Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mpanyimfo—Montete Afoforo Mma Wɔnsoa Adesoa no Bi

Mpanyimfo—Montete Afoforo Mma Wɔnsoa Adesoa no Bi

Mpanyimfo—Montete Afoforo Mma Wɔnsoa Adesoa no Bi

WƆ YEHOWA ADANSEFO asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, wohia mmarima a wobetumi de ahwɛfo adwuma ahyɛ wɔn nsa denneennen. Nneɛma abiɛsa bi nti na eyi te saa.

Nea edi kan no, Yehowa rema ne bɔhyɛ a ese ɔbɛma “akumaa adan ɔman a ɛyɛ den” no anya mmamu. (Yesaia 60:22) Ɛdenam n’ayamye so no, wɔabɔ asuafo foforo bɛyɛ ɔpepem biako asu sɛ Yehowa Adansefo wɔ mfe abiɛsa a atwam ni no mu. Wohia mmarima a wɔfata ma wɔaboa nnipa a wɔabɔ wɔn asu foforo yi ma wɔn ho akokwaw sɛ Kristofo.—Hebrifo 6:1.

Nea ɛto so abien, esiane mpanyinyɛ anaa akwahosan ho nsɛm nti, ama ebinom a wɔasom sɛ mpanyimfo mfe pii no atew adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa wɔ asafo mu no so.

Nea ɛto so abiɛsa, seesei, Kristofo mpanyimfo a wɔyɛ nsi resom sɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw, Ɔmantam Adansi Boayikuw, anaa Nhyiam Asa Boayikuw. Ɛtɔ mmere bi a anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ wɔde wɔn asafo mu asɛyɛde ahorow no bi to hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkari pɛ.

Ɔkwan bɛn so na wobetumi anya mmarima a wɔfata foforo yi? Ntetee a wɔde bɛma wɔn ne asɛm no. Bible no hyɛ Kristofo ahwɛfo nkuran sɛ wɔntete “nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso.” (2 Timoteo 2:2) Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, adeyɛ asɛm “tete” no kyerɛ sɛ “wobɛkyerɛkyerɛ obi ma wadi mũ, wafata, anaa ne ho akokwaw.” Momma yensusuw ɔkwan a mpanyimfo betumi afa so atete afoforo ma wɔafata no ho nhwɛ.

Munni Yehowa Nhwɛso Akyi

Ɛda adi sɛ na Yesu Kristo di mũ, na ɔfata, na na ne ho akokwaw wɔ ne dwumadi mu—na ɛnyɛ nwonwa koraa! Yehowa ankasa na ɔtetee no. Nneɛma bɛn na ɛmaa ntetee yi tuu mpɔn? Yesu bobɔ abiɛsa din, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yohane 5:20 no: ‘Agya no [1]ɔba no, na [2] ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no [3] nnwuma akɛse a ɛsen eyinom.’ Nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ wɔ nneɛma yi biara mu no bɛma yɛanya asɛm a ɛfa ntetee ho yi mu nhumu.

Hyɛ no nsow sɛ Yesu dii kan kae sɛ: ‘Agya no ɔba no.’ Ná abusuabɔ a emu yɛ den da Yehowa ne ne Ba no ntam fi adebɔ mfiase pɛɛ. Mmebusɛm 8:30 ka saa abusuabɔ no ho biribi: ‘Na me [Yesu] wɔ ne [Yehowa Nyankopɔn] nkyɛn sɛ ne dɔba na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu.’ Na Yesu adwenem nyɛ no nãã wɔ Yehowa ‘ani a egye’ ne ho no ho. Yesu daa anigye a na ɔwɔ bere na ɔyɛ adwuma wɔ N’agya nkyɛn no adi. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ bere a abusuabɔ pa da Kristofo mpanyimfo ne wɔn a wɔretete wɔn no ntam no!

