Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Munsua Me”

“Munsua Me”

“Munsua Me”

“Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.”—MATEO 11:29.

1. Dɛn nti na ebetumi ayɛ anigye ne nea mfaso wɔ so sɛ yebesua biribi afi Yesu nkyɛn?

YESU KRISTO susuwii nneɛma ho, kyerɛkyerɛe, na ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛfata so. Bere tiaa bi na ɔde traa asase so, nanso adwuma a ɔyɛe nyinaa wiee yiye, na n’anigye ansa da. Onyaa asuafo na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛsom Onyankopɔn, adɔ nnipa, na wɔadi wiase so nkonim. (Yohane 16:33) Ɔmaa wonyaa anidaso ‘na ɔnam asɛmpa no so yii nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann mu.’ (2 Timoteo 1:10) Sɛ woka n’asuafo no ho a, dɛn na wususuw sɛ osuani a wobɛyɛ no kyerɛ? Sɛ yesusuw nea Yesu ka faa asuafo ho no a, yebetumi ahu ɔkwan a yɛbɛfa so ama yɛn asetra atu mpɔn. Ɛno hwehwɛ sɛ yegye ne nsusuwii tom na yɛde nnyinasosɛm atitiriw bi di dwuma.—Mateo 10:24, 25; Luka 14:26, 27; Yohane 8:31, 32; 13:35; 15:8.

2, 3. (a) Dɛn na Yesu suani a obi yɛ no kyerɛ? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Hena suani na mabɛyɛ?’

2 Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no, nea asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “osuani” kyerɛ ankasa ne obi a ɔde n’adwene si biribi so, anaa osua biribi. Asɛm a ɛte saa pue wɔ yɛn asɛmti, Mateo 11:29: ‘Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra’ no mu. Yiw, osuani yɛ obi a osua ade. Nsɛmpa no taa de asɛmfua “suani” di dwuma ma Yesu asuafo a na wɔbɛn no paa a wɔne no tutuu akwan bere a na ɔreka asɛm no na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Ebetumi aba sɛ ebinom gyee Yesu nkyerɛkyerɛ toom kɛkɛ, na ebia wɔyɛɛ saa wɔ kokoam mpo. (Luka 6:17; Yohane 19:38) Nsɛmpa akyerɛwfo no kaa “Yohane [Osubɔni no] asuafo ne Farisifo asuafo” nso ho asɛm. (Marko 2:18) Esiane sɛ Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ ‘wɔnhwɛ wɔn ho yiye Farisifo kyerɛ ho’ nti, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Hena suani na mabɛyɛ?’—Mateo 16:12.

3 Sɛ yɛyɛ Yesu asuafo na sɛ yɛasua ade afi ne nkyɛn a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛma afoforo nya honhom fam home bere a yɛne wɔn bɔ no. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ yɛabɛyɛ nnipa a yedwo na yɛbrɛ yɛn ho ase komam. Sɛ adwuma sohwɛ ho asɛyɛde da yɛn so wɔ adwumam, sɛ yɛyɛ awofo, anaasɛ yɛwɔ ahwɛfo adwuma wɔ Kristofo asafo no mu a, so wɔn a yɛhwɛ wɔn so no te nka sɛ yɛne wɔn di nsɛm sɛnea Yesu ne wɔn a na ɔhwɛ wɔn so no di nsɛm no?

Sɛnea Yesu ne Nkurɔfo Dii Nsɛm

4, 5. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ den sɛ yebehu ɔkwan a Yesu faa so ne nkurɔfo a na wɔwɔ nsɛnnennen dii nsɛm? (b) Osuahu bɛn na Yesu nyae bere a na ɔredidi wɔ Farisini bi fie no?

