Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Sen A Obi Nsen Obi Betumi Ayɛ Yiye?

So Sen A Obi Nsen Obi Betumi Ayɛ Yiye?

So Sen A Obi Nsen Obi Betumi Ayɛ Yiye?

JOHN ADAMS a ɔbɛyɛɛ United States mampanyin a ɔto so abien no ka ho bi na wɔyɛɛ Ahofadi Mpaemuka a emu nsɛntitiriw bi ni yi: “Yegye nokwasɛm yi tom sɛ wɔbɔɔ nnipa nyinaa pɛ.” Nanso ɛda adi sɛ na John Adams adwenem ntene no sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ efisɛ ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛ a Adwene ne Nipadua nyɛ pɛ no yɛ ade a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ahyehyɛ wɔ Nnipa Asetra mu Mmara mu a dwumadi anaa mmara biara ntumi mma ɛnyɛ pɛ da.” Nea ɛne no bɔ abira no, Britain abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells tumi gyinaa nneɛma abiɛsa so twaa ɔman a emufo nyinaa yɛ pɛ ho mfonini wɔ n’adwenem: wiase nyinaa som a ɛho tew, amansan nyinaa ntetee, ne asraafo a wonni hɔ.

Ɛde besi nnɛ, yentumi nyaa ɔman a emufo nyinaa yɛ pɛ sɛnea Wells susuwii no. Nnipa nyinaa ntumi nyɛɛ pɛ, na nnipa mu nyiyim a ɛkɔ so wɔ asetra mu no da so ara di akoten. So nyiyim a ɛte saa no de nkɔso bi abrɛ nnipa? Dabi. Nnipa mu nyiyim paapae nkurɔfo mu, na ɛde ɔtan, nitan, yawdi ne mogyahwiegu pii na ɛba. Aborɔfo a na bere bi wobu wɔn sɛ wɔkorɔn sen abibifo wɔ Afrika, Australia, ne Amerika Atifi fam no de ɔhaw pii brɛɛ wɔn a na wɔnyɛ aborɔfo no—na ɛka ho bi na wɔtɔree Aboriginefo a wɔwɔ Van Diemen’s Land (mprempren Tasmania) ase no. Yudafo a wobuu wɔn sɛ nnipa a wɔba fam wɔ Europa no na efii Okunkɛse no ase. Adehye sodifo no ahode a na ɛdɔɔso ne mpapahwekwa ne adantamfo no ani a na ɛnsɔ nea wɔwɔ no ka nneɛma a ɛkɔfaa France Ɔman Anidan a esii wɔ afeha a ɛto so 18 ne afeha a ɛto so 20 ne Bolshevik Ɔman Anidan a esii wɔ Russia bae no ho.

Onyansafo bi a ɔtraa ase tete no kyerɛwee sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Ne nsɛm no yɛ nokware ɛmfa ho sɛ ebia wɔn a wodi tumi no yɛ ankorankoro anaa nnipakuw ahorow bi no. Sɛ nnipakuw bi ma wɔn ho so sen afoforo a, nea efi mu ba ara ne ɔhaw ne amanehunu.

Nnipa Nyinaa Yɛ Pɛ Wɔ Onyankopɔn Ani So

So nnipakuw bi fi awosu mu korɔn sen akuw afoforo? Ɛnte saa wɔ Onyankopɔn ani so. Bible ka sɛ: “[Onyankopɔn maa] nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:26) Bio nso, Ɔbɔadeɛ no ‘nhwɛ atitiriw anim, na ommu ɔdehye nsen ɔbrɛfo; efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.’ (Hiob 34:19) Nnipa nyinaa fi abusua biako mu, na wɔ Onyankopɔn anim no, wɔwoo yɛn nyinaa pɛ.

Afei nso kae sɛ, sɛ onipa wu a, ka a ɔka sɛ ɔsen afoforo no nyinaa yera. Na tete Misrifo nnye nni saa. Sɛ Farao bi wu a, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɛse gu ne damoa mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de adi dwuma bere a ɔkɔ so de ne dibea a ɛkorɔn no di dwuma wɔ owu akyi asetra bi mu no. So na otumi yɛ saa ankasa? Dabi. Ebewiee ase no, na saa ahode no akofi akorɔmfo a wotu funu nsam, na nneɛma a akorɔmfo yi antumi amfa no pii akopue mmeae a wɔkora tete nneɛma ɛnnɛ.

