Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmpa No Mu Nhyira Horow

Asɛmpa No Mu Nhyira Horow

Asɛmpa No Mu Nhyira Horow

“[Yehowa, “NW”] asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, . . . menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.”—YESAIA 61:1, 2.

1, 2. (a) Yesu daa ne ho adi sɛ ɔyɛ onipa bɛn, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa? (b) Nhyira ahorow bɛn na asɛmpa a Yesu kae no de bae?

HOMEDA anɔpatutuutu bi, na Yesu wɔ Nasaret hyiadan mu reyɛ ne som adwuma. Sɛnea kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, “wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛw nhoma no mu huu faako a wɔakyerɛw sɛ: [Yehowa, NW] honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ.” Yesu kɔɔ so kenkan nkɔmhyɛsɛm no pii. Afei ɔtraa ase kae sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛw asɛm yi aba mu mo asom.”—Luka 4:16-21.

2 Saa kwan yi so no, Yesu daa ne ho adi sɛ ɔsɛmpakafo a wɔahyɛ ne ho nkɔm, nea ɔka asɛmpa kyekye afoforo werɛ. (Mateo 4:23) Asɛmpa a na Yesu wɔ ka bɛn ara ni! Ɔka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann.” (Yohane 8:12) Ɔkae nso sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:31, 32) Yiw, na Yesu ‘wɔ daa nkwa nsɛm.’ (Yohane 6:68, 69) Hann, nkwa, ahofadi—akyinnye biara nni ho sɛ eyinom yɛ nhyira horow a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho!

3. Asɛmpa bɛn na Yesu asuafo no kae?

3 Wɔ Pentekoste 33 Y.B. akyi no, Yesu asuafo no toaa asɛmpaka adwuma no so. Wɔkaa “ahenni ho asɛmpa” no kyerɛɛ Israelfo ne amanaman mufo nyinaa. (Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 15:7; Romafo 1:16) Wɔn a wotiee asɛmpa no behuu Yehowa Nyankopɔn. Wogyee wɔn fii nyamesom nkoayɛ mu ma wɔbɛyɛɛ honhom fam man foforo, “Nyankopɔn Israel,” a emufo wɔ anidaso sɛ wɔne wɔn Awurade Yesu Kristo bedi ade daa wɔ soro no mufo. (Galatifo 5:1; 6:16; Efesofo 3:5-7; Kolosefo 1:4, 5; Adiyisɛm 22:5) Na ɛyɛ nhyira horow a ɛsom bo ampa!

Asɛmpaka Adwuma no Nnɛ

4. Ɔkwan bɛn so na ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛmpa no renya ne mmamu nnɛ?

4 Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn, a “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no mufo a wɔredɔɔso reboa wɔn no gu so reyɛ adwuma a wodii kan de maa Yesu no. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Ne saa nti, wɔreka asɛmpa no kɛse nnɛ sen bere foforo biara. Yehowa Adansefo akɔ nsase ne nsasesin 235 so ‘akɔka asɛmpa akyerɛ amanehunufo, akyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, apae ahofadi akyerɛ nnommum, ne nneduadan bue akyerɛ apokyerɛfo; apae Yehowa anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no; akyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’ (Yesaia 61:1, 2) Enti, Kristofo asɛmpaka adwuma no kɔ so de nhyira brɛ nnipa pii, na akyekye “wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ” nokware mu.—2 Korintofo 1:3, 4.

5. Ɛdefa asɛmpaka adwuma no ho no, ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo yɛ soronko fi Kristoman mu asɔreasɔre no ho?

