Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo Munni Mo Mma Ahiade Ho Dwuma!

Awofo Munni Mo Mma Ahiade Ho Dwuma!

Awofo Munni Mo Mma Ahiade Ho Dwuma!

MMOFRA hia akwankyerɛ ne nteɛso a ɔdɔ wom fi wɔn awofo nkyɛn titiriw. Eyi nti, Brazilni kyerɛkyerɛfo bi a ne din de Tania Zagury ka sɛ: “Abofra pɛ sɛ onya anigye. Ɛho hia sɛ wɔma wɔn anohyeto ahorow. Ɛyɛ awofo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi. Sɛ wɔanyɛ saa a mmofra no begye wɔn nsam.”

Nanso, wɔ nsase pii so no, esiane sɛ wɔma biribiara ho kwan na obiara tumi yɛ nea ɔpɛ nti, ɛma ɛyɛ den sɛ wobedi afotu a ɛwɔ atifi hɔ no so. Ɛnde ɛhe na awofo betumi akɔhwehwɛ mmoa? Awofo a wosuro Onyankopɔn nim sɛ wɔn mma yɛ ‘agyapade a efi Yehowa hɔ.’ (Dwom 127:3) Enti wɔde wɔn ho to Onyankopɔn Asɛm Bible no akwankyerɛ so de tete wɔn. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 13:24 ka sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.”

Ɛnsɛ sɛ wobu sɛnea Bible de ‘abaa’ di dwuma no sɛ asotwe nkutoo; egyina hɔ ma ɔkwan a wɔfa so de nteɛso ma ɛmfa ho sɛnea wɔde ma no. Nokwarem no, mpɛn pii no ebia ano a wɔde bɛteɛ abofra soɔdenfo so no ara dɔɔso. Mmebusɛm 29:17 ka sɛ: “Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika.”

Mmofra hia nteɛso a efi ɔdɔ mu na ama wɔagyae subammɔne biara. Nteɛso a ɛfata na efi ayamye mu a ɛte saa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwofo dwen ne ba ho. (Mmebusɛm 22:6) Enti awofo, momma mo bo ntɔ mo yam! Sɛ wudi Bible afotu a mfaso wɔ so yi akyi a, wo mma bebu wo na woasɔ Yehowa Nyankopɔn ani.