Nea ɛto so abien a Yesu kaa ho asɛm ne sɛ Agya no ‘kyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa.’ Nsɛm yi foa nea wɔaka wɔ Mmebusɛm 8:30 no so sɛ, na Yesu ‘wɔ Yehowa nkyɛn’ bere a na wɔrebɔ amansan yi no. (Genesis 1:26) Mpanyimfo betumi adi nhwɛso a ɛkyɛn so yi akyi denam asafo mu asomfo a wɔne wɔn bɛbom ayɛ adwuma, akyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ wɔn dwumadi yiye wɔ ɔkwampa so. Nanso, ɛnyɛ asafo mu asomfo a wɔapaw wɔn foforo no nkutoo na wohia ntetee a ɛbɛma wɔatu mpɔn. Na anuanom anokwafo a wɔde mfe pii apere sɛ wobedu ahwɛfo adwuma ho nanso wɔmpaw wɔn da no nso ɛ? (1 Timoteo 3:1) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de afotu pɔtee ma mmarima a wɔte saa na ama wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ asafo mu somfo bi yɛ obi a wotumi de ho to no so, ɔyɛ n’ade bere ano, na ɔde ahwɛyiye yɛ ne dwumadi ahorow. Ebi nso a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. Wɔ akwan pii so no ebia na ɔreyɛ adwuma pa wɔ asafo no mu. Nanso, ebia na ɔnhyɛɛ no nsow sɛ sɛ ɔne mfɛfo Kristofo di nsɛm a, ɔteatea wɔn. Ehia sɛ asafo mu mpanyimfo da “odwo a nyansa wɔ mu” adi. (Yakobo 3:13) So ɛrenkyerɛ ayamye sɛ ɔpanyin bi ne asafo mu somfo no bɛkasa, ada ɔhaw a ɛwɔ hɔ adi, ama no nhwɛso pɔtee, na wama no nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma watu mpɔn? Sɛ ɔpanyin no tɔ ne bo ase ‘ma nkyene ba ne kasa mu a,’ ɛda adi sɛ wobegye ne nsɛm no atom. (Kolosefo 4:6) Nanso sɛ asafo mu somfo no siesie ne ho sɛ obegye afotu biara atom a, ɛbɛma ɔpanyin no dwumadi no ayɛ anigye.—Dwom 141:5.

Mpanyimfo no de ntetee pa rema asafo mu asomfo wɔ asafo ahorow bi mu. Sɛ nhwɛso no, wɔde asafo mu asomfo ka wɔn ho bere a wɔrekɔsra obi a ɔyare anaa ne mfe akɔ anim no. Saa kwan yi so no, asafo mu somfo no nya osuahu wɔ nguanhwɛ adwuma no mu. Nanso, pii wɔ hɔ a asafo mu somfo betumi ayɛ de ama ne honhom fam yiyedi atu mpɔn.—Hwɛ adaka a ɛwɔ ase hɔ a n’asɛmti ne “Nea Asafo Mu Asomfo Betumi Ayɛ” no.

Nea ɛto so abiɛsa a ɛmaa Yesu ntetee tuu mpɔn ne sɛ Yehowa tetee no a na nkɔso a obenya daakye wɔ n’adwenem. Yesu kae wɔ Agya no ho sɛ ɔbɛkyerɛ Ɔba no ‘nnwuma akɛse a ɛsen eyinom.’ Osuahu a Yesu nyae bere a na ɔwɔ asase so no boaa no maa onyaa su horow a obehia de adi dwuma daakye. (Hebrifo 4:15; 5:8, 9) Sɛ nhwɛso no, hwɛ adwuma kɛse ara a ɛrenkyɛ Yesu benya—sɛ obenyan nnipa ɔpepepem pii a seesei wɔawuwu no na wabu wɔn atɛn!—Yohane 5:21, 22.

Sɛ mpanyimfo retete asafo mu asomfo nnɛ a, ɛsɛ sɛ wɔma daakye ahiade tra wɔn adwenem. Bere a ebia ɛte sɛ nea mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔfata wɔ hɔ a wodi ahiade horow ho dwuma seesei no, so saa ara na ɛbɛyɛ bere a wɔahyehyɛ asafo foforo no? Na sɛ wɔhyehyɛ asafo horow pii nso ɛ? Wiase nyinaa no, wɔhyehyɛɛ asafo horow bɛboro 6,000 wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu. Hwɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo dodow ara a wohia ma wɔahwɛ asafo horow a wɔahyehyɛ yi so!

Mpanyimfo, so moredi Yehowa nhwɛso akyi denam abusuabɔ a emu yɛ den a mo ne wɔn a motete wɔn no nya mu so? So morekyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwuma? So mususuw daakye ahiade ho? Sɛnea Yehowa tetee Yesu ho nhwɛso akyi a yebedi no de nhyira kɛse bɛbrɛ nnipa pii.

Nsuro sɛ Wode Adwuma Bɛhyɛ Afoforo Nsa

Ebetumi aba sɛ mpanyimfo a wɔfata a wodi asɛyɛde a emu yɛ duru pii ho dwuma no bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde bi bɛhyɛ afoforo nsa. Ebia na wɔabɔ mmɔden ayɛ saa wɔ bere bi a atwam mu nanso mfaso papa biara amfi mu amma. Enti ebia wobenya su a ɛne sɛ, ‘Sɛ wopɛ sɛ adwuma bi yɛ kɔ so yiye a, ɛsɛ sɛ w’ankasa woyɛ.’ Nanso, so su a ɛte saa ne Yehowa apɛde a wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ese wɔn a wɔwɔ osuahu no ntete wɔn a wonni osuahu pii no hyia?—2 Timoteo 2:2.