5 Ɛyɛ nokware sɛ Kristoman mu asɔreasɔre no hwɛ ma wɔyɛ asɛmpaka adwuma bi. Pii soma asɛmpatrɛwfo ma wɔkɔma nkurɔfo sakra wɔn som wɔ nsase foforo so. Sɛ nhwɛso no, The Orthodox Christian Mission Center Magazine no ka dwuma a Ortodɔks asɛmpatrɛwfo di wɔ Madagascar, Afrika anaafo fam, Tanzania, ne Zimbabwe no ho asɛm. Nanso, wɔ Ortodɔks Asɔre mu, sɛnea ɛte wɔ Kristoman asɔreasɔre foforo mu no, asɔremma dodow no ara mmfa wɔn ho nhyɛ adwuma a ɛte saa mu. Nanso, Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa bɔ mmɔden de wɔn ho hyɛ asɛmpaka adwuma no mu. Wonim sɛ asɛmpaka adwuma no bi a wɔbɛyɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ nokware gyidi. Paulo kae sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” Sɛ obi gyidi nkanyan no mma ɔnyɛ adwuma a, na awu.—Romafo 10:10; Yakobo 2:17.

Asɛmpa a Ɛde Nhyira a Ɛtra Hɔ Daa Ba

6. Asɛmpa bɛn na wɔreka nnɛ?

6 Yehowa Adansefo ka asɛmpa a eye sen biara. Wobue wɔn Bible mu ka kyerɛ wɔn a wotie no sɛ Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre de bɔɔ kwan a adesamma bɛfa so akɔ Onyankopɔn nkyɛn, anya bɔne fafiri, na wɔanya daa nkwa ho anidaso. (Yohane 3:16; 2 Korintofo 5:18, 19) Wɔka sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni asi hɔ wɔ soro wɔ Ɔhene a wɔasra no, Yesu Kristo ase, na ɛrenkyɛ ebeyi abɔnefosɛm afi asase so na ɛde Paradise aba. (Adiyisɛm 11:15; 21:3, 4) Wɔka kyerɛ wɔn afipamfo sɛ ɛnnɛ yɛ ‘Yehowa anisɔ afe,’ bere a adesamma betumi atie asɛmpa no de ama Yesaia nkɔmhyɛ no anya mmamu. Wɔbɔ kɔkɔ nso sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa “aweredi da” a ɛde abɔnefo a wonnu wɔn ho bɛba awiei no aba.—Dwom 37:9-11.

7. Osuahu bɛn na ɛda Yehowa Adansefo biakoyɛ adi, na dɛn nti na wɔwɔ biakoyɛ a ɛte saa?

7 Wiase a asiane ne atoyerɛnkyɛm ahyɛ mu ma yi mu no, eyi ne asɛmpa koro pɛ a mfaso wɔ so daa. Wɔn a wogye tom no ba bɛyɛ Kristofo nuayɛ kuw a ɛwɔ wiase nyinaa a biakoyɛ wom a wɔmma ɔman, abusua, anaa sikasɛm tebea horow mpaapae wɔn mu no mufo. ‘Wɔahyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.’ (Kolosefo 3:14; Yohane 15:12) Wohuu eyi wɔ afe a etwaam no wɔ Afrika man bi mu. Anɔpa bi wɔtee sɛ wɔretotow atuo. Na wɔpɛ sɛ wotu ɛhɔnom aban no gu. Bere a asɛm no bɛdanee abusuasɛm no, wɔkasa tiaa Adansefo abusua bi sɛ wɔde wɔn mfɛfo Adansefo a wofi abusua foforo mu no asie. Abusua no buae sɛ: “Yehowa Adansefo nkutoo na wɔte yɛn fie.” Wɔn fam no, mmusua ntam nsɛmnsɛm ho nhia wɔn; Kristofo dɔ—awerɛkyekye a wɔde bɛma wɔn a wɔwɔ ahohia mu—na na ɛho hia wɔn. Ɔdansefo bi busuani kae sɛ: “Asɔre ahorow nyinaa mufo yii wɔn mfɛfo asomfo mae. Yehowa Adansefo nkutoo na wɔanyɛ saa.” Nsɛm a ɛtete saa pii a efi nsase a amanko wɔ so so no da no adi sɛ Yehowa Adansefo ‘dɔ wɔn nuanom nyinaa’ ampa.—1 Petro 2:17.

