Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Ankasa

Yesu Ankasa

Yesu Ankasa

BERE a Yesu asomafo no ma ohuu nea nkurɔfo susuw fa ne ho akyi no, obisaa wɔn sɛ: “Na mo de, muse mene hena?” Mateo Asɛmpa no yɛ ɔsomafo Petro mmuae ho kyerɛwtohɔ sɛ: “Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba!” (Mateo 16:15, 16) Ná afoforo nso kura adwene koro no ara. Natanael, a akyiri yi ɔbɛkaa asomafo no ho no, ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene.” (Yohane 1:49) Yesu ankasa kaa hia a ne dibea ho hia ho asɛm sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Ɔkaa n’ankasa ho asɛm mmere bi sɛ “Nyankopɔn ba.” (Yohane 5:24, 25; 11:4) Na ɔyɛɛ anwonwade ahorow, nyanee awufo mpo, de foaa nea ɔkae yi so.

Adwenem Naayɛ a Ɛwɔ Nnyinaso Ankasa?

Na so yebetumi anya ahotoso ankasa wɔ nsɛm a Nsɛmpa no ka fa Yesu ho no mu? So wɔka Yesu ankasa ho asɛm? Fredrick F. Bruce a wawu a na ɔyɛ Bible ho ɔkasatia ne nkyerɛkyerɛmu ho ɔbenfo wɔ Manchester Sukuupɔn mu wɔ England no kae sɛ: “Ɛrentumi nyɛ yiye bere nyinaa sɛ wubegyina abakɔsɛm so akyerɛ nokware a tete nkyerɛwee no biara yɛ, sɛ́ efi Bible mu anaasɛ emfi Bible mu no. Ɛfata sɛ wubenya ɔkyerɛwfo bi nokwaredi mu ahotoso a edi mu; sɛ wogye tom saa a, ɛnde na adanse a edi mu wɔ hɔ sɛ ne nsɛm no yɛ nokware. . . . Apam Foforo no nyɛ nhoma a yentumi mfa yɛn ho nto so wɔ abakɔsɛm mu efisɛ Kristofo bu no sɛ nhoma ‘kronkron.’”

Bere a James R. Edwards, a ɔkyerɛ nyamesom ho ade wɔ Jamestown College, North Dakota, U.S.A., yɛɛ adwenem naayɛ a ɛfa sɛnea wɔka Yesu ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu ho mu nhwehwɛmu wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yebetumi de ahotoso aka sɛ Nsɛmpa no ka Yesu ho nokwasɛm ahorow pii a ehia ho asɛm. . . . Nea enti a Nsɛmpa no ka Yesu ho asɛm sɛnea yehu no ne sɛ, saa ankasa na na ɔte. Nsɛmpa no ka nkɛntɛnso a Yesu nyae wɔ n’akyidifo so, nokware a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no ne tumi a onyae sɛ Onyankopɔn Ba ne ne Somfo no ho asɛm nyinaa.” *

Wɔhwehwɛ Yesu

Na Yesu Kristo ho nsɛm a emfi Bible mu no nso ɛ? Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛyɛ nokware? Nhoma ahorow a Tacitus, Suetonius, Josephus, Pliny Akumaa ne nhomakyerɛwfo foforo a wodi mu akyerɛw ka nsɛm pii fa Yesu ho. The New Encyclopædia Britannica (1995) ka ho asɛm sɛ: “Kyerɛwtohɔ ahorow a edi mu yi da no adi sɛ wɔ tete mmere mu no, Kristosom asɔretiafo mpo annye kyim sɛ Yesu yɛ abakɔsɛm mu nipa, ade a wodii ho anobaabae bere a edi kan a na enni nnyinaso pa wɔ afeha a ɛto so 18 awiei, afeha a ɛto so 19 mu, ne afeha a ɛto so 20 mfiase no.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛte sɛ nea nnɛyi nhomanimfo, a wɔpɛ sɛ wohu onipa ko a Yesu yɛ “ankasa” anaasɛ “abakɔsɛm” mu nipa a ɔyɛ no, agyina nsusuwii hunu, akyinnyegye a ntease nnim, ne adwenkyerɛ a enni nnyinaso so ama onii ko a ɔyɛ no ankasa ayera. Ɔkwan bi so no, wodi fɔ wɔ anansesɛm a wɔahyehyɛ a wogyina so ka sɛ Nsɛmpa akyerɛwfo no yɛ atorofo no ho. Nea ebinom ani gye ho ara ne sɛ wɔnam nkyerɛkyerɛ foforo a ɛkanyan nnipa so begye din ma enti wɔmfa nokwaredi mpɛɛpɛɛ adanse a ɛfa Yesu ho no mu. Wɔnam saayɛ so ma “Yesu” bɛyɛ obi a nhomanimfo abɔ wɔn tirim aka ne ho asɛm.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wohu Yesu ankasa no betumi ahu no wɔ Bible mu. Luke Jonhson, a ɔyɛ Apam Foforo ne Kristosom mfiase ho kyerɛkyerɛfo wɔ Candler Nyamekyerɛ Sukuu mu wɔ Emory Sukuupɔn mu no ka sɛ nhwehwɛmu a wɔyɛ fa abakɔsɛm mu Yesu ho no mu dodow no ara bu ani gu nea Bible ka no so. Ɔka sɛ ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛyɛ asetra, amammui, ne amammerɛ ho nsɛm a ɛfa Yesu asetra ne ne bere ho mu nhwehwɛmu. Nanso, ɔde ka ho sɛ, ade a nhomanimfo frɛ no abakɔsɛm mu Yesu a yebehu no “nyɛ Kyerɛwnsɛm no botae koraa,” nea Kyerɛwnsɛm no “ka ho asɛm kɛse ne Yesu suban,” ne nkrasɛm, ne dwuma a odii sɛ Ogyefo. Enti, na Yesu su ankasa ne dɛn, na nkrasɛm bɛn na ɔde mae?

