Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mede Asɛm no Medan Kaesare!”

“Mede Asɛm no Medan Kaesare!”

“Mede Asɛm no Medan Kaesare!”

BASABASAYƐFO kuw bi akyere ɔbarima bi a onni ɔkamafo afi ase reboro no. Na wogye di sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima no wu. Bere a ɛdaa adi sɛ wobekum ɔbarima no, asraafo duu hɔ na wɔbɔɔ mmɔden gyee onipa no fii basabasayɛfo kuw no nsam. Ɔbarima no ne ɔsomafo Paulo. Na n’asɔretiafo no yɛ Yudafo a wɔkasa tia Paulo asɛnka no denneennen, na wɔbɔ no sobo sɛ ɔresɛe asɔrefi no. Wɔn a wotwitwa gyee no no yɛ Romafo, a ɔsahene Klaudio Lisia da wɔn ano. Sakasakayɛ bere yi mu na wɔkyeree Paulo sɛ nsɛmmɔnedifo.

Nhoma ason a etwa to wɔ Asomafo no Nnwuma mu no ka nea ɛyɛe a wɔkyeree no no ho asɛm. Paulo ho nsɛm a yɛbɛte ase, sobo a wɔde bɔɔ no, n’anoyi, ne ɔkwan a Romafo faa so de asotwe maa no no ma yenya saa ti ahorow yi ho ntease pii.

Okodii Klaudio Lisia Nsam

Nea na ɛka Klaudio Lisia dwumadi ho ne sɛ ɔbɛhwɛ ama mmara ayɛ adwuma wɔ Yerusalem. Na ne panyin, Roma amrado a odi Yudea so no, te Kaesarea. Wotumi hu Lisia afã wɔ Paulo asɛm yi mu sɛ obi a otumi bɔ ɔfoforo ho ban fi nsɛmmɔnedifo nsam, anaasɛ ɔde no bɛto afiase sɛ obi a ɔhaw ɔmamfo asomdwoe. Sɛnea Yudafo yɛɛ wɔn ade no ma Lisia de ne deduani no kɔɔ asraafo atrae wɔ Antonia Aban mu.—Asomafo no Nnwuma 21:27–22:24.

Na ɛsɛ sɛ Lisia hwehwɛ mu hu nea Paulo ayɛ. Bere a basabasayɛ no sii no, Lisia antumi anhu hwee. Enti, wantwentwɛn ne nan ase koraa na ɔhyɛe sɛ wɔnka Paulo ‘mpire mfa mmisa no, na onhu nea nti a wobom gu ne so no.’ (Asomafo no Nnwuma 22:24) Na eyi yɛ ɔkwan a wogye tom a wɔfa so hwehwɛ nsɛmmɔnedifo, nkoa, ne afoforo a wɔn dibea nkɔ soro no nsɛm mu. Ebetumi aba sɛ na mpire (flagrum) yi yɛ asotwe a ɛfata, nanso, na ɛyɛ adwinnade bi a ɛyɛ hu yiye. Na saa mpire yi bi yɛ nnade nkurukuruwa a wɔayɛ no nkɔnsɔnkɔnsɔn. Na afoforo nso yɛ nkasɛɛ a wɔde afra nnompe ne nnade a ano yɛ nnam. Na ɛma obi ho paapae, tete ne nam asinasin.

Saa bere no, Paulo kaa ne Roma man ba a ɔyɛ ho asɛm. Na wontumi nka Romani a wommuu no fɔ mpire, enti si a Paulo sii hokwan a na ɔwɔ so dua ntɛm no di boae. Na ayayade anaa asotwe a wɔde bɛyɛ Roma ɔman ba betumi ama Roma sraani panyin bi dibea afi ne nsa. Nokwarem no, efi saa bere no, wɔne Paulo dii sɛ ɔdeduani a ɔyɛ soronko, obi a na nkurɔfo betumi abɛsra no.—Asomafo no Nnwuma 22:25-29; 23:16, 17.

