Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ okunu a ɔnyɛ Kristoni de ne ho hyɛ nyamesom nnapɔnna mu a, ɔkwan bɛn so na ɔyere Kristoni betumi adi Onyankopɔn nokware na wabrɛ ne ho ase ama ne kunu?

Yɛ a ɔbɛyɛ saa no gye nyansa ne anifere. Nanso, mmɔden a ɔbɔ sɛ obedi n’asɛyɛde abien no ho dwuma no yɛ ade pa. Yesu de afotu mae wɔ asɛm bi a na ɛne eyi di nsɛ ho: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Mateo 22:21) Nokwarem no, na ɔredi asɛyɛde a ɔwɔ wɔ atumfoɔ no anim nsɛm ho dwuma, na akyiri yi ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn. (Romafo 13:1) Nanso, wobetumi de n’afotu no nso adi dwuma wɔ kari a ɛsɛ sɛ ɔyere kari pɛ wɔ n’asɛyɛde ahorow a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu, ɛmfa ho sɛ onnye nni no mu ho.

Obiara a onim Bible no begye atom sɛ Kristoni asɛyɛde a edi kan ne sɛ obedi nokware bere nyinaa ama Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Nanso wɔ tebea pii mu no, nokware somfo betumi atie nea onnye nni a ɔwɔ tumi no asɛm bere a ɔmfa ne ho nhyɛ biribi a ebu Onyankopɔn mmara ahorow a ɛkorɔn so mu.

Yehu asuade a mfaso wɔ so wɔ Hebrifo baasa no nsɛm mu sɛnea ɛwɔ Daniel ti 3 no. Na wɔn sodifo a ɔwɔ tumi kɛse, Nebukadnesar, ahyɛ mmara sɛ wɔne afoforo nkɔ Dura asasetaw no so. Bere a Hebrifo baasa yi hui sɛ atoro som na ɛbɛkɔ so wɔ hɔ no, na anka wobetumi apo sɛ wɔbɛkɔ hɔ. Ebia Daniel tumi yii ne ho fii mu, nanso nnipa baasa yi antumi anyɛ saa. * Enti wɔpenee so sɛ wɔbɛkɔ, nanso, na wɔremfa wɔn ho nhyɛ nneyɛe bɔne biara mu—na wanyɛ saa nso.—Daniel 3:1-18.

Saa ara na ebia dapɔnna bi du a, okunu a onnye nni bɛhwehwɛ anaa ɔbɛpɛ sɛ ne yere Kristoni bɛyɛ biribi a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ. Susuw nhwɛso ahorow yi ho: Ɔka kyerɛ ɔyere no sɛ ɔnnoa aduan bi wɔ da a okunu no ne afoforo redi dapɔnna. Anaa ɔhwehwɛ sɛ abusua no (a ne yere ka ho) bɛkɔ n’abusuafo hɔ saa da no akodidi anaa wɔakɔsra wɔn kɛkɛ. Anaa ansa na dapɔnna no bedu no, ebia ɔbɛka akyerɛ ne yere bere a ɔrekɔ gua so no sɛ ɔntotɔ nneɛma bi mmrɛ no—nnuan a ɔde bedi dapɔnna no, nneɛma ahorow a ɔde bɛkyekyɛ, anaa ade a wɔde kyekye akyɛde ho ne nkrataa a ɔde bɛka n’akyɛde ho amena nkurɔfo no.

Ɛha yi nso, ɛsɛ sɛ ɔyere Kristoni no si ne bo sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ atoro som nneyɛe ahorow mu, nanso nneɛma a ɛte saa a ɛsɛ sɛ ɔtotɔ no nso ɛ? Okunu no ne abusua no ti, na Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu.” (Kolosefo 3:18) Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, so obetumi abrɛ ne ho ase sɛ ɔyere na wadi nokware ama Onyankopɔn nso? Ɛsɛ sɛ ohu sɛnea ɔbɛma setie a ɔbɛyɛ ama ne kunu ne setie a ɛho hia paa a ɔbɛyɛ ama Yehowa no akari pɛ.

Ɛtɔ mmere bi a, ebia ne kunu bɛka sɛ ɔnnoa aduan bi, sɛ ɛyɛ nea ebia n’ani gye ho anaasɛ ɔtaa di saa aduan no wɔ bere pɔtee bi mu. Ɔbɛpɛ sɛ ɔda ɔdɔ a ɔwɔ ma no ne obu a ɔwɔ ma ne tiyɛ no adi. Sɛ mpo ɔka sɛ ɔnyɛ saa bere a wɔredi dapɔnna bi a, so ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Ebia Kristofo ɔyerenom bi betumi afi ahonim pa mu ayɛ saa na wɔabu no sɛ ɛte sɛ adwuma a wɔyɛ daa sɛ obesiesie aduan no. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristoni nokwafo biara mfa dapɔnna ho nsɛm mmata ho, sɛ ne kunu no yɛ saa mpo a. Ɔkwan a ɛte saa so no, ebia okunu no bɛpɛ sɛ ɔbea no ka ne ho bere a ɔkɔsra ɔno barima no abusuafo wɔ mmere ahorow mu wɔ ɔsram biara anaa afe no mu. Sɛ mpo ɛyɛ dapɔnna a, so ɔbea no betumi ayɛ saa? Anaa so ɔbea no befi ne pɛ mu atotɔ nneɛma a okunu no hwehwɛ, a onsusuw nea ne kunu no de bɛyɛ no ho?

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔyere Kristoni susuw afoforo ho—sɛnea ɛbɛka wɔn. (Filipifo 2:4) Ɛda adi sɛ ɔbea no bɛpɛ sɛ ɔkwati nneyɛe biara a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho ahyɛ dapɔnnadi mu, sɛnea Hebrifo baasa no yɛe bere a na wɔrekɔ Dura asasetaw so no. Enti ɛsɛ sɛ ofi anifere mu bɔ mmɔden ne ne kunu susuw ne nkate ho, ebia okunu no ankasa bɛyɛ nneɛma bi a wɔyɛ no nnapɔnna na wama ɔyere a ɔdɔ ne kunu na obu no no agyae. Sɛ ɛba sɛ ɔbea no amfa ne ho anhyɛ atoro som nneyɛe bi mu a, ɔbarima no bɛte ase na amfa animguase ammrɛ wɔn baanu nyinaa. Ampa, nsusuwho a wodi kan yɛ wɔ odwo mu betumi akowie asomdwoe mu.—Mmebusɛm 22:3.

Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ Kristoni nokwafo no susuw nsɛm no ho na afei osi nea ɔbɛyɛ ho gyinae. Nea ehia paa ne sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Nyankopɔn, sɛnea Hebrifo baasa no yɛe no. (1 Korintofo 10:31) Nanso bere a eyi wɔ Kristoni biara adwene mu no, ɛsɛ sɛ osi nneɛma a obetumi ayɛ ama nea ɔwɔ tumi no ne nea ontumi nyɛ ho gyinae wɔ abusua no mu anaa wɔ faako a ɔte no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa August 1, 2001 mu.