Yesu Ankasa

Nsɛmpa no—Bible mu kyerɛwtohɔ anan a ɛfa Yesu asetra ho—ka ne ho asɛm sɛ ɔbarima a ɔyɛ timmɔbɔ ankasa. Yesu nam mmɔborohunu ne ayamhyehye so boaa nkurɔfo a yare, anifurae ne ɔhaw afoforo ama wɔrehu amane no. (Mateo 9:36; 14:14; 20:34) Yesu adamfo Lasaro wu ne awerɛhow a eyi maa Lasaro nuabeanom dii no maa ‘ne ho yeraw no na osui.’ (Yohane 11:32-36) Nokwarem no, Nsɛmpa no kyerɛ sɛnea na Yesu te nka ma afoforo—ɔkwatani bi a ohuu no mmɔbɔ, n’asuafo nkɔso ho anigye a ɔkyerɛe, ne bo a efuw mmarapɛfo atirimɔdenfo ne di a odii po a Yerusalem poo Mesia no ho awerɛhow.

Sɛ Yesu yɛ anwonwade a, na ɔtaa ka biribi de kamfo nea wanya ayaresa no sɛ: “Wo gyidi agye wo.” (Mateo 9:22) Ɔkamfoo Natanael sɛ “nokware Israelni,” na ɔkae sɛ “nnaadaa nni ne mu.” (Yohane 1:47) Bere a ebinom susuwii sɛ akyɛde a ɔbea bi yii ne yam de mae no yɛ adesɛe no, Yesu di maa no kae sɛ wɔbɛkae n’ayamye no daa. (Mateo 26:6-13) Ɔdaa ne ho adi sɛ nokware adamfo ne yɔnko a ɔwɔ dɔ maa n’asuafo no, na “ɔdɔɔ wɔn kosii ase.”—Yohane 13:1; 15:11-15.

Nsɛmpa no da no adi nso sɛ na Yesu hu nnipa a ohyia wɔn no ahiade ntɛm ara. Sɛ́ na ɔne ɔbea bi rekasa wɔ abura ho, ɔne nyamesom kyerɛkyerɛfo na ɛrekasa wɔ turo mu, anaasɛ ɔne mpataayifo na ɛrekasa wɔ ɔtare ho no, na odu wɔn komam tẽẽ. Sɛ Yesu bue n’ano kasa pɛ a, na nkurɔfo yi mu pii ka wɔn kokoam nsɛm kyerɛ no. Ná ɔkanyan wɔn ma wohu nea ɔrepɛ akyerɛ. Ɛwom sɛ na nnipa a wɔwɔ ne bere so no ntwiw mmɛn atumfoɔ no de, nanso wɔ Yesu fam no, na nkurɔfo twa ne ho hyia. Ná wɔn ani gye sɛ wɔbɛbɛn Yesu; sɛ wɔbɛn no a, na wonya abotɔyam. Ná mmofra nya ahotɔ sɛ wɔbɛn no, na bere a ɔde abofra bi redi dwuma sɛ nhwɛso no, wamfa abofra no annyina n’asuafo no anim kɛkɛ, na mmom “ɔyɛɛ no atuu.” (Marko 9:36; 10:13-16) Nokwarem no, Nsɛmpa no ka Yesu ho asɛm sɛ onipa a na ne nsɛm tumi nya afoforo so nkɛntɛnso araa ma enti nkurɔfo traa ne nkyɛn nnansa tiee ne nsɛm a ɛkanyan adwene no.—Mateo 15:32.