Bere a na Lisia ntumi nhu sobo a wɔde abɔ Paulo no mu yiye no, ɔma wɔde no kɔɔ Sanhedrin no anim kɔhwehwɛɛ asɛm no mu yiye. Nanso, Paulo maa akyinnyegye sɔree bere a ɔkae sɛ wɔrebɔ no sobo wɔ awufo sɔre ho asɛm mu no. Akasakasa no mu yɛɛ den araa ma enti Lisia suroe sɛ ebia wɔbɛtetew Paulo mu asinasin, enti Lisia kogyee no fii Yudafo a wɔn bo afuw no nsam.—Asomafo no Nnwuma 22:30–23:10.

Na Lisia mpɛ sɛ wobekum Roma ɔman ba wɔ ne nsam. Bere a ɔtee sɛ wɔabɔ pɔw sɛ wobekum ne deduani no, ntɛm ara ɔma wɔde no kɔɔ Kaesarea. Mmara mu akwankyerɛ hwehwɛ sɛ wɔde sobo a wɔde abɔ nneduafo no ka wɔn ho kɔma asɛnni baguafo a wɔwɔ tumi no. Nea ɛka saa sobo no ho bi ne nhwehwɛmu a wɔadi kan ayɛ wɔ asɛm no ho, nea enti a wɔakyere no, ne nhwehwɛmufo no adwene wɔ asɛm no ho. Lisia bɔɔ amanneɛ sɛ ‘wɔabɔ Paulo sobo wɔ nsɛmmisa a ɛfa Yudafo Mmara ho, na ɛnyɛ biribi a ɛsɛ owu anaa ɔkyere,’ enti ɔhyɛɛ Paulo nkurobɔfo no sɛ, wɔnkɔbɔ wɔn nkuro no wɔ sodifo Felike anim.—Asomafo no Nnwuma 23:29, 30.

Amrado Felike Antumi Ammu Atɛn

Na Felike wɔ tumi sɛ obebu atɛn wɔ mantam no mu. Sɛ na anka ɔpɛ a obetumi agyina mpɔtam hɔ amammerɛ anaa nsɛmmɔnedi ho mmara a ɔman no ahyɛ—a wogyina so bu nnipa a wɔkorɔn ne aban mpanyimfo atɛn—no so abu atɛn. Na wɔfrɛ mmara a ɛte saa no ordo anaa mmara a wɔahyehyɛ. Afei nso na anka obetumi agyina extra ordinem, tumi a wɔnam so si gyinae wɔ nsɛmmɔnedi biara ho no so abu atɛn. Ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ amrado a ɔwɔ tumi no ‘susuw sɛnea mmara bi te wɔ Roma no ho nko, na mmom na ɛsɛ sɛ osusuw sɛnea na ɛsɛ sɛ wɔde mmara no di dwuma wɔ baabiara nso ho.’ Enti na ɔwɔ pii yɛ wɔ n’atemmu no mu.

Ɛnyɛ tete Roma mmara nyinaa na wonim ho asɛm, nanso wobu Paulo asɛm yi sɛ ‘ɛyɛ nhwɛso titiriw a wɔnam so de extra ordinem no di dwuma.’ Na afotufo a wɔka amrado no ho no bɛboa no ma wɔatie sobo a ankorankoro de rebɔ Paulo no. Na wɔfrɛ nea wɔabɔ no sobo no ma ɔne nea ɔde asɛm no akɔ asɛnnibea hɔ no bɔ nkuro, na obetumi ayi ne ho ano, nanso na asɛm no nyinaa gyina nea ɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea no so. Na ɔtemmufo no de asotwe biara a osusuw sɛ ɛfata ma no. Na obetumi asi gyinae sɛ obebu atɛn anaasɛ obetu asɛm no ahyɛ da koraa, nanso ɛmfa ho gyinae biara a obesi no, na ɛsɛ sɛ ɔde nea wɔabɔ no sobo no to afiase. Nhomanimfo Henry Cadbury ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ na sodifo a ɔwɔ tumi yi wɔ hokwan sɛ ɔpo ‘nkɛntɛnso bɔne’ biara na ogye adanmude—sɛ́ obegyae no, obebu no fɔ, anaa obetu asɛm no ahyɛ da.”

