Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nnipa Ka Sɛ Mene Hena?”

“Nnipa Ka Sɛ Mene Hena?”

“Nnipa Ka Sɛ Mene Hena?”

BURONYA asan adu. Nkurɔfo paw sɛ wobedi awoda bi wɔ wiase nyinaa. Hena awoda? So ɛyɛ Onyankopɔn Ba no anaa ne tiaatwa mu no, Yudani a ɔpɛ nyamesom a na n’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛsakra ɔsom a na ɛwɔ ne man mu wɔ afeha a edi kan mu no? Obi a ɔbɛboaa ahiafo, obi a ɔsɔre tiaa Roma Ahemman no ma enti wokum no, anaasɛ ebia onyansafo bi a osii nimdeɛ ne nyansa bebrebe a ɔwɔ so dua no awoda? Ntease wom sɛ wubebisa sɛ, ‘Ná hena ankasa ne Yesu Kristo?’

Ná Yesu ankasa pɛ sɛ ohu sɛnea nkurɔfo bebua saa asɛmmisa no. Bere bi, obisaa n’asuafo no sɛ: “Nnipa ka sɛ mene hena?” (Marko 8:21) Dɛn nti na obisaa saa? Ná nnipa pii agyae n’akyi di dedaw. Ɛda adi sɛ afoforo yɛɛ basaa na wɔn abam bui bere a ɔpowee sɛ obedi hene no. Bio nso, bere a Yesu atamfo bisabisaa no nsɛm no, wannyɛ sɛnkyerɛnne bi a efi soro amfa ankyerɛ wɔn onii ko a ɔyɛ. Enti dɛn na n’asomafo no ka faa ne nipaban ho de buaa saa asɛmmisa no? Wɔkaa adwenhorow a na nkurɔfo kura no bi ho asɛm sɛ: “Ebinom se: Yohane suboni no. Na ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifo no mu biako.” (Mateo 16:13, 14) Wɔanka nsɛm a ɛmfata a nkurɔfo ka faa Yesu ho saa bere no wɔ Palestina no—obusuyɛfo, dwowtwafo, atoro diyifo, mpo ɔbɔdamfo—bi.

Yesu Ho Adwenkyerɛ Ahorow

Sɛ Yesu rebisa asɛm koro no ara nnɛ a, anka obetumi abisa no saa kwan yi so mpo sɛ: “Nhomanimfo ka sɛ mene hena?” Ɛha nso, ɛda adi sɛ mmuae ahorow a anka wɔde bɛma ni: Adwenkyerɛ no gu ahorow pii. David Tracy a ɔwɔ Chicago Sukuupɔn mu no kae sɛ: “Yesu ayɛ ɔpɔnkɔ a nnipa ahorow tra no so kɔ mmeae ahorow.” Wɔ afeha a atwam mu no, animdefo ahyehyɛ asetra mu nsɛm ne asetra ho nimdeɛ a ɛkyere adwene bebree, ne akwan ahorow a emu nnɔ de abɔ mmɔden sɛ wobenya asɛmmisa a ɛne onii ko a na Yesu yɛ ankasa no ho mmuae. Awiei koraa no, onipa bɛn na wohui sɛ Yesu yɛ ankasa?

Animdefo binom kɔ so kyerɛ sɛ na Yesu a wɔka ne ho asɛm wɔ abakɔsɛm mu no yɛ Yuda diyifo a otwa to a ɔhyɛɛ adwensakra ho nkuran. Nanso, wommu no sɛ Onyankopɔn Ba, Mesia, ne Ogyefo. Animdefo dodow no ara gye Bible kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛ ofi soro ne nea ɛfa ne wusɔre ho no ho akyinnye. Afoforo nso susuw sɛ na Yesu yɛ ɔbarima a ɔnam ne nhwɛso pa ne nkyerɛkyerɛ so hyɛɛ ɔsom mu gyidi ahorow ho nkuran ma awiei koraa no ɛbɛdanee Kristosom. Na sɛnea wɔada no adi wɔ Theology Today mu no, afoforo da so bu Yesu sɛ “onyansafo kasatiafo bi a okyinkyin, anaa ɔhamuni nwonwafo bi; ɔman hyehyɛfo, aberante a ɔkyerɛw anwensɛm a ɔkasa tia ɔman nhyehyɛe, anaa ɔkokodurufo bi a ɔnenam mmɔnten so kasa tia ayayade, ohia ne basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ Palestina nkuraa a atew ne ho ase no.”