Esiane sɛ Farao no awu nti, wannya nneɛma a ɛsom bo yi nyinaa so mfaso biara. Owu mu no, yenni wɔn a wɔkorɔn ne wɔn a wɔba fam, adefo ne ahiafo. Bible ka sɛ: “Anyansafo bewuwu; nkwasea ne agyimfo nyinaa sɛe. Efisɛ nnipa te sɛ anantwi a wotwa wɔn nkwa nna so, wɔte sɛ anantwi a wɔn bere yɛ tiaa.” (Dwom 49:10, 12, The New English Bible) Sɛ ebia yɛyɛ ahemfo anaa nkoa no, nsɛm a efi honhom mu yi fa yɛn nyinaa ho: “Awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Onyankopɔn ani so no, wɔwoo yɛn nyinaa pɛ, na yɛn nyinaa wu saa ara wɔ n’ani so. Ɛnde hwɛ mfaso ara a enni so sɛ yɛbɛma nnipakuw bi so asen afoforo wɔ yɛn nkwa nna tiaa yi mu!

Asetra a Obiara Nsen Obi—Ɔkwan Bɛn So?

Nanso, anidaso bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ da bi nnipa bɛtra ase a ɛho renhia sɛ wɔkyekyɛ nnipa mu? Yiw, ɛte saa. Bɛyɛ mfirihyia 2000 a atwam ni a na Yesu wɔ asase so no, wɔtoo asetra a ɛte saa fapem. Yesu de ne nkwa mae sɛ agyede maa nnipa a wogye no di nyinaa na “obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.

Nea ɛbɛma ada adi sɛ ɛnsɛ sɛ n’akyidifo no mu biara ma wɔn ho so sen wɔn mfɛfo gyidifo no, Yesu kae sɛ: “Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo akyerɛkyerɛfo; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, ɔne Kristo no. Na mo mu kɛse no nyɛ mo somfo. Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” (Mateo 23:8-12) Onyankopɔn ani so no, Yesu asuafo anokwafo nyinaa nsen obi wɔ gyidi no mu.

So tete Kristofo no buu wɔn ho sɛ obiara nsen ne yɔnko? Wɔn a wɔtee Yesu nkyerɛkyerɛ ase no yɛɛ saa. Wobuu wɔn ho wɔn ho sɛ obiara nsen ne yɔnko wɔ gyidi no mu na wɔdaa eyi adi denam “onua” a na wɔde frɛ wɔn ho wɔn ho no so. (Filemon 1, 7, 20) Wɔanhyɛ obiara nkuran sɛ ommu ne ho sɛ oye sen ɔfoforo. Sɛ nhwɛso no, susuw ahobrɛase kwan a Petro faa so kaa ne ho asɛm wɔ ne krataa a ɛto so abien no mu no ho hwɛ: “Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no.” (2 Petro 1:1) Yesu na ɔkyerɛkyerɛɛ Petro, na sɛ́ ɔsomafo no, na ɔwɔ dibea a ehia paa. Nanso obuu ne ho sɛ akoa na ogye toom sɛ Kristofo afoforo nso ne no kura gyidi hokwan a ɛte saa ara bi.

Ebia ebinom bɛka sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn de Israel yɛɛ ɔman titiriw ansa na Kristofo bere reba no no bɔ sen a obi nsen obi ho adwene no gu. (Exodus 19:5, 6) Wobetumi aka sɛ eyi yɛ sen a abusua bi sen obi ho nhwɛso, nanso ɛnyɛ saa na ɛte. Ɛyɛ nokware sɛ Israelfo, sɛ́ Abraham asefo no, ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ soronko na wɔnam wɔn so daa Onyankopɔn Adiyisɛm adi. (Romafo 3:1, 2) Nanso na ɛnyɛ eyi atirimpɔw ne sɛ wɔbɛma wɔn so asen aman afoforo. Mmom no, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobehyira aman nyinaa’ nti.—Genesis 22:18; Galatifo 3:8.

Ekowiee ase no, Israelfo mu dodow no ara ansuasua wɔn nana Abraham gyidi. Wɔanni nokware, na wɔpoo Yesu sɛ Mesia no. Esiane ɛno nti, Onyankopɔn poo wɔn. (Mateo 21:43) Nanso adesamma mu ahobrɛasefo no anhwere nhyira horow a wɔde hyɛɛ bɔ no. Wɔwoo Kristofo asafo no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. Wɔfrɛɛ Kristofo ahyehyɛde a wɔde honhom kronkron sraa wɔn yi “Nyankopɔn Israel,” na ɛbɛdaa adi sɛ nhyira horow yi nam wɔn so na ɛbɛba.—Galatifo 6:16.

