Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Mmara mu nkunimdi a ɛfa nyamesom ho bɛn na Germany Ɔman Amanyɔ Mmara Asɛnnibea de ne ho gyee mu?

Saa asɛnnibea no annye gyinae a asɛnnibea foforo no sii de buu Yehowa Adansefo fɔ wɔ gye a wogye wɔn tom wɔ mmara mu no antom. Asɛnni a wodii mu nkonim no mu no wohui sɛ, obi betumi ‘agyina ne nyamesom gyidi akyi sen nea Ɔman no ka’ na ɛne nyamesom mu ahofadi hyia.—8/15, kratafa 8.

Hiob amanehunu no dii bere tenten bɛn?

Hiob nhoma no nka sɛ ohuu amane mfe pii. Ebetumi aba sɛ Hiob amanehunu ne ne mũdi mu kura no sii asram kakraa bi mu, ebia annu afe mpo.—8/15, kratafa 31.

Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ onii ko a Ɔbonsam yɛ no nyɛ gyidihunu ara kwa?

Na Yesu Kristo nim sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ ankasa. Ɛyɛ obi ankasa na ɔsɔɔ Yesu hwɛe, na ɛnyɛ bɔne bi a na ɛwɔ ne mu. (Mateo 4:1-11; Yohane 8:44; 14:30)—9/1, nkratafa 5-6.

Mmebusɛm 10:15, 16 ka sɛ: “Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, abrɛfo abu a ebu wɔn ne wɔn hia. Ɔtreneeni adeyɛ ma nkwa, ɔbɔnefo nnɔbae de, ɔde yɛ bɔne.” Ɔkwan bɛn so na eyi yɛ nokware?

Ahonyade betumi ayɛ ahobammɔ bere a biribi a wɔnhwɛ kwan asi wɔ asetram, te sɛ nea kurow a ɛyɛ den tumi yɛ ahobammɔ ma wɔn a wɔte mu no. Ɔkwan foforo so no, ohia betumi ayɛ asiane kɛse bere a biribi a wɔnhwɛ kwan si no.—9/15, kratafa 24.

Ɔkwan bɛn so na “wofii ase bɔɔ Yehowa din wɔ Enos bere so? (Genesis 4:26)

Wɔakɔ so de Onyankopɔn din no adi dwuma fi adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ; enti nea efii ase wɔ Enos bere so no nyɛ gyidi mu a wofi bɔɔ Yehowa din. Ebia nnipa de Onyankopɔn din no too wɔn ho so anaa wɔde too nnipa foforo a wɔn so na wɔnam kɔ Onyankopɔn anim wɔ ɔsom mu so.—9/15, kratafa 29.

Asɛmfua “nteɛso” a wɔde adi dwuma wɔ Bible mu no kyerɛ dɛn?

Asɛm no nkyerɛ ayayade anaa atirimɔdenne biara. (Mmebusɛm 4:13; 22:15) Nea Hela asɛmfua ma “nteɛso” fa ho ankasa ne akwankyerɛ, ntetee, nteɛso, na ɛtɔ mmere bi a pintinn a obi bɛyɛ nanso, ɔde asotwe bɛma wɔ ɔdɔ mu. Ɔkwan a ɛho hia a awofo betumi asuasua Yehowa ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ama nkitahodi ho kwan ada wɔne wɔn mma ntam. (Hebrifo 12:7-10)—10/1, nkratafa 8, 10.

Ɔkwan bɛn so na nnɛyi nokware Kristofo da no adi sɛ wogyina Onyankopɔn nniso akyi?

Wɔ nsase a wɔabara adansefo so mpo no, Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu anaa wɔntew atua bere a wogyina Onyankopɔn Ahenni akyi no. (Tito 3:1) Woyi ntoboa a mfaso wɔ so sɛnea Yesu ne n’asuafo a wodi kan no yɛe no na wɔbɔ mmɔden boa nkurɔfo ma wɔde Bible mu gyinapɛn a ɛho tew te sɛ nokwaredi, abrabɔ mu ahotew, ne adwumayɛ ho su pa di dwuma.—10/15, kratafa 6.

Ɔkwan bɛn so na nkwa nsu resen wɔ Andes?

Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no rebɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu nokware ahorow bɛma nkurɔfo, wɔ kasa ahorow abien, Quechua ne Aymara mpo mu. Adansefo no kɔsra nkurɔfo a wɔte supɔw ahorow a ɛwɔ Lake Titicaca no, a supɔw a ɛtɛ nsu ani a wɔde demmire a enyin wɔ nsu no so na ayɛ.—10/15, nkratafa 8-10.

Dɛn na Onyankopɔn de ama a ɛkyerɛ yɛn kwan a wobetumi de atoto sɛnea wɔde kɔmputa kyerɛ nnɛyi wimhyɛn a wɔde fa nnipa no ho?

Onyankopɔn de abrabɔ pa ho akwankyerɛ a ɛfata ama nnipa. Eyi ne yɛn ahonim a wɔde awo yɛn no. (Romafo 2:14, 15)—11/1, kratafa 3-4.

Dɛn nti na Yesu wu no so wɔ mfaso kɛse?

Bere a onipa a ɔyɛ pɛ Adam yɛɛ bɔne no, ɔhweree nkwa a na ɔwɔ ne n’asefo de nso. (Romafo 5:12) Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ no, Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre, enti ɔde agyede a etumi ma nnipa anokwafo nya daa nkwa mae.—11/15, nkratafa 5-7.

Henanom ne Skitefo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Kolosefo 3:11 no?

Skitefo no yɛ atutrafo man a wɔte Eurasia anhweatam so, na wogyee hɔ fae fi bɛyɛ 700 kosi 300 A.Y.B. mu. Wɔyɛ apɔnkɔsotefo ne akofofo a wɔn ho yɛ nwonwa. Ebia Kolosefo 3:11 nkyerɛ ɔman pɔtee bi, na mmom nnipa amumɔyɛfo a wɔn ani mmuei koraa.—11/15, nkratafa 24-5.

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Mmara Pa no yɛ nkyerɛkyerɛ a ehia sɛ yɛadwen kɔ so daa?

Yudasom, Buddhasom, ne Helafo nyansapɛfo kyerɛkyerɛ abrabɔ ho nnyinasosɛm yi. Nanso nea Yesu kaa ho asɛm no hwehwɛ sɛ ɛsɛ obi yɛ biribi pa ma afoforo, na ɛfa obiara ho. (Mateo7:12)—12/1, kratafa 3.