Ná Ɔsɔfo Panyin Anania, Yudafo mpanyimfo ne Tertulo abɛbɔ sobo akyerɛ Felike sɛ ‘Paulo yɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo mu.’ Wɔkae sɛ ɔyɛ “Nasarefo fekuw” no mu panyin na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde efĩ bɛka asɔrefi no.—Asomafo no Nnwuma 24:1-6.

Paulo asɔretiafo a wodi kan no susuwii sɛ Paulo de Amanaman muni a ne din de Trofimo aba abangua a wɔagyaw ama Yudafo nkutoo no mu. * (Asomafo no Nnwuma 21:28, 29) Nokwasɛm ankasa ne sɛ na Trofimo na na wato mmara. Nanso sɛ na Yudafo no gye tom sɛ Paulo nneyɛe na ama wabu mmara so a, ɛnde na wobetumi akum no wɔ saa bɔne no ho. Na na ɛte sɛ nea Roma ahyɛ sɛ wɔde owu asotwe bɛma wɔ bɔne a ɛte saa ho. Enti sɛ ɛnyɛ Lisia na ɔkyeree Paulo na mmom polisifo a wɔwɔ Yuda asɔrefie no a, ɛnde anka wobetumi abu no atɛn a wɔmmrɛ ho koraa.

Yudafo no susuwii sɛ nea Paulo kyerɛkyerɛe no mfi Yudasom anaa ɔsom a mmara ma ho kwan (religio licita) mu. Mmom no, na wosusuw sɛ ebu mmara so, sɛ biribi a ɔnam so tutu ɔman ase.

Wɔkae nso sɛ, Paulo ‘de mansotwe aba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu.’ (Asomafo no Nnwuma 24:5) Ná ɛnkyɛe na Ɔhempɔn Klaudio kasa tiaa Yudafo a wɔwɔ Alexandria no sɛ ‘wɔde ɔhaw aba wiase nyinaa.’ Nsɛdi kɛse wɔ asɛm no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo A. N. Sherwin-White ka sɛ: “Na sobo no yɛ biribi a etia Yudafo no pɔtee wɔ ɔhempɔn Klaudio anaa Nero nniso no mfiase mu. Na Yudafo no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa amrado no ma wate ase sɛ Paulo asɛnka adwuma no yɛ biribi a ɛsɛe Yudafo no asomdwoe wɔ aheman no mu. Na wonim sɛ amradofo no mpene so sɛ wobebu obi atɛn wɔ nyamesom nsɛm ho, enti wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde amammui nsɛm bɛbata nyamesom nsɛm ho.”

Paulo yii ne ho ano nkakrankakra wɔ asɛm biara ho. ‘Menyɛɛ adebɔne biara. Ampa, mewɔ nea wɔfrɛ no “fekusɛm” yi mu, nanso eyi yɛ Yudafo ahyɛde. Yudafo bi a wɔte Asia na wɔakanyan basabasayɛ yi. Sɛ wɔwɔ asɛm bi a, ɛsɛ sɛ wɔne me bɛbɔ nkuro wɔ ha.’ Paulo kae sɛ asɛm wɔde ato no so a no yɛ Yudafo nyamesom mu nsɛm a Romafo nnim mu pii. Esiane ahwɛyiye a na Felike pɛ sɛ ɔyɛ wɔ Yudafo a na wɔn bo afuw kɛse no ho nti, otuu asɛm no hyɛɛ da koraa. Wamfa Paulo amma Yudafo a na wosusuw sɛ wɔn ho akokwaw no, saa ara nso na wɔantumi amfa Roma mmara so ammu no atɛn, na wɔannyae no nso. Na Felike ntumi mmu atɛn, na nea na ɛka Yudafo no anim dom a obenya ho no, na ɔwɔ adwen foforo a enti ɔretwentwɛn asɛm no so—na ogye di sɛ Paulo bɛma no adanmude.—Asomafo no Nnwuma 24:10-19, 26. *