4 Ehia sɛ yehu sɛnea Yesu ne afoforo dii nsɛm, ne titiriw no wɔn a na wɔwɔ ɔhaw akɛse no. Ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ ho ansa na yɛahu; ɔkwan a Yesu faa so ne afoforo, a na ebinom a wɔahaw ka ho dii nsɛm no ho nsɛm wɔ Bible mu. Afei nso momma yensusuw ɔkwan a nyamesom akannifo, titiriw Farisifo no, ne nnipa a na wɔwɔ ɔhaw a ɛte saa ara faa so dii nsɛm no ho. Nsonsonoe a ɛwom no bɛma yɛanya asuade pii.

5 Bere a na Yesu rekyinkyin ka asɛm wɔ Galilea wɔ afe 31 Y.B. no, ‘Farisifo no mu biako hwehwɛe sɛ obehyia Yesu adidii.’ Yesu antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkɔ. “Ɔkɔɔ Farisini no fi kɔtraa adidii. Na hwɛ, ɔbea debɔneyɛfo bi a ɔwɔ kurow no mu tee sɛ ɔte adidii Farisini no fi no, ɔde ngo huamhuam toaa ma bae, na obegyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne ti nhwi popaa ho, na ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no sraa ho.”—Luka 7:36-38.

6. Ɛyɛɛ dɛn na ɔbea a na ɔyɛ ‘ɔdebɔneyɛfo’ no tumi kɔɔ Farisini fie?

6 So wubetumi atwa ho mfonini wɔ w’adwenem? Nhoma bi kyerɛ sɛ: “Ɔbea no (nky. 37) de hokwan a na wɔn amanne ma ahiafo kwan sɛ wotumi kɔ apontow a ɛte saa ase kogye aduan ase mporoporowa no dii dwuma.” Ebia ɛno betumi akyerɛkyerɛ nea enti a na obi a wɔntoo nsa mfrɛɛ no no tumi kɔɔ ase no mu. Ebetumi aba sɛ na afoforo a wɔretwɛn asesa ase mporoporowa no wɔ hɔ. Nanso na ɔbea yi nneyɛe yɛ nwonwa. Wantra nkyɛn antwɛn sɛ wobewie apontow no ansa. Esiane sɛ na ɔyɛ ‘ɔdebɔneyɛfo’ ma enti Yesu kae sɛ onim “ne bɔne a ɛdɔɔso” no nti, ná onni din pa.—Luka 7:47.

7, 8. (a) Dɛn na anka yɛbɛyɛ wɔ tebea a ɛte sɛ nea wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Luka 7:36-38 no mu? (b) Simon yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho?

7 Fa no sɛ na wote ase saa bere no, na na wowɔ Yesu gyinabea mu. Dɛn na anka wobɛyɛ? So anka ɛbɛhaw wo bere a ɔbea yi bɛn wo no? Ɔkwan bɛn so na anka tebea a ɛte saa no bɛka wo? (Luka 7:45) So anka wo ho bedwiriw wo, anaa ehu bɛka wo?

8 Sɛ na woka ahɔho a aka no ho a, so anka anyɛ yiye koraa no, wubesusuw nneɛma ho te sɛ Farisini Simon? “Na Farisini a ohyiaa [Yesu] adidi no hui no, ɔkae ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa ka no yi; na ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.” (Luka 7:39) Nanso na Yesu yɛ onipa a ɔwɔ ayamhyehye paa. Ɔtee ɔbea no tebea no ase huu n’ahoyeraw no. Wɔanka nea ɛma ɔyɛɛ ɔbɔnefo no ho asɛm ankyerɛ yɛn. Sɛ na ɔyɛ tuutuuni ampa a, ɛnde na ɛda adi sɛ kurow no mu mmarima a na wɔyɛ Yudafo nyamesomfo no ammoa no.