Yesu pɛyɛ no amma wanyɛ katee anaa ahantan mmoroso, na wanhyɛ nkurɔfo a wɔnyɛ pɛ a na bɔne amene wɔn a ɔtraa wɔn mu kaa asɛm no so. (Mateo 9:10-13; 21:31, 32; Luka 7:36-48; 15:1-32; 18:9-14) Ná Yesu nhwehwɛ pii mfi afoforo hɔ. Wamma nkurɔfo nnesoa anyɛ akɛse. Mmom no, ɔkae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ . . . nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.” N’asuafo hui sɛ ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu’; na ne kɔndua yɛ mmerɛw, na n’adesoa yɛ hare.—Mateo 11:28-30.

Wɔka Yesu suban nyinaa ho asɛm wɔ nsɛmpa no mu sɛ ɛyɛ nokware turodoo. Ɛrenyɛ mmerɛw sɛ ankorankoro baanan betumi aka onipa a ɔda nsow bi ho asɛm ma ahyia wɔ kyerɛwtohɔ ahorow anan mu. Ɛrentumi nyɛ yiye mpo sɛ akyerɛwfo baanan bɛka onipa koro no ara ho asɛm ma ahyia pɛpɛɛpɛ bere a saa nipa no antra ase ankasa.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Michael Grant bisa asɛm a ɛkanyan adwene yi: “Ɛyɛɛ dɛn na wɔ Nsɛmpa no nyinaa mu no, wotumi kaa aberantewaa hoɔfɛfo bi a ɔne mmea ahorow nyinaa bi bɔe, a na wɔn a wommu wɔn koraa mpo ka ho, bere a wanna adwemmɔne anaa atirimɔdensɛm, anaa nna ho akɔnnɔ biara adi, nanso wɔ tebea biara mu no, ɔdaa suban pa a ɛyɛ nwonwa adi saa?” Mmuae a ntease wom ne sɛ ɔbarima a ɔte saa no traa ase ankasa na ɔyɛɛ n’ade sɛnea Bible ka ho asɛm no.

Yesu Ankasa ne Wo Daakye

Sɛ Yesu asetra ankasa ho asɛm a Bible no de ma bere a ɔbaa asase so no da nkyɛn a, ɛkyerɛ nso sɛ na watra ase pɛn sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, “abɔde nyinaa abakan.” (Kolosefo 1:15) Mfe mpem abien a atwam ni no, Onyankopɔn yii ne soro Ba yi nkwa bɛhyɛɛ Yudani baabun bi awotwaa mu ma ɔwoo no sɛ onipa. (Mateo 1:18) Wɔ Yesu asase so som adwuma mu no, ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm sɛ adesamma a wɔrehu amane no anidaso koro pɛ, na ɔtetee n’asuafo no sɛ wɔntoa asɛnka adwuma yi so.—Mateo 4:17; 10:5-7; 28:19, 20.

Wɔ Nisan 14 (bɛyɛ April 1), 33 Y.B. mu no, wɔkyeree Yesu, dii n’asɛm, na wɔbɔɔ no atoro sobo sɛ otutu ɔman ase. (Mateo 26:18-20, Mt 26:48–27:50) Na Yesu wu no yɛ agyede, a wɔnam so gye adesamma gyidifo fi wɔn bɔne mu, na ebue daa nkwa ho kwan ma wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi nyinaa. (Romafo 3:23, 24; 1 Yohane 2:2) Wɔ Nisan 16 no, wonyanee Yesu, na ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔsan kɔɔ soro. (Marko 16:1-8; Luka 24:50-53; Asomafo no Nnwuma 1:6-9) Sɛ Yehowa Hene a wapaw no no, Yesu a wɔanyan no no wɔ tumi a edi mu sɛ obedi Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma no ho dwuma. (Yesaia 9:6, 7; Luka 1:32, 33) Yiw, Bible no ka Yesu ho asɛm sɛ onipa titiriw a ɔbɛhwɛ ma Onyankopɔn atirimpɔw ahorow abam.