Asɛmpa no Sakra Nnipa

8, 9. (a) Nsakrae bɛn na wɔn a wogye asɛmpa no tom no yɛ? (b) Osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛkyerɛ tumi a asɛmpa no wɔ no mu?

8 Asɛmpa no fa ade a Paulo frɛɛ no “nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba” no ho. (1 Timoteo 4:8) Ɛnyɛ daakye a ɛyɛ anigye ho anidaso nkutoo na ɛde ma, na mmom ɛma obi “nkwa a ɛwɔ hɔ yi” tu mpɔn nso. Sɛ́ ankorankoro no, Onyankopɔn Asɛm, Bible no, kyerɛ Yehowa Adansefo kwan ma wɔma wɔn asetra ne Onyankopɔn apɛde hyia. (Dwom 119:101) Sɛ wonya su horow te sɛ trenee ne nokwaredi a, ɛma wɔn nipasu ankasa yɛ foforo.—Efesofo 4:24.

9 Susuw Franco nhwɛso no ho hwɛ. Ná ne bo taa fuw. Bere biara a biribi ankɔ yiye no, na ne bo fuw kɛse ma ɔsɛe nneɛma. Ne yere ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na wɔn Kristofo nhwɛso no boaa Franco nkakrankakra ma ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae. Ɔne wɔn suaa Bible no, na awiei koraa no, otumi daa honhom kronkron aba a ɛne asomdwoe ne ahosodi no adi. (Galatifo 5:22, 23) Ná ɔka nnipa 492 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Belgium wɔ 2001 ɔsom afe mu no ho. Susuw Alejandro nso ho hwɛ. Saa aberante no de ne ho hyɛɛ nnubɔnenom mu araa ma na sumina so nneɛma na ɔsesa tɔn na ama wanya sika atɔ ne nnuru no. Bere a Alejandro dii mfirihyia 22 no, Yehowa Adansefo too nsa frɛɛ no sɛ ommesua Bible no, na ɔpenee so. Ɔkenkanee Bible no daa, na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam ahorow. Osiesiee n’asetra ntɛm ara ma annu asram asia, na watumi de ne ho ahyɛ asɛmpaka adwuma no mu—ɔyɛ nnipa 10,115 a wɔyɛɛ saa wɔ Panama wɔ afe a etwaam no mu biako.

Asɛmpa No—Nhyira Ma Ahobrɛasefo

10. Henanom na wogye asɛmpa no tom, na ɔkwan bɛn so na wɔsakra wɔn adwene?

10 Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ ahobrɛasefo. Henanom ne ahobrɛasefo no? Wɔne nkurɔfo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma mu sɛ ‘wɔpɛ daa nkwa’ no. (Asomafo no Nnwuma 13:48) Wɔyɛ ahobrɛasefo a wɔwɔ asetram gyinapɛn ahorow nyinaa mu a wɔabue wɔn komam ama nokwasɛm no. Saafo no hu sɛ Onyankopɔn apɛdeyɛ de nhyira horow a ɛsen biribiara a wiase no betumi de ama na ɛba. (1 Yohane 2:15-17) Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo du nkurɔfo komam wɔ asɛmpaka adwuma no mu?

11. Sɛnea Paulo kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no?

11 Wiɛ, susuw ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw Korintofo no nhwɛso no ho hwɛ: “Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra so mammɛka mo Onyankopɔn adansesɛm no. Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, sɛ Yesu Kristo, ne sɛ wɔbɔɔ no asɛndua mu no.” (1 Korintofo 2:1, 2) Paulo ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa ne nhomanim so ama n’atiefo ani agye ne ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn asɛm pɛpɛɛpɛ, nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu nnɛ no. Hyɛ nkuranhyɛ nsɛm a Paulo de kɔmaa ne yɔnko ɔsɛmpakafo Timoteo no nso nsow: “Pae mu ka asɛm no, gyina mu.” (2 Timoteo 4:2) Na ɛsɛ sɛ Timoteo ka Onyankopɔn “asɛm” no. Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo bio sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Timoteo 2:15.