Asɛm no Kowiee Porkio Festo Anim

Yudafo no san pagyaa asɛm no mfe abien akyi wɔ Yerusalem bere a amrado foforo Porkio Festo bae no, na wɔsrɛe sɛ ɔmfa Paulo mma wɔn na wonni n’asɛm. Nanso, Festo kɔɔ so kae sɛ: “Ɛnyɛ Romafo amanne sɛ wobeyi onipa bi ama, gye sɛ wɔama kwan ma afanu no ahyia abɔ wɔn nkuro, na nea wɔabɔ no sobo no yi no ho ano ansa.” Abakɔsɛm kyerɛwfo Harry W. Tajra ka sɛ: “Na Festo nim pefee sɛ, wɔabɔ pɔ sɛ wobekum Roma ɔman ba bi.” Enti wɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ wɔmfa wɔn asɛm no nkɔ Kaesarea.—Asomafo no Nnwuma 25:1-6, 16.

Ɛhɔ no, Yudafo no gye gyinaa mu sɛ Paulo ‘sɛ owu,’ nanso, wɔantumi amfa adanse biara amma, enti Festo hui sɛ Paulo nyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ owu. Festo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔpanyin foforo sɛ, “wɔn ankasa nyamesom ho akyinnye bi na wɔne no gyei, ɛne Yesu bi a wawu a Paulo ka sɛ ɔte ase.”—Asomafo no Nnwuma 25:7, 18, 19, 24, 25.

Ɛda adi sɛ na wontumi mfa amammui mu sobo biara mmɔ Paulo, nanso akyinnye biara nni ho sɛ na Yudafo no susuw sɛ wɔn asɛnnibea no nkutoo ne nea ɛfata a wobetumi adi ɔsom ho nsɛm wɔ hɔ . So na Paulo bɛkɔ Yerusalem ama wɔabu no atɛn wɔ saa nsɛm yi ho? Festo bisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ anaa, nanso na adwenkyerɛ yi mfata saa bere no. Kɔ a na wɔbɛsan de Paulo akɔ Yerusalem ama wɔn a wɔbɔɔ no sobo akodi n’asɛm no bɛkyerɛ sɛ wobeyi no ama Yudafo no. Paulo ka sɛ: “Kaesare asɛnni agua anim na migyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wobu me atɛn, na Yudafo de, menyɛɛ wɔn bɔne bi ɛ . . . obi ntumi mfa me nkyɛ wɔn. Mede asɛm no medan Kaesare.”—Asomafo no Nnwuma 25:10, 11, 20.

Ka a na Romani bi bɛka nsɛm a ɛte saa no betwa mmara biara a wɔde di dwuma wɔ ɔmantam no mu so. Na hokwan a Paulo wɔ sɛ ɔde n’asɛm kɔdan asɛnnibea foforo (provocatio) no yɛ nea “edi mu na ɛfata yiye.” Enti bere a Festo ne n’afotufo susuw nsɛm ho no, ɔka sɛ: “Wode akɔdan Kaesare a, Kaesare nkyɛn na wobɛkɔ.” (Asomafo no Nnwuma 25:12)

Festo ani gyei sɛ watwitwa agye Paulo. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Herode Agripa II nna bi akyi no, asɛm no kyeree n’adwene. Na ɛsɛ sɛ Festo kyerɛw biribi fa asɛm no ho kɔma ɔhempɔn no, nanso, wɔ Festo fam no, na sobo no yɛ Yudafo mmara ho nsɛm a ɛkyere adwene. Nanso, na Agripa ho akokwaw wɔ nsɛm a ɛtete saa mu, enti bere a ɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no, ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmoa ma wɔnkyerɛw krataa no. Esiane sɛ na Festo nte nea Paulo reka wɔ Agripa anim no ase nti, ɔka sɛ: “Paulo, woabɔ dam, nhomanim bebrebe abɔ wo dam.” Nanso na Agripa te nsɛm no ase yiye paa. Agripa kae sɛ: “Aka kakraa na woama madan okristoni.” Ɛmfa ho sɛnea Festo ne Agripa tee nka wɔ Paulo asɛm no ho no, wobegye toom sɛ Paulo ho nni asɛm, na sɛ anka wamfa asɛm no ankɔdan Kaesare mpo a, na ɛsɛ sɛ wogyae no.—Asomafo no Nnwuma 25:13-27; 26:24-32.