9. Yesu yɛɛ n’ade dɛn, na dɛn na ɛbɛyɛ sɛ efii mu bae?

9 Nanso na Yesu pɛ sɛ ɔboa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!” (Luka 7:48-50) Ɛha na asɛm no si. Ebia obi bɛka sɛ Yesu ammoa ɔbea no kɛse. Nea ɔyɛe ara ne sɛ ohyiraa no ma ɔkɔe. So wususuw sɛ ɔsan kɔtoaa ne brabɔne no so? Bere a yɛrentumi mfa yɛn nsa nsi yɛn bo nkasa no, hyɛ nea Luka ka kaa ho no nsow. Ɔkae sɛ Yesu ‘kɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe.’ Luka bɔɔ amanneɛ nso sɛ na “mmea bi” ka Yesu ne n’asuafo no ho, a na “[mmea no de] wɔn ahode bi som” wɔn. Ebetumi aba sɛ na ɔbea yi a onuu ne ho na ɔkyerɛɛ anisɔ yi ka wɔn ho afei, na ɔde ahonim pa, ahotoso a emu yɛ den, ne Onyankopɔn ho dɔ a emu yɛ den yɛɛ n’ade.—Luka 8:1-3.

Nsonsonoe a Ɛda Yesu ne Farisifo no Ntam

10. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yesusuw Yesu ne ɔbea no ho asɛm a esii wɔ Simon fie no ho?

10 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a emu da hɔ pefee yi mu? Ɛkanyan yɛn, anaa ɛnte saa? Fa no sɛ na wowɔ Simon fie. Anka wobɛte nka dɛn? So anka wobɛyɛ w’ade te sɛ Yesu, anaasɛ anka wobɛte nka kakra te sɛ Farisini a ɔtoo no pon no? Na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, enti yentumi nte nka te sɛ ɔno nyɛ sɛnea ɔyɛɛ n’ade no pɛpɛɛpɛ. Nanso, ebia yɛrempɛ sɛ yebesusuw sɛ yɛbɛyɛ sɛ Farisini Simon. Nnipa kakraa bi na wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ sɛ Farisifo.

11. Dɛn nti na yɛrempɛ sɛ wobebu yɛn afra Farisifo no?

11 Adanse a yɛanya afi Bible ne nhoma afoforo mu betumi ama yɛaka sɛ na Farisifo no bu wɔn ho paa sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔbɔ ɔmanfo ne ɔman no yiyedi ho ban. Na wonnye ntom sɛ Onyankopɔn Mmara mu da hɔ na asete nyɛ den koraa. Bere biara a na wɔte nka sɛ Mmara no mu nna hɔ no, na wɔde bi hyehyɛm kyerɛkyerɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenhaw wɔn ahonim ɔkwan biara so. Nyamesom akannifo yi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ mmara bi ma akyerɛ nea ɛsɛ sɛ afoforo yɛ wɔ tebea biara mu, ne wɔ nsɛm nketenkete mpo mu. *

12. Ná Farisifo no bu wɔn ho dɛn?

12 Afeha a edi kan Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo, Josephus ma ɛdaa adi sɛ na Farisifo no bu wɔn ho sɛ wɔn yam ye, wodwo, wobu atɛntrenee, na wɔn dwumadi no fata wɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛte sɛnea wɔn mu binom te saa. Ebia Nikodemo ho adwene bɛba wo tirim. (Yohane 3:1, 2; 7:50, 51) Bere kɔɔ so no, wɔn mu binom bɛyɛɛ Kristofo. (Asomafo no Nnwuma 15:5) Kristoni somafo Paulo kyerɛw Yudafo binom te sɛ Farisifo no ho asɛm sɛ: “Wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu.” (Romafo 10:2) Nanso Nsɛmpa no ka wɔn ho asɛm sɛnea na mpapahwekwaa no bu wɔn no ara pɛ—wɔhoahoa wɔn ho, wɔyɛ ahantan, wobu wɔn ho atreneefo, wɔkasa tia afoforo, hwee nsɔ wɔn ani, na wobu afoforo animtiaa.