Na saa asafo no mufo binom hia ntetee wɔ sen a obiara rensen ne yɔnko no mu. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Yakobo tuu wɔn a na wodi Kristofo a wɔn nsam wɔ bi ni sen ahiafo no fo. (Yakobo 2:1-4) Ná ɛyɛ mfomso. Ɔsomafo Paulo maa ɛdaa adi sɛ na Yudafo Kristofo no nkorɔn nsen Amanaman mu Kristofo no, na Kristofo mmarima nkorɔn nsen Kristofo mmea wɔ kwan biara so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu; efisɛ mo mu dodow a wɔabɔ mo asu akɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo. Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.”—Galatifo 3:26-28.

Nnipa a Obiara Nsen ne Yɔnko Nnɛ

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛbɔ wɔn bra. Wogye tom sɛ nnipa mu nyiyim nni nnyinaso biara wɔ Onyankopɔn ani so. Ne saa nti, wonni asɔfo/asɔremma kuw biara, na wonnyinaa wɔn honam ani hwɛbea anaa ahode so nkyekyɛɛ wɔn mu. Ɛwom sɛ ebia wɔn mu binom yɛ adefo, nanso wɔmfa wɔn ani nsi “asetra mu ahohoahoa” so, efisɛ wonim sɛ nneɛma a ɛte saa rentra hɔ nkyɛ. (1 Yohane 2:15-17) Mmom no, wɔn nyinaa ayɛ biako wɔ ɔsom a wɔde ma Amansan Hene, Yehowa Nyankopɔn, no mu.

Wɔn nyinaa gye asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ wɔn yɔnko no tom. Te sɛ Yesu no, wodi wɔn a wɔhyɛ wɔn so bu ani gu wɔn so no ni, denam kɔ a wɔkɔ wɔn nkyɛn kɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Asɛm so. Wɔn a wɔn asetra ba fam no ne wɔn a ebia afoforo bu wɔn sɛ wɔkorɔn no yɛ adwuma bom. Ɛyɛ honhom fam yiyedi na wɔhwɛ, ɛnyɛ asetra mu dibea. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan mu no, wɔn nyinaa yɛ anuanom wɔ gyidi no mu.

Wɔyɛ Pɛ Nanso Wɔn Su Gu Ahorow

Ɛwom, yɛ a wɔn nyinaa yɛ pɛ no nkyerɛ sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ ade biako. Mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, nyinaa wɔ Kristofo ahyehyɛde a nnipa a wofi mmusua ne kasa ne aman ne sikasɛm tebea pii mu ka ho yi mu. Sɛ́ ankorankoro no, ɛsono wɔn mu biara adwene ne n’ahoɔden. Nanso nsonsonoe a ɛte saa no mma obi nkorɔn nsen afoforo anaasɛ ɛmmrɛ afoforo ase. Mmom no, nsonsonoe a ɛte saa no ma wɔn su ahorow no yɛ anigye. Saa Kristofo no hu sɛ ɔdom akyɛde biara a wɔwɔ no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn na wonni biribiara a wobegyina so ate nka sɛ wɔkorɔn sen afoforo.

Mmɔden a nipa abɔ sɛ obedi ne ho so sen sɛ obedi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi no na ɛde nnipa mu nyiyim aba. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bedi asase yi so na ɛbɛma nnipa mu nyiyim, ne nneɛma afoforo a ama nnipa ahu amane wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no aba awiei. Afei wɔ ɔkwan a ɛfata paa so no, “ahobrɛasefo benya asase no adi.” (Dwom 37:11) Nneɛma a obi begyina so ahoahoa ne ho nyinaa betwam. Wɔremma nnipa mu nyiyim mpaapae wiase nyinaa onuayɛ no mu bio da.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Ɔbɔadeɛ no ‘nhwɛ atitiriw anim, na ommu ɔdehye nsen ɔbrɛfo; efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.’—Hiob 34:19.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yehowa Adansefo di wɔn ayɔnkofo ni

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Honhom fam su ahorow ne ade a ɛhohia wɔ nokware Kristofo mu