Wɔ afeha a edi kan mu no, nnipa pii gyee onii ko a Yesu yɛ no toom—Mesia anaa Kristo a wɔahyɛ ne ho bɔ, a wɔsomaa no sɛ ɔmmɛsan Yehowa tumidi ho na onwu sɛ agyede mma adesamma no. (Mateo 20:28; Luka 2:25-32; Yohane 17:25, 26; 18:37) Wɔ ɔtaa a na emu yɛ den mu no, sɛ na nkurɔfo nnim onii ko a Yesu yɛ a, anka ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛba abɛyɛ n’asuafo. Wɔde akokoduru ne nsi yɛɛ adwuma a ɔde hyɛɛ wɔn nsa a ɛne sɛ ‘wɔnyɛ aman nyinaa asuafo’ no.—Mateo 28:19.

Ɛnnɛ, Kristofo komapafo a wɔwɔ nimdeɛ ɔpepem pii nim sɛ Yesu nyɛ anansesɛm mu nipa. Wogye no tom sɛ Onyankopɔn soro Ahenni a wɔde asi hɔ no so Hene, na ɛrenkyɛ obedi asase so nsɛm ho dwuma koraa. Saa ɔsoro nniso yi yɛ anigyesɛm efisɛ ɛhyɛ bɔ sɛ ɛbɛma yɛade yɛn ho afi wiase haw ahorow ho. Nokware Kristofo gyina Yehowa Hene a wapaw no no akyi pintinn denam “ahenni ho asɛmpa yi” a wɔka kyerɛ afoforo no so.—Mateo 24:14.

Wɔn a wɔtaa Ahenni nhyehyɛe a ɛnam Kristo, Onyankopɔn teasefo no Ba no so akyi no bɛtra ase anya nhyira a enni awiei. Wo nso wubetumi anya nhyira a ɛte saa bi! Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woahu Yesu ankasa no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Sɛ wopɛ Nsɛmpa no ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma a Yehowa Adansefo na wotintimii no, ti 5 kosi 7.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

Nea Afoforo Aka

“Mibu Yesu a ofi Nasaret no sɛ ɔkyerɛkyerɛfo kunini a ɔsen biara a waba wiase pɛn. . . . Mɛka akyerɛ Hindufo sɛ mo asetra renni mũ gye sɛ mode nidi sua Yesu nkyerɛkyerɛ no.” Mohandas K. Gandhi, The Message of Jesus Christ.

“Onipa a odi mu koraa, asɛm nni ne ho, odi nokware ankasa, ɔyɛ pɛ koraa, ɔyɛ onipa nanso ɔkorɔn sen nnipa nyinaa, onipa a yentumi nhu amimdi ne atorodi biara wɔ ne mu. . . . Egye obi a ɔsen Yesu na watumi abɔ Yesu.” Philip Schaff, History of the Christian Church.

“Sɛ́ awo ntoatoaso biako mu nnipa mpapahwekwaa kakraa bi betumi abɔ wɔn tirim aka onipa a ɔwɔ tumi kɛse na ne ho yɛ anigye, ɔwɔ abrabɔ ho mmara a ɛkorɔn, ne adesamma nuayɛ ho adwene a ɛhyɛ nkuran a ɛte saa ho asɛm no mmom bɛyɛ anwonwade a ɛsen nea wɔakyerɛw wɔ Nsɛmpa no mu.” Will Durant, Caesar and Christ.

“Ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ nyamesom ahyehyɛde bi a ahyeta wɔ wiase nyinaa betumi afi onipa bi a wantra ase a wɔbɔɔ wɔn tirim kaa ne ho asɛm sɛ tete bere mu nipa a wɔnam no so hyɛ aguadi ho nkuran, bere a akyinnye biara nni ho sɛ nnipa bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ ɔsom bi nanso anyɛ yiye no.” Gregg Easterbrook, Beside Still Waters.

‘Sɛ abakɔsɛm kyerɛwfo ankasa no, migye di koraa sɛ ɛmfa ho sɛnea Nsɛmpa no te biara no, ɛnyɛ anansesɛm. Ɛnyɛ nsɛm a wɔaka agugu mu a enti yebetumi aka sɛ ɛyɛ anansesɛm. Yennim Yesu asetra ho nsɛm dodow no ara, na obiara nni hɔ a obetumi afa anansesɛm so ama nsɛm a ɛte saa ada adi.’ C. S. Lewis, God in the Dock.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Nsɛmpa no da sɛnea na Yesu te nka no adi