Sɛnea na Yesu Bu Wɔn

13. Dɛn na Yesu ka faa Farisifo no ho?

13 Yesu kaa kyerɛwfo ne Farisifo no anim sɛ wɔyɛ nyaatwomfo. “Wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.” Yiw, na adesoa no mu yɛ duru, na kɔndua a na wɔde ato nkurɔfo no mmati no yɛ den. Yesu toaa so frɛɛ kyerɛwfo ne Farisifo no “nkwasea.” Obi a ɔyɛ ɔkwasea yɛ asiane ma ɔmanfo. Afei nso Yesu frɛɛ kyerɛwfo ne Farisifo no “kwankyerɛfo anifuraefo” na ɔka maa emu daa hɔ pefee sɛ na ‘wogyaw Mmara mu nea ɛsom bo, a ɛne atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi.’ Hena na ɔbɛpɛ sɛ Yesu ka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ Farisini?—Mateo 23:1-4, 16, 17, 23.

14, 15. (a) Dɛn na ɔkwan a Yesu faa so ne Mateo Lewi dii nsɛm no ma yehu wɔ Farisifo no ho? (b) Asuade titiriw bɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu?

14 Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔkenkan Nsɛmpa no betumi ahu sɛnea na Farisifo dodow no ara kasa tia afoforo no. Bere a Yesu too nsa frɛɛ Mateo Lewi towgyeni no sɛ ɔmmɛyɛ ne suani no, Lewi too pon kɛse bi maa no. Asɛm no ka sɛ: “Na wɔn kyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi? Na Yesu see wɔn sɛ: . . . Mammɛfrɛ atreneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”—Luka 5:27-32.

15 Lewi ankasa tee biribi foforo a Yesu kaa ho asɛm saa bere no ase: “Monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ.” (Mateo 9:13) Ɛwom sɛ na Farisifo no kyerɛ sɛ wogye Hebri adiyifo no di de, nanso wɔannye nsɛm a ɛwɔ Hosea 6:6 yi antom. Na mmara horow a wobedi so katee no ho hia wɔn sen sɛ wɔbɛda mmɔborohunu adi. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘So wonim me sɛ obi a meyɛ katee wɔ mmara bi ho, te sɛ nea ɛfa ankorankoro nsusuwii anaa ɔkwan a wɔfa so di nsɛm bi ho dwuma ho? Anaasɛ afoforo bu me sɛ obi a meda mmɔborohunu ne ayamye adi kɛse?’

16. Ná Farisifo no te dɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yɛbɛyɛ sɛ wɔn?

16 Nnipa a wɔwɔ biribiara ho asɛm ka. Saa na na Farisifo no te. Ná Farisifo no hwehwɛ mfomso wɔ biribiara ho—sɛ́ ebia ɛyɛ paa ara anaa nea wɔn adwene yɛ wɔn. Wɔmaa afoforo daa wɔn ho so bere nyinaa twee wɔn adwene sii wɔn sintɔ ahorow so. Farisifo no hoahoaa wɔn ho sɛ na wotumi yi nhabamma nketewa te sɛ ɛme ne onunum ne tetɛ so ntotoso du. Wɔnam wɔn ntadehyɛ so daa wɔn nyamesuro adi, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde akwankyerɛ bɛma ɔman no. Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛn nneyɛe ne Yesu nhwɛso no behyia a, ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ bere nyinaa yɛbɛhwehwɛ afoforo ho mfomso asi so dua.

Ɔkwan Bɛn So na Yesu Dii Nsɛnnennen Ho Dwuma?

17-19. (a) Kyerɛkyerɛ sɛnea Yesu dii tebea bi a anka ɛbɛhaw adwene paa no ho dwuma mu. (b) Dɛn na ɛmaa tebea no haw adwene? (d) Sɛ na wowɔ hɔ bere a ɔbea no kɔɔ Yesu nkyɛn no a, anka wobɛyɛ w’ade dɛn?

