nnipa pii da no adi no?—Luka 12:58, 59.

3. 5:27-30 Ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm no si nna ho nsusuwii hunu so dua? Ɔkwan bɛn so na biribi a ɛte saa a mɛkwati no bɛma manya anigye ne asomdwoe?

4. 5:38-42 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛkwati nnɛɛmmafo adwene a ɛtwe adwene si anuɔden so no?

5. 5:43-48 Ɔkwan bɛn so na metumi anya mfaso afi nnipa a ebia misusuw sɛ wɔyɛ atamfo a me ne wɔn bɛbɔ yiye no so? Dɛn na ɛda adi sɛ eyi bɛyɛ na abrɛ nhyɛso ase anaa ayi afi hɔ?

6. 6:14, 15 So afoforo ho anibere anaa menasepɔw na ɛtɔ mmere bi a ɛmma mintumi mfa mfiri afoforo no? Mɛyɛ dɛn asesa su a ɛte saa?

7. 6:16-18 So ɛyɛ me su sɛ mɛma sɛnea mete wɔ ani so no ho ahia me sen sɛnea mete ankasa no? Dɛn na ɛsɛ sɛ mema m’ani ku ho kɛse?

8. 6:19-32 Sɛ mema m’ani ku sika ne ahonyade ho dodo a, dɛn na ebefi mu aba? Dɛn na sɛ midwen ho a ɛbɛboa me ma makari pɛ wɔ eyi mu?

9. 7:1-5 Sɛ mewɔ nkurɔfo a hwee nsɔ wɔn ani na bere nyinaa wɔkasa tia afoforo mu a, mete nka dɛn? Dɛn nti na ɛho hia sɛ mekwati sɛ mɛyɛ saa?

10. 7:7-11 Sɛ eye sɛ merempa abaw bere a meresrɛ Onyankopɔn nkyɛn biribi a, ɛnde asetra mu nneɛma a aka no nso ɛ?—Luka 11:5-13.

11. 7:12 Ɛwom sɛ minim Mmara Pa no de, nanso mpɛn dodo ahe na mede di dwuma wɔ me ne afoforo nsɛnnii mu?

12. 7:24-27 Esiane sɛ sɛnea mɛbɔ me bra ho asodi da m’ankasa so nti, ɔkwan bɛn so na metumi asiesie me ho yiye agyina ahokyere ne ɔhaw a emu yɛ den ano? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ misusuw eyi ho mprempren?—Luka 6:46-49.

Nkyerɛkyerɛ foforo a metumi asusuw ho:

13. 8:2, 3 Ɔkwan bɛn so na metumi ada ayamhyehye adi akyerɛ wɔn a ahia wɔn no sɛnea na Yesu taa yɛ no?

14. 9:9-38 Ɔfã bɛn na mmɔborohunu a mɛda no adi no wɔ wɔ m’asetra mu, na ɔkwan bɛn so na metumi ada no adi kɛse?

15. 12:19 Bere a misua biribi fi nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu ho mu no, so mebɔ mmɔden sɛ mɛkwati akasakasa?

16. 12:20, 21 Ade pa bɛn na metumi ayɛ denam m’anom asɛm anaa nneyɛe a meremfa mpira afoforo so?

17. 12:34-37 Dɛn na metaa ka ho asɛm? Minim sɛ sɛ mikyim akutu a, akutu nsu na ɛba, enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ misusuw nea ɛwɔ me mu, me komam no ho?—Marko 7:20-23.

18. 15:4-6 Dɛn na Yesu nsɛm no kyerɛ me fa ɔdɔ mu a mefi ahwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho?

19. 19:13-15 Dɛn na ehia sɛ migye bere yɛ?

20. 20:25-28 Dɛn nti na mfaso biara nni so sɛ obi bɛma tumidi agye ne ti? Ɔkwan bɛn so na metumi asuasua Yesu wɔ eyi mu?

Nsɛm foforo a yebetumi asusuw ho a Marko yɛɛ ho kyerɛwtohɔ:

21. 4:24, 25 Sɛnea me ne afoforo di nsɛm no ho hia dɛn?

22. 9:50 Sɛ asɛm a meka ne me nneyɛe ho tew a, ade pa bɛn na ɛda adi sɛ ebefi mu aba?

Afei, susuw nkyerɛkyerɛ kakra a Luka yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no ho:

23. 8:11, 14 Sɛ mema adwendwen, ahonyade, ne anigyede yɛ m’asetram ade titiriw a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

24. 9:1-6 Ɛwom sɛ na Yesu wɔ tumi a ɔde sa ayarefo yare de, nanso dɛn paa na na ɛho hia no?

25. 9:52-56 So nneɛma haw me ntɛmntɛm? So mekwati sɛ mɛyɛ biribi atua afoforo nneyɛe so ka?

26. 9:62 Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mibu asɛyɛde a mewɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɛsɛ sɛ meka no ho?

27. 10:29-37 Ɔkwan bɛn so na metumi akyerɛ sɛ meyɛ yɔnko, na menyɛ ɔhɔho?

28. 11:33-36 Nsakrae ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na amma m’asetra ankyere so?

29. 12:15 Abusuabɔ bɛn na ɛda nkwa ne ahonyade ntam?

30. 14:28-30 Sɛ migye bere de susuw nsɛm ho yiye a, dɛn na metumi akwati, na mfaso bɛn na ebefi mu aba?

31. 16:10-12 Mfaso bɛn na metumi anya afi nokware a medi wɔ asetra mu no mu?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nkwagye adwuma a wɔyɛ wɔ Yesu kɔndua ase no ma abotɔyam