Asɛnni no Baa Awiei

Bere a Paulo duu Roma no, ɔfrɛɛ Yudafo no mu atitiriw hyiae a ɛnyɛ sɛ ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn nko na mmom sɛ obehu nea na wonim wɔ ne ho. Ebia na ɛno bɛda nsusuwii bi a wɔn a wɔbɔ no sobo no kura no adi. Na ɛnyɛ ade foforo sɛ atumfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛhwehwɛ mmoa afi Yudafo a wɔwɔ Roma no hɔ wɔ asɛnni mu, nanso Paulo tee sɛ na wonnyaa akwankyerɛ biara mfaa ne ho. Bere a na Paulo retwɛn ama wadi n’asɛm no, wɔmaa no kwan ma ɔkɔtraa fie bi mu kaa asɛmpa no. Hu a wohuu no mmɔbɔ yi betumi akyerɛ sɛ wɔ Romafo no ani so no, Na Paulo yɛ obi a ne ho nni asɛm.—Asomafo no Nnwuma 28:17-31.

Paulo kɔɔ so daa afiase bɛboro mfe abien. Dɛn ntia? Bible no mfa ɛho nkyerɛkyerɛmu pii mma. Na wobetumi akora obi a wɔde asɛm ato no so so kosi sɛ ne nkurobɔfo no bɛba ne no abedi asɛm, nanso ebia Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no huu mfomso a na wɔadi wɔ wɔn nsɛm no mu, enti wɔansi hɔ koraa. Ebetumi aba sɛ nea ɛmaa Paulo daa afiase mmere tenten ne sɛ Yudafo a wofi Yerusalem no gyaee asɛm no akyi di. Ne nyinaa mu no, ɛda adi sɛ Paulo kogyinaa Nero anim, wobuu no bem sɛ ne ho nni asɛm, akyiri yi wogyaee no maa ɔtoaa n’asɛmpatrɛw adwuma no so—bɛyɛ ne kyere akyi mfe anum.Asomafo no Nnwuma 27:24.

Wɔn a wɔne nokware no di asi fi bere tenten ‘nam mmara so abɔ mmusu’ sɛ wobesi Kristofo asɛnka adwuma no kwan. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Yesu kae sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Dwom 94:20; Yohane 15:20) Nanso, Yesu ma yehu sɛ yɛwɔ hokwan a yɛde bɛka asɛmpa no akyerɛ wiase no nyinaa. (Mateo 24:14) Enti sɛnea ɔsomafo Paulo gyina ko tiaa ɔtaa ne ɔsɔretia no, saa ara na nnɛ, Yehowa Adansefo ‘bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa mmara kwan so abɔ asɛmpa no ho ban.’—Filipifo 1:7.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 14 Na wɔde abo a ne sorokɔ yɛ basafa abiɛsa atwa Amanaman mufo Aban no ne abangua a ɛhyɛ mfinimfini no ntam. Na wɔakyerɛw kɔkɔbɔ wɔ ɔfasu no afa horow wɔ Hela ne Latin kasa mu sɛ: “Ɔnanani biara nni hokwan sɛ ɔbɛtra ɔfasu a ɛwɔ kronkronbea hɔ no. Na wobekum obiara a wɔbɛkyere no sɛ wakɔ hɔ no.”

^ nky. 17 Nokwarem no, na eyi tõ mmara. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛdefa mmara a etia dwowtwa ho no, na wɔmma Lex Repetundarum, obiara a ɔwɔ tumi anaa ɔyɛ adwumam panyin biara kwan sɛ obegye adanmude na ɔde ɔbarima bi ato afiase anaa wagyae no, abu atɛn anaasɛ obegyae deduani bi.”