Ɛhaw ɔsomafo Paulo bere a ne yɔnko kwantuni Marko gyaw ne dwumadi wɔ Pamfilia san kɔɔ fie no. (Asomafo no Nnwuma 15:38, 39) Nanso, Paulo amma huammɔdi yi ammu n’abam sɛ ɔbɛtete afoforo. Ɔpaw onua aberantewaa foforo, Timoteo, na ɔtetee no wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. * (Asomafo no Nnwuma 16:1-3) Wɔ Beroia no, asɛmpatrɛwfo no hyiaa ɔsɔretia a na emu yɛ den araa ma enti Paulo antumi antra hɔ. Enti ogyaw asafo foforo no hyɛɛ Silas, onua panyin a na ne ho akokwaw, ne Timoteo nsa sɛ wɔnhwɛ so. (Asomafo no Nnwuma 17:13-15) Akyinnye biara nni ho sɛ Timoteo suaa nneɛma pii fii Silas hɔ. Akyiri a Timoteo fatae sɛ otumi di asɛyɛde foforo ho dwuma no, Paulo somaa no kɔɔ Tesalonika ma ɔkɔhyɛɛ asafo a na ɛwɔ hɔ no den.—1 Tesalonika 3:1-3.

Ná abusuabɔ a ɛda Paulo ne Timoteo ntam no nte sɛ adwumawura bi ne n’adwumayɛni bi de a na wɔyɛ ade amemenemfe mu, a na anigye nnim. Na abusuabɔ pa da wɔn ntam. Bere a Paulo rekyerɛw krataa akɔma asafo a ɛwɔ Korinto no, ɔkaa Timoteo a na ɔpɛ sɛ ɔsoma no hɔ no ho asɛm sɛ “me ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu.” Ɔde kaa ho sɛ: ‘Timoteo na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu.’ (1 Kor. 4:17) Timoteo gyee ntetee a onya fii Paulo hɔ no toom, na ɔfatae wɔ ne dwumadi ahorow ho. Anuanom mmerante pii afata sɛ asafo mu asomfo, mpanyimfo, anaa mpo ahwɛfo akwantufo esiane mfaso a wonya fii ntetee a mpanyimfo a wɔkyerɛɛ wɔn ho anigye ankasa de maa wɔn, sɛnea Paulo yɛɛ Timoteo no nti.

Mpanyimfo, Montete Afoforo!

Ɛda adi sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 60:22 no renya mmamu nnɛ. Yehowa rema “akumaa adan ɔman a ɛyɛ den.” Nea ɛbɛyɛ na ɔman no akɔ so ayɛ “den” no, ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ no yiye. Mpanyimfo, dɛn nti na munsusuw akwan a mubetumi afa so de ntetee ama mmarima a wɔahyira wɔn ho so a wɔfata no? Munnya awerɛhyem sɛ asafo mu somfo biara nim nkɔso biara a ɛsɛ sɛ onya na ama watu mpɔn no. Na anuanom mmarima a moabɔ asu no nso, momfa mmoa biara a munya no nyɛ adwuma. Fa hokwan ahorow a ɛbɛma wo mmɔdenbɔ akɔ anim, wo nimdeɛ adɔɔso, na woanya osuahu pii no di dwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira ɔdɔ mu a wɔnam so de mmoa a ɛte saa ma no so.—Yesaia 61:5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Akyiri yi, Paulo san ne Marko yɛɛ adwuma bio.—Kolosefo 4:10.

[Adaka wɔ kratafa 30

Nea Asafo Mu Asomfo Betumi Ayɛ

Bere a ɛsɛ sɛ mpanyimfo de ntetee ma asafo mu asomfo no, pii wɔ hɔ a asafo mu asomfo betumi ayɛ de atrɛw wɔn ankasa honhom mu nkɔso mu.

—Ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo yɛ nsi na wɔma wonya wɔn mu ahotoso wɔ wɔn dwumadi mu. Afei nso ɛsɛ sɛ wonya adesua ho su pa. Nkɔso a wobenya no fã kɛse no ara gyina nneɛma a wosua a wɔde di dwuma no so.

—Sɛ asafo mu ɔsomfo siesie ne ho sɛ ɔbɛma ɔkasa wɔ Kristofo nhyiam ase a, ɛnsɛ sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ obebisa ɔpanyin a ɔfata bi hɔ nyansahyɛ.

—Afei nso, asafo mu somfo betumi abisa ɔpanyin bi sɛ ɔnhwɛ sɛnea ɔma Bible mu ɔkasa yiye, ɔmfa afotu a ɛbɛma wɔatu mpɔn mma no.

Ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo gye afotu a efi mpanyimfo hɔ tom, na wɔyɛ krado sɛ wobegye atom na wɔde adi dwuma. Ɔkwan a ɛte saa so no, ‘nnipa nyinaa behu wɔn nkɔso.’—1 Tim. 4:15.