Adwenkyerɛ ahorow pii a ɛda nsow wɔ hɔ. Wɔka Yesu ho asɛm wɔ ɔkasahare dwom, nkurow akɛse mu adwinni, ne asaw mpo mu sɛ onipa tuntum bi. * Afoforo kyerɛ sɛ na Yesu yɛ ɔbea ankasa. Wɔ 1993 ahohuru bere mu no, nsrahwɛfo a wɔkɔɔ Orange County Fair wɔ California no huu “Christie,” ɔbea “Kristo” a ɔda adagyaw, no honi wɔ mmeamudua so. Bere koro no ara wɔ New York no, wɔde “Christa”—“Yesu” a ɔyɛ ɔbea a wɔabɔ no asɛndua mu—honi sɛn hɔ. Akyinnyegye sɔree wɔ ahoni abien yi nyinaa ho. Na wɔ 1999 mfiase no, nkurɔfo nyaa nhoma bi tɔe a na “ɛfa ɔdɔ [a] Abarimaa Yesu ne ne kraman, Angel, nya maa wɔn ho ho.” Wɔka wɔn abusuabɔ no ho asɛm sɛ biribi a “ɛhyɛ den wɔ honhom fam na ɛkyerɛ sɛnea abarimaa ne ɔkraman ayɛ krado sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ afɔre ama wɔn ho wɔn ho.”

Ɛho Hia sɛ Wobehu No?

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wuhu onii ko a na Yesu yɛ ne nipa ko a ɔyɛ nnɛ? Ade biako ne sɛ, esiane sɛ, sɛ yɛbɛfa Napoleon asɛm no aka a, “Yesu Kristo anya Ne nkoa so nkɛntɛnso na ɔde ahyɛde ma wɔn bere a Onni hɔ wɔ honam mu mpo no.” Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ a tumi wom ne sɛnea ɔtraa ase no so anya nnipa ɔpepepem pii asetra so nkɛntɛnso kɛse bɛyɛ mfe mpem abien ni. Nhomakyerɛwfo bi ka ma ɛfatae sɛ: “Sɛ asraafo a wɔatu aprenten, po so asraafo a wɔahyehyɛ wɔn, mmarahyɛ baguafo a wɔatu agyina, ne ahene a wɔadi tumi, pɛn nyinaa ka bom a, wonnyaa nnipa asetra so nkɛntɛnso kɛse wɔ asase yi so saa.”

Bio nso, ehia sɛ wuhu onii ko a na Yesu yɛ ne sɛnea ɔte nnɛ efisɛ obenya wo daakye so nkɛntɛnso kɛse. Wubenya hokwan abɛyɛ ɔsoro nniso a wɔde asi hɔ—Onyankopɔn Ahenni a Yesu di so—no akoa. Wobesiesie yɛn okyinnsoromma a ɔhaw ahyɛ so ma yi ma ayɛ afifide ne abɔde a nkwa wom atrae a ɛhɔ yɛ fɛ na edi mu wɔ Yesu akwankyerɛ ase. Bible nkɔmhyɛ ma yɛn awerɛhyem sɛ Yesu Ahenni bɛma ɔkɔm afi hɔ, ɛbɛhwɛ ahiafo, ɛbɛsa ayarefo yare, na ɛde awufo asan aba nkwa mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu onii ko a odi nniso a ehia paa yi so. Asɛm a edi hɔ no bɛboa ma woahu onii ko a Yesu yɛ ankasa no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Ɛdefa sɛnea Yesu te ankasa ho no, hwɛ asɛm “Ná Yesu Te Dɛn?,” a ɛwɔ December 8, 1998, Nyan! mu no.