17 Ɔkwan a Yesu faa so dii nsɛnnennen ho dwuma no yɛ soronko koraa wɔ Farisifo no de ho. Susuw sɛnea Yesu dii tebea bi a anka ɛbɛhaw adwene paa ho dwuma ho hwɛ. Ɛfa ɔbea bi a na mogya atu no mfirihyia 12 ho. Wubetumi akenkan asɛm no wɔ Luka 8:42-48.

18 Marko kyerɛwtohɔ no ka sɛ na ɔbea no ‘suro na ne ho repopo.’ (Marko 5:33) Dɛn ntia? Akyinnye biara nni ho sɛ na onim sɛ wabu Onyankopɔn Mmara so. Sɛnea Levitucus 15:25-28 kyerɛ no, ɔbea a mogya gu no n’asabu nna akyi no ho ntew bere tenten a mogya gu no no, ne ɛno akyi dapɛn biako. Biribiara a ɔde ne nsa ka anaa obiara a ɔka no no ho ntew. Nea ɛbɛyɛ na ɔbea yi abɛn Yesu no, na ɛsɛ sɛ ɔfa nnipadɔm no mu. Bere a mfirihyia 2,000 akyi yesusuw asɛm no ho no, n’asɛm no yɛ yɛn mmɔbɔ.

19 Sɛ na wowɔ hɔ saa da no a, anka wubebu tebea no dɛn? Dɛn na anka wobɛka? Hyɛ no nsow sɛ Yesu daa ayamye, ɔdɔ ne tema adi kyerɛɛ ɔbea yi, na wammɔ ɔhaw a ebia ɔma ɛsɔree no biara so.—Marko 5:34.

20. Sɛ anka Leviticus 15:25-27 yɛ ahwehwɛde nnɛ a, asɛnnennen bɛn na anka ɛsɛ sɛ yegyina ano?

20 So yebetumi asua biribi afi asɛm yi mu? Fa no sɛ ebia woyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu nnɛ. Na afei susuw ho sɛ Leviticus 15:25-27 yɛ Kristofo ahwehwɛde nnɛ, na Kristoni bea bi a n’abam abu na onhu nea ɔnyɛ abu saa mmara no so. Wobɛyɛ w’ade dɛn? So wobɛka n’anim baguam de agu n’anim ase? Ebia wobɛka sɛ “merenyɛ saa da! Medi Yesu nhwɛso no akyi abɔ mmɔden biara sɛ mɛda ayamye, ɔdɔ ne tema ne ahummɔborɔ adi.” Eye paa! Nanso, ne yɛ ne asɛm no, sɛ́ wubesuasua Yesu nhwɛso no.

21. Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo wɔ Mmara no ho?

21 Asɛm no ne sɛ, Yesu maa nkurɔfo ho tɔɔ wɔn na ɔhyɛɛ wɔn nkuran. Baabi a na wɔka Onyankopɔn Mmara pefee no, na ɛwɔ nea enti a ɛte saa. Sɛ na ɛte sɛ nea wobetumi de adi dwuma wɔ tebea horow mu a, na wɔn ahonim ho behia, na na wɔnam so betumi de wɔn gyinaesi ahorow akyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. Mmara no ankyekyere wɔn. (Marko 2:27, 28) Ná Onyankopɔn dɔ ne nkurɔfo, na ɔboaa wɔn bere nyinaa a na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛda mmɔborohunu adi bere a wɔafom no. Saa na na Yesu te.—Yohane 14:9.

Nea Efii Yesu Nkyerɛkyerɛ Mu Bae

22. Yesu a n’asuafo no suasuaa no no maa wonyaa adwene bɛn?

22 Wɔn a wotiee Yesu na wɔbɛyɛɛ n’asuafo no huu nokwasɛm a n’asɛm yi yɛ: “Me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:30) Wɔante nka da sɛ Yesu de adesoa bi ato wɔn so, rehyɛ wɔn so, anaasɛ ɔde kasa reguan wɔn ho. Na wɔwɔ ahotɔ, anigye, ne ahotoso wɔ wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ne wɔne wɔn mfɛfo ntam. (Mateo 7:1-5; Luka 9:49, 50) Wosua fii ne nkyɛn sɛ honhom fam akannifo a wɔbɛyɛ no hwehwɛ sɛ wɔbɛma afoforo anya ɔhome, na wɔabrɛ wɔn ho ase adwenem ne komam.—1 Korintofo 16:17, 18; Filipifo 2:3.