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo di Paulo nsɛm ne ne nhwɛso no akyi nnɛ?

12 Yehowa Adansefo di Paulo nhwɛso ne nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no akyi. Wogye tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no tom, na wɔde di dwuma yiye bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka anidaso ne awerɛkyekyesɛm a ɛfata kyerɛ wɔn afipamfo no. (Dwom 119:52; 2 Timoteo 3:16, 17; Hebrifo 4:12) Nokwarem no, wɔde Bible ho nhoma di dwuma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no ankasa betumi anya Bible mu nimdeɛ pii. Nanso, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bɛkyerɛ nkurɔfo bere nyinaa. Wonim sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no bɛka ahobrɛasefo koma. Na dwuma a wɔde di wɔ saa kwan no so no hyɛ wɔn ankasa nso gyidi den.

‘Kyekye Wɔn a Wɔredi Awerɛhow Nyinaa Werɛ’

13. Wɔ afe 2001 mu no, nsɛm bɛn na esisii a ɛmaa ho behiae kɛse sɛ wɔkyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ?

13 Asiane ahorow sisii wɔ afe 2001 mu, na ne saa nti, na nnipa pii hia awerɛkyekye. Nhwɛso a ɛda nsow ne nea esii wɔ United States wɔ September a etwaam no, amumɔyɛfo ntua a wɔde baa Wiase Aguadi Asoɛe a ɛwɔ New York ne Pentagon a ɛbɛn Washington, D.C. so no. Hwɛ sɛnea ntua no maa ɔman mũ no nyinaa ho dwiriw wɔn! Sɛ nsɛm a ɛtete saa si a, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden di wɔn ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnkyekye wɔn a wɔn werɛ ahow nyinaa werɛ’ no ho dwuma. Ɛho nhwɛso kakra bɛma yɛahu sɛnea wɔyɛ eyi.

14, 15. Tebea horow abien bɛn mu na Adansefo no tumi de kyerɛw nsɛm dii dwuma yiye de kyekyee wɔn a na wɔredi awerɛhow no werɛ?

14 Ɔdansefo bi a ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo kɔɔ ɔbea bi nkyɛn wɔ kwankyɛn kobisaa no nea n’adwene yɛ no wɔ amumɔyɛfo ntua a esii nkyɛe no ho asɛm. Ɔbea no fii ase sui. Ɔkae sɛ ɛyɛ no awerɛhow, na ne yam a anka watumi ayɛ mmoa bi. Ɔdansefo no ka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn dwen yɛn nyinaa ho papaapa, na ɔkenkan Yesaia 61:1, 2 kyerɛɛ no. Saa nsɛm a efi honhom mu yi tɔɔ ɔbea a ɔkae sɛ obiara redi awerɛhow no asom. Ogyee kratawa, na ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo no sɛ ɔmmɛsra no wɔ ne fie.

15 Adansefo baanu a na wɔreyɛ asɛmpaka adwuma no hyiaa ɔbarima bi a ɔreyɛ ne dan mu adwuma. Wɔyɛe sɛ wobefi Kyerɛwnsɛm mu ama no awerɛkyekyesɛm bi esiane awerɛhosɛm a asi wɔ Wiase Aguadi Asoɛe hɔ nnansa yi no nti. Bere a ɔpenee so no, wɔkenkan 2 Korintofo 1:3-7 a nsɛm yi wom no kyerɛɛ no: “Awerɛkyekye nam Kristo so boro so.” Ɔbarima no ani sɔe sɛ n’afipamfo a wɔyɛ Adansefo no reka awerɛkyekyesɛm bi akyerɛ afoforo, na ɔkae sɛ: “Onyankopɔn nhyira adwuma pa a moreyɛ no so.”

