Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Mu Nyiyim Ho Nsɛnnennen No

Nnipa Mu Nyiyim Ho Nsɛnnennen No

Nnipa Mu Nyiyim Ho Nsɛnnennen No

“SEN A OBI NSEN OBI BETUMI AYƐ HOKWAN AMA OBIARA, NANSO ASASE SO TUMI BIARA NTUMI MMA WONNYA.”

Saa na afeha a ɛto so 19 Fransefo ayɛsɛm kyerɛwfo, Honoré de Balzac kae. So wo ne no yɛ adwene? Nnipa pii fi awosu mu susuw sɛ nnipa mu nyiyim yɛ bɔne. Nanso ɛde besi afeha 21 yi mu mpo no, wɔakyekyɛ nnipa mu akuwakuw pii a ɛsono sɛnea wobu wɔn mu biara.

NÁ NNIPA mu nyiyim ho asɛm hia United States mampanyin Calvin Coolidge a odii ade fi 1923 kosi 1929 no ma enti ɔkaa “yi a wobeyi nnipakuw a wodi yiye sen afoforo no afi hɔ koraa no ho asɛm.” Nanso bere a Coolidge fii agua so akyi mfe 40 no, Kerner Agyinatufo a wɔapaw wɔn sɛ wɔnyɛ mmusua horow mu nkitahodi ho nhwehwɛmu no kae sɛ, sɛ wɔanhwɛ nneɛma yiye a, United States mu bɛkyɛ abien: “Abibifo kuw, ne aborɔfo kuw—a wɔn ntam atetew na wɔnyɛ pɛ.” Ebinom kyerɛ sɛ asɛm a wɔka too hɔ yi abam dedaw, ne sɛ “sikasɛm ne mmusua mu nyiyim no reyɛ kɛse” wɔ saa man no mu.

Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yebetumi ama nnipa nyinaa ayɛ pɛ? Ade titiriw a ɛwom ne nipa su. Kan U.S. mmarahyɛ baguani William Randolph Hearst kae bere bi sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, wɔbɔɔ nnipa nyinaa pɛ, na ɛno nti na wɔmpɛ sɛ obi bɛsen obi no.” Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Ebia afeha a ɛto so 19 Franseni agoru kyerɛwfo Henry Becque ka maa emu daa hɔ yiye sɛ: “Nea ɛma ɛyɛ den sɛ nnipa nyinaa bɛyɛ pɛ ne sɛ wɔn a wɔsen yɛn no nkutoo na yɛpɛ sɛ yɛne wɔn yɛ pɛ.” Ɔkwan foforo so no, nkurɔfo pɛ sɛ wɔne wɔn a wɔsen wɔn wɔ asetra mu no yɛ pɛ; nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔbɛpɛ sɛ wɔtew wɔn dibea so na wɔn a wobu wɔn sɛ wɔba fam no ne wɔn ayɛ pɛ.

Mmere bi a atwam no, na wɔwo nnipa binom sɛ mpapahwekwaa wɔ adehye nniso ase, anaasɛ mpo adehye abusua mufo. Ɛda so ara te saa wɔ mmeae kakraa bi. Nanso, wɔ aman pii mu nnɛ no, sika a obi wɔ—anaa sika a obi nni no—na ɛkyerɛ sɛ ebia ɔba fam, ɔyɛ adantam anaa n’asetra di mu. Nanso nneɛma foforo te sɛ abusua a obi fi mu, nhomasua ne adenim nso tumi kyerɛ obi asetram dibea. Na wɔ mmeae bi no, bɔbeasu yɛ ade titiriw a wogyina so yiyi nnipa mu, na mmea na wobu wɔn sɛ wɔba fam.

Anidaso Wɔ Hɔ?

Hokwan a nnipa wɔ ho mmara a wɔahyɛ aboa ma wɔayi nneɛma a ɛde nyiyim ba no bi afi hɔ. Wɔhyɛɛ mmara a etia nnipa mu nyiyim wɔ United States. Wɔbaraa nnipa mu nyiyim wɔ South Africa. Ɛmfa ho sɛ nkoatɔn da so ara kɔ so no, wɔabara wɔ wiase mmeae pii. Mmara horow a wɔahyɛ ama nnipa pii nsa aka wɔn nsase, na mmara a wɔhyɛ tia nnipa mu nyiyim ama ebinom a na wosisi wɔn ho atɔ wɔn.

So eyi kyerɛ sɛ nnipa mu nyiyim a ɛkɔ so wɔ asetra mu no aba awiei? Ɛnte saa ankasa. Ɛwom sɛ ebia nnipa mu nyiyim a ɛkɔ so wɔ asetra mu no bi abrɛ ase de, nanso nyiyim afoforo afi ase. Class Warfare in the Information Age nhoma no ka sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛmfata bio sɛ wɔbɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ adefo ne adwumayɛfo ntam nnɛ no, nanso eyi te saa efisɛ wɔn mu akyekyɛ akuwakuw, na wɔn a wɔwɔ akuw nketewa mu no ani abere wɔn ho.”

So nnipa mu nyiyim bɛkɔ so apaapae nkurɔfo mu daa? Wiɛ, asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛ tebea no betumi ayɛ yiye.