23. Asuade titiriw bɛn na Yesu asuafo a wɔne no bɔe no nyae, na dɛn na ɛma wɔhwɛɛ kwan?

23 Bio nso, na nnipa pii ani gye hia a ehia sɛ wɔbɛkɔ so ne Kristo ayɛ biako na wɔafa suban a ɔdaa no adi no bi. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛnea agya no adɔ me no na me nso madɔ mo; montra me dɔ no mu. Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu, sɛnea madi m’agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.” (Yohane 15:9, 10) Sɛ na ebesi wɔn yiye sɛ Onyankopɔn asomfo a, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden de nea wɔasua afi Yesu nkyɛn no di dwuma wɔ wɔn asɛnka ne baguam nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn asɛmpa a ɛyɛ anigye no nso ho, ne sɛnea wɔne wɔn mmusua ne nnamfo di nsɛm mu. Bere a anuanom no ano boae yɛɛ asafo ahorow no, na ebehia sɛ bere ne bere mu no wɔkae sɛ n’akwan na ɛteɛ. Nea ɔkyerɛkyerɛe no ne nokware no, na asetra kwan a wohuu sɛ ɔdaa no adi no ne asetra ankasa a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wobenya.—Yohane 14:6; Efesofo 4:20, 21.

24. Yesu nhwɛso no mu nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yetie?

24 Bere a wususuw nneɛma a yɛasusuw ho no bi ho no, so wuhu baabi a ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae? So wugye tom sɛ Yesu susuw nsɛm ho, kyerɛkyerɛe, na ɔyɛɛ n’ade ɔkwan a ɛfata so? Ɛnde nya koma. Nkuranhyɛ nsɛm a ɔde ma yɛn ne sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.”—Yohane 13:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 “Sɛnea na ɛsono afã abien no adwene wɔ onii ko a Onyankopɔn yɛ ho no na ɛmaa nsonsonoe a ɛda [Yesu ne Farisifo no ntam] no daa adi. Farisifo no fam no, na Onyankopɔn adwuma titiriw ara ne sɛ ɔbɛhwehwɛ biribi; Yesu fam no, Onyankopɔn yɛ mmɔborohunufo ne ɔdomfo. Eyi nkyerɛ sɛ na Farisifo no bu wɔn ani gu Onyankopɔn papayɛ ne ne dɔ so, na mmom wɔn fam no, na ɔda eyinom adi denam akyɛde a ɛne Torah [Mmara] no, ne di a na wobetumi adi nea ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ so. . . . Na Farisifo no bu atetesɛm a wɔka kyerɛ ne mmara a wɔde kyerɛ ase a na wobedi so no sɛ ɔkwan a wɔfa so di Torah no so. Sɛnea Yesu kamfoo ɔdɔ mmara a ɛbɔ ho abien (Mat. 22:34-40) ma wogyee ne nkyerɛase toom, ne po a ɔpoo mmara a wɔde ano ka a na wɔde hyɛ nkurɔfo so no . . . de ntawntawdi baa ɔne Farisifo no adwenkyerɛ mu.”—The New International Dictionary of New Testament Theology.

Wubua Dɛn?

•Dɛn na Yesu suani a woyɛ no kyerɛ ma wo?

•Ɔkwan bɛn so na Yesu ne nkurɔfo dii nsɛm?

•Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no mu?

•Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Farisifo no ne Yesu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18, 19]

Hwɛ nsonsonoe ara a na ɛwɔ sɛnea Yesu ne nkurɔfo dii nsɛm ne sɛnea na Farisifo no yɛ wɔn ade no ntam!