16, 17. Osuahu abien bɛn na ɛda no adi sɛ Bible wɔ tumi a ɛboa nnipa a wɔn werɛ ahow anaa asiane ahorow ama wɔahaw no?

16 Ɔdansefo bi a na ɔresan akɔsrasra nkurɔfo a wɔn ani gye asɛm no ho hyiaa ɔbea bi a na wakyerɛ asɛm no ho anigye babarima, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔredwen sɛnea n’afipamfo no ho te wɔ awerɛhosɛm a esii nkyɛe no ho. Ɛyɛɛ ɔbarima no nwonwa sɛ Ɔdansefo no agye bere resrasra nkurɔfo no ahwɛ sɛnea wɔn ho te. Ɔkae sɛ bere a asɛm no sii no na ɔreyɛ adwuma wɔ baabi a ɛbɛn Wiase Aguadi Asoɛe hɔ paa, na ohuu nea ɛkɔɔ so no nyinaa. Bere a obisaa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu hokwan no, Ɔdansefo no kenkan Bible mu nsɛm bi kyerɛɛ no a na Dwom 37:39 ka ho, nea ɛka sɛ: “Treneefo nkwagye fi [Yehowa, NW], ɔne wɔn guandɔbea, ahohia da mu.” Ɔbarima no fi ayamye mu bisaa sɛnea Ɔdansefo no ne n’abusua ho te, kae sɛ, ɛyɛ a ɔnsan mmra, na ofi komam kyerɛɛ ne nsrahwɛ no ho anisɔ.

17 Nnipa mpempem pii a Yehowa Adansefo kyekyee wɔn werɛ wɔ amumɔyɛfo ntua no akyi no biako nso ne ɔbea bi a Adansefo no hyiaa no bere a na wɔresrasra wɔn afipamfo no. Na asɛm a asi no ahaw no yiye, na ɔyɛɛ aso tiei bere a na wɔrekenkan Dwom 72:12-14 no: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.” Hwɛ sɛnea nsɛm yi tɔɔ n’asom! Ɔbea no kae sɛ Adansefo no nkenkan asɛm no bio, na ɔne wɔn kɔɔ ne fie kɔtoaa nkɔmmɔbɔ no so. Bere a wɔde nkɔmmɔbɔ no baa awiei no, na wɔahyehyɛ Bible adesua.

18. Ɔkwan bɛn so na Ɔdansefo bi boaa n’ayɔnkofo bere a wɔkae sɛ onnyina wɔn ananmu mmɔ mpae no?

18 Ɔdansefo bi yɛ adwuma wɔ adidibea bi a ɛwɔ beae bi a ɛhɔfo di yiye a kan no na wɔnkyerɛ Ahenni ho asɛmpa no ho anigye papa. Amumɔyɛfo ntua no akyi no, ɛte sɛ nea ɛhɔfo no bɔɔ hu. Ntua no akyi Fida anwummere no, adidibea no sohwɛfo no kae sɛ adwumayɛfo no nyinaa mpue abɔnten na wɔnsosɔw kyɛnerɛ nkurankura, na wɔnyɛ komm bere tiaa bi mfa nkae wɔn a wɔawuwu no. Obu a Ɔdansefo no wɔ ma wɔn nkate no nti ofii adi kogyinaa kwankyɛn komm. Ná adwuma no sohwɛfo no nim sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo, enti wɔ wɔn kommyɛ no akyi no, ɔkae sɛ Ɔdansefo no nnyina wɔn ananmu mmɔ mpae. Ɔdansefo no penee so. Wɔ ne mpaebɔ no mu no, ɔkaa awerɛhow kɛse a wɔredi no ho asɛm, nanso ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ wodi awerɛhow a wonni anidaso biara. Ɔkaa bere a nsɛm a ɛyɛ hu saa rensi bio ho asɛm, na ɔkae sɛ wɔn nyinaa nam Bible mu nokware nimdeɛ so betumi abɛn awerɛkyekye Nyankopɔn no. Bere a ɔkaa “Amen” no, adwuma sohwɛfo no—ne nnipa bɛboro 60 a na wɔwɔ adidibea no abɔnten no—baa ne nkyɛn, daa Ɔdansefo no ase, yɛɛ no atuu, kae sɛ ne mpae no ne nea eye sen biara a wɔate pɛn.

Wɔn So Wɔ Mfaso Ma Ɔmanfo

19. Osuahu bɛn na ɛda no adi sɛ ebinom hu Yehowa Adansefo gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no?

19 Nnansa yi titiriw no—sɛnea nnipa pii aka no—wɔanya Yehowa Adansefo so mfaso wɔ mmeae a wɔyɛ wɔn adwuma no. Ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo a wɔhyɛ asomdwoe, nokwaredi, ne abrabɔ pa ho nkuran no rennya nkurɔfo so nkɛntɛnso pa? Wɔ Asia Mfinimfini fam man bi mu no, Adansefo no hyiaa ɔman bammɔ dwumayɛni bi a wakɔ pɛnhyen. Ɔkae sɛ bere bi wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwehwɛ nyamesom ahyehyɛde ahorow dwumadi mu. Bere a ɔhwehwɛɛ Yehowa Adansefo de mu no, wɔn nokwaredi ne wɔn abrabɔ pa no yɛɛ no nwonwa. N’ani gyee wɔn gyidi a ɛyɛ den ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Kyerɛwnsɛm so no ho. Ɔbarima yi penee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua.

20. (a) Dɛn na ɛda adi wɔ dwuma a Yehowa Adansefo dii wɔ afe a etwaam no ho amanneɛbɔ no mu? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ɔkwan bɛn so na yebu hokwan a yɛwɔ sɛ asɛmpakafo no?

20 Wɔ osuahu kakra a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mu a yebetumi aka mpempem pii aka ho mu no, ɛda adi sɛ Yehowa Adansefo yɛɛ adwuma denneennen wɔ 2001 ɔsom afe no mu. * Wɔne nnipa ɔpepem pii kasae, kyekyee nnipa pii a wɔredi awerɛhow werɛ, na wohyiraa wɔn asɛmpaka adwuma no so. Nnipa 263,431 na wogyee asubɔ de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Wiase nyinaa no, asɛmpakafo no dodow nyaa nkɔanim ɔha biara mu 1.7. Na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa 15,374,986 na wɔbaa afe afe Yesu wu ho Nkaedi ase no kyerɛ sɛ yɛwɔ adwuma pii yɛ. (1 Korintofo 11:23-26) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ ahobrɛasefo a wotie asɛmpa no. Na bere tenten a Yehowa anisɔ afe da so wɔ hɔ no, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so akyekye “wɔn a wɔn koma abubu werɛ.” Monhwɛ hokwan kɛse a yɛwɔ! Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa bɛka Yesaia nsɛm yi bi: “[Yehowa, NW] mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi.” (Yesaia 61:10) Ɛmmra sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so de yɛn adi dwuma bere a ɔma nkɔmhyɛ nsɛm yi bam no: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim.”—Yesaia 61:11.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Akontaabu pon a ɛwɔ nkratafa 19 kosi 22 no yɛ Yehowa Adansefo 2001 ɔsom afe dwumadi ho amanneɛbɔ.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na ahobrɛasefo nyaa asɛmpa a Yesu kae no so mfaso?

• Nhyira horow bɛn na ɛbaa wɔn a wotiee asɛmpaka adwuma a Yesu yɛe wɔ afeha a edi kan no mu no so?

• Ɔkwan bɛn so na wɔahyira wɔn a wo- tie asɛmpa no nnɛ?

• Yebu hokwan a yɛanya sɛ asɛmpakafo no dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 19-22]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 2001 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Yehowa Adansefo kae asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔka asɛm no bere nyinaa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Wɔn a wotie asɛmpa no ba bɛyɛ wiase nyinaa nuayɛ kuw a biakoyɛ wom no mufo